Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Wodɔ ‘Yehowa Mmara’?

So Wodɔ ‘Yehowa Mmara’?

So Wodɔ ‘Yehowa Mmara’?

“Anigye ne onipa a . . . Yehowa mmara sɔ n’ani.”—DWOM 1:1, 2, NW.

1. Dɛn nti na yɛn ani gye sɛ yɛyɛ Yehowa asomfo?

YEHOWA boa yɛn na ohyira yɛn sɛ n’asomfo anokwafo. Nokwarem no, yehyia sɔhwɛ pii. Nanso, yenya nokware anigye nso. Eyi nyɛ nwonwa, efisɛ yɛsom “anigye Nyankopɔn no,” na ne honhom kronkron no ma yenya anigye wɔ yɛn komam. (1 Timoteo 1:11; Galatifo 5:22) Anigye yɛ tebea bi a ɛma obi koma tɔ ne yam wɔ biribi pa bi a ɔhwɛ kwan sɛ ɛbɛba anaa biribi a ne nsa aka ho. Na akyinnye biara nni ho sɛ yɛn soro Agya no ma yɛn nnepa. (Yakobo 1:17) Ɛnyɛ nwonwa sɛ yɛwɔ anigye!

2. Nnwom bɛn na yɛrebesusuw ho?

2 Wɔka anigye ho asɛm kɛse wɔ Nnwom nhoma no mu. Sɛ nhwɛso no, ɛho asɛm wɔ Dwom 1 ne 2 no mu. Yesu Kristo akyidifo a wodi kan no kyerɛe sɛ Israel hene Dawid na ɔkyerɛw dwom a ɛto so abien no. (Asomafo no Nnwuma 4:25, 26) Dwom a edi kan no hyehyɛfo a wɔammɔ ne din no de nsɛm yi na efii ne dwom a efi honhom mu yi ase: “[Anigye, NW] ne onipa a ɔnnantew abɔnefo agyina mu.” (Dwom 1:1) Momma yɛnhwɛ sɛnea Dwom 1 ne 2 no ma yɛn nea enti a ɛsɛ sɛ yɛn ani gye wɔ adesua asɛm yi ne nea ebedi hɔ no mu.

Nea Ɛde Anigye Ba

3. Sɛnea Dwom 1:1 kyerɛ no, dɛn ne ntease ahorow bi nti a obi a odi Onyankopɔn mmara so nya anigye?

3 Dwom 1 kyerɛ nea enti a obi a odi Onyankopɔn mmara so wɔ anigye. Bere a odwontofo no rekyerɛ nea ɛde saa anigye no ba no, ɔkae sɛ: “[Anigye, NW] ne onipa a ɔnnantew abɔnefo agyina mu, na onnyina nnebɔneyɛfo kwan so, na ɔntra fɛwdifo trabea.”—Dwom 1:1.

4. Nhwɛso pa bɛn na Sakaria ne Elisabet yɛe?

4 Sɛ yebenya anigye ankasa a, ɛsɛ sɛ yedi Yehowa trenee gyinapɛn ahorow so. Ná Sakaria ne Elisabet a wonyaa hokwan a ɛyɛ anigye sɛ wɔbɛyɛ Osuboni Yohane awofo no ‘teɛ Onyankopɔn anim efisɛ wodii Yehowa ahyɛde ne ne treneede nyinaa so a asɛm biara nni ho.’ (Luka 1:5, 6) Sɛ yɛn nso yɛyɛ ade koro no ara bi na ‘yɛannantew abɔnefo agyina mu’ anaa yɛamma wɔn afotu bɔne no ankyerɛ yɛn kwan a, yebetumi anya anigye.

5. Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛakwati sɛ yɛbɛfa “nnebɔneyɛfo kwan so”?

5 Sɛ yɛpo abɔnefo nsusuwii a, ‘yɛrennyina nnebɔneyɛfo kwan so.’ Nokwarem no, yɛrenkɔ faako a wɔwɔ—wɔ mmeae a anigyede a ɛmfata wɔ anaa ɔbrasɛe kɔ so no. Na sɛ biribi piapia yɛn sɛ yɛne nnebɔneyɛfo nyɛ nneyɛe a ɛne Kyerɛwnsɛm nhyia nso ɛ? Sɛ ɛba saa a, momma yɛmmɔ mpae nsrɛ Onyankopɔn mmoa na yɛatumi adi ɔsomafo Paulo nsɛm yi so: “Mo ne wɔn a wonnye nni nntwe kɔndua koro; na twaka bɛn na trenee ne amumɔyɛ wɔ? Anaasɛ ayɔnkofa bɛn na hann ne sum wɔ?” (2 Korintofo 6:14) Sɛ yɛde yɛn ho to Onyankopɔn so na yɛn “koma mu tew” a, yɛbɛpo nnebɔneyɛfo su ne wɔn asetra kwan, na yɛanya adwene ne nsusuwii a ɛho tew, ne “gyidi a nkontompo nnim.”—Mateo 5:8; 1 Timoteo 1:5.

6. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yɛn ho yiye wɔ fɛwdifo ho?

6 Sɛ yɛpɛ sɛ yɛsɔ Yehowa ani ampa a, ‘ɛnsɛ sɛ yɛtra fɛwdifo trabea.’ Ebinom di Nyankopɔn mmara ankasa ho fɛw, nanso wɔ saa “nna a edi akyiri” yi mu no, ebinom a bere bi a atwam na wɔyɛ Kristofo na wɔabɛdan awaefo no taa da animtiabu adi wɔ wɔn fɛwdi mu. Ɔsomafo Petro bɔɔ mfɛfo gyidifo kɔkɔ sɛ: “Adɔfo, . . . Munhu eyi kan sɛ, nna a ebedi akyiri no mu, fɛwdifo a wodi wɔn ankasa akɔnnɔ akyi de fɛwdi bɛba abɛka sɛ: Né ba ho bɔhyɛ no wɔ he? Na efii sɛ agyanom dedae yi, ade nyinaa te nea ɛte fi adebɔ mfiase.” (2 Petro 3:1-4) Sɛ ‘yɛantra fɛwdifo trabea’ a yɛbɛkwati amanehunu a ɛbɛba wɔn so ɔkwan biara so no.—Mmebusɛm 1:22-27.

7. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yetie nsɛm a ɛwɔ Dwom 1:1 no?

7 Sɛ yɛantie Dwom 1 no nnianim nsɛm no a, yɛbɛhwere yɛn honhom fam nkɔso a yɛnam Kyerɛwnsɛm so anya no. Nokwasɛm ni, yɛn abrabɔ betumi asɛe koraa. Sɛ yedi abɔnefo afotu akyi a, yɛn honhom fam nkɔso befi ase akɔ fam koraa. Na nea ɛbɛba ne sɛ yɛne wɔn bɛtaa abɔ. Bere kɔ so no, yebetumi abɛyɛ awaefo ne fɛwdifo a wonni gyidi. Ɛda adi pefee sɛ, fekuw a yɛne abɔnefo bɛbɔ no betumi ama yɛanya subammɔne na ebetumi asɛe abusuabɔ pa a yɛne Yehowa Nyankopɔn wɔ no. (1 Korintofo 15:33; Yakobo 4:4) Mommma yɛmmma kwan mmma saa nto yɛn da!

8. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛde yɛn adwene asi honhom fam nneɛma so?

8 Mpaebɔ betumi aboa yɛn ma yɛde yɛn adwene asi honhom fam nneɛma so na yɛakwati sɛ yɛne abɔnefo bɛfa nnamfo. Paulo kyerɛwee sɛ: “Monnna nnnwen biribiara nnhaw mo ho, na mmom ade nyinaa mu momfa mpaebɔ ne ɔsrɛ, ɛne aseda mma mo adesrɛ nnu Nyankopɔn asom; na Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra adwene nyinaa so no bɛhwɛ mo koma ne mo adwene so Kristo Yesu mu.” Ɔsomafo no hyɛɛ nkuran sɛ, nea ɛyɛ nokware, nea anim yɛ duru, nea ɛteɛ, nea ɛho tew, nea ɛwɔ ɔdɔ, nea ɛwɔ din pa, sɛ ɔbra pa bi wɔ hɔ a, sɛ ayeyi bi wɔ hɔ a, saa nneɛma yi ho na yensusuw. (Filipifo 4:6-8) Momma yɛnyɛ yɛn ade mma ɛne Paulo afotu no nhyia na mommma yennyaa yɛn ho mu mma abɔnefo.

9. Ɛwom sɛ yɛpo nneyɛe bɔne de, nanso ɔkwan bɛn so na yɛbɔ mmɔden boa nnipa ahorow nyinaa?

9 Ɛwom sɛ yɛpo nneyɛe bɔne de, nanso yefi anifere mu di afoforo adanse, te sɛ nea ɔsomafo Paulo kasa kyerɛɛ Roma Amrado Felike wɔ “trenee ne anidahɔ ne atemmu a ɛreba no ho” no. (Asomafo no Nnwuma 24:24, 25; Kolosefo 4:6) Yɛka Ahenni ho asɛmpa no kyerɛ nnipa ahorow nyinaa, na yɛda ayamye adi kyerɛ wɔn. Yɛwɔ ahotoso sɛ wɔn a “wɔayi wɔn ama daa nkwa” no bɛba abɛyɛ gyidifo na wɔdɔ Onyankopɔn mmara.—Asomafo no Nnwuma 13:48.

Yehowa Mmara Sɔ N’ani

10. Bere a yɛreyɛ kokoam adesua no, dɛn na ɛbɛboa ma aka yɛn adwene ne yɛn komam?

10 Odwontofo no san kaa onipa a ɔwɔ anigye no ho asɛm bio sɛ: “[Yehowa, NW] mmara sɔ n’ani, na odwen ne mmara [ho anaa ɔkenkan no brɛoo, NW] awia ne anadwo.” (Dwom 1:2) Sɛ Onyankopɔn asomfo no, ‘yɛn ani gye Yehowa mmara ho.’ Sɛ ebetumi ayɛ yiye a, bere a yɛreyɛ yɛn kokoam adesua na yɛredwennwen nneɛma ho no, yebetumi akenkan no “brɛoo” na nsɛm no apue wɔ yɛn ano. Sɛ yɛkenkan Kyerɛwnsɛm no fã biara ma epue yɛn ano a, ɛbɛboa ma aka yɛn adwene ne yɛn komam.

11. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkenkan Bible no “awia ne anadwo”?

11 “Akoa nokwafo ne ɔbadwemma kuw” no ahyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnkenkan Bible no daa. (Mateo 24:45) Esiane sɛ yɛwɔ ɔpɛ a emu yɛ den sɛ yɛbɛte nkrasɛm a Yehowa wɔ ma adesamma no ase nti, nyansa wom sɛ yɛbɛkenkan Bible no “awia ne anadwo”—yiw, wɔ bere a tebea bi nti yentumi nna mpo no. Petro hyɛɛ yɛn nkuran sɛ: “Mompɛ asɛm no nufusu kronkron, sɛ nkokoaa a wɔawo wɔn mprempren, na moanyin wɔ mu akɔ nkwagye mu.” (1 Petro 2:1, 2) So w’ani gye, bere a wokenkan Bible no daa na wudwennwen Onyankopɔn Asɛm ne n’atirimpɔw ahorow ho anadwo no? Saa na odwontofo no yɛe.—Dwom 63:6.

12. Sɛ yɛdɔ Yehowa mmara a, dɛn na yɛbɛyɛ?

12 Daa anigye a yebenya no gyina Onyankopɔn mmara a yɛbɛdɔ no so. Ɛyɛ pɛ na ɛteɛ, na sɛ yɛde sie a yebenya mfaso kɛse. (Dwom 19:7-11) Osuani Yakobo kyerɛwee sɛ: “Nea ɔkotow hwɛɛ adehyedi mmara a ɛyɛ pɛ no mu, na ɔtraa mu, na ɔnyɛ otiefo werɛfirifo, na mmom ɔyɛ adwuma no yɛfo no, onii no na wobehyira no n’adeyɛ no mu.” (Yakobo 1:25) Sɛ yɛdɔ Yehowa mmara ampa a, da koro mpo rempa yɛn ti so a yɛrensusuw honhom fam nneɛma ho. Nokwarem no, ɛbɛkanyan yɛn ma ‘yɛapɛɛpɛɛ Onyankopɔn ade a emu dɔ’ mu na yɛde honhom fam nneɛma adi kan wɔ yɛn asetram.—1 Korintofo 2:10-13; Mateo 6:33.

Ɔbɛyɛ Sɛ Dua

13-15. Ntease bɛn mu na yebetumi ayɛ sɛ dua a esi asubɔnten ho?

13 Bere a odwontofo no reka onipa a ɔteɛ ho asɛm bio no, ɔtoaa so sɛ: “Ɔte sɛ dua a atim asubɔnten ho a ɛsow n’aba, ne bere mu, na n’ahaban mpo, na nea ɔyɛ nyinaa bewie yiye.” (Dwom 1:3) Yɛn a yɛsom Yehowa no hyia nsɛnnennen wɔ asetram te sɛ nnipa afoforo a wɔnyɛ pɛ nyinaa. (Hiob 14:1) Esiane yɛn gyidi nti, yebetumi ahyia ɔtaa ne sɔhwɛ ahorow. (Mateo 5:10-12) Nanso, denam Onyankopɔn mmoa so no, yetumi gyina sɔhwɛ ahorow yi ano, te sɛ nea dua a ɛwɔ ahoɔden tumi gyina mframa a ano yɛ den ano no.

14 Dua a esi nsu a ɛnyow ho no nwu bere a ɔhyew anaa ɔpɛ ba no. Sɛ yɛyɛ nnipa a yesuro Nyankopɔn a, yɛwɔ ahoɔden Fibea a enni huammɔ da—Yehowa Nyankopɔn. Paulo hwehwɛɛ Onyankopɔn hɔ mmoa ma otumi kae sɛ: “Mitumi ade nyinaa yɛ, [Yehowa a] ɔhyɛ me den no mu.” (Filipifo 4:13) Sɛ Yehowa honhom kronkron no kyerɛ yɛn kwan na ɛwowaw yɛn a, yɛmpa abaw, yɛrenyɛ nnipa a yɛnsow aba anaasɛ yɛawu wɔ honhom mu. Yɛsow aba wɔ Onyankopɔn som mu na yɛsan nso da ne honhom aba no adi.—Yeremia 17:7, 8; Galatifo 5:22, 23.

15 Na odwontofo no nam Hebri asɛm “te sɛ,” a ɔde dii dwuma no so reyɛ ntotoho bi. Na ɔde nneɛma abien bi a ɛsono emu biara retoto ho, ɛwom sɛ n’abien nyinaa wɔ su pɔtee bi de. Nnipa da nsow wɔ nnua ho, nanso ɛda adi pefee sɛ sɛnea dua a wɔatɛw wɔ asubɔnten ho yɛ kusuu no ma odwontofo no kae honhom fam nkɔso a wɔn a ‘wɔdɔ Yehowa mmara’ no nya no. Sɛ yɛdɔ Onyankopɔn mmara a, yɛn nna betumi ayɛ sɛ dua nna. Nokwarem no, yebetumi atra ase daa.—Yohane 17:3.

16. Dɛn nti, na ɔkwan bɛn so na ‘biribiara a yɛyɛ si yɛn yiye’?

16 Bere a yɛnam trenee kwan so no, Yehowa boa yɛn ma yegyina sɔhwɛ ahorow ne nsɛnnennen ano. Yɛn ani gye na yɛsow aba wɔ Onyankopɔn som mu. (Mateo 13:23; Luka 8:15) ‘Biribiara a yɛyɛ si yɛn yiye’ efisɛ yɛn botae titiriw ne sɛ yɛbɛyɛ Yehowa apɛde. Esiane sɛ n’atirimpɔw ahorow ba mu na yɛn ani sɔ ne mmara nti, yedi yiye wɔ honhom fam. (Genesis 39:23; Yosua 1:7, 8; Yesaia 55:11) Eyi te saa bere a asiane bi to yɛn mpo no.—Dwom 112:1-3; 3 Yohane 2.

Ɛte sɛ Nea Abɔnefo Di Yiye

17, 18. (a) Odwontofo no de abɔnefo totoo dɛn ho? (b) Sɛ abɔnefo di yiye wɔ honam fam mpo a, dɛn nti na wonni daa ahobammɔ?

17 Hwɛ sɛnea abɔnefo asetra yɛ soronko koraa wɔ treneefo de ho! Ɛte sɛ nea abɔnefo di yiye wɔ honam fam kakra, nanso wonni yiye wɔ honhom fam. Eyi da adi wɔ odwontofo no nsɛm a ɔkɔɔ so kae no mu sɛ: “Abɔnefo de, wɔnte sa, na wɔte sɛ ntɛtɛwa a mframa bɔ gu. Enti abɔnefo rennyina atemmu mu, na nnebɔneyɛfo rentra treneefo asafo mu.” (Dwom 1:4, 5) Hyɛ no nsow sɛ odwontofo no kae sɛ, “abɔnefo de, wɔnte sa.” Nea ɔkyerɛ ne sɛ wɔnte sɛ wɔn a wɔsom Nyankopɔn, a wɔde wɔn toto dua a ɛsow aba pii na esi hɔ kyɛ ho no.

18 Mpo sɛ abɔnefo di yiye wɔ honam fam a, wonni daa ahobammɔ. (Dwom 37:16; 73:3, 12) Wɔte sɛ ɔdefo kwasea a Yesu kaa ne ho asɛm wɔ bɛ bi mu a ɔsrɛɛ no sɛ onni awunyade bi ho asɛm mma no no. Yesu ka kyerɛɛ wɔn a na wɔwɔ hɔ no sɛ: “Monhwɛ na monhwɛ mo ho yiye pɛpɛe ho! Na ɛnyɛ onipa ade a wanya na aboro so no mu na ne nkwa wɔ.” Yesu yɛɛ asɛm yi ho mfatoho sɛ, ɔbarima bi asase sow aba pii na ɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ obeburuw n’asan na wasisi akɛse na ɔde ne nnɔbae nyinaa agu so. Afei ɔbarima no yɛɛ nhyehyɛe sɛ obedidi na wanom, na wagye n’ani. Nanso Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔkwasea, anadwo yi wobegye wo kra afi wo nsam; na nneɛma a woasiesie no bɛyɛ hena dea?” Sɛnea ɛbɛyɛ na Yesu asi n’asɛm a tumi wom no so dua no, ɔde kaa ho sɛ: “Saa ara na nea ɔhyehyɛ ademude ma ne ho na ɔnyɛ ɔdefo Onyankopɔn fam no te.”—Luka 12:13-21.

19, 20. (a) Kyerɛkyerɛ sɛnea na tete no wohuw awi so wɔ awiporowbea no mu. (b) Dɛn nti na wɔde abɔnefo toto ntɛtɛ ho?

19 Abɔnefo nyɛ ‘adefo Onyankopɔn fam.’ Enti, wonni ahobammɔ ne asetra pa te sɛ nea ntɛtɛ a efi awi a wɔahuw so ho nni ahobammɔ ne asetra pa no. Wɔ tete mmere mu no, sɛ wotwa awi a, na wɔde kɔ awiporowbea, a mpɛn pii no ɛhɔ taa yɛ koko a ɛso yɛ tɛtrɛɛ no. Ná wɔma nteaseɛnam a mmoa twe a abo a ano yɛ nnam anaa dade nketenkete tuatua ano fa awi no so yiyi awi no fi nnua no ho sɛnea ɛbɛyɛ a ntɛtɛ no befi ho. Ɛno akyi no, na wɔde sofi sesaw tow kɔ wim ma mframa huw ntɛtɛ no kɔ. (Yesaia 30:24) Enti awi no ankasa begu fam, na mframa no huw ntɛtɛ no kɔ. (Rut 3:2) Bere a wɔahuw awi no so ayiyi abo ne nneɛma nketenkete afi mu awie no, wɔde kosie anaasɛ wɔyam. (Luka 22:31) Nanso na ntɛtɛ no ahuw kɔ.

20 Sɛnea na wɔde awi a egu fam no sie na ne ntɛtɛ no huw kɔ no, saa ara na treneefo bɛka na wɔayi abɔnefo hɔ. Enti ɛyɛ yɛn anigye sɛ ɛrenkyɛ biara nnebɔneyɛfo a wɔte saa no befi hɔ koraa. Bere a wɔayi wɔn afi hɔ no, wobehyira wɔn a wɔdɔ Yehowa mmara no kɛse. Nokwarem no, awiei koraa no, adesamma asoɔmmerɛfo benya Onyankopɔn akyɛde a ɛne daa nkwa no.—Mateo 25:34-46; Romafo 6:23.

“Treneefo Kwan” a Wɔahyira So

21. Ɔkwan bɛn so na Yehowa hu ‘treneefo kwan’?

21 Dwom a edi kan no de nsɛm yi ba awiei sɛ: “[Yehowa, NW] nim treneefo kwan, na abɔnefo kwan de, ɛbɛyera.” (Dwom 1:6) Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn ‘nim treneefo kwan’? Wiɛ, sɛ yɛnam kwantrenee so a, yetumi nya awerɛhyem sɛ yɛn soro Agya no nim sɛnea yedi ne mmara so na obu yɛn sɛ n’asomfo a ɔpene wɔn so. Ɛnde, yebetumi de yɛn dadwen ato ne so a yɛwɔ awerɛhyem sɛ odwen yɛn ho ampa.—Hesekiel 34:11; 1 Petro 5:6, 7.

22, 23. Dɛn na ɛbɛba treneefo ne abɔnefo so?

22 “Treneefo kwan” bɛtra hɔ daa, na wɔbɛsɛe abɔnefo a wɔnsakra no, efisɛ Yehowa atemmu bɛba wɔn so. Na wɔne wɔn “kwan” anaa asetra kwan bɛba awiei. Yebetumi anya awerɛhyem sɛ Dawid nsɛm yi bɛbam sɛ: “Aka kakraa sɛ na ɔbɔnefo nni hɔ, na wɔhwehwɛ ne trabea a, na onni hɔ. Na ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu. Treneefo benya asase no adi, na wɔatra so daapem.”—Dwom 37:10, 11, 29.

23 Hwɛ anigye ara a ɛbɛyɛ sɛ yebenya hokwan atra paradise asase so bere a abɔnefo nni hɔ bio no! Ahobrɛasefo ne treneefo benya nokware anigye efisɛ wɔbɛdɔ ‘Yehowa mmara’ bere nyinaa. Nanso, ansa na ɛno bɛba no, ɛsɛ sɛ ‘ade a Yehowa ahyɛ’ no bam. (Dwom 2:7a) Asɛm a edi hɔ no bɛboa yɛn ma yɛahu nea dekode a wahyɛ no yɛ ne nea ɛbɛkyerɛ ama yɛn ne adesamma abusua no nyinaa.

Wubebua Dɛn?

• Dɛn nti na onipa a odi Onyankopɔn mmara so wɔ anigye?

• Dɛn na ɛbɛkyerɛ sɛ yɛdɔ Yehowa mmara?

• Ɔkwan bɛn so na ankorankoro betumi ayɛ sɛ dua a enya nsu pii?

• Ɔkwan bɛn so na treneefo kwan yɛ soronko wɔ abɔnefo de ho?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 11]

Mpaebɔ bɛboa yɛn ma yɛkwati sɛ yɛne abɔnefo bɛbɔ fekuw

[Mfonini wɔ kratafa 12]

Dɛn nti na onipa trenee te sɛ dua?