Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn Na Ɛma Asetra Di Mũ?

Dɛn Na Ɛma Asetra Di Mũ?

Dɛn Na Ɛma Asetra Di Mũ?

BERE a wobisaa Jesse, a wadi mfe 17 a ɔkɔ ntoaso sukuu nea ɛma asetra di mu no, obuae sɛ, “Mmere tenten a wote ase yi, gye w’ani sɛnea wopɛ.” Ná Suzie wɔ adwene foforo. Ɔkae sɛ, “Migye di yiye sɛ nea ɛma asetra di mũ ne sɛnea w’ankasa wobɛbɔ wo bra.”

So woasusuw nea ɛma asetra di mũ ho? So atirimpɔw biako bi wɔ hɔ ma adesamma nyinaa? Anaa nea Suzie kae no yɛ nokware sɛ nea ɛma asetra di mu ne sɛnea yɛn mu biara pɛ sɛ ɔbɔ ne bra? Ɛmfa ho mfiridwuma mu nkɔanim a yɛn wiase yi benya no, ɛte sɛ nea yɛte nka wɔ yɛn mu sɛ yɛpɛ sɛ yehu nea ɛma asetra di mũ. Ɛtɔ da bi a, yɛn mu dodow no ara bisa sɛ, ‘Dɛn nti na yɛte ase?’

Ɛnnɛyi nyansahu abɔ mmɔden sɛ ebebua saa asɛm no. Dɛn na afi mu aba? David P. Barash a ɔyɛ adwene ne nneyɛe ne mmoa ho ɔbenfo no kyerɛwee sɛ: “Biribiara nni adannandi mu a ɛma yehu nea enti a yɛte ase.” Wɔ nyansahufo a wosua abɔde a nkwa wom ho ade a wogye di sɛ nneɛma a nkwa wom fi adannandi mu na ɛbae fam no, abɔde a nkwa wom atirimpɔw yɛ biako pɛ: sɛ́ wɔbɛtra ase na wɔawo. Enti, Ɔbenfo Barash hyɛ nyansa sɛ: “Wɔ amansan kɛse a emu nnipa nni atirimpɔw na wonnwen afoforo ho no, ɛyɛ nnipa asɛyɛde sɛ yɛn ankasa bɛhyɛ da afi yɛn pɛ mu apaw nea yɛpɛ na ama yɛn asetra atumi adi mũ.”

Nea Ɔma Asetra Di Mũ na Enya Atirimpɔw

Ɛnde, so nea asetra kyerɛ ara ni—sɛ yɛn mu biara bɛyɛ nea ɔpɛ? Sɛ́ anka wobegyaa yɛn na yɛanantenantew basabasa wɔ amansan a nnipa a wɔwom no nni atirimpɔw anaa yennim nea enti a yɛte ase mu no, Bible no ada no adi fi bere tenten sɛ biribi nti na yɛwɔ ha. Asetra a yɛwom yi nyɛ nea ɛbae ara kwa. Wɔaka akyerɛ yɛn sɛ Ɔbɔadeɛ no de mfe pii na esiesiee asase no ansa na nnipa rebɛtra so. Biribiara amma kwa. Ɔhwɛ hui sɛ biribiara yɛ nea “eye papa.” (Genesis 1:31; Yesaia 45:18) Dɛn ntia? Efisɛ na Onyankopɔn wɔ nea enti a ɔbɔɔ nnipa.

Nanso, nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ, Onyankopɔn anhyehyɛ sɛnea obiara daakye bɛyɛ anto hɔ, sɛ́ ebia ɔnam awo so bɛyɛ saa anaasɛ ɔno ankasa de ne ho begye mu. Ɛwom sɛ su a yenya fi awo mu nya yɛn so nkɛntɛnso de, nanso yɛwɔ nneɛma dodow no ara a yɛyɛ no so tumi. Yɛn nyinaa wɔ hokwan sɛ yɛpaw nea yɛpɛ wɔ asetra mu.

Ɛwom sɛ yɛn mu biara betumi apaw nea ɔde n’asetra bɛyɛ de, nanso ɛbɛyɛ mfomso sɛ yɛrensusuw Ɔbɔadeɛ no ho wɔ yɛn nhyehyɛe ahorow mu. Nokwasɛm ne sɛ, nnipa pii ahu sɛ nea ɛma asetra di mũ ankasa ne nea ɛma asetra nya atirimpɔw ne Onyankopɔn a wɔne no benya abusuabɔ no wɔ biribi yɛ. Abusuabɔ kɛse a ɛda atirimpɔw a yɛwɔ wɔ asetram ne Onyankopɔn ntam no da adi wɔ Onyankopɔn ankasa din Yehowa a nea ɛkyerɛ ankasa ne, “Nea Ɔma Ɛyɛ Hɔ” no mu. (Exodus 6:3; Dwom 83:18) Kyerɛ sɛ, ɔma ne bɔhyɛ biara a wahyɛ bam nkakrankakra, na ɔyɛ nea wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ bere nyinaa. (Exodus 3:14; Yesaia 55:10, 11) Wode susuw ɛno ho hwɛ. Edin Yehowa no ma yɛn nyinaa awerɛhyem sɛ ɔno nkutoo na Ɔma asetra di mũ na enya atirimpɔw ankasa.

Gye a obi begye atom sɛ Ɔbɔadeɛ no wɔ hɔ no betumi anya nkɛntɛnso kɛse wɔ adwene a ɔwɔ wɔ asetra ho so. Linet a wadi mfe 19, ka sɛ: “Nneɛma a ɛyɛ nwonwa a mihu sɛ Yehowa abɔ no ne nea enti a ɔbɔe no ma mihu sɛ biribi nti na wɔbɔɔ me nso.” Amber nso ka sɛ: “Sɛ nkurɔfo ka sɛ ‘wonnim sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ a,’ ɛma minya anigye sɛ minim sɛ ɔwɔ hɔ. Adanse a ɛkyerɛ sɛ Yehowa wɔ hɔ no da adi wɔ nneɛma a wabɔ mu.” (Romafo 1:20) Nokwarem no, hu a yebehu sɛ Ɔbɔadeɛ no wɔ hɔ no yɛ ade biako, nanso abusuabɔ pa a yɛne no benya nso yɛ asɛm foforo.

Onyankopɔn a Wobɛfa no Adamfo

Bible no betumi aboa wɔ eyi yɛ mu nso. Bible ti ahorow a edi kan no ma yehu no yiye sɛ Yehowa Nyankopɔn yɛ Agya a ɔwɔ ɔdɔ. Sɛ nhwɛso no, wammɔ Adam ne Hawa a wankyerɛ wɔn onipa kõ a ɔyɛ. Mmom no, ɔne wɔn dii nkitaho bere nyinaa. Wannyaw wɔn saa ara wɔ Eden ankɔyɛ nneɛma foforo anka sɛ wɔn ankasa mmɔ wɔn bra. Mmom no, ɔmaa wɔn akwankyerɛ pɔtee wɔ ɔkwan pa a wɔbɛfa so abɔ wɔn bra ho. Ɔmaa wɔn adwuma a akomatɔyam wom, na ɔyɛɛ nkyerɛkyerɛ ho nhyehyɛe maa wɔn. (Genesis 1:26-30; 2:7-9) So ɛnyɛ nea wobɛhwehwɛ wɔ ɔwofo pa ho ni? Afei susuw nea ɛno kyerɛ ho hwɛ. Denielle ka sɛ: “Nim a minim sɛ Yehowa bɔɔ asase no na ɔyɛɛ yɛn sɛ yɛn ani nnye n’abɔde ho no ma mihu sɛ ɔpɛ sɛ yenya anigye.”

Nea ɛsen saa no, te sɛ agya pa biara no, Yehowa pɛ sɛ ne mma nyinaa ne no nya abusuabɔ pa. Ɛno nti, Asomafo no Nnwuma 17:27 ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Ɔne yɛn mu biara ntam kwan nware.” So ɛno kyerɛ biribi ma yɛn? Amber ka sɛ: “Yehowa a mabehu no no ama manya awerɛhyem sɛ bere nyinaa obi ka me ho. Wɔ tebea biara mu no, mewɔ obi a metumi akɔ ne nkyɛn.” Bio nso, sɛ wubehu Yehowa a, wubehu sɛ ɔwɔ ayamye, ɔteɛ, na oye. Wubetumi de wo ho ato no so. Jeff ka sɛ: “Bere a Yehowa bɛyɛɛ m’adamfo paa no, mihui sɛ obiara nni hɔ bio a ɔte sɛ ɔno a obetumi aboa me.”

Awerɛhosɛm ne sɛ, wɔaka Yehowa ho nsɛmmɔne pii. Wɔde nnipa amanehunu mu fã kɛse ne nyamesom mu brabɔne ho asodi ato no so. Wɔde nnipa abakɔsɛm mu atirimmɔdenne bi ho asodi nso ato no so. Nanso Deuteronomium 32:4, 5 kyerɛkyerɛ mu sɛ: “N’akwan nyinaa yɛ trenee; . . . Wɔadi no asɛmmɔne, wɔn nkekae nti, wɔnna so nyɛ ne mma.” Enti, ɛyɛ yɛn asɛyɛde sɛ yɛn ankasa bɛhwehwɛ nsɛm no mu.—Deuteronomium 30:19, 20.

Onyankopɔn Atirimpɔw Bam

Nanso, ɛmfa ho gyinae biara a yebesi no, biribiara nni hɔ a ebesiw Onyankopɔn kwan ma wagyae sɛ ɔbɛma nea enti a ɔbɔɔ asase ne nnipa no abam koraa. Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ, ɔno ne Ɔbɔadeɛ no. Ɛnde, dɛn ne saa atirimpɔw no? Yesu Kristo kaa ho asɛm wɔ ne Bepɔw so Asɛnka no mu bere a ɔkae sɛ: “Nhyira ne wɔn a wodwo, na wɔn na wobenya asase no adi” no. Akyiri yi, ɔmaa ne somafo Yohane hui sɛ, Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ ‘ɔbɛsɛe wɔn a wɔsɛe asase no.’ (Mateo 5:5; Adiyisɛm 11:18) Esiane sɛ na Yesu ka Onyankopɔn ho bere a wɔbɔɔ ade no nti, onim sɛ na ɛyɛ Onyankopɔn atirimpɔw fi mfiase sɛ ɔbɛma adesamma abusua a wɔyɛ pɛ atra asase so daa wɔ paradise mu. (Genesis 1:26, 27; Yohane 1:1-3) Na Onyankopɔn nsakra. (Malaki 3:6) Onyankopɔn hyɛ yɛn bɔ sɛ: “Ampa ara, sɛnea misusuwii no, saa na ɛbɛba mu, na sɛnea mabɔ me tirim no, ebegyina.”—Yesaia 14:24.

Wɔ yɛn bere yi so no, Yehowa afi ase dedaw retow kuw bi a biakoyɛ wom nhyɛase a wɔn biakoyɛ no nnyina anibere ne pɛsɛmenkominya a ɛwɔ wiase mu nnɛ no so na mmom egyina Onyankopɔn ne nnipa ho dɔ so. (Yohane 13:35; Efesofo 4:15, 16; Filipifo 2:1-4) Ɛyɛ kuw bi a wɔn a wɔwom no fi wɔn pɛ mu na wɔde wɔn ho abɔ, na wɔn ani gye ho sɛ wobenya nkɔso. Wɔn gyidi kanyan wɔn ma wodi wɔn atirimpɔw a ɛne sɛ wɔbɛka Onyankopɔn Ahenni a ɛreba no ho asɛmpa ansa na nneɛma nhyehyɛe yi aba n’awiei ho dwuma. (Mateo 24:14; 28:19, 20) Kristofo bɛboro ɔpepem asia abom de biakoyɛ resom wɔ wiase nyinaa onuayɛ kuw no mu wɔ aman bɛboro 230 so dedaw.

Ma W’asetra Nni Mũ

Sɛ worehwehwɛ sɛ w’asetra bedi mũ kɛse a, ɛnde ɛsɛ sɛ wuhu sɛ Yehowa Nyankopɔn reto nsa afrɛ wo sɛ wo ne ne nkurɔfo—ne ‘man trenee’ no—mmɔ nnɛ. (Yesaia 26:2) Nanso, ebia woresusuw ho sɛ ‘Saa Kristofo kuw yi yɛ wɔn ade dɛn? So mepɛ sɛ me ne wɔn bɔ ankasa?’ Kenkan nea edi so yi a mmerante ne mmabaa bi aka no:

Quentin: “Asafo no bɔ me ho ban fi wiase no ho. Hu a mahu sɛ Yehowa ka me ho wɔ asetra mu no boa me ma mihu sɛ ɔwɔ hɔ na ɔpɛ sɛ m’ani gye.”

Jeff: “Asafo no mu ne beae pa a metumi anya nkuranhyɛ afi. Minya me nuanom mmarima ne mmea hɔ mmoa ne ayeyi. Wɔn na wɔyɛ m’abusuafo ankasa.”

Linet: “Wuntumi mfa anigye a wunya bere a wuhu sɛ obi agye Bible mu nokware atom na wasi gyinae sɛ ɔbɛsom Yehowa no ntoto biribi foforo biara ho. Eyi ma minya akomatɔyam paa wɔ m’asetra mu.”

Cody: “Sɛ minnim Yehowa a, anka m’asetra bɛyɛ nea mfaso biara nni so. Anka mɛnantew basabasa te sɛ afoforo a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛhwehwɛ anigye no, nanso wonnya bi no. Mmom no, Yehowa ama me hokwan a ɛsom bo sɛ me ne no mmenya abusuabɔ, na ɛno ma m’asetra di mu.”

Dɛn nti na w’ankasa wonyɛ nhwehwɛmu? Wubehu sɛ, sɛ wobɛn wo Bɔfo Yehowa Nyankopɔn a, wubenya asetra a edi mũ.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 31]

Onyankopɔn a yɛne no nya abusuabɔ no ma yɛn asetra di mũ

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 29]

NASA photo