Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Ebinom ka sɛ ɛnyɛ Malta supɔw a ɛwɔ Sicily anafo fam no so na Paulo guu asu, na mmom, supɔw foforo bi so. Ɛhe na oguu asu no?

Saa asɛmmisa yi fa adwenkyerɛ bi a wɔde too gua nnansa yi ara ho a ɛne sɛ Paulo angu asu wɔ Malta supɔw so, na mmom, oguu asu wɔ Cephalonia (anaa Kefallinía) a ɛbɛn Corfu a ɛwɔ Ionian Po a ɛwɔ Greece atɔe fam mpoano no so. Kyerɛwtohɔ a efi honhom mu no ka kyerɛ yɛn sɛ Paulo ne Roma asraafo ha so panyin Yulio, a na Paulo hyɛ ne nsa no, ne asraafo afoforo ne Paulo ahokafo no fii wɔn akwantu no ase wɔ Kaesarea. Sɛnea wɔakyerɛ wɔ asase mfonini no so no, wɔfaa po so kɔɔ Sidon ne Mira. Wɔsesaa hyɛn a na wɔte mu no faa hyɛn kɛse a na ɛsõ awi fi Aleksandria, Misraim, na wɔtoaa so wɔ atɔe fam kɔɔ Knido. Wɔantumi amfa ɔkwan a wɔkyerɛe sɛ wɔbɛfa so a etwam fa Aegean Po ho kɔfa Greece mpoano kɔ Rome no so. Ahum a ano yɛ den bɔɔ wɔn kɔɔ anafo fam de wɔn ani kyerɛɛ Kreta na wɔbɔɔ wɔn ho aguaa wɔ mpoano hɔ. Wogyinae wɔ po so hyɛn gyinabea bi a wɔfrɛ no Hyɛn-Agyinaye. Bere a ‘wofii Kreta’ no, ‘mframa kɛse bi a wɔfrɛ no Apuei-Mframa kyeree’ hyɛn no. Hyɛn a na ɛsõ awi duruduru no ‘dii akɔneaba wɔ po no so’ kosii anadwo a ɛto so dunnan. Awiei koraa no, nnipa 276 no nyinaa guu asu wɔ supɔw bi a Kyerɛw Kronkron no fã a ɛne Hela kyerɛwsɛm no frɛ no Me·liʹte no so.—Asomafo no Nnwuma 27:1–28:1.

Mfe a abɛsen kɔ no, nkurɔfo de adwenkyerɛ ahorow ama de akyerɛ supɔw ko a Me·liʹte no yɛ. Ebinom kyerɛ sɛ na ɛno ne Melite Illyrica supɔw a ɛnnɛ wɔfrɛ no Mljet a ɛwɔ Croatia Adriatic Po ano no. Nanso ɛte sɛ nea ɛno ntumi mma saa, efisɛ baabi a Mljet atifi fam wɔ no mma ɛnyɛ yiye sɛ anka Paulo betumi atoa n’akwantu no so akɔ nkurow te sɛ Sirakusa, Sicily, ne afei Italia atɔe fam mpoano.—Asomafo no Nnwuma 28:11-13.

Bible nkyerɛasefo pii aka sɛ Me·liʹte no ne Melite Africanus supɔw a ɛnnɛ wɔfrɛ no Malta no. Po so hyɛn gyinabea a etwa to a hyɛn a na Paulo te mu no gyinae no ne Hyɛn-Agyinaye a ɛwɔ Kreta no. Afei ahum a ano yɛ den bɔɔ hyɛn no kɔɔ atɔe fam de ani kyerɛɛ Klauda. Ahum no kɔɔ so bɔɔ hyɛn no nna pii. Ntease wom koraa sɛ hyɛn a ahum bɔɔ no no bɛtoa so akɔ atɔe fam na akopue Malta.

Bere a Conybeare ne Howson susuw mframa a ɛbɔ toaa so ne “baabi a ɛbɔ de ani kyerɛe ne sɛnea ɛtwee hyɛn” no ho no, wɔkyerɛw wɔ wɔn nhoma The Life and Epistles of St. Paul mu sɛ: “Aka kakraa bi na ɔkwan a ɛda Klauda ne Malta ntam no tenten ayɛ kilomita 770. Ɛyɛ nwonwa paa sɛ yebegye adi sɛ asase a hyɛn mu adwumayɛfo no [kopuee] so anadwo a ɛto so dunnan no yɛ asase foforo bi a ɛnyɛ Malta. Adanse pii na ɛkyerɛ sɛ na ɛyɛ Malta.”

Bere a ebia nkurɔfo bɛkyerɛ sɛ ɛyɛ beae foforo bi no, ɛte sɛ nea asase mfonini a ɛka ho a wɔakyerɛ sɛnea hyɛn no guu asu wɔ Malta no wɔ so no ne Bible kyerɛwtohɔ hyia.

[Asase mfonini/Mfonini wɔ kratafa 31]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

Yerusalem

Kaesarea

Sidon

Mira

Knido

KRETA

KLAUDA

MALTA

SICILY

Sirakusa

Roma

MLJET

GREECE

CEPHALONIA