Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wɔtan Wɔn Kwa

Wɔtan Wɔn Kwa

Wɔtan Wɔn Kwa

“Wɔtan me kwa.”—YOHANE 15:25.

1, 2. (a) Dɛn nti na ebinom ho dwiriw wɔn bere a wɔkasa tia Kristofo no, nanso dɛn nti na ɛnsɛ sɛ ɔkasatia a ɛte saa no yɛ yɛn nwonwa? (b) Asɛmfua ‘ɔtan’ no nkyerɛase bɛn na yebesusuw ho wɔ asɛm yi mu? (Hwɛ ase hɔ asɛm no.)

YEHOWA ADANSEFO bɔ mmɔden sɛ wɔde Onyankopɔn Asɛm mu nnyinasosɛm bɛbɔ wɔn bra. Ne saa nti, wɔbɔ wɔn din pa wɔ nsase pii so. Nanso, ɛtɔ mmere bi a, wɔkeka wɔn ho nsɛmmɔne. Sɛ nhwɛso no, aban panyin bi a ɔwɔ St. Petersburg kuropɔn mu wɔ Russia no kae sɛ: “Wɔkaa Yehowa Adansefo ho asɛm kyerɛɛ yɛn sɛ sum ase kuw bi a wɔtɛw sum mu rekunkum mmofra ne wɔn ankasa ho.” Nanso bere a ɔne Yehowa Adansefo yɛɛ adwuma faa amanaman ntam nhyiam bi ho no, ɔpanyin koro no ara kae sɛ: “Afei mihu nnipa a wɔn ho nni asɛm na wɔn anim tew . . . Wɔpɛ asomdwoe na wodwo, na wɔdodɔ wɔn ho wɔn ho yiye.” Ɔde kaa ho sɛ: “Mente ase koraa sɛ nkurɔfo keka wɔn ho atosɛm saa.”—1 Petro 3:16.

2 Onyankopɔn asomfo ani nnye ho sɛ wɔbɛkeka wɔn ho nsɛmmɔne sɛ abɔnefo, nanso sɛ nkurɔfo kasa tia wɔn a, ɛnyɛ wɔn nwonwa. Yesu dii kan bɔɔ n’akyidifo kɔkɔ sɛ: “Sɛ wiase tan mo a, munhu sɛ watan me kan ansa na ɛretan mo. . . . Na ɛyɛe na asɛm a wɔakyerɛw no wɔn mmara mu no aba mu sɛ: Wɔtan me kwa.” * (Yohane 15:18-20, 25; Dwom 35:19; 69:4) Ná wadi kan aka akyerɛ n’asuafo no sɛ: “Sɛ wɔafrɛ ofiwura no Beelsebul a, mpɛn ahe na wɔremfa mfrɛ ne fifo?” (Mateo 10:25) Kristofo te ase sɛ ahohora a ɛte saa a ɛba wɔn so no yɛ ‘asɛndua’ a wogye toom bere a wɔbɛyɛɛ Kristo akyidifo no fã.—Mateo 16:24.

3. Wɔataa nokware asomfo akodu he?

3 Ɔtaa a nokware asomfo ahyia no atra hɔ bere tenten, efii ase wɔ ‘ɔtreneeni Habel’ bere so. (Mateo 23:34, 35) Ɛnyɛ nsɛm kakraa bi pɛ mu na wɔahyia ɔtaa. Yesu kae sɛ ‘nnipa nyinaa bɛtan’ n’akyidifo esiane ne din nti. (Mateo 10:22) Bio nso, ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ ɛsɛ sɛ Onyankopɔn asomfo nyinaa—a yɛn mu biara ka ho—hwɛ kwan sɛ wɔbɛtaa wɔn. (2 Timoteo 3:12) Dɛn na ɛde ɔtaa yi ba?

Ɔtan a Enni Nnyinaso no Fibea

4. Ɔkwan bɛn so na Bible no kyerɛ baabi a ɔtan a enni nnyinaso no nyinaa fi?

4 Onyankopɔn Asɛm da no adi sɛ efi mfiase no, abɔde bi a aniwa nhu no wɔ hɔ a opiapia nkurɔfo. Susuw okum yayaw a wokum ɔbarima gyidini a odi kan, Habel, no ho hwɛ. Bible ka sɛ ne nua wudini, Kain, ‘fi ɔbɔne no,’ Satan Ɔbonsam, ‘mu.’ (1 Yohane 3:12) Kain nyaa Satan nsusuwii no bi, na Ɔbonsam nam ne so dii ne nsusuwii bɔne no ho dwuma. Bible no san ma yehu dwuma a Satan di de ɔtaa a emu yɛ den baa Hiob ne Yesu Kristo so no. (Hiob 1:12; 2:6, 7; Yohane 8:37, 44; 13:27) Adiyisɛm nhoma no da baabi a ɔtaa a wɔde ba Yesu akyidifo so fi no adi pefee sɛ: ‘Ɔbonsam de mo mu binom begu afiase, na wɔasɔ mo ahwɛ.’ (Adiyisɛm 2:10) Yiw, Satan ne ɔtan a enni nnyinaso a wɔde ba Onyankopɔn nkurɔfo so no nyinaa fibea.

5. Dɛn na ɛma Satan tan nokware asomfo?

5 Dɛn na ɛma Satan tan nokware asomfo? Satan nam bu a obuu ne ho sɛ ɔkorɔn araa no so sɔre tiaa “mmeresanten hene,” Yehowa Nyankopɔn. (1 Timoteo 1:17; 3:6) Ɔka sɛ Onyankopɔn de ne tumidi hyɛ n’abɔde so ne sɛ obiara nni hɔ a ɔde koma pa som Yehowa, na mfaso a nnipa ankasa pɛ nti na wɔsom no. Satan kyerɛ sɛ sɛ Onyankopɔn ma no kwan ma ɔsɔ nnipa hwɛ a, obetumi adan obiara afi Onyankopɔn ho. (Genesis 3:1-6; Hiob 1:6-12; 2:1-7) Satan nam atosɛm a ɔkeka faa Yehowa ho sɛ obi a ɔhyɛ nnipa so, ɔtorofo, ne obi a wadi nkogu no so daa ne ho adi sɛ obetumi adi nnipa so te sɛ Onyankopɔn ara. Enti, akɔnnɔ a ɔwɔ sɛ nnipa bɛsom no no na ama wafa Onyankopɔn asomfo ho abufuw.—Mateo 4:8, 9.

6. (a) Ɔkwan bɛn so na yɛn ho wɔ Yehowa tumidi ho ɔsɛmpɔw no mu sɛ ankorankoro? (b) Ɔkwan bɛn so na ɔsɛmpɔw yi ho ntease a yɛwɔ no boa yɛn ma yekura yɛn mudi mu? (Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 16 no.)

6 So wuhu sɛnea saa ɔsɛmpɔw yi ka w’asetra? Sɛ́ Yehowa somfo no, ɛda adi sɛ wunim sɛ bere a egye mmɔdenbɔ kɛse na woasom Onyankopɔn no, saa a wobɛyɛ no so mfaso dɔɔso. Na sɛ wo nsɛm tebea ma ɛyɛ den, ɛyɛ wo yaw mpo, sɛ wobɛkɔ so adi Yehowa mmara ne ne nnyinasosɛm so nso ɛ? Sɛ ɛte sɛ nea wunnya ɔsom a wode ma no so mfaso biara ɛ? So wobɛka sɛ mfaso nni so sɛ wobɛsom Yehowa? Anaasɛ ɔdɔ a wowɔ ma Yehowa ne anisɔ kɛse a wowɔ ma ne su a ɛkyɛn so no bɛka wo ma woakɔ so anantew n’akwan nyinaa so? (Deuteronomium 10:12, 13) Yehowa nam kwan a wama Satan ma ɔde ahokyere bi aba yɛn so no so ama yɛn mu biara anya hokwan a n’ankasa de bebua Satan ntua no.—Mmebusɛm 27:11.

‘Bere a Nkurɔfo Bɔ Mo Ahohora’

7. Ɔkwan biako bɛn na Ɔbonsam nam so bɔ mmɔden sɛ ɔbɛdan yɛn afi Yehowa ho?

7 Afei momma yensusuw anifere kwan a Satan nam so bɔ mmɔden sɛ ɔbɛma nea ɔka wɔ ɔsɛmpɔw no ho ayɛ nokware no ho yiye—atoro ahohorabɔ a ɔde di dwuma. Yesu frɛɛ Satan “atoro agya.” (Yohane 8:44) Edin a ɛda no so, Ɔbonsam, a ɛkyerɛ “Otwirifo” no, da saa abɔde no adi sɛ obi a ɔkeka Onyankopɔn, n’asɛmpa, ne ne din kronkron no ho nsɛmmɔne ankasa. Ɔbonsam nam adɛfɛdɛfɛsɛm, atoro sobo, ne atorodi ankasa so sɔre tia Yehowa tumidi, na akwan koro yi ara na ɔde di dwuma sɛe Onyankopɔn nokware asomfo din. Ɔnam ahohorabɔ a ɔde ba Adansefo yi so no so tumi ma ɛyɛ den ma wɔn kɛse sɛ wobegyina sɔhwɛ a emu yɛ den ano.

8. Ɔkwan bɛn so na Satan de ahohora baa Hiob so, na dɛn na efii mu bae?

8 Susuw nea ɛtoo Hiob a ne din no kyerɛ “Ade a Wokyi” no ho hwɛ. Sɛ Hiob agyapade, ne mma a ɔhweree, ne yare a ɔyaree no da nkyɛn a, Satan maa Hiob yɛɛ sɛ ɔbɔnefo a Onyankopɔn retwe n’aso. Ɛwom sɛ na Hiob yɛ obi a wobu no paa de, nanso n’abusuafo ne ne nnamfo paa mpo bɛtan no. (Hiob 19:13-19; 29:1, 2, 7-11) Bio nso, Satan nam atoro awerɛkyekyefo so hwehwɛe sɛ ‘ɔde nsɛm bebubu Hiob pasaa,’ nea edi kan no, denam ka a wɔkae sɛ ɛbɛyɛ sɛ Hiob ayɛ bɔne a anibere wom, ne afei kasa a wɔkasa tiaa no tẽẽ sɛ ɔdebɔneyɛfo no so. (Hiob 4:6-9; 19:2; 22:5-10) Hwɛ sɛnea na anka ɛno bɛma Hiob abasam atu!

9. Ɔkwan bɛn so na wɔmaa Yesu yɛɛ sɛ ɔdebɔneyɛfo?

9 Sɛ́ Yehowa tumidi kyitaafo a ɔsen biara no, Onyankopɔn Ba no bɛyɛɛ obi a Satan tan no sen biara. Bere a Yesu baa asase so no, Satan bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛma wayɛ sɛ obi a wɔabrɛ no ase wɔ honhom fam, sɛnea ɔde yɛɛ Hiob no, na ɔmaa Yesu tee nka sɛ ɔyɛ ɔbɔnefo. (Yesaia 53:2-4; Yohane 9:24) Nkurɔfo frɛɛ no ɔsabofo ne odidifo na wɔkae sɛ “ɔwɔ honhommɔne.” (Mateo 11:18, 19; Yohane 7:20; 8:48; 10:20) Wɔbɔɔ no atoro sobo sɛ ɔka abususɛm. (Mateo 9:2, 3; 26:63-66; Yohane 10:33-36) Eyi haw Yesu, efisɛ na onim sɛ ɛbɔ N’agya no ahohora. (Luka 22:41-44) Awiei koraa no, wokum Yesu sɛ ɔsɛmmɔnedifo a wɔadome no. (Mateo 27:38-44) Yesu kuraa ne mudi mu koraa, gyinaa “ntuatuaano a nnebɔneyɛfo de tuaa n’ano” no ano kosii ase.—Hebrifo 12:2, 3.

10. Ɔkwan bɛn so na Satan de n’ani asi nkaefo a wɔasra wɔn no so nnɛ?

10 Saa ara na nnɛ mmere yi, Ɔbonsam de ɔtan aba Kristo akyidifo a wɔasra wɔn nkaefo no so. Wɔka Satan ho asɛm sɛ ‘Kristo nuanom ɔnototofo a ɔtoto wɔn ano yɛn Nyankopɔn anim awia ne anadwo.’ (Adiyisɛm 12:9, 10) Efi bere a wɔtoo Satan fii soro baa asase so ha no, wamia mmɔden a ɔbɔ de sɛe Kristo nuanom no din sɛ wɔyɛ nsɛmmɔnedifo a wɔapa wɔn no mu. (1 Korintofo 4:13) Wɔ aman bi mu no, wɔbɔ Adansefo no atoro sobo sɛ sum ase kuw bi a wɔn ho yɛ hu, sɛnea wɔde yɛɛ afeha a edi kan mu Kristofo mpo no. (Asomafo no Nnwuma 24:5, 14; 28:22) Sɛnea yehui mfiase no, wɔnam atorodi so akeka nsɛm a ɛmfata afa wɔn ho. Nanso, ‘wɔ anuonyam ne ahohora, atenka bɔne ne atenka pa nyinaa mu no,’ Kristo nuanom a wɔasra wɔn, a wɔn mfɛfo “nguan foforo” no boa wɔn no, fi ahobrɛase mu abɔ mmɔden ‘adi Onyankopɔn mmara so akura Yesu ho adansedi mu.’—2 Korintofo 6:8; Yohane 10:16; Adiyisɛm 12:17.

11, 12. (a) Dɛn na ebetumi de ahohorabɔ a Kristofo hyia no aba? (b) Akwan bɛn so na Kristoni betumi ahu amane esiane ne gyidi nti?

11 Nokwarem no, ɛnyɛ “trenee [nko] nti” na Onyankopɔn asomfo hyia ahohora sɛ ankorankoro bere nyinaa. (Mateo 5:10) Ɔhaw ahorow bi wɔ hɔ a yɛn ankasa sintɔ na ɛde ba. Sɛ ‘yɛfom na wɔbobɔ yɛn akuturuku na yɛtɔ yɛn bo ase’ a, ɛno nyɛ mfasode bi mma yɛn. Nanso, sɛ ‘esiane Onyankopɔn ho ahonim nti,’ Kristoni bi ‘de awerɛhow hu amane a ɛnteɛ, na ogyina mu a, eyi na eye’ Yehowa ani so. (1 Petro 2:19, 20) Tebea ahorow bɛn mu na ebetumi aba saa?

12 Wɔayɛ ebinom ayayade esiane sɛ wɔamfa wɔn ho anhyɛ ayiyɛ amanne a ennyina Kyerɛwnsɛm so mu nti. (Deuteronomium 14:1) Wɔde edin ahorow pii frɛ Adansefo mmofra esiane Yehowa abrabɔ ho gyinapɛn a wokura mu nti. (1 Petro 4:4) Wɔabɔ Kristofo awofo binom sobo a ɛmfata sɛ wɔyɛ “anibiannaso” anaa “atirimɔdenfo” esiane sɛ wɔamma wɔamfa mogya amma wɔn mma nti. (Asomafo no Nnwuma 15:29) Kristofo binom abusuafo ne afipamfo apo wɔn esiane sɛ wɔbɛyɛɛ Yehowa asomfo nti. (Mateo 10:34-37) Saafo no nyinaa redi nhwɛso a adiyifo ne Yesu a n’ankasa huu amane no gyaw too hɔ no akyi.—Mateo 5:11, 12; Yakobo 5:10; 1 Petro 2:21.

Ahohorabɔ Ano a Yebegyina

13. Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛagyina pintinn wɔ honhom fam bere a yehyia ahohorabɔ a emu yɛ den no?

13 Sɛ wɔde ahohorabɔ a emu yɛ den ba yɛn so esiane yɛn gyidi nti a, yɛn abam betumi abu, sɛnea odiyifo Yeremia abam bui no, na yɛate nka sɛ yentumi nkɔ so nsom Onyankopɔn bio. (Yeremia 20:7-9) Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛagyina pintinn wɔ honhom fam? Hu asɛm no sɛnea Yehowa hu no no. Obu wɔn a wodi nokware wɔ sɔhwɛ mu no sɛ nkonimdifo, na ɛnyɛ sɛ wɔn a wɔaba asiane mu. (Romafo 8:37) Bɔ mmɔden twa wɔn a wogyinaa Yehowa tumidi akyi ɛmfa ho ahohorabɔ ahorow a Ɔbonsam de baa wɔn so—mmarima ne mmea te sɛ Habel, Hiob, Yesu maame Maria, ne anokwafo foforo a wɔtraa ase tete mmere mu ne mfɛfo asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ—no ho mfonini wɔ w’adwenem. (Hebrifo 11:35-37; 12:1) Susuw sɛnea wokuraa wɔn mudi mu no ho. Saa anokwafo mununkum no to nsa frɛ yɛn sɛ yɛmmɛka wɔn ho wɔ nkonimdi afa a wɔn a wɔnam wɔn gyidi so di wiase so nkonim apaw no mu.—1 Yohane 5:4.

14. Ɔkwan bɛn so na mpaebɔ a anibere wom betumi ahyɛ yɛn den ma yɛakɔ so adi nokware?

14 Sɛ ‘yɛn dadwen dɔɔso’ a, yebetumi de mpaebɔ a anibere wom akɔ Yehowa nkyɛn, na ɔbɛkyekye yɛn werɛ na wahyɛ yɛn den. (Dwom 50:15; 94:19) Ɔbɛma yɛn nyansa a yehia na ama yɛagyina sɔhwɛ no ano, na ɔbɛboa yɛn ma yɛama ɔsɛmpɔw kɛse a ɛfa Yehowa tumidi ho a enti wɔde ɔtan a ɛmfata ba n’asomfo so no atra yɛn adwenem. (Yakobo 1:5) Yehowa betumi ama yɛn “Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra adwene nyinaa so no” nso. (Filipifo 4:6, 7) Saa asomdwoe a efi Nyankopɔn nkyɛn yi ma yɛyɛ komm na yegyina pintinn bere a yehyia nhyɛso a emu yɛ den no, a yɛn adwenem nyɛ yɛn nnaa anaa yensuro. Yehowa betumi de ne honhom kronkron no awowaw yɛn wɔ ɔhaw biara a ɔma kwan ma ɛba yɛn so no mu.—1 Korintofo 10:13.

15. Dɛn na ebetumi aboa yɛn na yɛamfa wɔn a wɔtaa yɛn no ho abufuw bere a yehu amane no?

15 Dɛn na ebetumi aboa yɛn na yɛamfa wɔn a wɔtan yɛn kwa no ho abufuw? Kae sɛ yɛn atamfo ankasa ne Satan ne n’adaemone no. (Efesofo 6:12) Bere a nnipa binom nim na wɔhyɛ da taa yɛn no, wɔn a wɔsɔre tia Onyankopɔn nkurɔfo no pii yɛ saa a wonnim anaa afoforo na ɛhyɛ wɔn. (Daniel 6:4-16; 1 Timoteo 1:12, 13) Yehowa pɛ ne sɛ “wogye nnipa nyinaa nkwa” na wonya hokwan “[ba] nokware nimdeɛ mu.” (1 Timoteo 2:4) Nokwarem no, nnipa bi a kan no na wɔsɔre tia yɛn no abɛyɛ yɛn Kristofo nuanom seesei esiane sɛ wohuu yɛn abrabɔ a asɛm biara nni ho no nti. (1 Petro 2:12) Bio nso, yebetumi anya asuade bi afi Yakob ba Yosef nhwɛso no mu. Ɛmfa ho sɛ Yosef huu amane kɛse esiane nea n’agya mma no yɛe nti no, wannya wɔn ho abufuw. Dɛn ntia? Efisɛ ohui sɛ Yehowa nsa wɔ asɛm no mu, ɔno na odii nneɛma ho dwuma de maa N’atirimpɔw baam. (Genesis 45:4-8) Saa ara na Yehowa betumi ama amane a ɛmfata biara a yehu no ayɛ adwuma pa bi de ahyɛ ne din anuonyam.—1 Petro 4:16.

16, 17. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛma mmɔden a asɔretiafo bɔ sɛ wobesiw asɛnka adwuma no kwan no haw yɛn?

16 Ɛnsɛ sɛ nkonim a ayɛ sɛ asɔretiafo di wɔ mmɔden a wɔbɔ sɛ wobesiw asɛmpa no nkɔso kwan mu bere bi no haw yɛn wɔ ɔkwan a ɛmfata so. Yehowa nam adanse a wɔredi wɔ wiase nyinaa so rewosow amanaman no seesei, na ade a wɔpɛ no reba mu. (Hagai 2:7) Kristo Yesu, Oguanhwɛfo Pa no, kae sɛ: ‘Me nguan tie me nne, na me nso minim wɔn, na wodi m’akyi. Na mema wɔn daa nkwa, na obi renhwim wɔn mfi me nsam da.’ (Yohane 10:27-29) Abɔfo kronkron no nso reyɛ honhom fam otwa adwuma kɛse no bi. (Mateo 13:39, 41; Adiyisɛm 14:6, 7) Enti, biribiara nni hɔ a asɔretiafo ka anaa wɔyɛ a ebetumi atwitware Onyankopɔn atirimpɔw mu.—Yesaia 54:17; Asomafo no Nnwuma 5:38, 39.

17 Mpɛn pii no, asɔretiafo di nkogu wɔ wɔn mmɔdenbɔ mu. Wɔ Afrika man bi mu no, wɔkekaa atosɛm a ɛyɛ hu faa Yehowa Adansefo ho, a nea ɛka ho ne sɛ wɔsom Ɔbonsam. Esiane eyi nti, bere biara a na Adansefo no bɛkɔ Grace nkyɛn no, na oguan kohintaw ne fie akyi kosi sɛ wɔbɛkɔ. Da bi, n’asɔre mu sɔfo no de yɛn nhoma ahorow no biako kyerɛɛ wɔn ka kyerɛɛ wɔn a wɔwɔ hɔ nyinaa sɛ mma wɔnkenkan efisɛ ɛbɛma wɔapa wɔn gyidi. Eyi maa Grace nyaa adwene sɛ ɔbɛyɛ nhwehwɛmu. Bere foforo a Adansefo no kɔɔ ne nkyɛn no, sɛ́ anka obehintaw no, ɔne wɔn bɔɔ nkɔmmɔ na n’ankasa gyee nhoma no bi. Wɔne no fii Bible adesua ase, na wɔbɔɔ no asu wɔ 1996 mu. Seesei Grace de ne bere di dwuma hwehwɛ afoforo a wɔaka Yehowa Adansefo ho nsɛm a ɛnyɛ nokware akyerɛ wɔn no.

Hyɛ Wo Gyidi Den Nnɛ

18. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛhyɛ yɛn gyidi den ansa na sɔhwɛ a emu yɛ den asɔre, na ɔkwan bɛn so na yebetumi ayɛ saa?

18 Esiane sɛ Satan betumi de ɔtan a enni nnyinaso aba yɛn so bere biara nti, ɛho hia sɛ yɛhyɛ yɛn gyidi den nnɛ. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ eyi? Amanneɛbɔ bi a efi ɔman bi a wɔtaa Yehowa nkurɔfo wom mu no kae sɛ: “Ade biako a ada adi paa ne sɛ: Ɛnyɛ den mma wɔn a wɔwɔ honhom fam su pa ne Bible mu nokware no ho anisɔ a ɛkɔ akyiri no sɛ wobegyina pintinn bere a sɔhwɛ aba no. Nanso wɔn a wɔtoto nhyiamkɔ mu wɔ ‘bere a eye mu,’ wɔntaa nkɔ asɛnka, na wogyae nsɛm mu siesie wɔ nsɛm nketenkete mu no taa hwe ase bere a wohyia sɔhwɛ ‘akɛse’ no.” (2 Timoteo 4:2) Sɛ wuhu sɛ mmeae bi wɔ hɔ a ɛho hia sɛ wutu mpɔn a, bɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ saa a wontwentwɛn wo nan ase.—Dwom 119:60.

19. Dɛn na mudi mu a Onyankopɔn asomfo kura bere a wohyia ɔtan a enni nnyinaso no tumi yɛ?

19 Mudi mu a nokware asomfo kura bere a Satan tan wɔn denneennen no yɛ adanse kɛse a ɛkyerɛ sɛ Yehowa wɔ ho kwan, ɔfata, na ɔteɛ sɛ odi tumi. Wɔn nokwaredi no ma Onyankopɔn koma ani gye. Ɛwom sɛ nnipa betumi abɔ wɔn ahohora de, nanso nea n’anuonyam korɔn sen ɔsoro ne asase no ‘ani nwu sɛ wɔbɛfrɛ no wɔn Nyankopɔn.’ Nokwarem no, yebetumi aka afa anokwafo a wɔte saa no nyinaa ho ma afata sɛ: “Wɔnsɛ wiase.”—Hebrifo 11:16, 38.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 2 Wɔ Kyerɛwnsɛm no mu no, asɛmfua ‘ɔtan’ no kura nkyerɛase pii. Wɔ nsɛm bi mu no, nea ɛkyerɛ ara ne ɔdɔ a emu nyɛ den a wonya ma obi. (Deuteronomium 21:15, 16) ‘Ɔtan’ nso betumi akyerɛ biribi a obi mpɛ koraa nanso enni n’adwene mu sɛ ɔbɛsɛe dekode no, mmom no, ɔhwehwɛ sɛ ɔbɛpo esiane kyi a okyi nti. Nanso, asɛmfua ‘ɔtan’ no betumi akyerɛ biribi a wokyi koraa, adwemmɔne a wɔkɔ so nya wɔ dekode no ho, a mpɛn pii no ɛma wɔyɛ biribi a enye tia saa ade no. Eyi ne asɛm no nkyerɛase a yɛresusuw ho wɔ asɛm yi mu no.

Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

• Hena na ɔhyɛ ɔtan a enni nnyinaso a wɔde ba nokware asomfo so no akyi?

• Ɔkwan bɛn so na Satan nam ahohorabɔ so bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛma Hiob ne Yesu agyae wɔn mudi mu kura?

• Ɔkwan bɛn so na Yehowa hyɛ yɛn den ma yegyina pintinn wɔ ɔtan a Satan de ba no mu?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 16]

Wohuu Ɔsɛmpɔw no Ankasa

Yehowa Dansefo bi a ɔwɔ Ukraine, a wɔbaraa Ahenni asɛnka adwuma no wɔ hɔ bɛboro mfe 50 no kae sɛ: “Ɛnsɛ sɛ wogyina sɛnea nnipa ne yɛn dii nsɛm no so kɛkɛ susuw tebea a Yehowa Adansefo kɔɔ mu no ho. . . . Ná mpanyimfo no mu dodow no ara reyɛ wɔn adwuma kɛkɛ. Sɛ aban foforo ba a, na aban mpanyimfo no nso dwumadi asesa, nanso yɛn de na yɛte nea yɛte ara. Yɛahu sɛ wɔada baabi pɔtee a yɛn haw ahorow no fi no adi wɔ Bible mu.

“Yɛammu yɛn ho kɛkɛ sɛ nnipa a yɛn ho nni asɛm a atirimɔdenfo retaa yɛn. Nea ɛboaa yɛn ma yegyinaa mu ne ɔsɛmpɔw a ɛsɔree wɔ Eden—hokwan a Onyankopɔn wɔ sɛ odi tumi ho ɔsɛmpɔw no—ho ntease a edi mu a yenyae no. . . . Yegyina maa ɔsɛmpɔw a na ɛremfa anigye mmrɛ adesamma nko, na mmom, ɛde anigye bɛbrɛ amansan Sodifo no nso no. Yenyaa ɔsɛmpɔw a ɛfa ho ankasa no ho ntease a ɛkorɔn yiye. Eyi maa yɛyɛɛ den na ɛmaa yekuraa yɛn mudi mu wɔ tebea a emu yɛ den sen biara mpo mu.”

[Mfonini]

Victor Popovych, a wɔkyeree no wɔ 1970 mu no

[Mfonini wɔ kratafa 13]

Hena na na ɔhyɛ ahohorabɔ a wɔde baa Yesu so no akyi?

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 15]

Hiob, Maria, ne Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ, te sɛ Stanley Jones, agyina Yehowa tumidi akyi