Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yɛde Yɛn Ho Too Yehowa Ahoɔden So

Yɛde Yɛn Ho Too Yehowa Ahoɔden So

Asetram Nsɛm

Yɛde Yɛn Ho Too Yehowa Ahoɔden So

SƐNEA ERZSÉBET HAFFNER KA KYERƐE

Bere a Tibor Haffner tee sɛ na wɔahyɛ sɛ mimfi Czechoslovakia no, ɔkae sɛ: “Meremma wɔmpam wo.” Afei ɔde kaa ho sɛ: “Sɛ wopene so a, mɛware wo, na me ne wo bɛtra daa.”

WƆ January 29, 1938 no, bere a Tibor, Kristoni barima bi a odii kan dii m’abusua adanse no de aware ho asɛm a na menhwɛ kwan too m’anim no akyi adapɛn kakraa bi no, mewaree no. Na gyinaesi no nyɛ mmerɛw. Afei ara na na madi mfirihyia 18, na sɛ́ Yehowa Dansefo a na meyɛ bere nyinaa somfo no, na mepɛ sɛ mede me mmabaabere no yɛ Onyankopɔn som adwuma nkutoo. Misui, na mebɔɔ mpae. Bere a me bo dwoe no na mihui sɛ, asɛm a Tibor kae no sen ayamye a na ɔreda no adi akyerɛ me, na metee nka sɛ na m’ani gye ho sɛ me ne ɔbarima yi a na ɔdɔ me paa no bɛtra.

Nanso dɛn nti na na wɔrepam me? Anyɛ hwee koraa no, na mete ɔman a wɔhoahoa wɔn ho sɛ wɔn amammu yɛ ɔdodow amammu na wɔwɔ nyamesom mu ahofadi mu. Ɛnde, misusuw sɛ ɛde besi ha yi no, ɛsɛ sɛ meka m’asetram nsɛm pii kyerɛ wo.

Wɔwoo me December 26, 1919, na na m’awofo yɛ Helafo Katolekfo a wɔte Hungary akuraa Sajószentpéter a ɛwɔ Budapest apuei fam bɛyɛ kilomita 160 no ase. Awerɛhosɛm ne sɛ me papa wui ansa na wɔrewo me. Ankyɛ na me maame waree ɔbarima kunafo bi a ɔwɔ mma baanan, na yetu kɔtraa Lučenec, kurow fɛfɛ bi a ɛwɔ kan Czechoslovakia no mu. Saa bere no na abusua a mmanoma wom mu tra yɛ den. Sɛ́ mmofra baanum no mu akumaa no, metee nka sɛ nea na menka abusua no ho koraa. Na sikasɛm mu yɛ den, nanso ɛnyɛ honam fam nneɛma nko na mehweree na mmom bere a na m’awofo benya ama me ne ɔdɔ a na wɔbɛda no adi akyerɛ me nso bɔɔ me.

So Obi Nim Mmuae No?

Bere a midii mfirihyia 16 no, na nsɛmmisa a anibere wom bi kyere m’adwene. Mede ahopere kenkanee Wiase Ko I ho nsɛm, na nnipa a wokunkum wɔn wɔ aman a wɔn ani abue a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo mu no maa me ho dwiriw me. Afei nso, mihui sɛ na akosɛm rekɔ so wɔ mmeae pii. Biribiara nni hɔ a na ɛne nea masua afa yɔnkodɔ ho wɔ asɔre mu no hyia.

Enti, mekɔɔ Roma Katolek sɔfo bi hɔ kobisaa no sɛ: “Ahyɛde bɛn na ɛsɛ sɛ yɛn a yɛyɛ Kristofo no di so—sɛ́ yɛbɛkɔ ɔko akokum yɛn yɔnkonom anaasɛ yɛbɛdɔ wɔn?” M’asɛmmisa no hyɛɛ no abufuw ma obuae sɛ nea ne mpanyimfo aka akyerɛ no no na ɔkyerɛkyerɛ. Bere a mekɔsraa Calvin sɔfo bi ne afei Yudani rabi bi no, wɔn nso bo fuwii saa ara. Mannya mmuae biara, na mmom m’asɛmmisa a ɛyɛ nwonwa no na ɛmaa wɔn ho dwiriw wɔn. Awiei koraa no, mikohuu Lutheran sɔfo bi. Ne bo fuwii de, nanso ansa na merefi hɔ no, ɔkae sɛ: “Sɛ wopɛ sɛ wunya ho mmuae ankasa a, kobisa Yehowa Adansefo.”

Mebɔɔ mmɔden sɛ mɛhwehwɛ Adansefo no nanso mannya wɔn. Nna kakraa bi akyi, bere a na mifi adwuma reba fie no, mihui sɛ wɔabue yɛn pon no kakra. Na aberante hoɔfɛfo bi rekenkan Bible no akyerɛ me maame. Biribi baa m’adwenem ntɛm sɛ, ‘Ɛbɛyɛ sɛ ɔyɛ Yehowa Dansefo!’ Yɛmaa ɔbarima yi, Tibor Haffner, baa mu, na mede me nsɛmmisa koro no ara too n’anim. Sɛ anka ɔde ɔno ankasa nsɛm bebua no, ɔkyerɛɛ me nea Bible no ka sɛ ɛhyɛ nokware Kristofo agyirae ne bere a na yɛte mu no.—Yohane 13:34, 35; 2 Timoteo 3:1-5.

Asram kakraa bi akyi no, mebɔɔ asu, ansa na meredi mfirihyia 17. Metee nka sɛ na ɛsɛ sɛ obiara te saa nokware ahorow a na mabrɛ ho pii anya no. Mifii ase de me bere nyinaa kaa asɛm no, na na ɛyɛ den yiye wɔ Czechoslovakia wɔ 1930 mfe no awiei no mu. Ɛwom sɛ na wɔde yɛn adwuma no ahyɛ mmara ase de, nanso yehyiaa ɔsɔretia a emu yɛ den a na asɔfo no hyɛ akyi.

Ɔtaa a Edi Kan a Mihyiae

Da bi, wɔ afe 1937 awiei mu no, na me ne onuawa Kristoni bi reka asɛm no wɔ akuraa bi a ɛbɛn Lučenec. Ankyɛ na wɔkyeree yɛn de yɛn koguu afiase. Bere a afiasehwɛfo no reka yɛn afiasedan pon no ahwe mu no, ɔkae sɛ: “Mubewu wɔ ha.”

Eduu anwummere no na wɔde nnipa baanan foforo abɛka yɛn ho. Yefii ase kyekyee wɔn werɛ dii wɔn adanse. Wɔyɛɛ komm, na yɛkaa Bible mu nokware ho asɛm kyerɛɛ wɔn anadwo mũ no nyinaa.

Ɛbɔɔ anɔpa nnɔnsia no, afiasehwɛfo no frɛɛ me sɛ memmra abɔnten. Meka kyerɛɛ me yɔnko no sɛ: “Yebehyia bio wɔ Onyankopɔn Ahenni mu.” Meka kyerɛɛ no sɛ sɛ onya ne ti didi mu a, ɔnka nea asi no nkyerɛ m’abusuafo. Mebɔɔ mpae wɔ me tirim, na me ne afiasehwɛfo no kɔe. Ɔde me kɔɔ ne fie a ɛwɔ afiase hɔ no. Ɔkae sɛ: “Ababaa, merebebisa wo nsɛm bi. Nnɛra anadwo no wokae sɛ Onyankopɔn din de Yehowa. So wubetumi akyerɛ me baabi a ɛwɔ wɔ Bible mu?” Asɛm a ɛyɛ ahodwiriw na abotɔyam wom bɛn ara ni! Ɔde ne Bible bae, na mekyerɛɛ ɔno ne ne yere Yehowa din. Obisaa nsɛm pii faa nneɛma a na yɛne mmea baanan no abɔ ho nkɔmmɔ anadwo no ho. Bere a ɔtee ne nsɛmmisa no ho mmuae no ase no, ɔmaa ne yere yɛɛ anɔpaduan maa me ne me yɔnko no.

Nna kakra akyi no, wogyaee yɛn, nanso ɔtemmufo bi kae sɛ esiane sɛ meyɛ Hungaryni nti ɛsɛ sɛ mifi Czechoslovakia. Ɛyɛ asɛm yi akyi na Tibor Haffner kae sɛ ɔbɛware me no. Yɛwaree, na mitu kɔtraa n’awofo fie.

Ɔtaa no Mu Yɛɛ Den

Ɛwom sɛ na Tibor wɔ asɛyɛde wɔ ahyehyɛde no mu nso a na ɛsɛ sɛ odi ho dwuma de, nanso yɛkɔɔ so yɛɛ asɛnka adwuma no sɛ awarefo. Aka nna kakraa bi ma Hungary asraafo aba yɛn kurow no mu wɔ November 1938 mu no na yɛwoo yɛn babarima Tibor Akumaa. Na Wiase Ko II rebesi wɔ Europa. Hungary ko faa Czechoslovakia fã kɛse no ara, na ɛde ɔtaa kɛse baa Yehowa Adansefo a na wɔte mmeae a wɔako afa no so.

Wɔ October 10, 1942 no, Tibor kɔɔ Debrecen sɛ ɔrekohyia anuanom bi. Nanso, saa bere yi de, wansan amma. Akyiri yi na ɔkaa nea esii no kyerɛɛ me. Wanhu anuanom a na ɔrekohyia wɔn no, na mmom polisifo a na wɔnhyɛ wɔn adwuma ntade na na wogyinagyina ɛtwene no so, baabi a na wɔbɛyɛ nhyiam no. Na wɔretwɛn nnipa a wɔaka akyiri no, me kunu ne Pál Nagypál. Polisifo no de wɔn kɔɔ wɔn adwumam, na wɔde nkontimmaa bobɔɔ wɔn anan araa kosii sɛ ɛyaw no maa ade tɔɔ wɔn so.

Afei wɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔnhyɛ wɔn mpaboa na wɔnsɔre nnyina hɔ. Ɛyaw no nyinaa akyi no, wɔhyɛɛ wɔn ma wɔnantew kɔɔ keteke gyinabea. Polisifo no de ɔbarima foforo bi baa hɔ a na wɔakyekyere ne ti ma ɛyɛ den sɛ obetumi ahu ade. Na ɛyɛ Onua András Pilling, a na ɔno nso aba nhyiam no bi no. Wɔde me kunu traa keteke mu kɔtoo afiase wɔ Alag, a ɛbɛn Budapest no. Afiasehwɛfo no biako a ohuu sɛnea na Tibor nan a wɔde ade abobɔ ma apaapae no kaa no fɛwdi kwan so sɛ: “Hwɛ sɛnea nnipa binom tirim yɛ den! Mma ɛnhaw wo, yɛbɛsa wo yare.” Afiasehwɛfo baanu foforo fii ase de ade bobɔɔ Tibor nan bio ma etuu mogya petee hɔ nyinaa. Simma kakraa bi akyi no, ade tɔɔ no so.

Ɔsram a edi hɔ no, wodii Tibor ne anuanom mmarima ne mmea bɛboro 60 asɛm. Wobuu Anuanom András Bartha, Dénes Faluvégi, ne János Konrád kumfɔ sɛ wɔnsɛn wɔn. Wɔde Onua András Pilling too afiase ne nkwa nna nyinaa, na wɔde me kunu too afiase mfirihyia 12. Bɔne bɛn na wɔyɛe? Kwaadubɔfo no bɔɔ wɔn sobo sɛ wotutu ɔman ase, wɔka sɛ wɔrenkɔ sraadi, wɔyɛ akwansrafo, na wɔka asɔre kronkron a ɛsen biara no ho asɛmmɔne. Akyiri yi wɔdan kumfɔ no yɛɛ no afiase a na wɔbɛda wɔn nkwa nna nyinaa.

Midii Me Kunu Akyi

Bere a Tibor kɔɔ Debrecen nhyiam no akyi nnanu no, mesɔree ansa na ɛrebɔ anɔpa nnɔnsia a na mereto yɛn ntade so. Mpofirim ara obi bɔɔ yɛn pon mu denneennen. Misusuwii sɛ ‘wɔaba.’ Polisifo baasia baa mu bɛka kyerɛɛ me sɛ wɔama wɔn tumi sɛ wɔmmɛhwehwɛ yɛn fie hɔ. Wɔkyeree ofie hɔfo nyinaa de yɛn kɔɔ polisifo adwumam, a na yɛn babarima a wadi mfirihyia abiɛsa no ka ho. Saa da no ara wɔde yɛn kɔɔ afiasedan bi mu wɔ Pétervására, Hungary.

Yeduu hɔ no, meyaree atiridii, na woyii me fii nneduafo a aka no mu. Bere a me ho tɔɔ me no, asraafo baanu baa afiasedan a na meda mu no mu a na wɔreko wɔ me ho. Obiako kae sɛ: “Ɛsɛ sɛ yɛtow no tuo! Me na mɛtow no!” Nanso, na obiako a ɔka ho no pɛ sɛ ohu sɛnea m’apɔwmuden te ansa na wɔayɛ nea wɔbɛyɛ. Mesrɛɛ wɔn sɛ wonnkum me. Awiei koraa no, wofii afiasedan a meda mu no mu, na medaa Yehowa ase sɛ waboa me.

Ná afiasehwɛfo no wɔ ɔkwan soronko bi a wɔfa so bisabisa nkurɔfo nsɛm. Wɔkae sɛ menna fam na memfa m’anim mmutuw hɔ, na wɔde sɔks hyehyɛɛ m’anom kyekyeree me nsa ne me nan, na wɔhwee me araa kosii sɛ me honam pram mogya. Sɛ asraafo no mu biako ka sɛ wabrɛ nkutoo a na na wogyae me hwe. Wobisaa me sɛ henanom na na me kunu rekohyia wɔn wɔ da a wɔkyeree no no. Manka ankyerɛ wɔn, enti wɔkɔɔ so hwee me nnansa. Da a ɛto so anan no, wɔmaa me de me ba no kɔmaa me maame. Mede me ba ketewaa no hyɛɛ m’akyi a na apaapae no faa ewim a na ayɛ wiridudu no mu nantew twaa kwan bɛyɛ kilomita dumiɛnsa kɔɔ keteke gyinabea. Mefaa keteke wɔ hɔ kɔɔ fie, nanso na ɛsɛ sɛ mesan kɔ afiase hɔ saa da no ara.

Wɔde me too afiase asram asia wɔ Budapest. Miduu hɔ no, metee sɛ na Tibor nso wɔ hɔ. Hwɛ sɛnea yɛn ani gyei bere a wɔmaa yɛn hokwan sɛ yɛmmɔ nkɔmmɔ simma kakraa bi bere a na nnadeban twa yɛn ntam no! Yɛn baanu no nyinaa hui sɛ Yehowa dɔ yɛn, na bere tiawa a ɛsom bo saa no hyɛɛ yɛn den. Ansa na yɛresan ahyia bio no, yɛn baanu nyinaa faa sɔhwɛ ahorow a ɛyɛ hu paa mu, na mpɛn pii na ɛkaa kakraa bi ma anka wɔreyɛ akum yɛn.

Wɔde Me Fii Afiase Biako Mu Kɔɔ Foforo Mu

Wɔde anuanom mmea a na yɛn dodow bɛyɛ 80 no guu afiasedan biako mu. Na yɛpɛ sɛ yenya Onyankopɔn Asɛm, nanso na ɛte sɛ nea yentumi mfa biribiara mma afiase hɔ. So na yebetumi anya biribi wɔ afiase hɔ ara? Ma menka nea yɛyɛe nkyerɛ wo. Mituu me ho mae sɛ mɛpompam sɔks a atetew ama afiase hɔ adwumayɛfo no. Mekyerɛwee wɔ kratasin bi so sɛ mepɛ Bible a ɛwɔ afiase hɔ nhomakorabea no nɔma de hyɛɛ sɔks no biako mu. Nea ɛbɛyɛ na wonhu akyi no mekyerɛw nhoma foforo abien kaa ho sɛ mepɛ ɛno nso nɔma.

Ɛda a edi hɔ no, afiase hɔ adwumayɛfo no de sɔks foforo pii brɛɛ me. Na m’adesrɛ no ho mmuae hyɛ biako mu. Afei mede nɔma ahorow no maa afiasehwɛfo no biako sɛ ɔmfa nhoma ahorow no mmrɛ me. Hwɛ sɛnea yɛn ani gyei bere a yɛn nsa kaa nhoma ahorow no a na Bible no ka ho no! Na wɔsesa nhoma a aka no dapɛn biara, nanso yɛansesa Bible no. Bere biara a afiasehwɛfo no bebisa ho asɛm no, na yɛka sɛ: “Ɛyɛ nhoma kɛse, na obiara pɛ sɛ ɔkan bi.” Yɛnam saayɛ so tumi kenkan Bible no.

Da koro, afiasehwɛfo panyin bi frɛɛ me kɔɔ n’adwumayɛdan mu. Na ɛte sɛ nea obu ade paa.

Ɔkae sɛ: “Owurayere Haffner, mewɔ asɛmpa bi ma wo. Wubetumi akɔ fie. Ebia ɔkyena. Sɛ keteke wɔ hɔ mpo a, wubetumi akɔ nnɛ.”

Mibuae sɛ: “Anka m’ani begye paa!”

Ɔkae sɛ: “W’ani begye paa ampa. Wowɔ ba, na migye di sɛ wopɛ sɛ wotete no.” Afei, ɔde kaa ho sɛ: “Wode fa wo nsa hyɛ krataa yi ase kɛkɛ.”

Mibisae sɛ: “Ɛyɛ dɛn?”

Ɔkae sɛ: “Mma ɛnhaw wo. Wode fa wo nsa hyɛ ase kɛkɛ, na wobegyae wo.” Afei ɔka kyerɛɛ me sɛ: “Sɛ wudu fie pɛ a, wubetumi ayɛ nea wopɛ biara. Nanso, seesei de fa wo nsa hyɛ krataa yi ase sɛ wonyɛ Yehowa Dansefo bio.”

Mekɔɔ m’akyi kaa no pen sɛ merenyɛ.

Ɔde abufuw teɛm sɛ: “Ɛnde wubewu wɔ ha!” na ɔpam me.

Wɔ May 1943 mu no, wɔde me kɔɔ afiase foforo mu wɔ Budapest, na akyiri yi wɔde me kɔɔ akuraa Márianosztra ase, baabi a yɛne mmea nkokorafo bɛyɛ 70 traa nkokorafie. Ɔkɔm ne ahokyere foforo nyinaa akyi no, na yɛpɛ sɛ yɛka yɛn anidaso ho asɛm kyerɛ wɔn. Mmea nkokorafo no mu biako kyerɛɛ yɛn nkrasɛm no ho anigye ankasa, na ɔkae sɛ: “Eyi yɛ nsɛm a ɛyɛ dɛ. Mentee nsɛm a ɛte sɛ eyi da. Mesrɛ mo, monka pii nkyerɛ me.” Yɛkaa wiase foforo no ne emu asetra a ɛyɛ anigye no ho asɛm kyerɛɛ no. Bere a yɛne no rekasa no mmea nkokorafo panyin no baa hɔ. Wɔfaa ɔbea kokorani a na n’ani gye ho no ntɛm ara fii hɔ koyii ne ntade bɔɔ no mmaa yiye. Bere a yehyiaa no bio no, ɔsrɛɛ yɛn sɛ: “Mesrɛ mo, mommɔ Yehowa mpae sɛnea ɛbɛyɛ a obegye me na wayi me afi ha. Mepɛ sɛ mebɛka mo ho.”

Baabi a wɔsan de yɛn kɔɔ bio yɛ afiase dedaw bi a ɛwɔ Komárom, kurow bi a ɛda Danube Asubɔnten no ho. Efi Budapest atɔe fam rekɔ hɔ bɛyɛ kilomita 80. Na ɛhɔ asetra yɛ den yiye. Yare bi a ɛte sɛ atiridiinini yɛɛ me ne anuanom mmea no pii, mefee mogya na meyɛɛ mmerɛw yiye. Na yenni aduru biara, na na midwen sɛ mewu. Nanso, saa bere no na afiasehwɛfo mpanyimfo no repɛ obi a obetumi ayɛ krakyedwuma. Anuanom mmea no bɔɔ me din. Enti, wɔmaa me nnuru bi, na me ho tɔɔ me.

Mesan Hyiaa M’abusua Bio

Bere a Soviet asraafo fi apuei fam bae no, wɔmaa yɛkɔɔ atɔe fam. Sɛ mereka ahude a yɛfaa mu no nyinaa a, anka adagyew bɛbɔ me. Mpɛn pii na ɛkaa kakraa bi a anka mereyɛ awu, nanso esiane Yehowa ahobammɔ nti, minyaa me ti didii mu. Bere a ɔko no baa awiei no, na yɛwɔ Czech kurow Tábor mu, a efi Prague kɔ hɔ no bɛyɛ kilomita 80. Egyee adapɛn abiɛsa bio ansa na me ne m’akumaa Magdalena redu yɛn fie wɔ Lučenec, wɔ May 30, 1945.

Na mewɔ akyirikyiri na mihuu m’asebea ne me dɔba, Tibor, wɔ adiwo hɔ. Bere a na m’ani atetɛ no, mefrɛɛ no sɛ “Tibike!” Otuu mmirika bɛyɛɛ me atuu. “Mama sɛ worenkɔ bio?” Ɛno ne asɛm a odii kan ka kyerɛɛ me, na me werɛ remfi da.

Yehowa huu me kunu, Tibor, nso mmɔbɔ. Bere a woyii no fii Budapest afiase no, wɔde ɔno ne anuanom mmarima bɛyɛ 160 kɔɔ adwumayɛban mu wɔ Bor. Mpɛn pii na ɛkaa kakraa bi a anka wɔreyɛ akum wɔn, nanso sɛ́ kuw no, wɔkoraa wɔn nkwa so. Tibor baa fie April 8, 1945, bɛyɛ ɔsram biako ansa na mereba.

Ɔko no akyi no, na yɛda so ara hia Yehowa ahoɔden na yɛde agyina sɔhwɛ ahorow nyinaa a yehyiae mfirihyia 40 wɔ Komunis nniso ase wɔ Czechoslovakia no ano. Wɔde Tibor too afiase bere tenteenten bio, na na ɛsɛ sɛ me nkutoo tete yɛn ba no. Bere a woyii Tibor no, ɔsomee sɛ ɔhwɛfo kwantufo. Mfirihyia 40 a yedii wɔ Komunis nniso ase no, yɛde hokwan biara a yenyae kaa yɛn gyidi ho asɛm kyerɛɛ afoforo. Yetumi boaa nnipa pii ma wosuaa nokware no. Ne saa nti wɔbɛyɛɛ yɛn honhom fam mma.

Hwɛ sɛnea yɛn ani gyei bere a yenyaa nyamesom mu ahofadi wɔ afe 1989 mu no! Afe a edi hɔ no, yɛkɔɔ ɔmantam nhyiam a edi kan wɔ yɛn man no mu wɔ bere tenteenten a ɛte saa akyi. Bere a yehuu yɛn nuanom mmarima ne mmea mpempem pii a wɔakura wɔn mudi mu mfirihyia pii no, yehui sɛ Yehowa ne otumfoɔ a ɔmaa wɔn nyinaa ahoɔden no.

Me kunu Tibor, a medɔ no no, wui wɔ nokwaredi mu maa Onyankopɔn wɔ October 14, 1993, na seesei mete baabi a ɛbɛn me ba no wɔ Žilina, wɔ Slovakia. Minni honam fam ahoɔden pii bio, nanso ɛdenam Yehowa tumi so no, meyɛ den wɔ Onyankopɔn som mu. Migye di koraa sɛ ɛdenam Onyankopɔn ahoɔden so no, metumi agyina nhyehyɛe dedaw yi mu sɔhwɛ biara ano. Afei nso, mehwɛ bere a ɛdenam Yehowa adom so no metumi atra ase daa no kwan.

[Mfonini wɔ kratafa 20]

Me ba Tibor Akumaa a na ɛsɛ sɛ migyaw no hɔ no (na wadi mfe 4)

[Mfonini wɔ kratafa 21]

Tibor Panyin ne anuanom foforo wɔ Bor

[Mfonini wɔ kratafa 22]

Me ne Tibor ne Magdalena, m’akumaa wɔ afe 1947 mu wɔ Brno

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 23]

Mpɛn pii na ɛkaa kakraa bi a anka mereyɛ awu, nanso esiane Yehowa ahobammɔ nti, minyaa me ti didii mu