Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Na dɛn na Yesu rekyerɛ bere a ɔka kyerɛ n’asuafo no sɛ: “Mihuu Satan sɛ ofi soro hwee ase sɛ anyinam” no?

Ná afei ara na na Yesu apaw asuafo 70 no, na “ɔsomasomaa wɔn baanu baanu dii n’anim kɔɔ kurow biara ne baabiara a ɔno ankasa rebɛkɔ hɔ.” Bere a asuafo 70 no san bae no, na wɔn ani agye sɛ wɔn asɛnka adwuma no akɔ yiye. Wɔkae sɛ: “Awurade, wo din nti ahonhommɔne po abrɛ wɔn ho ase ama yɛn.” Saa bere no na Yesu kae sɛ: “Mihuu Satan sɛ ofi soro hwee ase sɛ anyinam.”—Luka 10:1, 17, 18.

Anhwɛ a, ebia ɛbɛyɛ te sɛ nea na Yesu retwe adwene asi asɛm bi a na asi dedaw so. Nanso, bere a Yesu kaa saa asɛm yi akyi mfe 60 no, ɔsomafo Yohane nso de nsɛm a ɛte saa ara kyerɛwee sɛ: “Wotuu ɔtweaseɛ kɛse no, ɔwɔ dedaw no a wɔfrɛ no ɔbonsam ne Satan, nea ɔdaadaa amanaman nyinaa no, fii hɔ tow no kyenee asase so, na wɔtow n’abɔfo kaa ne ho gui.”—Adiyisɛm 12:9.

Bere a Yohane kyerɛwee saa asɛm no, na Satan da so wɔ soro. Yɛyɛ dɛn hu saa? Efisɛ Adiyisɛm nhoma no yɛ nkɔmhyɛ nhoma, na ɛnyɛ abakɔsɛm nhoma. (Adiyisɛm 1:1) Enti, bere a na Yohane te ase no na wonnya ntow Satan mmaa asase yi so. Nokwasɛm ne sɛ, adanse kyerɛ sɛ saa asɛm yi ansi kosi sɛ wɔde Yesu sii agua so sɛ Ɔhene wɔ Onyankopɔn Ahenni no so wɔ afe 1914 akyi bere tiaa bi. *Adiyisɛm 12:1-10.

Ɛnde, dɛn nti na Yesu kaa tu a na wobetu Satan afi soro no ho asɛm te sɛ nea na asi dedaw? Nhomanimfo bi kyerɛ sɛ na Yesu reka n’asuafo no anim sɛ wɔrehoahoa wɔn ho sɛnea ɛmfata. Wosusuw sɛ na nea ɔrepɛ akyerɛ ne sɛ: ‘Mudii adaemone no so nkonim, nanso mommfa nhoahoa mo ho. Satan bɛyɛɛ ahantan, na ɛno na ɛmaa ɔhwee ase ntɛm.’

Yɛrentumi nka no pen sɛ ɛte saa anaasɛ ɛnte saa. Nanso, ɛte sɛ nea Yesu ani gyee nea n’asuafo no yɛe no ho. Na ɔrekyerɛ sɛnea daakye Satan awiei bɛyɛ. Na Yesu nim no yiye sen n’asuafo no mu biara sɛ na Ɔbonsam yɛ ɔtamfo a ne ho yɛ hu. Susuw sɛnea Yesu ani gye fae bere a ɔtee sɛ adaemone a wɔwɔ tumi no abrɛ wɔn ho ase ahyɛ n’asuafo a wɔnyɛ pɛ no ase no ho hwɛ! Ná saa adaemone yi so nkonim a wodii no yɛ nea na ɛbɛba daakye, bere a Yesu a wɔfrɛ no ɔbɔfo panyin Mikael ne Satan bɛko na watu no afi soro hɔ de no aba asase yi so no ho biribi ketewaa bi kɛkɛ.

Bere a Yesu kae sɛ ohuu sɛ Satan ‘ahwe ase’ no, ɛda adi sɛ na ɔresi so dua sɛ Satan bɛhwe ase ɔkwan biara so. Eyi ne Bible nkɔmhyɛ ahorow bi a ɛka nsɛm a ebesisi daakye ho asɛm te sɛ nea asisi dedaw no di nsɛ. Sɛ nhwɛso no, hyɛ sɛnea wɔaka nkɔmhyɛ a ɛfa Mesia no ho nsɛm no bi wɔ Yesaia 52:13–53:12 te sɛ nea asi dedaw no nsow. Ɛbɛyɛ sɛ na Yesu rekyerɛ sɛ ɔwɔ ahotoso sɛ, tu a wobetu Satan afi soro no bɛbam sɛnea N’agya atirimpɔw te. Na Yesu gye di yiye nso sɛ wɔ Onyankopɔn bere a ɛsɛ mu no, wɔde Satan ne n’adaemone bɛto afiase, na ɛno akyi no wɔasɛe wɔn korakora.—Romafo 16:20; Hebrifo 2:14; Adiyisɛm 20:1-3, 7-10.

[Ase hɔ asɛm]