Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nniso Pa A Wɔrehwehwɛ

Nniso Pa A Wɔrehwehwɛ

Nniso Pa A Wɔrehwehwɛ

“Dan a wiase aman dan wɔn ho wɔn ho kɛse no de ɔhaw pii aba wiase a aman mmiako mmiako ankasa ntumi nni ho dwuma bio. Gye sɛ nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa ka bom ansa na wɔatumi adi asiane ne nsɛnnennen a ɛredɔɔso a adesamma rehyia no ho dwuma yiye.”—Ghulam Umar, Pakistanni amanyɔsɛm ho nhwehwɛmufo.

ANWONWASƐM ayɛ wiase yi mu ma nnɛ. Bere a honam fam nneɛma ahyɛ wiase yi mu ma no, nnipa pii na wɔbrɛ paa ansa na wɔanya wɔn ano aduan. Bere a yɛanya kɔmputa wɔ wiase a nnipa tumi sua ade nya nimdeɛ a ɛsen biara no, ɛnnɛ mmom na nnipa pii nnya adwuma a wobekura mu daa. Ɛwom sɛ ɛte sɛ nea nnipa wɔ ahofadi kɛse nnɛ sen bere biara de, nanso nnipa ɔpepem pii na wɔte ehu mu, wɔn adwenem ayɛ wɔn basaa, na wonni ahobammɔ. Ebetumi aba sɛ yɛte baabi a nneɛma pa pii atwa yɛn ho ahyia de, nanso ɔman mu mpanyimfo ne emu mpapahwekwaa a wobu mmara so na wɔde wɔn ho hyɛ ɔporɔw mu no ama nnipa pii ayɛ basaa.

Nsɛnnennen a adesamma rehyia no dɔɔso boro so araa ma abɛyɛ den sɛ ɔman biako bi anaa mpo aman a wɔka wɔn ho bom betumi adi ho dwuma. Ɛnam so ma nnipa pii a wɔhwɛ ade kɔ akyiri no aka sɛ, sɛ wiase no benya asomdwoe ne asetra a ahobammɔ wom a, gye sɛ amanaman nyinaa yɛ biako wɔ nniso biako ase. Sɛ nhwɛso no, Albert Einstein kaa adwene a ɛte saa ho asɛm bere tenten a atwam no. Ɔkae wɔ afe 1946 mu sɛ: “Migye di paa sɛ wiase nnipa mu fã kɛse no ara na wɔbɛpɛ sɛ wɔtra ase wɔ baabi a asomdwoe ne ahobammɔ wɔ . . . Sɛ adesamma betumi anya asomdwoe a wɔrehwehwɛ no a, gye sɛ wonya nniso biako a ebedi wiase nyinaa so.”

Mfirihyia aduonum akyi no, yɛn nsa nkaa ahiade titiriw yi. Bere a atesɛm krataa Le Monde a ɛwɔ Paris, France, reka nsɛnnennen a ɛrekɔ so wɔ afeha a ɛto so 21 yi mu ho asɛm no, ɛkae sɛ: “Nea ehia ne sɛ yɛbɛhyehyɛ atemmufo, sodifo, ne mmarahyɛfo ma wɔayɛ amanaman ntam nniso no nnyinaso a wobetumi de wɔn ho agye nsɛm mu ntɛm wɔ wiase baabiara a wɔrekunkum mmusuakuw bi mufo no. Nea ɛho hia ne sɛ yebegye atom sɛ efi saa bere yi rekɔ no Asase nyinaa ayɛ ɔman biako.” Dɛn anaa hena na ɔwɔ tumi ne ahoɔden a obetumi ahwɛ ama adesamma anya asomdwoe daakye?

So Ɛyɛ Amanaman Nkabom No?

Nnipa pii de wɔn ani ato Amanaman Nkabom ahyehyɛde no so sɛ ɛno na ɛde wiase asomdwoe bɛba. So UN (Amanaman Nkabom a wɔatwa no tiaa wɔ borɔfo mu) ne nniso a ebetumi de asomdwoe ne ahobammɔ ankasa aba wiase? Akyinnye biara nni ho sɛ Amanaman Nkabom no ahyehyɛ bɔ a ɛyɛ dɛ, nea ɛhyɛ nkuran na ɛma anidaso pii. Sɛ nhwɛso no, wɔ Amanaman Nkabom Bagua Kɛse no nhyiam a wɔyɛe wɔ afe 2000 mu a wɔtoo din “Mfirihyia Apem Mpaemuka” ase no, wɔde mpaemuka yi too gua sɛ: “Yɛbɛyɛ nea yebetumi biara de agye yɛn nkurɔfo afi ɔko mu amanehunu mu, sɛ́ ɛyɛ ɔko a ɛkɔ so wɔ Ɔman biako mu anaa Aman ntam mu a wɔnam so akunkum nnipa bɛboro ɔpepem 5 wɔ mfirihyia du a atwam mu no.” Nsɛm a ɛtete saa a UN akeka no ama anya ayeyi ne nkamfo afi mmeae pii, na enyaa Nobel Asomdwoe Akyɛde wɔ afe 2001 mu. Enti bere a Norway Nobel Boayikuw no rehyɛ UN anuonyam no, wɔkae sɛ “Amanaman Nkabom no nkutoo so na yɛnam betumi anya wiase asomdwoe ne biakoyɛ.”

Eyi nyinaa akyi no, so ada adi sɛ Amanaman Nkabom ahyehyɛde a wɔde sii hɔ wɔ afe 1945 mu no yɛ nniso a ebetumi de asomdwoe a edi mũ na ɛtra hɔ daa aba? Dabi, efisɛ aman a ɛwom no pɛsɛmenkominya ne wɔn botae ahorow a wɔde asisi wɔn ani so ama wɔasɛe nhyehyɛe pii a ahyehyɛde no ayɛ no. Atesɛm krataa bi samufo kae wɔ adwene a nkurɔfo kura wɔ UN ho sɛ “enni adwene foforo biara sɛ nea nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa kura no ara,” na “ne botae ahorow a wosusuw ho no yɛ nsɛmpɔw a wɔde mfirihyia pii asusuw ho, na enkosii baabiara anaasɛ nkɔso biara mfii mu mmae.” Asɛmmisa no da so ara wɔ hɔ sɛ: So wiase amanaman no bɛyɛ biako ankasa da bi?

Bible da no adi sɛ biakoyɛ a ɛte saa bɛba nnansa yi ara. Eyi bɛyɛ dɛn aba? Na nniso bɛn na ɛde bɛba? Sɛ wopɛ mmuae a, yɛsrɛ sɛ kenkan asɛm a edi hɔ no.

[Mfonini wɔ kratafa 3]

Einstein kaa hia a yehia wiase nniso biako ho asɛm

[Asɛm Fibea]

Einstein: U.S. National Archives photo