Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mexicofo Te Asɛmpa no Wɔ Wɔn Kasa Ahorow Mu

Mexicofo Te Asɛmpa no Wɔ Wɔn Kasa Ahorow Mu

Mexicofo Te Asɛmpa no Wɔ Wɔn Kasa Ahorow Mu

WƆ November 10, 2002 no, Mixefo kuw bi a wɔyɛ Mexicofo hyiae wɔ San Miguel, wɔ Quetzaltepec. Ɛyɛ kurow bi a ɛda Oaxaca mantam fɛfɛ no anafo fam. Ná saa kuw no rekɔ Yehowa Adansefo ɔmantam nhyiam ase. Na dwumadi no gyina Bible drama so titiriw.

Bere a atiefo no tee drama no mu nsɛm a edi kan no, wɔn ho dwiriw wɔn. Wɔbɔɔ wɔn nsam denneennen ma nusu guu wɔn mu pii. Wɔyɛɛ drama no wɔ Mixe kasa mu! Bere a drama no baa awiei no, wɔn mu pii daa anisɔ adi wɔ akyɛde a wɔnhwɛ kwan yi ho. Wɔn mu biako kae sɛ: “Eyi ne bere a edi kan a mate drama no ase. Aka me koma.” Ɔfoforo nso kae sɛ: “Afei sɛ miwu mpo a, mewɔ anigye efisɛ Yehowa ama matie drama wɔ m’ankasa kasa mu.”

Saa drama a wɔyɛɛ no Mixe kasa mu anɔpa no ka mmɔden kɛse a Yehowa Adansefo a wɔwɔ Mexico bɔe nnansa yi sɛ wɔbɛma nnipa a wɔwɔ Mexico nyinaa ate Ahenni ho asɛmpa no ho.—Mateo 24:14; 28:19, 20.

Yehowa Tiee Mpaebɔ

Kasa akuw bɛboro 6,000,000 na ɛwɔ Mexico—kuw biako biara betumi ayɛ ɔman mũ, na Mexico yɛ ɔman a emu amammerɛ gu ahorow a wɔka kasa titiriw 62 wom. Nnipa bɛboro 100,000 na wɔka saa kasa no mu 15. Nnipa bɛboro 1,000,000 na wɔnka Spania kasa a ɛyɛ Mexicofo kasa titiriw no. Na wɔn a wɔka Spania kasa no nso mu pii betumi asua Bible mu nokware no wɔ wɔn ankasa kasa mu a wɔmmerɛ ho. (Asomafo no Nnwuma 2:6; 22:2) Wɔn mu binom asua Bible no na wɔde nokwaredi akɔ Kristofo nhyiam ahorow mfe pii, nanso wɔn ntease sua. Enti sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛte nokware no wɔ wɔn ankasa kasa mu no ne ade a wɔde bere tenten abɔ ho mpae.

Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔadi saa nsɛnnennen no ho dwuma no, Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛwɔ Mexico no fii ase yɛɛ ho nhyehyɛe wɔ 1999 mu ma wɔayɛ asafo nhyiam ahorow wɔ hɔfo no kasa mu. Wɔtew nsɛm asekyerɛfo kuw nso. Wɔ afe 2000 mu no, wɔyɛɛ ɔmantam nhyiam ase drama no wɔ Maya kasa mu na akyiri yi wɔyɛe wɔ kasa horow pii mu.

Ade a edi hɔ a wɔpɛe sɛ wɔyɛ ne sɛ wɔbɛkyerɛ nhoma ahorow a Yehowa Adansefo de sua Bible no ase. Nea edi kan no, wɔkyerɛɛ Nya Asetra mu Anigye wɔ Asase so Daa! nhomawa no ase kɔɔ Huave, Maya, Mazatec, Totonac, Tzeltal, ne Tzotzil kasa mu. Akyiri yi, wɔkyerɛɛ nhoma pii ase kaa ho a nea na ɛka ho bi ne Yɛn Ahenni Som a ɔsram biara wɔkyerɛ ase kɔ Maya kasa mu no. Wɔyɛɛ kasɛt ahorow a wɔakyere nhoma no bi mu nsɛm agu so. Sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛkyerɛ ɛhɔfo no ma wɔatumi akenkan, akyerɛw wɔ wɔn ankasa kasa mu no, wɔyɛɛ nhomawa foforo bi a wɔato din Sua Akenkan ne Akyerɛw a ɛhɔfo no de bedi dwuma. Mprempren, Bible ho nhoma 15 na wɔatintim wɔ hɔfo no kasa mu, na pii nso nam kwan so reba.

“Wɔrebɔ Mmɔden Biara”

Nsɛm asekyerɛ adwuma no nna fam. Ade biako ne sɛ, wiase nhoma kakraa bi na wɔatintim wɔ Mexico kasa ahorow no mu. Na nsɛm asekyerɛ nhoma ho taa yɛ nna. Afei nso kasa nketenkete bi nso wɔ kasa atitiriw no bi mu. Sɛ nhwɛso no, kasa nketenkete bɛyɛ anum na wɔka wɔ Zapotec kasa no nkutoo mu. Saa kasa nketenkete yi yɛ soronko araa ma Zapotecfo a wɔwɔ mmeae ahorow binom no nte ebinom kasa.

Bio nso, mmeae a wɔnhyehyɛɛ kasa ho mmara biara no, na ɛsɛ sɛ kasa asekyerɛfo no ankasa hyehyɛ wɔn ankasa de. Eyi yɛ hwehwɛ sɛ wɔyɛ nhwehwɛmu pii na wogye adwenkyerɛ ahorow. Ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔn mu pii tee nka sɛnea Élida a ɔka Huave nkyerɛase kuw ho no tee nka no! Ɔka sɛ: “Bere a wɔtoo nsa frɛɛ me kɔɔ Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛwɔ Mexico sɛ menkɔkyerɛ kasa ase no, nkate abien na minyae—anigye ne ehu.”

Ná ɛsɛ sɛ kasa asekyerɛfo no sua kɔmputa ho nneɛma, dwumadi no ho nhyehyɛe, ne kasa asekyerɛ ho nimdeɛ. Nokwarem no, na adwuma no yɛ den ma wɔn. Na wɔte nka dɛn wɔ ho? Gloria a ɔka Maya kasa asekyerɛ kuw no ho no ka sɛ: “Yɛrentumi nkyerɛkyerɛ anigye kɛse a yɛanya sɛ yenyaa kyɛfa wɔ Bible ho nhoma a wɔkyerɛɛ ase kɔɔ Maya a ɛyɛ yɛn ankasa kasa mu no mu.” Kasa Asekyerɛfo Dwumadibea sohwɛfo no ka faa kasa asekyerɛfo no ho sɛ: “Na ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wobenya Bible ho nhoma wɔ wɔn ankasa kasa mu no mu yɛ den ara ma wɔyɛɛ nea wobetumi biara de dii nsɛnnennen no ho dwuma.” So mfaso aba so?

“Yehowa, Meda Wo Ase!”

Yehowa nhyira ada adi wɔ adwuma a wɔreyɛ wɔ ɔman no mu no so. Nnipa a wɔkɔ Kristofo nhyiam ne nhyiam akɛse no dodow abu abɔ ho. Sɛ nhwɛso no, wɔ 2001 mu no, Adansefo a wɔka Mixe kasa 223 na wohyiaam dii Kristo wu ho Nkaedi no. Nanso, nnipa dodow a wɔbaa Nkaedi no ase yɛ 1,674—ɛboro Adansefo no dodow so mpɛn ason ne fã!

Afei nnipa a wogye nokware no tumi te nsɛm ase yiye fi mfiase. Mirna kae nea ɛtoo no ansa na wɔyɛɛ nhyiam no wɔ Maya kasa mu. Ɔka sɛ: “Bere a misuaa Bible asram abiɛsa akyi no mebɔɔ asu, na minim sɛ ɛsɛ sɛ mebɔ asu, na metumi aka sɛ na mente Bible mu nokware no ase sɛnea na ɛsɛ sɛ mete ase ankasa no. Ɛyɛ me sɛ nea enti a ɛte saa ne sɛ Maya kasa na meka, na mente Spania kasa no yiye. Egyee bere tenten bi ansa na merete nokware no ase ankasa.” Ɛnnɛ, ɔne ne kunu ani gye sɛ wɔka Maya kasa asekyerɛ kuw no ho.

Wɔn a wɔwɔ asafo no mu nyinaa ani gyei kɛse sɛ wɔanya nhoma ahorow wɔ wɔn ankasa kasa mu. Bere a woyii Nya Asetra mu Anigye wɔ Asase so Daa! nhomawa a wɔatintim no foforo adi wɔ Tzotzil kasa mu no, ɔbea bi a wafi ase kɔ Kristofo nhyiam gyee bi na ɔde fam ne bo teɛɛm sɛ: “Yehowa, meda wo ase!” Amanneɛbɔ ahorow kyerɛ sɛ Bible asuafo pii anya nkɔanim ma wɔafata ama asubɔ, adawurubɔfo a wɔayɛ mmerɛw asan anya nkɔso, na Kristofo mmarima pii te nka sɛ afei wɔfata ma asafo mu asɛyɛde ahorow. Afiewuranom bi anya ɔpɛ kɛse sɛ wobegye Bible ho nhoma ahorow a ɛwɔ wɔn ankasa kasa mu no na wɔasua.

Bere bi, Ɔdansefo bi kɔe sɛ ɔkɔyɛ Bible adesua, nanso na ne suani no nni fie. Bere a osuani no kunu baa ɔpon no ano no, onuawa no maa no nhomawa sɛ ɔnkenkan. Na osuani no kunu no kae sɛ: “Mempɛ biribiara.” Onuawa no de Totonac kasa ka kyerɛɛ no sɛ nhomawa no wɔ n’ankasa kurom kasa mu. Bere a ɔbarima no tee saa pɛ na ɔtwee benkyi sii hɔ traa so. Bere a onuawa no kenkan kyerɛ no no, na ɔno nso reka sɛ, “Ɛyɛ ampa. Yiw, ɛyɛ ampa.” Mprempren, ɔkɔ asafo nhyiam ahorow.

Wɔ Yucatán no, Ɔdansefo bi kunu taa no esiane nokware no nti, na ɛtɔ mmere bi na ɔbea no fi nhyiam ba a, na ɔhwe no. Bere a wofii ase yɛɛ nhyiam wɔ Maya kasa mu no, osii gyinae sɛ ɔbɛto nsa afrɛ no. Ɔbae na n’ani gyee ho. Mprempren ɔkɔ nhyiam bere biara, osua Bible no, na ɔnhwe ne yere bio.

Ɔbarima bi a ɔka Totonac kasa ka kyerɛɛ Adansefo baanu bi sɛ ɔmmɔɔ mpae da efisɛ Katolek sɔfo bi aka akyerɛ no sɛ Spania kasa mu mpae nkutoo na Onyankopɔn tie. Nokwasɛm ni, na ɛsɛ sɛ otua ɔsɔfo no ka ansa na wabɔ mpae ama Totonacfo. Adansefo no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ Onyankopɔn tie mpae wɔ kasa biara mu, na wɔmaa no Totonac kasa mu nhomawa, ma ɔde anigye gyei.—2 Beresosɛm 6:32, 33; Dwom 65:2.

“Kualtsin Tajtoua”

Esiane anigye a Ahenni adawurubɔfo anya wɔ saa nkɔso yi ho nti, wɔn mu pii rebɔ mmɔden sɛ wobesua ɛhɔ kasa no anaasɛ wobenya nkɔanim wɔ nea wonim no mu. Saa pɛpɛɛpɛ na ɔmansin sohwɛfo bi a ɔsom Nahuatl kasa mu asafo ahorow anum wɔ Puebla atifi fam no reyɛ. Ɔka sɛ: “Sɛ mereka Nahuatl kasa a, mmofra a na wɔtaa da wɔ adesua ase nyinaa tra ase tie no yiye. Da bi a yɛapɔn nhyiam no, abarimaa bi a wadi mfe anan baa me nkyɛn bɛka kyerɛɛ me sɛ: ‘Kualtsin tajtoua’ (wunim kasa). Ɛno maa metee nka sɛ mmɔden a mebɔe no so aba mfaso.”

Yiw, saa asasesin no mu adwuma “ahoa ama otwa” na ahyɛ wɔn a wɔyɛ mu adwuma nyinaa nkuran. (Yohane 4:35) Roberto a ɔboa ma wɔhyehyɛɛ kasa asekyerɛ kuw no, bɔɔ no mua sɛ: “Abɛyɛ asɛm a werɛ remfi da sɛ yehuu yɛn nuanom mmarima ne mmea a anigye adan wɔn nusu bere a wotie nokware no wɔ wɔn ankasa kasa mu na wonya mu ntease no. Sɛ midwen ho a, ɛma supɔporɔ hini me.” Akyinnye biara nni ho sɛ, nnipa komapafo a wɔbɛboa wɔn ma wɔagyina Ahenni no afa no nso ma Yehowa ani gye wɔ ne komam.—Mmebusɛm 27:11.

[Adaka wɔ kratafa 10, 11]

Tie Kasa Asekyerɛfo no Bi Anum Nsɛm

● “M’awofo de nokware no kyerɛkyerɛɛ me na me werɛ mfii de besi nnɛ. Awerɛhosɛm ne sɛ, bere a midii mfe 11 no me papa gyaee Kristofo asafo no. Mfe abien akyi no, me maame gyaw yɛn hɔ. Esiane sɛ meyɛ mmofra baanum no mu panyin nti, na ɛsɛ sɛ mefa me maame asɛyɛde to me ho so, ɛwom sɛ na meda so ara kɔ sukuu de.

“Na yɛn honhom fam anuanom mmarima ne mmea fi ɔdɔ mu boa yɛn, nanso na asetra yɛ den. Ɛtɔ mmere bi a midwen ho sɛ: ‘Dɛn nti na asɛm yi ato me? Misua dodo!’ Denam Yehowa mmoa so nkutoo na mitumi gyinaa tebea no ano. Bere a miwiee ntoaso sukuu akyi no, mebɛyɛɛ bere nyinaa somfo, na ɛno boaa me kɛse. Bere a wɔtew Nahuatl kasa asekyerɛ kuw no, wɔtoo nsa frɛɛ me sɛ memmɛka wɔn ho.

“Me papa asan aba asafo no mu bio, na me nuanom nkumaa no nso resom Yehowa. Nokware a yɛkɔɔ so dii Yehowa no so aba mfaso. Wahyira m’abusua no yiye.”—Alicia.

● “Yɔnko sukuuni Dansefo bi maa ɔkasa fa nea ɛyɛe a nkwa bae ho. Esiane sɛ mantie ɔkasa no bi nti, na ɛhaw me sɛ merentumi mma ho mmuae wɔ sɔhwɛ mu, enti meka kyerɛɛ no sɛ ɔnkyerɛkyerɛ me saa asɛm no mu. Masusuw nea enti a nnipa wu ho mpɛn pii. Bere a ɔde Creation nhoma * no maa me no, migyei, na mepenee so sɛ ɔne me nsua Bible no. Ɔbɔadeɛ no atirimpɔw ne ne dɔ no kaa me koma yiye.

“Bere a miwiee sukuu no, minyaa hokwan bɛyɛɛ Spania ne Tzotzil kasa ho kyerɛkyerɛfo. Nanso na ɛno bɛhwehwɛ sɛ mifi faako a mewɔ no kɔ akyirikyiri, mekyerɛ ade wɔ adapɛn no awiei, na metoto Kristofo nhyiam ahorow mu. Sɛ́ anka mɛyɛ saa no, mekɔyɛɛ adwuma sɛ ɔdansifo mmom. Me papa a na ɔnyɛ Ɔdansefo no ani annye me gyinaesi no ho koraa. Akyiri yi, bere a na meresom sɛ ɔkwampaefo no, wɔtew kuw bi a na wɔbɛkyerɛ Bible ho nhoma ase akɔ Tzotzil kasa mu. Wɔhyɛɛ me nkuran sɛ memfa me ho nhyem.

“Mitumi hu sɛ yɛn nuanom no tee nka sɛ wɔakyerɛ wɔn ho anisɔ na wɔahyɛ wɔn anuonyam denam wɔn ankasa kasa mu nhoma ahorow a wɔatintim ama wɔn no so. Ɛno ma akomatɔyam ankasa. Mete nka sɛ ɛyɛ hokwan kɛse a manya sɛ me nsa aka saa dwumadi no.”—Humberto.

● “Bere a midii mfe asia no, me maame gyaw yɛn hɔ. Bere a minnya nnii mfe aduonu no, me papa ne Yehowa Adansefo fii ase suaa ade. Da koro bi, onuawa bi ne me suaa Bible afotusɛm a ɛfa mmofra ho. Sɛ́ obi a afei na madu me mpanyin afe so a minni maame no, metee nka sɛ eyi na mihia ankasa. Wɔbɔɔ me asu bere a na madi mfe 15.

“Wɔ afe 1999 mu no, nnipa bɔnefo bi kum me papa esiane sɛ wɔpɛ sɛ wɔn nsa ka n’asase nti. Ɛhaw me yiye. Mibenyaa adwenemhaw na metee nka sɛ merentumi nkɔso ntra nkwa mu bio. Nanso mekɔɔ so bɔɔ Yehowa mpae sɛ ɔmma me ahoɔden. Ɔhwɛfo kwantufo bi ne ne yere hyɛɛ me nkuran kɛse. Ankyɛ na mebɛyɛɛ daa kwampaefo.

“Da bi mihuu nkurɔfo bi a wɔnantew nnɔnhwerew asia de kotiee simma 20 baguam ɔkasa wɔ Totonac kasa mu, ɛwom sɛ wɔyɛɛ nhyiam a aka no wɔ Spania kasa mu a wɔrentumi nte ase de. Enti, m’ani gyei bere a wɔtoo nsa frɛɛ me sɛ memmɛboa ma wɔnkyerɛ Bible ho nhoma ase nkɔ Totonac kasa mu no.

“Ná metaa ka kyerɛ me papa sɛ daakye mɛyɛ adwuma wɔ Yehowa Adansefo baa dwumadibea hɔ. Ɔkyerɛɛ me sɛ ɛrentumi nyɛ yiye sɛ wɔbɛto nsa afrɛ abeawa te sɛ me a menwaree. Sɛ wonyan no wɔ owusɔre no mu a, hwɛ sɛnea n’ani begye sɛ obehu sɛ mitumi yɛɛ saa, kyerɛɛ Bible ho nhoma ase kɔɔ yɛn kasa mu!”—Edith.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 28 Life—How Did It Get Here? By Evolution or by Creation? a Yehowa Adansefo tintimii wɔ afe 1985 mu.

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Tzotzil kasa asekyerɛ kuw mufo susuw asɛm bi a n’asekyerɛ yɛ den ho