Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Onyankopɔn Ahenni Nniso Ɛwɔ Hɔ Ankasa Nnɛ

Onyankopɔn Ahenni Nniso Ɛwɔ Hɔ Ankasa Nnɛ

Onyankopɔn Ahenni Nniso Ɛwɔ Hɔ Ankasa Nnɛ

“Ɛbɛyɛ dɛn na aman pii a ɛsono wɔn amammerɛ na ɛsono nkɔso a wɔanya wɔ asetram no adwene betumi ahyia? Wɔaka sɛ gye sɛ ntua bi a ebefi okyinnsoromma foforo bi so bɛba asase yi so nkutoo na ɛbɛma adesamma ayɛ biako.”—The Age, Australia atesɛm krataa.

NTUA a efi okyinnsoromma foforo so bɛba? Sɛ́ ebia ntua a ɛte saa bɛma asase so amanaman nyinaa ayɛ biako anaa ɛnte saa no, Bible nkɔmhyɛ ka ahohiahia bi a ɛreba a ɛbɛma wiase amanaman nyinaa ayɛ biako ho asɛm. Na nokwarem no, atumfoɔ bi a womfi asase yi so na wɔde ahohiahia no bɛba.

Tete Israel hene Dawid kaa wiase tebea yi ho asɛm wɔ nkɔmhyɛ kwan so. Onyankopɔn honhom kaa no ma ɔkyerɛwee sɛ: “Asase so ahene sɔre gyina, na atumfo bom tu agyina hyɛ [Yehowa, NW] ne nea wasra no no. Momma yemmubu wɔn mpokyerɛ, na yɛntow wɔn nhama mfi yɛn ho ngu.” (Dwom 2:2, 3; Asomafo no Nnwuma 4:25, 26) Hyɛ no nsow sɛ wiase sodifo no bɛboaboa wɔn ho ano asɔre atia Yehowa, amansan Bɔfo no, ne nea wasra no no, anaa ne Hene a wapaw no, Yesu Kristo. Ɛbɛyɛ dɛn aba?

Sɛnea Bible mmerebu ne nkɔmhyɛ ahorow a anya mmamu kyerɛ no, wɔde Onyankopɔn Ahenni sii hɔ wɔ soro wɔ afe 1914 mu, na wɔde Yesu Kristo yɛɛ so Hene. * Wiase amanaman no yɛɛ adwenkoro saa bere no. Sɛ́ anka wɔbɛbrɛ wɔn ho ase ahyɛ Onyankopɔn Ahenni a wɔde asi hɔ foforo no tumidi ase no, wɔde wɔn ho hyɛɛ tumi ho apereperedi—Ɔko Kɛse no, anaa Wiase Ko I—mu.

Ɔkwan bɛn so na Yehowa Nyankopɔn bu nnipa sodifo nneyɛe a ɛte saa no? “Nea ɔte soro no serew, [Yehowa, NW] di wɔn ho fɛw. Ɛno na ɔbɛkasa akyerɛ wɔn, n’abufuw mu, na ɔde n’abufuhyew beyi wɔn hu.” Afei Yehowa bɛka akyerɛ ne Ba no, Ahenni no so Hene a wɔasra no no sɛ: “Bisa me, na mede amanaman mɛyɛ w’apɛgyade, na mama woafa asase ano nohɔ adi so. Wode dade poma bebubu wɔn, na woabobɔ wɔn sɛ ɔnwemfo ahina.”—Dwom 2:4, 5, 8, 9.

Dade poma a wɔde bɛbobɔ amanaman a wɔyɛ atamfo no koraa no bɛba wɔ Harmagedon. Bible no nhoma a etwa to, Adiyisɛm, frɛ adeyɛ a ɛde biribiara bɛba awiei no “Onyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ no, da kɛse no mu ko,” na wɔreboaboa “wiase nyinaa ahene” ano akɔ saa ko no. (Adiyisɛm 16:14, 16) Awiei koraa no, wɔ adaemone nkɛntɛnso ase no, asase so amanaman nyinaa bɛyɛ biako a wɔwɔ botae koro—sɛ́ wɔne Ade Nyinaa So Tumfoɔ Nyankopɔn bedi ako.

Bere a nnipa bɛbom ako atia Onyankopɔn tumidi no rebɛn ntɛmntɛm. Anwonwasɛm ne sɛ, wɔn “biakoyɛ” no remfa mfaso biara mmrɛ wɔn. Mmom no, wɔn adeyɛ no bedi asomdwoe a adesamma nyinaa fi bere tenteenten atwɛn no anim. Ɔkwan bɛn so? Wɔ saa ko a etwa to no mu no, Onyankopɔn Ahenni ‘bebubu wiase ahenni horow no nyinaa ama asã, na ɛno de, ebegyina daa.’ (Daniel 2:44) Onyankopɔn Ahenni no ne nniso a ɛde wiase asomdwoe a adesamma rehwehwɛ no bɛba, na ɛnyɛ nnipa nniso biara.

Ahenni Nniso no Sodifo Panyin

Ɛno ne Ahenni a nnipa komapafo pii abɔ ho mpae sɛ: “W’ahenni mmra, nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro” no. (Mateo 6:10) Sɛ́ anka Onyankopɔn Ahenni bɛyɛ tebea bi a ɛwɔ komam no, ɛyɛ nniso ankasa a ayɛ nneɛma pa pii fi bere a wɔde sii hɔ wɔ soro wɔ afe 1914 mu no. Ma yensusuw nneɛma atitiriw bi a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn Ahenni no yɛ ade a ɛwɔ hɔ ankasa a ɛreyɛ adwuma nnɛ ho.

Nea edi kan koraa no, ɛwɔ ɔfã bi a ɛhwɛ ma mmara yɛ adwuma a sodifo a ɔwɔ tumi na ɔyɛ nnam da ano. Ɔne Yesu Kristo, Ɔhene a wɔde no asi ahengua so no. Yehowa Nyankopɔn de Yesu Kristo yɛɛ Kristofo asafo no Ti wɔ afe 33 Y.B. mu. (Efesofo 1:22) Efi saa bere no, Yesu redi ne tiyɛ no ho dwuma, na ɔnam so reda ne ho adi sɛ ɔyɛ sodifo pa. Sɛ nhwɛso no, bere a ɔkɔm kɛse bi sii Yudea wɔ afeha a edi kan no mu no, Kristofo asafo no yɛɛ ade ntɛm so de mmoa kɔmaa Kristofo a na wɔwɔ hɔ no. Wɔyɛɛ atoyerɛnkyɛm bere mu mmoa ho nhyehyɛe, na wɔsomaa Barnaba ne Saulo fi Antiokia ma wɔde nneɛma kɔmaa wɔn.—Asomafo no Nnwuma 11:27-30.

Yebetumi ahwɛ kwan sɛ Yesu Kristo bɛyɛ nea ɛsen saa nnɛ, bere a Ahenni nniso no reyɛ adwuma no. Bere biara a atoyerɛnkyɛm bi—asasewosow, ɔkɔm, nsuyiri, kyinhyia mframa, ahum, anaa ogya bepɔw a ɛpae—besi no, Yehowa Adansefo Kristofo asafo no yɛ ntɛm de ahiade kɔma wɔn mfɛfo gyidifo ne afoforo a wɔwɔ mmeae a asɛm asi no. Sɛ nhwɛso no, bere a asasewosow kɛse bi sii wɔ El Salvador wɔ January ne February 2001 mu no, wɔyɛɛ atoyerɛnkyɛm bere mu mmoa ho nhyehyɛe wɔ ɔman no afã nyinaa, na Yehowa Adansefo akuwakuw a wofi Canada, Guatemala, ne United States kɔboaa wɔn. Wosisii wɔn Ahenni Asa abiɛsa ne afie bɛboro 500 wɔ bere tiaa bi mu maa wɔn.

Onyankopɔn Ahenni Nniso no Nkoa

Efi bere a wɔde Onyankopɔn soro Ahenni no sii hɔ wɔ afe 1914 mu no, ɛreboaboa ne nkoa ano afi wiase nnipa nyinaa mu na ɛreyɛ nhyehyɛe ama wɔn. Eyi yɛ nkɔmhyɛ titiriw bi a Yesaia kyerɛwee no mmamu: “Nna a edi akyiri no mu no, [Yehowa, NW] fi bepɔw [ne nokware som a wɔama so] no betim hɔ ataa mmepɔw atifi, . . . na amanaman nyinaa asen yuu aba ho.” Nkɔmhyɛ no da no adi sɛ “aman pii” bɛkɔ saa bepɔw no so akogye Yehowa nkyerɛkyerɛ ne ne mmara atom.—Yesaia 2:2, 3.

Saa dwumadi yi ama wɔanya fekuw a emufo yɛ nsi sen biara wɔ ɛnnɛ bere yi mu—amanaman ntam onuayɛ kuw a Kristofo bɛboro 6,000,000 na wɔwom wɔ asase so aman bɛboro 230 so. Wɔ Yehowa Adansefo amanaman ntam nhyiam ase no, ɛtaa yɛ nkurɔfo nwonwa sɛ wohu ɔdɔ, asomdwoe, ne biakoyɛ wɔ nnipa akuwakuw pii yi mu, a nea ɛkyerɛ ne sɛ wɔadi ɔman a obi fi mu, amammerɛ, ne kasa mu akwanside biara so. (Asomafo no Nnwuma 10:34, 35) So wunnye ntom sɛ ansa na nniso bi betumi aka nnipa akuwakuw a wofi mmusua ɔhaha pii mu abom wɔ asomdwoe ne biakoyɛ mu no, ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea etu mpɔn na ɛwɔ nnyinaso, na ɛyɛ nea ɛwɔ hɔ ankasa?

Onyankopɔn Ahenni ne Nkyerɛkyerɛ

Nniso biara wɔ ahwehwɛde ahorow a ɛsɛ sɛ ne manfo du ho, na wɔhwɛ kwan sɛ obiara a ɔpɛ sɛ ɔtra saa nniso no ase no du saa ahwehwɛde ahorow no ho. Saa ara na Onyankopɔn Ahenni no nso wɔ ahwehwɛde ahorow a wɔhwɛ kwan sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔyɛ ne nkoa nyinaa du ho. Nanso, akyinnye biara nni ho sɛ egye adwumaden na ama nnipa pii a ɛsono mmusua a wofi mu koraa no agye ahwehwɛde koro atom na wɔadi so. Ade foforo a edi adanse sɛ Onyankopɔn Ahenni no wɔ hɔ ankasa ni—ne nkyerɛkyerɛ tu mpɔn, edu adwene ne koma nyinaa mu, na ɛsakra nkurɔfo nso.

Ɔkwan bɛn so na Ahenni nniso no yɛ adwumaden yi? Denam asomafo no kwan a wɔfaa so kaa asɛm no wɔ ‘afie afie’ ne Onyankopɔn Asɛm a wɔde kyerɛkyerɛɛ ankorankoro no so. (Asomafo no Nnwuma 5:42; 20:20) Ɔkwan bɛn so na saa kwan a wɔfa so kyerɛkyerɛ yi tu mpɔn? Jacques Johnson, a ɔyɛ Katolek sɔfo no kyerɛw mmɔden a ɔbɔe sɛ ɔbɛsɛe ɔbea bi adwene sɛnea ɛbɛyɛ a ɔne Yehowa Adansefo begyae adesua yɛ no ho asɛm wɔ Canada atesɛm krataa a ɛba dapɛn biara no mu. Ɔkae sɛ: “Ná mente ase, na mihui sɛ merebrɛ gu. Mibehui sɛ na Yehowafo mmea yi ne ɛna a ɔyɛ ababaa a waka dan mu no anya abusuabɔ pa asram pii. Wɔnam mmoa ne adamfofa so duu ne komam, na wɔne no nyaa abusuabɔ a emu yɛ den. Ankyɛ na ɔbɛyɛɛ wɔn som no muni a ɔyɛ nnam. Na biribiara nni hɔ a metumi ayɛ de asiw no kwan.” Sɛnea Bible mu asɛm a Yehowa Adansefo no kae ne wɔn Kristofo su no kanyan obi a na anka ɔyɛ Katolekni no koma no, saa ara na wɔrekanyan nnipa ɔpepem pii koma wɔ wiase nyinaa.

Saa nkyerɛkyerɛ—Ahenni nkyerɛkyerɛ—yi gyina Bible no so, ɛkamfo mfaso a ɛwɔ so ne n’abrabɔ pa ho gyinapɛn ahorow kyerɛ. Ɛkyerɛkyerɛ nkurɔfo ma wɔda ɔdɔ adi, na wodi wɔn ho wɔn ho ni a abusua a obi fi mu mfa ho. (Yohane 13:34, 35) Ɛboa nkurɔfo nso ma wotie afotu yi: “Monnyɛ mo ho sɛ wiase yi, na mmom momfa adwenem foforoyɛ nsakra mo ho, na moasɔ nea Onyankopɔn pɛ a eye, na ɛsɔ ani, na ɛyɛ pɛ no ahwɛ.” (Romafo 12:2) Bere a nnipa ɔpepem pii agyae wɔn kan asetra na wɔde anigye redi Ahenni nniso no mmara ne nnyinasosɛm so no, wɔanya asomdwoe ne anigye mprempren ne daakye ho anidaso a edi mũ.—Kolosefo 3:9-11.

Ade titiriw a aboa ma wɔanya wiase nyinaa biakoyɛ yi ne saa nsɛmma nhoma yi a ɛne Ɔwɛn-Aban no. Ɛdenam nhoma a wɔkyerɛ ase ne mfiri a wotumi de yɛ kasa horow ho adwuma wɔ bere koro mu so no, wotintim Ɔwɛn-Aban mu nsɛntitiriw no bere koro mu wɔ kasa 135 mu, na n’akenkanfo a wɔwɔ wiase nyinaa no ɔha mu 95 na wotumi sua emu nsɛm no wɔ wɔn ankasa kasa mu wɔ bere koro mu.

Mormonni nhoma kyerɛwfo bi kyerɛw asɛmpatrɛw adwuma a sɛ n’asɔre no da nkyɛn a atu mpɔn sen biara ho asɛm. Ɔkyerɛw Ɔwɛn-Aban ne Nyan! a Yehowa Adansefo tintim no din sɛ ɛne asɛmpatrɛw nsɛmma nhoma a eye sen biara, na ɔkae sɛ: “Obiara nni hɔ a obetumi abɔ Ɔwɛn-Aban anaa Nyan! sobo sɛ ɛma nkurɔfo yɛ anibiannaso, mmom no, ɛkyerɛkyerɛ sɛnea nkurɔfo bɛma wɔn ani ada hɔ wɔ nneɛma ho a mentaa nhu biribi a ɛte saa wɔ nyamesom nhoma afoforo mu. Ɔwɛn-Aban ne Nyan! mu nsɛm yɛ nea ahomeka wom na egyina nokwasɛm a wɔayɛ ho nhwehwɛmu yiye so, na ɛfa nneɛma a ɛrekɔ so wɔ wiase ho ankasa.”

Adanse a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn Ahenni wɔ hɔ ankasa na ɛreyɛ adwuma no dɔɔso pii. Yehowa Adansefo de anigye ne ahokeka ka “ahenni ho asɛmpa yi” kyerɛ wɔn afipamfo, na wɔto nsa frɛ wɔn sɛ wɔmmɛyɛ Ahenni no nkoa. (Mateo 24:14) So w’ani gye akwanhwɛ a ɛte saa ho? Wubetumi anya wɔn a wɔrekyerɛkyerɛ wɔn Ahenni no ahwehwɛde ahorow na wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔde bɛbɔ wɔn bra no fekubɔ mu anigye. Nea ɛsen saa no, wubetumi aba abenya wiase foforo a “trenee te mu” a wɔahyɛ ho bɔ wɔ Ahenni nniso no ase mu asetra ho anidaso.—2 Petro 3:13.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 5 Sɛ wopɛ ho nsɛm pii a, hwɛ Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu, nhoma a Yehowa Adansefo tintimii no ti 10 asɛmti a ɛne “Onyankopɔn Ahenni Di Tumi” no wɔ kratafa 90-7.

[Mfonini wɔ kratafa 4, 5]

Amanaman no de wɔn ho hyɛɛ wiase nyinaa ko mu wɔ afe 1914 mu

[Mfonini wɔ kratafa 6]

Atuhoama adwuma a wɔyɛ wɔ bere a atoyerɛnkyɛm asi no yɛ Kristofo dɔ ho adanse

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Yehowa Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa nya nkyerɛkyerɛ koro