Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔkokodurufo “a Okyin Kyekyɛ Asɛmpa No”

Ɔkokodurufo “a Okyin Kyekyɛ Asɛmpa No”

Ɔkokodurufo “a Okyin Kyekyɛ Asɛmpa No”

WƆBƆ amanneɛ sɛ, George Borrow dii mfe 18 no na ɔte kasa ahorow 12. Mfe abien akyi no, otumi kyerɛɛ kasa ahorow 20 ase ma “emu daa hɔ a wammrɛ ho.”

Wɔ 1833 mu no, Britania ne Amannɔne Bible Fekuw no too nsa frɛɛ ɔbarima a ɔwɔ ɔdom akyɛde nwonwaso yi kɔɔ London wɔ England sɛ wobebisabisa no nsɛm. Na onni sika a ɔde betua n’akwantu no ho ka, nanso osii ne bo sɛ ɔbɛyɛ hokwan a wanya yi ho biribi, enti Borrow a na wadi mfe 30 yi de nnɔnhwerew 28 pɛ nantew twaa kilomita 180 fii ne fie wɔ Norwich.

Bible Fekuw no maa no adwumaden bi—na ɔde asram asia besua Manchu kasa a wɔka wɔ China mmeae bi no. Obisae sɛ wɔmma no kasa mmara nhoma, nanso nea wonya maa no ara ne Mateo Asɛmpa no fã bi a ɛwɔ Manchu kasa mu, ne Manchu ne Franse kasa mu nsɛm asekyerɛ nhoma. Nanso, wɔ adapɛn 19 ntam no ɔkyerɛw krataa kɔɔ London kae sɛ: “Denam Onyankopɔn mmoa so no mahu Manchu kasa.” Ná saa ade a watumi ayɛ yi da nsow koraa efisɛ wɔbɔ amanneɛ sɛ saa bere koro no ara mu no na ɔreyɛ nsiesiei wɔ Luka Asɛmpa a ɛwɔ Nahuatl kasa a ɛka kasa a wɔka wɔ Mexico mu ho no mu.

Wotintim Bible no Wɔ Manchu Kasa Mu

Wɔ afeha a ɛto so 17 mu, bere a edi kan a wɔkyerɛw Manchu kasa no, wɔde nsɛm bi a wɔfa fii Mongolian Uighur nkyerɛwde mu dii dwuma, na ɛbɛyɛɛ kasa a China aban mpanyimfo no ka. Ɛwom, eduu bere bi no na wɔntaa nka de, nanso na Britaniafo ne Amannɔne Bible Fekuw no ani gye sɛ wobetintim Bible no wɔ Manchu kasa mu akyekyɛ. Ebeduu 1822 mu no, na wɔde sika aboa ma wɔatintim Mateo Nsɛmpa a Stepan V. Lipoftsoff kyerɛɛ ase no mfuamfua 550. Ná ɔka Russia Aban Asoɛe a Ɛhwɛ Amannɔne Nsɛm so no ho na na wɔde mfe 20 atra China. Wotintim eyi wɔ St. Petersburg, nanso bere a wɔkyekyɛɛ kakraa bi pɛ akyi no, nea ɛkae no sɛee wɔ nsuyiri bi a ɛbae mu.

Ankyɛ na wofii ase kyerɛɛ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no nyinaa ase. Wɔ 1834 mu no tete nsaano nkyerɛwee nkyerɛase bi a Hebri Kyerɛwnsɛm fa kɛse no ara wom no maa anigye a wɔkyerɛe wɔ Bible no ho no nyaa nkɔanim. Hena na na obetumi ahwɛ ma wɔasan akyerɛ Manchu Bible a ɛwɔ hɔ seesei no ase na wɔawie nkyerɛase foforo a aka no? Britania ne Amannɔne Bible Fekuw no somaa George Borrow sɛ onkosi wɔn anan nyɛ saa adwuma no.

Ɔkɔ Russia

Bere a Borrow duu St. Petersburg akyi no, ogyee bere de suaa Manchu kasa no na atumi aboa no ma wakenkan nkyerɛase no mu asiesie emu mfomso ayiyi mu ma ayɛ pɛpɛɛpɛ. Ɛwom sɛ na adwuma no nna fam de, nanso ɔde nnɔnhwerew 13 yɛɛ adwuma de boa maa wɔhyehyɛɛ Apam Foforo a wɔde afiri atintim, a akyiri yi wɔkaa ho asɛm sɛ “apuei famfo nkyerɛase a ɛyɛ fɛ no.” Wotintim mfuamfua apem biako wɔ afe 1835 mu. Nanso botae a Borrow de sii n’ani so sɛ ɔde bɛkɔ China akɔkyekyɛ wɔ hɔ no anyɛ yiye. Russia aban a na osuro saa nhyehyɛe yi susuwii sɛ ɛyɛ asɛmpatrɛwfo nhyehyɛe a wɔayɛ a ebetumi aba sɛ wɔde bɛsɛe ayɔnkofa a ɛda wɔne Chinafo ntam no, enti wampene so sɛ Borrow bɛfa “Manchu Bible biako mpo” atwa Chinafo hye no.

Wɔkyekyɛɛ mfuamfua kakraa bi bɛyɛ mfe du bi akyi, na Mateo ne Marko Nsɛmpa no a wɔkyerɛɛ ase kɔɔ Manchu kasa mu wɔ fa na China kasa nso wɔ ne fa no bae wɔ afe 1859 mu. Nanso, saa bere no na nnipa pii a wobetumi akenkan Manchu no pɛ sɛ wɔkenkan China kasa de no mmom, na ɛno maa kwan a na wɔhwɛ sɛ wobewie Manchu Bible no fii ase brɛɛ ase. Nokwarem no, na Manchu yɛ kasa a wɔnka, na ankyɛ biara no wɔde China kasa sii anan. Wowiee nkyerɛase no bɛyɛ afe 1912 mu bere a China bɛyɛɛ adehyeman no.

Iberian Asase Hwene No

Esiane sɛ osuahu a George Borrow nyae no kanyan no nti ɔsan kɔɔ London. Wɔsan de dwumadi hyɛɛ ne nsa wɔ afe 1835 mu sɛ ɔnsan nkɔyɛ adwuma bio wɔ Portugal ne Spain, “ma ɔde ahu sɛnea nnipa no ayɛ wɔn adwene wɔ Kristosom ho nokware a wobegye no ho” sɛnea akyiri yi ɔkae no. Wɔ saa bere no mu no, na Britania ne Amannɔne Bible Fekuw no nyɛɛ biribiara wɔ saa aman abien yi mu esiane amammui ne asetram basabasayɛ kɛse a na ɛrekɔ so wɔ hɔ nti. Borrow ani gyee ho sɛ ɔne nnipa a wɔtete Portugal nkuraase no bɛbɔ Bible mu nkɔmmɔ, nanso wɔ mmere kakraa bi akyi no, ɔsom mu anibiannaso a nkurɔfo no yɛe no maa ɔtoaa so kɔɔ Spain.

Borrow hyiaa nsɛnnennen foforo wɔ Spain, titiriw wɔ Gypsyfo a ankyɛ biara ɔne wɔn nyaa abusuabɔ, esiane sɛ na otumi ka wɔn kasa no nti no fam. Oduu hɔ akyi bere tiaa bi pɛ na ofii ase kyerɛɛ “Apam Foforo” no ase kɔɔ Spania kasa Gitano a Gypsyfo ka no mu. Nea ɔde kaa dwumadi yi ho ne sɛ, ɔtoo nsa frɛɛ Gypsyfo mmea baanu ma wɔbɛboaa no. Sɛ ɔkenkan Spania nkyerɛase no kyerɛ wɔn a na waka akyerɛ wɔn sɛ wɔnkyerɛ ase mma no. Denam saa kwan yi so no otumi suaa sɛnea wɔde Gypsy kasakoa no di dwuma yiye. Esiane mmɔden a ɔbɔe yi nti, wotintim Luka Asɛmpa no wɔ 1838 fefɛw bere mu, na ɛkaa ɔsɔfo panyin bi ma ɔteɛɛm sɛ: “Ɔde gypsy kasa no bɛsakra Spainfo nyinaa.”

Wɔmaa George Borrow hokwan sɛ ɔnhwehwɛ “obi a ne ho akokwaw ma ɔnkyerɛ Kyerɛwnsɛm no ase nkɔ Basque kasa mu.” Wɔde saa adwuma no maa Oduruyɛfo Oteiza, na Borrow kyerɛwee sɛ “ɔte saa kasa no yiye paa a m’ankasa nso mete kakra no.” Wɔ 1838 mu no, Luka Asɛmpa no bɛyɛɛ Bible nhoma a edi kan a wɔyɛe wɔ Spania Basque kasa mu.

Esiane ɔpɛ a emu yɛ den a na Borrow anya sɛ ɔbɛma mpapahwekwa anya nimdeɛ nti, na ɔtaa tu kwan tenten, ɛtɔ mmere bi a na ɔfa akwan a ɛso yɛ hu so kɔkyekyɛ Bible ma ahiafo a wɔwɔ nkuraase no. Ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛma wɔade wɔn ho afi nyamesom ho nimdeɛ a wonni ne gyidihunu ho. Sɛ nhwɛso no, sɛ na ɔrema wɔahu sɛnea mfaso biara nni so sɛ wobetua sika na ama wɔasrɛ bɔne fafiri ama wɔn no a, na obisa wɔn sɛ: “So ebetumi ayɛ yiye sɛ Onyankopɔn a oye no bɛpene so ma wɔatɔn bɔne?” Nanso esiane sɛ na Bible Fekuw no suro sɛ wɔn gyidi a na wokura mu a wɔbɛkasa atia no betumi ama wɔabra wɔn dwumadi no nti, wɔka kyerɛɛ no sɛ ɔmfa n’adwene nsi Kyerɛwnsɛm no kyekyɛ nkutoo so.

Wɔde ano ka kyerɛɛ Borrow sɛ ontintim El Nuevo Testamento, Spania Apam Foforo bi, a Roma Katolekfo som ho nkyerɛkyerɛ ho akwankyerɛ biara nka ho. Wɔmaa no saa hokwan no ɛmfa ho ɔsɔretia a odii kan hyia fii ɔman soafo panyin a ɔkyerɛe sɛ Bible no a wɔakyerɛ ase no yɛ nhoma a ɛyɛ hu na “ɛmfata” hɔ no. Enti Borrow buee nhoma akorae wɔ Madrid a ɔbɛtɔn saa Spania Apam Foforo no wɔ hɔ, adeyɛ a ɛde akasakasa baa ɔne nyamesom akannifo ne atumfoɔ no tam no. Wɔde no too afiase nnafua 12. Bere a Borrow sɔre tiae no, wɔka kyerɛɛ no komm sɛ ɔnkɔ. Esiane sɛ na onim pefee sɛ mmara mma kwan sɛ wɔde no bɛto afiase nti, ɔde ɔsomafo Paulo nhwɛso yi dii dwuma na ɔpaw sɛ ɔbɛkɔ so atra hɔ kosi sɛ wobegyaa no wɔ ɔkwampa so, na angu ne din ho fi.—Asomafo no Nnwuma 16:37.

Bere a Bible Fekuw no somafo a ɔyɛ nsi yi fii Spain wɔ 1840 mu no, wotumi bɔɔ amanneɛ sɛ: “Wɔakyekyɛ Kyerɛwnsɛm no bɛyɛ mfuamfua 14,000 wɔ Spain wɔ mfe anum a etwaam no mu.” Esiane sɛ Borrow dii eyi mu akoten nti, ɔbɔɔ ne suahu a onyae wɔ Spain no mua sɛ, “mfe a minyaa mu anigye kɛse wɔ m’asetram.”

The Bible in Spain a wodii kan tintimii wɔ afe 1842 mu a wɔda so ara tintim no—yɛ nhoma a George Borrow ankasa kyerɛwee maa emu daa hɔ fann a ɛkyerɛ akwan a otutui ne asetra a emu yɛ den a ohyiae. Din a ɔde too ne ho wɔ nhoma a nkurɔfo nyaa ho anigye ntɛmtɛm no mu ne, “nea okyin kyekyɛ Asɛmpa no.” Ɔkyerɛwee sɛ: “Meyɛɛ m’adwene sɛ mɛkɔ mmepɔw nketewa ne akɛse a ɛwɔ akyirikyiri a ahintaw no so, na m’akɔkasa akyerɛ nkurɔfo no, na mede asuasua Kristo.”

Sɛnea George Borrow de anigye kyerɛɛ Kyerɛwnsɛm no ase na ɔkyekyɛe no ama wato fapem ama afoforo a wɔn nso bɛyɛ saa ara—hokwan a ɛsom bo kɛse ampa.

[Asase mfonini wɔ kratafa 29]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

Mmɔden a George Borrow bɔe de kyerɛɛ Bible no ase kyekyɛe no ma otutuu akwan fii (1) England kɔɔ (2) Russia, (3) Portugal, ne (4) Spain

[Asɛm Fibea]

Mountain High Maps® Copyright © 1997 Digital Wisdom, Inc.

[Mfonini wɔ kratafa 28]

Yohane Asɛmpa a ɛwɔ Manchu kasa mu no mu nsɛm a edi kan a wotintim wɔ afe 1835 mu a wɔkenkan fi soro ba fam

[Asɛm Fibea]

From the book The Bible of Every Land, 1860

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 27]

From the book The Life of George Borrow by Clement K. Shorter, 1919