Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Afotu a Eye Sen Biara a Yebenya

Afotu a Eye Sen Biara a Yebenya

Afotu a Eye Sen Biara a Yebenya

ASETRA pa ye. Afotu pa ne ɔpɛ a obi wɔ sɛ ɔde bedi dwuma no ne ade titiriw a ɛma obi nsa ka asetra a ɛte saa wɔ wiase a nneɛma atu afra yi mu. Nanso, ɛnyɛ bere nyinaa na nnipa wɔ ɔpɛ sɛ wobetie afotu a mfaso wɔ so. Nnipa pii aka sɛ ɛsɛ sɛ onipa bɔ ne bra sɛnea ɔpɛ. Nokwarem no, Bible kyerɛwtohɔ kyerɛ sɛ, Satan, ɔtamfo a odii kan sɔre tiaa Onyankopɔn tumidi no ka kyerɛɛ nnipa a wodi kan no sɛ wobenya ahofadi. Genesis 3:5 yɛ asɛm a ɔka kyerɛɛ Hawa yi ho kyerɛwtohɔ: “Onyankopɔn nim sɛ da a mubedi bi no, mo ani bebue, na moayɛ sɛ Onyankopɔn ahu papa ne bɔne.”

So ɛno akyi no, Adam ne Hawa tumi nyaa asetra pa denam wɔn nsusuwii nkutoo a wɔma ɛkyerɛɛ wɔn kwan no so, a wɔanhyia ɔhaw biara? Dabida. Nea efii ahantan mu a wofi hwehwɛe sɛ wobehu papa ne bɔne mu bae ne sɛ wodii nkogu ntɛm pa ara. Enti, Onyankopɔn poo wɔn ma ɛfatae na wɔbaa asetra a emu yɛ den mu wɔ sintɔ mu, na awiei koraa no nea efii mu bae ne owu. (Genesis 3:16-19, 23) Owu ka yɛn nyinaa. Bible ka sɛ: “Sɛnea ɛnam onipa biako [Adam] so na bɔne baa wiase, na owu nam bɔne so bae no, saa na ɛyɛe na owu trɛw kaa nnipa nyinaa, efisɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne.”—Romafo 5:12.

Ɛwom sɛ nea Adam ne Hawa pawee no de ɔhaw ahorow aba de, nanso nnipa dodow no ara nhuu nyansa a ɛwom sɛ wɔde afotu a efi onipa Yɛfo no hɔ bedi dwuma. Nanso, Bible no “fi Nyankopɔn home mu, na eye,” na ebetumi aboa yɛn ma ‘yɛayɛ pɛ a wɔasiesie yɛn koraa ama nnwuma pa nyinaa.’ (2 Timoteo 3:16, 17) Akyinnye biara nni ho sɛ sɛ yedi afotu a ɛwɔ Bible mu no akyi a, yebenya anigye kɛse. Abusua asetram titiriw na saa nnyinasosɛm yi yɛ adwuma.

Aware mu Nokwaredi

Sɛnea Bible kyerɛ no, Onyankopɔn hyehyɛɛ aware sɛ ɛntra hɔ daa. (Genesis 2:22-24; Mateo 19:6) Bio nso, Kyerɛwnsɛm no ka sɛ ‘Ɛnsɛ sɛ wogu aware mpa ho fi,’ kyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ wogu saa abusuabɔ no fi denam obi a ɔnyɛ yɛn aware mu hokafo a yɛne no benya nna mu kyɛfa so. (Hebrifo 13:4) Nanso, ɛda adi sɛ wunim sɛ, ɛnnɛ aware pii nnu saa gyinapɛn yi ho. Nnipa binom taa de wɔn ho hyehyɛ wɔn a wɔnyɛ wɔn aware mu ahokafo wɔ adwumam. Afoforo nso twa wɔn mmusua nkontompo na ama wɔatumi ne obi a ɔnyɛ n’aware mu hokafo akodi dɔ. Ebinom mpo gyaw wɔn aware mu ahokafo hɔ kɔfa ababaawa bi ne no tra, na wɔkyerɛ sɛ ɛno ma wɔte nka sɛ wonyinii na ɛma wonya anigye, sɛnea ɛbae wɔ Veronica a yɛkaa ne ho asɛm wɔ asɛm edi kan no mu fam no.

Nanso, si a obi besi ne bo sɛ ɔbɛyɛ biribi a ɛbɛma n’ani agye ɛmfa ho nea ebefi mu aba biara no mma onnya anigye a ɛtra hɔ daa. Ronald betumi adi eyi ho adanse. Ogyaw ne yere hɔ ne ɔbea bi a na ɔne no atwe mpena asie mfe asia a na ɔne no awo mma baanu dedaw no kɔkyekyee abusua foforo a na onim sɛ ɛbɛma n’asetra atu mpɔn. Nanso, bere a oguu n’aware no akyi bere bi no, ne mpena no gyaee no! Awiei koraa no, Ronald kɔtraa n’awofo nkyɛn. Ɔkyerɛkyerɛɛ ne tebea no mu sɛ ɛyɛ “animguasesɛm.” Eyi yɛ nhwɛso biako pɛ ara kwa. Saa suban a pɛsɛmenkominya akɔnnɔ na ɛma ɛba yi akɔfa awaregyae ne mmusua mu mpaapaemu a ɛso bi nni aba, na ɛde amanehunu aba nnipa pii so—mpanyin ne mmofra nyinaa.

Nea ɛne eyi bɔ abira no, Bible mu afotu a wɔde di dwuma de nokware anigye ba. Saa na na ɛte wɔ Roberto fam, na ɔka sɛ: “Esiane Bible mu afotu a minyae nti, me yere amfi me nsa. Yennya nokware anigye bere a yegyae yɛn ho mu ma sɔhwɛ a efi obi a ɔnyɛ yɛn aware mu hokafo hɔ no, ɛmfa ho mpo sɛ onii a ɔte saa no ho yɛ fɛ mpo no. Bible mu nkyerɛkyerɛ aboa me ma m’abu me hokafo a me ne no atra mfe pii no sɛ ɔsom bo.” Bible afotu a ɛka sɛ “ntwa wo mmerantebere mu yere nkontompo” no dii dwuma titiriw wɔ Roberto asetram. (Malaki 2:15) Tebea foforo bɛn mu na yebetumi anya Onyankopɔn afotu so mfaso?

Yɛn Mma a Yɛbɛtete Wɔn

Mfe dudu pii a atwam no, wobegyee adwenkyerɛ a ɛne sɛ wɔ mmofra ntetee mu no, ɛnsɛ sɛ awofo de anohyeto pii ma no toom kɛse. Ɛte sɛ nea na ntease wom sɛ wɔbɛma mmofra kwan ma wɔn ankasa asisi gyinae ahorow wɔ sɛnea wosusuw nsɛm ho na wɔyɛ wɔn ade ho. Na botae no ne sɛ ɛbɛma wɔakwati biribiara a ɛbɛka wɔn nyin ahyɛ no. Wɔ mmeae bi no, wɔhyehyɛɛ sukuu ahorow a wɔnyɛ katee wɔ nneɛma ho, na nneɛma a wɔyɛ wɔ hɔ no ne sɛ sukuufo no betumi asi gyinae sɛ wɔbɛkɔ sukuu anaasɛ wɔnkɔ na wobetumi apaw mmere dodow a wɔpɛ sɛ wɔde gye wɔn ahome ne nea wɔde begye nkyerɛkyerɛ. Na sukuu a ɛte saa no biako nhyehyɛe ne sɛ “ɛbɛma mmofra kwan ma wɔada wɔn nkate adi koraa a obi mmu wɔn atɛn wɔ nea wɔyɛ ho na ɔpanyin bi mfa ne ho nye wɔn nsɛm mu.” Ɛnnɛ, nnipa nneyɛe ho afotufo bi da so ara kasa tia mfaso a ɛwɔ nteɛso ahorow bi a wɔde ma so no, wɔ tebea mpo a awofo no susuw sɛ ɛho hia sɛ wofi ɔdɔ mu de nteɛso ma mu no.

Dɛn na afi mu aba? Nnipa pii gye di sɛ mmofra a wɔma wɔn kwan ma wɔyɛ nea wɔpɛ no ma wonya ahofadi pii dodo. Wɔte nka sɛ ɛyɛ biribiara ho kwan a wɔma yi na ama nsɛmmɔnedi ne nnubɔne nom anya nkɔanim no. Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ United States daa no adi sɛ wɔn a wobisabisaa wɔn nsɛm no mu bɛyɛ ɔha mu nkyem 70 na wosusuw sɛ mmofra ne mmabun nnya awofo akwankyerɛ a ɛsɛ. Bere a wɔrebɔ mmɔden ahwehwɛ nea enti a wɔtoto atuo wɔ sukuu mu ne nsɛmmɔne afoforo a ɛyɛ hu a mmofra a wɔadu wɔn mpanyin afe so yɛ no mu no, nnipa pii de ɛho asodi to “awofo ani a enku mmofra ho” no so. Na sɛ nea efi mu ba no anyɛ awerɛhosɛm paa mpo a, awofo ne mmofra nyinaa twa mmofra a wɔma wɔn kwan ma wɔyɛ biribiara a wɔpɛ no so aba nwenwene.

Dɛn na Bible no wɔ ka fa saa asɛm yi ho? Kyerɛwnsɛm no tu fo sɛ ɛnsɛ sɛ awofo de wɔn tumi di dwuma wɔ ɔdɔ mu nko, na mmom ɛsɛ sɛ wɔyɛ pintinn nso. Bible no ka sɛ: “Agyimisɛm kyekyere abofra koma ho, nteɛso abaa bɛma afi ne ho.” (Mmebusɛm 22:15) Nokwarem no, ɛsɛ sɛ nteɛso a awofo de ma nyinaa yɛ nea ɛfata tebea ahorow no. Ɛsɛ sɛ odwo, ahosodi ne nsɛm ho a wosusuw yiye kyerɛ awofo kwan wɔ nteɛso biara a wɔde ma mu. Nteɛso a wɔde ma wɔ saa kwan no so no kyerɛ ɔdɔ. Ɛda adi sɛ awofo tumi a wɔda no adi ɔdɔ kwan so, na mmom ɛnyɛ atirimmɔden kwan so no, bɛsow aba pa.

Wɔahu sɛ afotu yi a wɔde di dwuma no asow aba ahorow a eye. Arturo, ɔbarima bi a wadi mfe 30 a ɔwɔ Mexico a ɔwaree nnansa yi no ka sɛ: “Me papa maa emu daa hɔ maa me ne me nuanom sɛ ɔne me maame na wɔwɔ tumi wɔ abusua no mu. Wɔantwentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛteɛ yɛn so da. Nanso, na wonya bere ne yɛn bɔ nkɔmmɔ bere nyinaa. Mprempren a mayɛ ɔpanyin no, m’ani sɔ asetra pa a mewɔ no, na minim sɛ akwankyerɛ pa a minyae no titiriw na ama aba saa.”

Fa Afotu a Eye Sen Biara no Di Dwuma

Onyankopɔn Asɛm, Bible, no kura afotu a eye sen biara ma adesamma. Ɛnyɛ abusua nhyehyɛe no nkutoo mu na wɔde emu afotu no di dwuma. Ɛboa siesie yɛn wɔ akwan pii so, efisɛ ɛkyerɛkyerɛ yɛn sɛnea yɛbɛyɛ yɛn ade wɔ wiase a nnipa dodow no ara nsiesiee wɔn ho sɛ wobegye atom sɛ ɛsɛ sɛ wɔma nyansa bi a efi Beae a ɛkorɔn kyerɛ wɔn asetra kwan ma esi wɔn yiye mu.

Yehowa Nyankopɔn, adesamma Bɔfo no, nam odwontofo Dawid so ma yɛn awerɛhyem yi sɛ: “Mebue w’adwenem, na makyerɛ wo ɔkwan a wobɛfa so, m’ani wɔ wo so, na metu wo fo.” (Dwom 32:8) So wubetumi ayɛ nea ɛkyerɛ sɛ Ɔbɔadeɛ no ani wɔ yɛn so sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛbɔ yɛn ho ban afi asiane ho no ho mfonini wɔ w’adwenem? Ɛnde asɛm a ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho ne sɛ: ‘So mefi ahobrɛase mu agye Yehowa akwankyerɛ a ahobammɔ wom no atom?’ N’asɛm no fi ɔdɔ mu ka kyerɛ yɛn sɛ: “Fa wo koma nyinaa bata [Yehowa, NW] ho, na mfa wo ho ntweri wo nhumu. Hu no w’akwan nyinaa mu, na ɔno na ɔbɛteɛ w’akwan.”—Mmebusɛm 3:5, 6.

Yehowa a yebehu no no gye mmɔdenbɔ ne ahofama, nanso adesamma betumi afa Bible no so ayɛ saa. Asetra kwan a Yehowa kamfo kyerɛ no ‘wɔ nkwa a ɛwɔ hɔ yi ne nea ɛrebɛba no ho bɔhyɛ.’ Nokwarem no, ɛyɛ adenya kɛse esiane mfaso horow a ɛde ma no nti.—1 Timoteo 4:8; 6:6.

Sɛ w’ani gye nyansa a Bible no de ma ne nhyira ahorow a efi dwuma a wɔde di mu ba no ho a, ma Onyankopɔn Asɛm a wobɛkenkan na woasusuw ho no nyɛ ade titiriw wɔ w’asetram. Saa a wobɛyɛ no bɛboa wo ma woagyina nsɛnnennen a ɛwɔ hɔ nnɛ ne nea ɛbɛba daakye no ano. Bio nso, wubenya anidaso sɛ wobɛtra Onyankopɔn wiase foforo no mu, baabi a Yehowa bɛkyerɛkyerɛ nnipa nyinaa na wɔn asomdwoe adɔɔso no.—Yesaia 54:13.

[Mfonini wɔ kratafa 5]

Bible mu afotu betumi ama aware asɔ

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 6]

Bible afotu de akwankyerɛ pa ma, na ɛma yɛn kwan sɛ yennye yɛn ani

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 7]

Wɔn a wɔde Bible afotu di dwuma no betumi anya asetra pa