Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Afotu Pa Ho Hia?

So Afotu Pa Ho Hia?

So Afotu Pa Ho Hia?

ƐNNƐ, nnipa pii gye di sɛ wonim papa ne bɔne ma enti wɔwɔ hokwan sɛ wɔyɛ nea wɔpɛ biara. Afoforo nso ka sɛ biribiara ye mpɛn dodow a ɛma obi ani gye no. Aware ne abusua asetra a wofi bere tenten abu no sɛ adesamma abusua no nnyinaso titiriw no ho aba asɛm kɛse.—Genesis 3:5.

Susuw Verónica, * a ɔwɔ Mexico no ho hwɛ. Ɔbɔ amanneɛ sɛ: “Aka kakra ma yɛn aware adi mfe 15 no, me kunu ka kyerɛɛ me sɛ ɔne ɔbea foforo retwe mpena. Ɔkae sɛ esiane sɛ saa ɔbea no mfe nkɔɔ anim na ɔma n’ani gye nti, ɔrennyae no. Ɛhaw me sɛ mihui sɛ m’adamfo paa a ɔka me ho no begyaw me hɔ a ɔne me remmɔ bio. Ná misusuw sɛ ɔdɔfo wu ne ade a ɛyɛ yaw sen biara. Nanso, wɔ me fam de, awaresɛe yɛ yaw sen saa mpo efisɛ ɛnyɛ nea medɔ no kɛse no nko na mehweree no, na mmom ɔkɔɔ so yɛɛ nneɛma a ebepira me nso.”

Susuw tebea foforo bi a ɛfa ɔbarima bi a wadi mfe 22 a wagyae aware dedaw na ɔwɔ ba abarimaa nanso ɔmpɛ sɛ odi n’asɛyɛde ahorow sɛ agya ho dwuma no nso ho hwɛ. Ɔhwɛ kwan sɛ ne maame na ɛsɛ sɛ ɔhwɛ ɔno ne ne ba no nyinaa. Sɛ ne maame no anyɛ nea ɔpɛ nyinaa amma no a, ne bo fuw kɛse na ɔbobom gu ne maame so, te sɛ abofra bi a ne afuw no. Ne maame no te abasamtu nka bere a ohyia abufusɛm a ɛte saa no.

Ɛnyɛ eyinom nkutoo ne nea ɛrekɔ so. Mmara kwan so ntetewmu ne awaregyae renya nkɔanim wɔ baabiara. Mmofra pii hu sɛ wɔn awofo no mu biako fi fie kɔhyɛ ɔbra ase foforo. Mmofra binom ahwere obu a wɔwɔ ma afoforo, a wɔn awofo ka ho no, na wɔde wɔn ho hyɛ nneyɛe bi a mmere bi a atwam no na enni hɔ koraa mu. Mmofra a wɔsɔ ɔbea ne ɔbarima nna hwɛ, nnubɔne a wɔde di dwuma, ntua a mmofra de ba, ne akyerɛkyerɛfo anaa awofo a mmofra kunkum wɔn abu so wɔ nsase pii so. Na ebia woahyɛ no nsow sɛ ɛnyɛ mmofra ntetee ne aware mu nkutoo na wohyia nsɛnnennen wɔ nnɛ wiase yi mu.

Bere a yehu saa nneɛma yi no, ebia yebebisa yɛn ho sɛ dɛn na aba adesamma so. Sɛ nkurɔfo nim papa ne bɔne ampa a, dɛn nti na wontumi nnii ɔhaw ahorow pii ho dwuma? So wohia afotu pa bi? So baabi wɔ hɔ a yebetumi anya afotu a ɛso wɔ mfaso saa, nea wotumi de ho to so, no afi? Ɛwom sɛ nnipa pii ka sɛ wogye Onyankopɔn ne N’asɛm a wɔakyerɛw no di de, nanso ɛte sɛ nea ennya wɔn gyinaesi ahorow so nkɛntɛnso. Nanso, sɛ yɛhwehwɛ afotu fi Onyankopɔn hɔ na yegye tom a, mfaso bɛn na yebetumi anya? Ma yensusuw ɛno ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 3 Wɔasesa din no.