Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Adwene A Kristo Kura Wɔ Kɛseyɛ Ho A Yebenya

Adwene A Kristo Kura Wɔ Kɛseyɛ Ho A Yebenya

Adwene A Kristo Kura Wɔ Kɛseyɛ Ho A Yebenya

“Obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ mo mu kɛse no, ɔnyɛ mo somfo.”—Mateo 20:26.

1. Dɛn ne wiase no adwene wɔ kɛseyɛ ho?

WƆASI Farao Amenhotep III honi a ne tenten yɛ mita 18 asi tete Misraim kurow bi a wɔfrɛ hɔ Thebes (ɛnnɛ wɔfrɛ hɔ Karnak) a efi Cairo anafo fam rekɔ hɔ bɛyɛ kilomita 500 no. Obiara a obegyina saa ohoni tenten no ase ahwɛ no behu sɛ ɔyɛ ketekete koraa. Akyinnye biara nni ho sɛ saa honi yi a wɔyɛe na ama nkurɔfo asuro sodifo no ma yehu sɛnea wiase bu kɛseyɛ—sɛ wobɛma wo ho so ayɛ wo ho kokuroo na ama afoforo ate nka sɛ wɔn so nni mfaso.

2. Nhwɛso bɛn na Yesu yɛ maa n’akyidifo, na nsɛmmisa bɛn na ehia sɛ yebisa yɛn ho?

2 Wode fa saa kɛseyɛ ho adwene yi toto nea Yesu Kristo kyerɛkyerɛe no ho hwɛ. Ɛwom sɛ na Yesu yɛ n’akyidifo no “Awurade ne kyerɛkyerɛfo” de, nanso ɔmaa wohui sɛ som a obi bɛsom afoforo no na ɛma ɔyɛ kɛse. Wɔ Yesu asase so asetra da a etwa to no, ɔhohoroo n’asuafo no nan ho de kyerɛkyerɛɛ wɔn nea na ɔreka no ase. Ahobrɛase mu a wofi som afoforo bɛn ara ni! (Yohane 13:4, 5, 14) Nea ɛwɔ he na wopɛ, sɛ wobɛsom afoforo anaasɛ afoforo bɛsom wo? So Kristo nhwɛso no kanyan wo ma wunya ɔpɛ sɛ wobɛda ahobrɛase a ɔdaa no adi no bi adi? Ɛnde, momma yensusuw kɛseyɛ ho adwene a na Kristo kura ne kɛseyɛ ho adwene a abu so wɔ wiase no ho nhwɛ.

Kwati Sɛnea Wiase Bu Kɛseyɛ No

3. Bible mu nhwɛso ahorow bɛn na ɛma yehu animguase a ɛto wɔn a wɔhwehwɛ sɛ wobenya nnipa anim anuonyam no?

3 Nhwɛso pii wɔ Bible mu a ɛkyerɛ sɛ kɛseyɛ ho adwene a wiase no kura no kowie ɔsɛe mu. Susuw Haman a na wagye din yiye wɔ Persia ahemfie wɔ Ester ne Mordekai bere so no ho hwɛ. Anuonyam a na Haman repɛ no de animguase ne owu na ɛbaa no so. (Ester 3:5; 6:10-12; 7:9, 10) Na ɔhantanfo Nebukadnesar a ɔbɔɔ dam bere a na ne tumi wɔ so paa no nso ɛ? Yehu kɛseyɛ ho adwene a ɛnteɛ a na ɔwɔ no wɔ asɛm a edi so yi mu: “So ɛnyɛ Babel kɛse a makyekye mayɛ ahenni gyinabea, me tumi denyɛ so, na ama m’anuonyam agye din no ni anaa?” (Daniel 4:30) Afei, ɔhantanfo Agripa I a sɛ́ anka ɔbɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam no, ogyee anuonyam a na ɛmfata no no fae no nso wɔ hɔ. “Ɔdɔɔ mmoaa, na ogyaa mu.” (Asomafo no Nnwuma 12:21-23) Adwene a Yehowa kura wɔ kɛseyɛ ho a saa mmarima no annya no maa wɔn nyinaa hwee ase animguase mu.

4. Hena na ɔhyɛ wiase ahantan su no ho nkuran?

4 Ɛnyɛ mfomso sɛ yɛbɛyɛ nneɛma a ɛbɛma yɛanya nidi ne obu wɔ afoforo anim. Nanso, Ɔbonsam a ahantan ahyɛ no ma no de saa ɔpɛ a yɛwɔ no di dwuma ɔkwammɔne so ma ɛbɛyɛ ahantan. (Mateo 4:8, 9) Mma wo werɛ mfi da sɛ ɔne “wi yi ase nyame,” na wasi ne bo sɛ ɔbɛma su a ɛte saa no akɔ so wɔ asase so ha. (2 Korintofo 4:4; Efesofo 2:2; Adiyisɛm 12:9) Esiane sɛ Kristofo nim nea ɔhyɛ saa su no ho nkuran nti, yɛkwati wiase no adwene a ekura wɔ kɛseyɛ ho no.

5. So nea yɛatumi ayɛ, edin a yɛagye, ne sika a yɛanya kyerɛ ankasa sɛ yebenya akomatɔyam? Kyerɛkyerɛ mu.

5 Adwene biako a Ɔbonsam hyɛ ho nkuran ne sɛ, sɛ wugye din kɛse wɔ wiase, sɛ nnipa hoahoa wo, na wunya sika pii a, ɔkwan biara so wubenya anigye wɔ asetram. So ɛyɛ nokware? So nea obi atumi ayɛ, edin a wagye, ne sika a ɔwɔ, ma no nya akomatɔyam wɔ asetram ankasa? Bible no bɔ yɛn kɔkɔ sɛ mma yɛmmfa nsusuwii a ɛte saa no nnaadaa yɛn ho. Ɔhene Salomo nyansafo no kyerɛwee sɛ: “Mihuu ɔbrɛ nyinaa ne adwumayɛ mu yiyedi nyinaa nso, sɛ ɛno ho na obi ne ne yɔnko twe ninkunu. Eyi nso yɛ ahuhude ne ɔdadwen hunu.” (Ɔsɛnkafo 4:4) Nnipa pii a wɔde wɔn bere nyinaa hwehwɛ sɛ wobegye din wɔ asetram no betumi adi adanse sɛ nea Onyankopɔn ama wɔaka wɔ Bible mu yi yɛ nokware. Ɛho nhwɛso biako ne ɔbarima bi a ɔboa ma wɔyɛɛ wimhyɛn bi a ɛde nnipa kɔɔ ɔsram so no. Ɔkae sɛ: “Meyɛɛ adwumaden maa me ho bɛkokwaw yiye wɔ adwuma no mu. Nanso mfaso biara amfi so amma efisɛ amma mannya asomdwoe ne anigye ankasa.” * Wiase adwene a ɛwɔ wɔ nneɛma te sɛ adwuma, agodie, anaa anigyede ho no mfa akomatɔyam ankasa mma.

Ɔdɔ Mu a Yefi Som Afoforo na Ɛma Yɛyɛ Kɛse

6. Dɛn na ɛma yehu sɛ na Yakobo ne Yohane wɔ kɛseyɛ ho adwene a ɛnteɛ?

6 Asɛm bi a esii wɔ Yesu asetram ma yehu nea ɛma obi yɛ kɛse ankasa. Na Yesu ne n’asuafo no rekɔ Yerusalem akodi Twam wɔ afe 33 Y.B. Bere a wɔnam kwan so no, Yesu maame nuabea mma baanu, Yakobo ne Yohane, daa kɛseyɛ ho adwene bi a ɛnteɛ adi. Wɔmaa wɔn maame de adesrɛ yi too Yesu anim sɛ: ‘Ka ma yɛn mu biako ntra wo nifa, na obiako nso ntra wo benkum w’ahenni no mu.’ (Mateo 20:21) Wɔ Yudafo mu no, na ɛyɛ anuonyamhyɛ kɛse sɛ wɔbɛma obi atra onipa bi benkum anaa ne nifa. (1 Ahene 2:19) Yakobo ne Yohane de anibere hwehwɛe sɛ anka wobenya baabi a ɛkorɔn atra. Wɔpɛe sɛ wonya dibea a ɛkorɔn yi. Na Yesu nim nea na ɛrekɔ so wɔ wɔn adwenem ma enti ɔde hokwan no teɛteɛɛ wɔn adwene a na ɛnteɛ no.

7. Yesu kyerɛkyerɛɛ nea ɛma nokware Kristoni yɛ kɛse no mu dɛn?

7 Na Yesu nim sɛ wɔ saa wiase a ahantan ahyɛ mu ma yi mu no, onipa a wobu no sɛ ɔyɛ kɛse no ne nea otumi hyɛ afoforo ma wɔyɛ nea ɔpɛ ma no, na wɔyɛ nea ɔbɛka sɛ wɔnyɛ biara no. Nanso wɔ Yesu akyidifo fam de, onipa a ɔyɛ kɛse ne nea ofi ahobrɛase mu som afoforo. Yesu kae sɛ: “Obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ mo mu kɛse no, ɔnyɛ mo somfo, na obiara a ɔpɛ sɛ odi mo kan no, ɔnyɛ mo akoa.”—Mateo 20:26, 27.

8. Dɛn na ɔsomfo a obi bɛyɛ no kyerɛ, na nsɛm bɛn na yebetumi abisa yɛn ho?

8 Hela asɛmfua a wɔakyerɛ ase “ɔsomfo” wɔ Bible mu no kyerɛ obi a ɔde nsiyɛ bɔ mmɔden yiye sɛ ɔbɛsom afoforo. Na Yesu rekyerɛ n’asuafo no asuade titiriw bi: Ɛnyɛ hyɛ a wobɛhyɛ afoforo ma wɔayɛ nea wopɛ no na ɛma woyɛ kɛse na mmom bere a wufi ɔdɔ mu som afoforo no na ɛma woyɛ kɛse. Bisa wo ho sɛ: ‘Sɛ meyɛ Yakobo anaa Yohane a, anka mɛyɛ m’ade dɛn? So anka mɛte ase sɛ nea ɛma obi yɛ kɛse ankasa ne sɛ obefi ɔdɔ mu asom afoforo?’—1 Korintofo 13:3.

9. Nhwɛso bɛn na Yesu yɛe wɔ ɔne afoforo nsɛnnii mu?

9 Yesu maa n’asuafo no hui sɛ wiase no adwene a ɛwɔ wɔ kɛseyɛ ho ne nhwɛso a Kristo yɛe no nhyia. Wamma ne ho so da, na wanyɛ biribiara amma nkurɔfo ante nka da sɛ wɔn so nni mfaso. Mmarima, mmea ne mmofra, asikafo, ahiafo ne atumfoɔ, ne afei wɔn a na wonim wɔn yiye sɛ nnebɔneyɛfo nyinaa tumi bɛn no. (Marko 10:13-16; Luka 7:37-50) Nkurɔfo ntaa nnya nnipa a wɔwɔ sintɔ ahorow ho koma. Na Yesu nte saa. Ɛwom sɛ mmere bi wɔ hɔ a na n’asuafo no nyɛ wɔn ade wɔ ɔkwan a ɛfata so, na na wɔn bo taa fuw wɔn ho wɔn ho de, nanso ɔde abotare kyerɛkyerɛɛ wɔn maa wohui sɛ ɔbrɛ ne ho ase na odwo.—Sakaria 9:9; Mateo 11:29; Luka 22:24-27.

10. Ɔkwan bɛn so na Yesu asetra akwan nyinaa daa no adi sɛ ofi ne pɛ mu som afoforo?

10 Nhwɛso fɛfɛ a pɛsɛmenkominya nnim a Onyankopɔn Ba a odi mũ no yɛe no ma yehu nea kɛseyɛ kyerɛ ankasa. Yesu amma sɛ wɔnsom no na mmom ɔbɛsomee saa “nyarewa pii” maa afoforo nso dee wɔn ho fii adaemone nkɛntɛnso ase. Ɛwom sɛ na otumi brɛ ma enti na ohia bere a ɔde begye n’ahome de, nanso ɔmaa afoforo ahiade ho hiaa no bere nyinaa sen n’ankasa de, na ofi ne pɛ mu kyekyee wɔn werɛ. (Marko 1:32-34; 6:30-34; Yohane 11:11, 17, 33) Ɔdɔ a na ɔwɔ ma nnipa no kaa no ma otutuu akwan kilomita bebree de kaa Ahenni no ho asɛmpa no, na ɔboaa nkurɔfo maa wobehuu Onyankopɔn. (Marko 1:38, 39) Ampa ara, Yesu buu afoforo a ɔbɛsom wɔn no sɛ ade a ɛho hia paa.

Suasua Kristo Ahobrɛase No

11. Su bɛn na ɛsɛ sɛ anuanom mmarima a wɔpaw wɔn sɛ ahwɛfo wɔ asafo no mu nya?

11 Wɔ 1800 mfe no mu no, na sɛ wɔrepaw Kristofo ahwɛfo ma wɔakɔsom Onyankopɔn nkurɔfo a, na su pa a ɛsɛ sɛ ahwɛfo akwantufo nya no yɛ wɔn asɛnhia paa. Sɛnea September 1, 1894, Zion’s Watch Tower no kyerɛ no, na wɔhwehwɛ mmarima a “wɔbrɛ wɔn ho ase na wɔankɔhoran . . . , wɔn a wɔwɔ ahobrɛase adwene a wɔde wɔn nkyerɛkyerɛ begyina Kristo so na ɛnyɛ wɔn ankasa so, wɔn a wɔmfa wɔn ankasa nimdeɛ nkyerɛkyerɛ na mmom wɔbɛkyerɛkyerɛ tumi a ɛwɔ N’asɛm no mu ma emu ada hɔ fann.” Nokwarem, ɛnsɛ sɛ ɛba da sɛ nokware Kristoni bi bɛhwehwɛ hokwan bi a ne botae ne sɛ ɔde bedi n’atirimpɔw bi ho dwuma anaa ɔde benya din, tumi, na wadi afoforo so abakomasɛm. Ɔhwɛfo a ɔwɔ ahobrɛase kae bere nyinaa sɛ asɛyɛde a ɔwɔ no yɛ “adwuma pa,” na ɛnyɛ dibea a wanya a ɔde betu ne ho. (1 Timoteo 3:1, 2) Ɛsɛ sɛ asafo mu asomfo ne mpanyimfo nyinaa yɛ nea wobetumi biara fi ahobrɛase mu som afoforo na wodi anim wɔ ɔsom kronn mu na wɔyɛ nhwɛso pa a ɛfata sɛ afoforo suasua.—1 Korintofo 9:19; Galatifo 5:13; 2 Timoteo 4:5.

12. Nsɛm bɛn na wɔn a wɔrehwehwɛ ɔsom hokwan wɔ asafo no mu no betumi abisa wɔn ho?

12 Ɛho behia sɛ onuabarima biara a ɔrebɔ mmɔden sɛ obenya hokwan ahorow wɔ asafo no mu no bisa ne ho sɛ: ‘So mehwehwɛ hokwan de som afoforo anaa meyɛ obi a mepɛ sɛ afoforo som me? So mewɔ ɔpɛ sɛ mɛyɛ nnwuma bi a mfaso wɔ so bere a nkurɔfo renhu sɛ me na mereyɛ?’ Sɛ nhwɛso no, ebia aberante bi bɛpɛ sɛ ɔma baguam ɔkasa wɔ Kristofo asafo no mu nanso onni ɔpɛ sɛ ɔbɛboa wɔn a wɔn mfe akɔ anim no. Ebia n’ani gye asafo mu mpanyimfo fekubɔ ho, nanso ɔtwentwɛn ne nan ase wɔ asɛnkakɔ ho. Ɛbɛyɛ nea ɛfata sɛ aberante a ɔte saa no bebisa ne ho sɛ: ‘So Onyankopɔn som no afã horow a ɛbɛma manya obu ne anuonyam wɔ afoforo anim nkutoo no so na mede m’adwene asi? So merebɔ mmɔden sɛ megye din wɔ nnipa anim?’ Akyinnye biara nni ho sɛ, nnipa anim anuonyam a yɛbɛhwehwɛ no ne Kristo adwene nhyia.—Yohane 5:41.

13. (a) Ɔkwan bɛn so na ahobrɛase a ɔhwɛfo bi bɛda no adi no betumi aka afoforo? (b) Dɛn nti na yebetumi aka sɛ ahobrɛase adwene a obi benya no nyɛ ade a sɛ Kristoni bi pɛ a na ɔbɛda no adi?

13 Sɛ yɛyere yɛn ho suasua Kristo a, ɛbɛka yɛn ma yɛasom afoforo. Susuw nhwɛso a dantaban sohwɛfo bi a na wakɔsra Yehowa Adansefo baa dwumadibea bi yɛe no ho hwɛ. Ɛmfa ho sɛ na onni adagyew na asɛyɛde a emu yɛ duru da no so no, saa ɔhwɛfo yi gyina boaa aberante bi a na ɔrebɔ mmɔden akyinkyim afiri a wɔde pam nhoma ho nneɛma bi amiamia so atoto baabi a ɛfata no. Akyiri yi, aberante no kae sɛ: “Ɛyɛɛ me nwonwa papa! Ɔka kyerɛɛ me sɛ na ɔyɛ afiri a ɛte saa ho adwuma wɔ Betel bere a na ɔyɛ aberante no, na ɔkaa sɛnea na ɛyɛ den ma no sɛ obetumi akyinkyim afiri no ho nneɛma amiamia so atoto baabi a ɛfata no kyerɛɛ me. Ɛwom sɛ na ɔwɔ nneɛma afoforo a ɛho hia a na ɛsɛ sɛ ɔyɛ de, nanso ogyee bere kakra ne me yɛɛ ho adwuma. Me ho dwiriw me ankasa.” Mprempren yi, saa aberante no abɛyɛ adwuma sohwɛfo wɔ Yehowa Adansefo adwumayɛbea no biako mu na ɔda so ara kae saa ahobrɛase adeyɛ no. Ɛmmra sɛ yɛn mu biara remmu ne ho sɛ ɔkorɔn dodo anaasɛ ne ho hia araa ma enti adwuma a ɛba fam mfata no da. Mmom no, ɛsɛ sɛ yenya “ahobrɛase adwene.” Ahobrɛase nyɛ ade a yebetumi aka sɛ yɛpɛ a na yɛbɛda no adi. Ɛka ‘nipasu foforo’ a ɛsɛ sɛ Kristoni nya no ho.—Filipifo 2:3; Kolosefo 3:10, 12; Romafo 12:16.

Sɛnea Yebetumi Anya Kristo Adwene Wɔ Kɛseyɛ Ho

14. Ɔkwan bɛn so na yɛne Onyankopɔn ne yɛn mfɛfo nnipa ntam abusuabɔ a yebedwennwen ho no bɛboa yɛn ma yɛanya kɛseyɛ ho adwene a ɛfata?

14 Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya kɛseyɛ ho adwene a ɛteɛ? Ɔkwan biako ne sɛ yebedwennwen yɛne Yehowa Nyankopɔn ntam abusuabɔ ho. N’anuonyam, ne tumi, ne ne nyansa ma no korɔn koraa sen nnipa a yɛyɛ mmerɛw no. (Yesaia 40:22) Yɛne yɛn mfɛfo nnipa ntam abusuabɔ nso ho a yebesusuw no bɛboa yɛn ma yɛanya ahobrɛase adwene. Sɛ nhwɛso no, ebia yɛbɔ mmɔden sen afoforo wɔ nneɛma bi yɛ mu nanso, ebia na wɔn nso bɔ mmɔden paa sen yɛn wɔ nneɛma afoforo a ɛho hia paa mu, anaa ebi mpo a yɛn nuanom Kristofo wɔ su pa bi a yenni bi. Nokwasɛm ne sɛ, mpɛn pii no, wɔn a wɔsom bo wɔ Onyankopɔn ani so no ntaa nyɛ wɔn a wɔagye din paa esiane wɔn ahobrɛase ne wɔn dwo nti.—Mmebusɛm 3:34; Yakobo 4:6.

15. Ɔkwan bɛn so na mudi mu a Onyankopɔn nkurɔfo akura no ma yehu sɛ obiara nni hɔ a obetumi anya biribi agyina so aka sɛ ɔsen afoforo?

15 Osuahu a Yehowa Adansefo a wohyia wɔn gyidi ho sɔhwɛ anya no ma yehu nokware a ɛwɔ saa asɛm yi mu. Mpɛn pii no, ɛyɛ wɔn a wiase no bu wɔn sɛ mpapahwekwa no na wɔakura wɔn mudi mu ama Onyankopɔn wɔ sɔhwɛ a emu yɛ den paa mpo mu. Osuahu a ɛtete saa a yebedwennwen ho no bɛma yɛakɔ so abrɛ yɛn ho ase na ama yɛahu sɛ ɛnsɛ sɛ ‘yɛdwen tra nea ɛsɛ sɛ yɛdwen.’—Romafo 12:3. *

16. Ɔkwan bɛn so na obiara a ɔwɔ asafo no mu betumi asua kɛseyɛ ho nhwɛso a Yesu yɛe no?

16 Ɛsɛ sɛ Kristofo mmofra ne mpanyin nyinaa bɔ mmɔden sɛ wobenya adwene a Kristo wɔ wɔ kɛseyɛ ho no bi. Nnwuma pii wɔ asafo no mu a ɛsɛ sɛ wɔyɛ. Mma ɛmma da sɛ wobɛpopo wo ti wɔ adwuma bi a wote nka sɛ ɛba fam a wɔbɛka sɛ yɛ no ho. (1 Samuel 25:41; 2 Ahene 3:11) Awofo, so mohyɛ mo mma nkumaa ne wɔn a wɔadu wɔn mpanyin afe so no nkuran sɛ wɔmfa anigye nyɛ adwuma biara a wɔde bɛma wɔn, sɛ ɛyɛ Ahenni Asa so, anaa nhyiam akɛse ase? So mmofra no hu mo sɛ moreyɛ nnwuma a ɛba fam? Onua bi a saa bere yi ɔyɛ adwuma wɔ Yehowa Adansefo adwumayɛbea ti hɔ ka sɛ ɔkae nhwɛso pa a n’awofo yɛe no yiye. Ɔkae sɛ: “Sɛnea na wɔyɛ adwuma wɔ Ahenni Asa so anaa nhyiam akɛse ase no maa mihui sɛ wobu adwuma a ɛte saa no sɛ ɛsom bo paa. Sɛ na adwuma bi te sɛ nea ɛba fam dodo mpo a, na wɔde wɔn ho ma yɛ adwuma a ɛte saa a ɛso bɛba asafo no ne yɛn nuayɛ kuw no nyinaa mfaso no. Su a ɛte saa a wɔdaa no adi no ama ayɛ mmerɛw ama me sɛ megye adwuma biara a wɔde bɛma me wɔ Betel ha no atom.”

17. Akwan bɛn so na anuanom mmea a wɔbrɛ wɔn ho ase betumi ayɛ nhyira ama asafo no?

17 Ɛdefa afoforo ahiade a yɛbɛma ɛho ahia yɛn asen yɛn ankasa de ho no, yebetumi asuasua nhwɛso fɛfɛ a Ester a ɔbɛyɛɛ ɔhemmaa wɔ Persia Ahemman no mu wɔ afeha a ɛto so anum A. Y. B. yɛe no. Ɛwom sɛ na ɔte ahemfie de, nanso onyaa ɔpɛ sɛ ɔde ne nkwa bɛto asiane mu ama Onyankopɔn nkurɔfo ayɛ ade ma ɛne Onyankopɔn apɛdeyɛ ahyia. (Ester 1:5, 6; 4:14-16) Ɛmfa ho sɛnea Kristofo mmea sikasɛm te biara no, wobetumi ada su a Ester daa no adi no bi adi denam wɔn a wɔahaw a wɔbɛkyekye wɔn werɛ, ayarefo a wɔbɛkɔ akɔsra wɔn, asɛnka adwuma a wɔde wɔn ho behyem, ne mpanyimfo a wɔne wɔn bɛyɛ biako no so. Hwɛ sɛnea anuanom mmea a wɔte saa no yɛ nhyira ma asafo no fa!

Nhyira a Kristo Adwene Wɔ Kɛseyɛ Ho De Ba

18. Nhyira bɛn na efi Kristo adwene wɔ kɛseyɛ ho a yɛda no adi no mu ba?

18 Sɛ wukura Kristo adwene wɔ kɛseyɛ ho mu a, wubenya nhyira pii. Wopɛ mu a wubefi asom afoforo no bɛma wo ne wɔn nyinaa anya anigye. (Asomafo no Nnwuma 20:35) Sɛ wufi wopɛ mu yɛ adwumaden ma wo nuanom a, wɔbɛpɛ w’asɛm paa. (Asomafo no Nnwuma 20:37) Nea ɛsen ne nyinaa no, Yehowa bu nea woyɛ ma wo nuanom Kristofo a ɛma wodi yiye no sɛ ayeyi afɔre a ɛsɔ n’ani.—Filipifo 2:17.

19. Dɛn na ɛsɛ sɛ ɛyɛ yɛn botae wɔ adwene a Kristo kura wɔ kɛseyɛ ho no ho?

19 Ɛsɛ sɛ yɛn mu biara hwehwɛ ne koma mu na obisa ne ho sɛ: ‘So mede m’ano hunu na ɛka sɛ mepɛ sɛ minya Kristo adwene a ɔwɔ wɔ kɛseyɛ ho anaa so mereyere me ho denneennen ayɛ saa?’ Yehowa mfa sɛnea ɔte nka wɔ ahantanfo ho no nsuma. (Mmebusɛm 16:5; 1 Petro 5:5) Ɛmmra sɛ, sɛ́ ɛyɛ Kristofo asafo no mu, yɛn afie mu, anaa yɛn da biara da asetram wɔ yɛne yɛn mfɛfo nnipa nsɛnnii mu no, yɛbɛda no adi ampa ara sɛ yɛn ani gye Kristo adwene a ɔwɔ wɔ kɛseyɛ ho no ho, na ama yɛayɛ biribiara de ahyɛ Onyankopɔn anuonyam.—1 Korintofo 10:31.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 5 Hwɛ May 1, 1982, Engiresi Ɔwɛn-Aban, kratafa 3-6 wɔ asɛmti, “In Search of Success” (Yiyedi a Mehwehwɛe) mu.

^ nky. 15 Sɛ nhwɛso no, hwɛ 1992 Yearbook of Jehovah’s Witnesses kratafa 181-2 ne September 1, 1993, Ɔwɛn-Aban no kratafa 27-31.

So Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

• Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkwati adwene a wiase no kura wɔ kɛseyɛ ho no?

• Dɛn na Yesu kae sɛ ɛma obi yɛ kɛse?

• Ɔkwan bɛn so na ahwɛfo betumi asuasua Kristo ahobrɛase no?

• Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛanya adwene a Kristo kura wɔ kɛseyɛ ho?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Adaka wɔ kratafa 17]

Hena na Ɔwɔ Kristo Adwene Wɔ Kɛseyɛ Ho?

Nea ɔpɛ sɛ afoforo som no anaa nea ɔpɛ sɛ ɔsom afoforo?

Nea ɔpɛ sɛ ɔyɛ nneɛma a ɛbɛma wagye din anaa nea ɔyɛ nnwuma a ɛba fam?

Obi a ɔma ne ho so anaa obi a obu afoforo sɛ wɔsom bo?

[Mfonini wɔ kratafa 14]

Farao Amenhotep III honi tenten kɛse no

[Mfonini wɔ kratafa 15]

So wunim nea ɛmaa Haman hwee ase no?

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 16]

So wohwehwɛ hokwan ahorow de som afoforo?