Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yɛabrɛ Nanso Yɛmpaa Abaw

Yɛabrɛ Nanso Yɛmpaa Abaw

Yɛabrɛ Nanso Yɛmpaa Abaw

“[Yehowa, NW] a ɔbɔɔ asase awiei no. . . . ɔma nea onni home no ahoɔden dɔɔso.”—YESAIA 40:28, 29.

1, 2. (a) Nsato a ɛyɛ anigye bɛn na wɔde to wɔn a wɔpɛ sɛ wɔde ɔsom kronn tra ase nyinaa anim? (b) Dɛn na ebetumi ayɛ asiane kɛse ama yɛn honhom fam yiyedi?

SƐ Yesu asuafo no, yenim nsa a ɔto frɛ yɛn yi yiye: “Mo a moayɛ adwuma abrɛ na wɔasoa mo nnosoa nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma moahome. . . . Na me kɔndua yɛ mmerɛw, na m’adesoa yɛ hare.” (Mateo 11:28-30) Kristofo nya ‘ahosan mmere a efi Yehowa ankasa nkyɛn’ nso. (Asomafo no Nnwuma 3:19, NW) Akyinnye biara nni ho sɛ Bible mu nokware a woasua, daakye ho anidaso a ɛyɛ anigye a wowɔ, ne Yehowa nnyinasosɛm ahorow a wode di dwuma wɔ w’asetram no ama w’ankasa woanya ahosan bi.

2 Nanso, Yehowa asomfo bi tumi brɛ wɔ nkate fam. Wɔ tebea ahorow bi mu no, saa abasamtu yi ba bere tiaa bi. Ɛtɔ mmere bi nso a, saa nkate no kɔ so bere tenten. Bere kɔ so no, ebia ebinom bɛte nka sɛ wɔn Kristofo asɛyɛde ahorow no abɛyɛ adesoa ama wɔn sen sɛ anka ɛbɛma wɔanya abotɔyam sɛnea Yesu hyɛɛ bɔ no. Nkate a ɛte saa a ɛmfata yi betumi de Kristoni ne Yehowa ntam abusuabɔ ato asiane mu ankasa.

3. Dɛn nti na Yesu de afotu a ɛwɔ Yohane 14:1 no mae?

3 Bere tiaa bi ansa na wɔrekyere Yesu akum no no, ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Mommma mo koma nntutu! Munnye Onyankopɔn nni, na me nso, munnye me nni.” (Yohane 14:1) Yesu kaa saa nsɛm yi efisɛ na ɛrenkyɛ na asomafo no ahyia nsɛm a ɛyɛ hu. Na nea eyi de bɛba ne ɔtaa pii a wobehyia. Ná Yesu nim sɛ abasamtu kɛse betumi ama n’asomafo no apa abaw. (Yohane 16:1) Sɛ wɔanni awerɛhow a wodi no ho dwuma a, na ebetumi apira wɔn wɔ honhom fam na ama wɔahwere Yehowa mu ahotoso. Saa ara na ɛte wɔ Kristofo fam nnɛ. Abasamtu a ɛtra hɔ kyɛ betumi ama yɛadi yaw kɛse, na ɛbɛma yɛn koma abubu. (Yeremia 8:18) Yɛn mu nipa a ahintaw no bɛyɛ mmerɛw. Wɔ nhyɛso a ɛte saa mu no, yebetumi adi dɛm wɔ nkate ne honhom fam, na yɛahwere ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛbɛsom Yehowa no mpo.

4. Dɛn na ebetumi aboa yɛn na yɛn sɛnkyerɛnne kwan so koma no ammrɛ?

4 Bible afotu a edi so yi fata paa: “Kora wo koma so sen nea wode sie nyinaa, na emu na nneyɛe nyinaa fi.” (Mmebusɛm 4:23) Bible no de afotu a mfaso wɔ so ma a ɛboa bɔ yɛn sɛnkyerɛnne kwan so koma no ho ban fi abasamtu ne honhom fam brɛ ho. Nanso, nea edi kan no, ɛsɛ sɛ yehu dekode a ɛde yɛn brɛ no ba no.

Kristosom Nyɛ Nhyɛso

5. Abirabɔ bɛn na ɛte sɛ nea ɛwɔ Kristo suani a obi bɛyɛ no mu?

5 Nokwarem no, Kristoni a obi bɛyɛ no gye mmɔdenbɔ kɛse. (Luka 13:24) Yesu kae mpo sɛ: “Obiara a ɔnsoa n’asɛndua na onni m’akyi no, ontumi nyɛ me suani.” (Luka 14:27) Wɔ nnipa ani so no, ebia ɛbɛyɛ sɛ nea saa nsɛm yi ne asɛm a Yesu kae sɛ n’adesoa yɛ hare na ɔhome wom no bɔ abira, nanso sɛ yɛbɛka paa a, abirabɔ biara nnim.

6, 7. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ ɔsom a yɛde ma no nhyɛ brɛ?

6 Ɛwom sɛ mmɔden a ɛboro so ne adwumaden a obi yɛ wɔ biribi ho bɛma wabrɛ wɔ honam fam de, nanso ebetumi ama wanya anigye ne abotɔyam bere a onim sɛ biribi pa bi befi mu aba no. (Ɔsɛnkafo 3:13, 22) Na adepa bɛn na ɛsen sɛ yɛbɛka Bible mu nokware a ɛyɛ anigye ho asɛm akyerɛ yɛn ayɔnkofo? Afei nso, sɛ yɛde mmɔden kɛse a yɛbɔ sɛ yɛde Onyankopɔn abrabɔ ho gyinapɛn a ɛkorɔn bɛtra ase no toto mfaso a efi saayɛ mu ba no ho a, ɛnsɛ hwee koraa. (Mmebusɛm 2:10-20) Sɛ wɔtaa yɛn mpo a, yebu no nidi sɛ yehu amane esiane Onyankopɔn Ahenni nti.—1 Petro 4:14.

7 Yesu adesoa yɛ hare ankasa, titiriw bere a wɔde toto wɔn a wɔwɔ atoro som nnesoa ase na wɔwɔ honhom fam sum mu ho no. Onyankopɔn wɔ ɔdɔ a emu yɛ den ma yɛn na ɔnhwehwɛ nneɛma a ɛboro so mfi yɛn hɔ. Yehowa ‘ahyɛde nyɛ den.’ (1 Yohane 5:3) Nokware Kristosom a wɔka ho asɛm wɔ Kyerɛwnsɛm no mu no nyɛ nhyɛso. Ɛda adi pefee sɛ ɔsom a yɛde ma no nhyɛ brɛ na ɛmma yɛn abam mmu.

‘To Adesoa Biara Gu’

8. Dɛn na ɛtaa ma yɛbrɛ wɔ honhom fam?

8 Mpɛn pii no, ɛyɛ a na honhom fam brɛ biara a yehyia no fi adesoa a nneɛma nhyehyɛe a aporɔw yi de gu yɛn so no. Esiane sɛ “wiase nyinaa da ɔbɔne no mu” nti, tumi bɔne a ebetumi ama yɛabrɛ na abrɛ yɛn ase sɛ Kristofo no atwa yɛn ho ahyia. (1 Yohane 5:19) Nneɛma a ɛho nhia betumi akyekyere Kristofo na ahaw wɔn asetra. Saa nnesoa foforo yi betumi ama yɛabrɛ na yɛn honhom abotow mpo. Bible tu yɛn fo ma ɛfata sɛ ‘yɛnto adesoa biara ngu.’—Hebrifo 12:1-3.

9. Ɔkwan bɛn so na honam fam nneɛma akyidi betumi ama yɛabrɛ?

9 Sɛ nhwɛso no, nneɛma a agye wiase no adwene, te sɛ dibea, sika, anigyede, kwan a wotu kogye wɔn ani, ne honam fam nneɛma foforo, betumi agye yɛn adwene. (1 Yohane 2:15-17) Afeha a edi kan mu Kristofo binom a wodii ahode akyi no de nneɛma kyekyeree wɔn ho. Ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Wɔn a wɔpɛ wɔn ho anya no hwe sɔhwɛ ne afiri ne nkwasea akɔnnɔ a enye mma nnipa na ɛtwe wɔn kogu ɔsɛe ne ɔyera mu mu. Na bɔne nyinaa ntini ne sikapɛ a ebinom dii akyiri yeraa gyidi kwan na wɔde yaw pii wowɔɔ wɔn ho.”—1 Timoteo 6:9, 10.

10. Dɛn na yebetumi asua afa ahode ho wɔ Yesu mfatoho a ɛfa ogufo ho no mu?

10 Sɛ yɛte ɔbrɛ ne abasamtu nka bere a yɛresom Onyankopɔn no a, so ebetumi aba sɛ honam fam nneɛma akyidi rebunkam yɛn honhom fam yiyedi so? Ebetumi aba saa ankasa, sɛnea Yesu mfatoho a ɛfa ogufo ho daa no adi no. Yesu de “ɔbra yi mu dadwen ne ahonyade nnaadaa ne nneɛma a ɛkeka ho no ho akɔnnɔ” totoo nsɔe a “emia” Onyankopɔn asɛm aba a ɛwɔ yɛn komam no ho. (Marko 4:18, 19) Enti, Bible tu yɛn fo sɛ: “Mommma sikanibere mmma mo abrabɔ mu, na mompene nea mowɔ; efisɛ ɔno ankasa aka sɛ: Merennyaw wo, nanso merempa wo da.”—Hebrifo 13:5.

11. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ayiyi nneɛma a ebetumi ahyɛ yɛn brɛ no afi yɛn asetram?

11 Ɛtɔ mmere bi a, nea ɛma yɛn ho kyere yɛn wɔ asetram no mfi nneɛma pii akyidi, na mmom dekode a yɛde nneɛma a yɛwɔ dedaw no yɛ no. Ebia ebinom behyia nkate fam brɛ esiane yare a emu yɛ den, adɔfo a wɔhwere wɔn wɔ owu mu, anaa tebea foforo bi a ɛhaw adwene nti. Wɔahu hia a ehia sɛ wɔyɛ nsakrae bere ne bere mu. Awarefo bi sii gyinae sɛ wobeyiyi nneɛma a yɛn ani gye ho ne nnwuma a ɛho nhia no bi afi wɔn asetram. Wɔhwehwɛɛ wɔn nneɛma mu nyinaa ankasa, na wɔboaboaa nneɛma a ɛfa saa nnwuma no ho nyinaa ano tow gui. Bere ne bere mu no, yɛn su ahorow ne yɛn ahode mu a yɛbɛhwehwɛ, na yɛayi adesoa biara a ɛho nhia afi yɛn asetram sɛnea ɛbɛyɛ a yɛremmrɛ na yɛn kra antɔ piti no betumi ayɛ mfaso ama yɛn.

Ntease ne Ahobrɛase Ho Hia

12. Dɛn na ɛsɛ sɛ yegye tom wɔ yɛn ankasa mfomso ho?

12 Yɛn ankasa mfomso, wɔ nneɛma nketenkete mpo mu, betumi de yɛn akɔ ahokyere mu nkakrankakra. Hwɛ sɛnea Dawid nsɛm no yɛ nokware fa: “Me mfomso aboro me ti so, ɛdɛn me so sɛ adesoa duruduru.” (Dwom 38:4) Mpɛn pii no, nsakrae titiriw kakraa bi a yɛbɛyɛ no beyi nnesoa a emu yɛ duru afi yɛn so.

13. Ɔkwan bɛn so na ntease betumi aboa yɛn ma yɛanya yɛn som adwuma ho adwene a ɛkari pɛ?

13 Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ yennya ‘nyansa ne adwempa.’ (Mmebusɛm 3:21, 22) Bible no san ka sɛ: ‘Nyansa a efi soro no de, ɛwɔ ntease.’ (Yakobo 3:17) Ebinom te nhyɛso nka bere a wohu sɛ wontumi nyɛ Kristofo som adwuma no sɛnea afoforo tumi yɛ no. Nanso, Bible tu yɛn fo sɛ: “Ma obiara nsɔ n’ankasa n’adwuma nhwɛ, ɛno na obenya n’ankasa ne ho biribi ahoahoa ne ho, na ɛnyɛ obi ho. Na obiara bɛsoa n’ankasa n’adesoa.” (Galatifo 6:4, 5) Ampa, mfɛfo Kristofo nhwɛso pa betumi ahyɛ yɛn nkuran ma yɛafi koma nyinaa mu asom Yehowa de, nanso nyansa ne ntease bɛboa yɛn ma yɛde botae a edi mu asisi yɛn ani so sɛnea yɛn ankasa nsɛm tebea te.

14, 15. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ada nyansa adi bere a yɛredi yɛn honam ne nkate fam ahiade ho dwuma no?

14 Ntease a yebenya wɔ nneɛma a ɛte sɛ nea ɛho nhyɛ da nhia mpo mu no betumi aboa ma yɛakwati ɔbrɛ. Sɛ nhwɛso no, so yɛwɔ su a ɛkari pɛ a ɛbɛma yɛanya nipaduam akwahosan pa? Susuw awarefo bi a wɔsom wɔ Yehowa Adansefo baa dwumadibea no biako mu nhwɛso no ho hwɛ. Wɔahu sɛnea nyansa wom sɛ wɔbɛkwati ɔbrɛ no. Ɔyere no ka sɛ: “Ɛmfa ho adwuma dodow biara a egu yɛn so no, yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛda wɔ bere ano anadwo biara. Yɛteɛteɛ yɛn apɔw mu nso daa. Eyi aboa yɛn ankasa. Yɛahu yɛn mmerɛwyɛ, na yɛyɛ nneɛma ma ɛne no hyia. Yɛbɔ mmɔden sɛ yɛmfa yɛn ho ntoto wɔn a ɛte sɛ nea wɔwɔ ahoɔden a enni ano no ho.” So yedi aduan pa na yegye yɛn ahome sɛnea ɛfata? Bere a ɛfata a yebenya ama yɛn akwahosan koraa no betumi atew nkate ne honhom fam ɔbrɛ so.

15 Yɛn mu binom wɔ ahiade soronko. Sɛ nhwɛso no, Kristoni bea bi ayɛ nnwuma pii a ɛyɛ den wɔ bere nyinaa som adwuma no mu. Wanya yare ahorow a emu yɛ den, a ebi ne kokoram. Dɛn na ɛboa no ma ogyina ahohia tebea no ano? Ɔka sɛ: “Ɛho hia sɛ minya bere a me nkutoo betumi de atra baabi a ɛhɔ yɛ dinn. Dodow a mete nka sɛ adwennwen ne ɔbrɛ rehyɛ me so no, dodow no ara na ɛho behia kɛse sɛ minya bere bi a biribiara ntwetwe m’adwene a metumi akenkan ade agye m’ahome.” Nyansa ne adwempa boa yɛn ma yehu nneɛma ahorow a yehia, na yedi ho dwuma na ama yɛakwati honhom fam brɛ.

Yehowa Nyankopɔn Hyɛ Yɛn Den

16, 17. (a) Dɛn nti na yɛn honhom fam akwahosan ho dwuma a yebedi ho hia paa? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ no daa?

16 Nokwarem no, yɛn honhom fam akwahosan ho dwuma a yebedi ho hia paa. Sɛ yɛne Yehowa Nyankopɔn nya abusuabɔ a emu yɛ den a, yebetumi abrɛ wɔ nipaduam, nanso yɛremmrɛ da sɛ yɛbɛsom no. Yehowa na “ɔma nea wabrɛ otumi, na ɔma nea onni home ahoɔden dɔɔso.” (Yesaia 40:28, 29) Ɔsomafo Paulo a n’ankasa huu nokware a saa nsɛm yi yɛ no kyerɛwee sɛ: “Yɛmpa abaw, na mmom sɛ yɛn honam ani ha yi nipa resɛe mpo a, emu nipa no dan foforo daa daa.”—2 Korintofo 4:16.

17 Hyɛ asɛm “daa daa” no nsow. Eyi hwehwɛ sɛ yɛde Yehowa nsiesiei ahorow bedi dwuma daa. Ɔsɛmpatrɛwfo bi a ɔde mfe 43 asom nokwaredi mu no hyiaa nipaduam ɔbrɛ ne abasamtu. Nanso wampa abaw. Ɔka sɛ: “Mede ayɛ me su sɛ mɛsɔre ntɛm sɛnea ɛbɛyɛ a ansa na mefi dwumadi bi ase no, metumi de bere kakra abɔ Yehowa mpae na makenkan N’asɛm. Saa ade a meyɛ no daa yi aboa me ma magyina mu abedu nnɛ.” Nokwarem no, sɛ yɛbɔ Yehowa mpae daa, yiw “daa daa” na yesusuw ne su ahorow a ɛkorɔn ne ne bɔhyɛ ahorow ho a, yebetumi de yɛn ho ato ne tumi a ɛwowaw yɛn no so.

18. Awerɛkyekye bɛn na Bible de ma anokwafo a wɔn mfe akɔ anim anaa wɔyare no?

18 Eyi yɛ mmoa titiriw ma wɔn a wɔte abasamtu nka esiane onyin ne yare nti no. Ebia saafo no abam bebu, ɛnyɛ sɛ wɔn ho a wɔde toto afoforo ho nti, na mmom esiane nea na bere bi a atwam no wotumi yɛ na afei wontumi nyɛ no nti. Hwɛ awerɛkyekye ara a ɛyɛ sɛ wobehu sɛ Yehowa di wɔn a wɔn mfe akɔ anim no ni! Bible ka sɛ: “Abotiri a ɛyɛ fɛ ne dwen, wohu no trenee kwan so.” (Mmebusɛm 16:31) Yehowa nim yɛn mmerɛwyɛ na n’ani sɔ koma nyinaa mu a yefi som no wɔ yɛn mmerɛwyɛ nyinaa akyi no kɛse. Na nnwuma pa a yɛayɛ dedaw no wɔ Onyankopɔn nkae mu daa. Kyerɛwnsɛm no ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Onyankopɔn nyɛ nea ɔnteɛ a ne werɛ befi mo adwuma ne mo dɔ mmɔden a mobɔe ne din ho, sɛ mosom ahotefo na moda so som wɔn.” (Hebrifo 6:10) Hwɛ anigye ara a ɛyɛ sɛ yɛwɔ wɔn a wɔadi Yehowa nokware mfe pii no wɔ yɛn mu!

Mpa Abaw

19. Ɔkwan bɛn so na afoforo a yɛbɛyɛ wɔn yiye no so bɛba yɛn mfaso?

19 Nnipa pii gye di sɛ honam fam adwumaden a wɔyɛ no daa no betumi atew ɔbrɛ so. Saa ara na honhom fam nnwuma a wɔyɛ daa no betumi aboa atew nkate anaa honhom fam ɔbrɛ so. Bible ka sɛ: “Mommma yɛmmmrɛ papayɛ mu; na sɛ yɛampa abaw a, yebetwa so aba ne bere mu. Enti yɛwɔ bere a ɛfata yi, momma yɛnyɛ nnipa nyinaa yiye, ne titiriw no wɔn a wɔyɛ gyidi fifo.” (Galatifo 6:9, 10) Hyɛ asɛm ‘yɛnyɛ yiye’ no nsow. Eyi hwehwɛ sɛ yɛyɛ biribi. Nneɛma pa a yɛbɛyɛ ama afoforo no betumi aboa ma yɛrempa abaw wɔ ɔsom a yɛde ma Yehowa no mu.

20. Sɛ yebedi abasamtu so a, henanom fekubɔ na ɛsɛ sɛ yɛkwati?

20 Nea ɛne no bɔ abira no, nnipa a wobu wɔn ani gu Onyankopɔn mmara so a yɛne wɔn bɛbɔ fekuw ne wɔn ayɛ nnwuma horow no betumi abɛyɛ adesoa a emu yɛ duru. Bible bɔ yɛn kɔkɔ sɛ: “Ɔbo yɛ duru na nhwea yɛ pemee, na ogyimfo abohuru yɛ duru sen n’abien nyinaa.” (Mmebusɛm 27:3) Nea ɛbɛyɛ na yɛako atia abasamtu ne ɔbrɛ no, ɛbɛyɛ papa sɛ yɛkwati wɔn a wɔn nsusuwii mfata na wɔkasa tia afoforo hwehwɛ wɔn ho mfomso no fekubɔ.

21. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ahyɛ afoforo nkuran wɔ Kristofo nhyiam ahorow ase?

21 Kristofo nhyiam ahorow yɛ nsiesiei a efi Yehowa hɔ a ebetumi ama yɛn honhom fam ahoɔden. Ɛhɔ na yenya hokwan a ɛkyɛn so hyehyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran denam nkyerɛkyerɛ ne fekubɔ a ɛma abotɔyam so. (Hebrifo 10:25) Ɛsɛ sɛ asafo no mufo nyinaa bɔ mmɔden sɛ wɔbɛhyɛ afoforo den bere a wɔma mmuae wɔ nhyiam ahorow ase anaa bere a wɔreyɛ dwumadi wɔ asɛnka agua so no. Wɔn a wodi anim sɛ akyerɛkyerɛfo no titiriw wɔ asɛyɛde sɛ wɔhyɛ afoforo nkuran. (Yesaia 32:1, 2) Sɛ ɛho behia mpo sɛ wotu obi fo anaa wɔka n’anim a, ɛsɛ sɛ nne a wɔde tu fo no yɛ nea ɛma abotɔyam. (Galatifo 6:1, 2) Nokwarem no, ɔdɔ a yɛwɔ ma afoforo no bɛboa yɛn ma yɛasom Yehowa a yɛmpa abaw.—Dwom 133:1; Yohane 13:35.

22. Ɛmfa ho yɛn sintɔ no, dɛn nti na yebetumi ayɛ nnam?

22 Yehowa a yɛbɛsom no wɔ awiei bere yi mu no gye adwumayɛ. Na Kristofo nnee wɔn ho mfii adwene mu brɛ, nkate fam yaw, ne ahohia tebea ho. Yɛn nipadua no tɔ sin na ɛyɛ mmerɛw, te sɛ nneɛma a wɔde dɔte ayɛ. Nanso, Bible ka sɛ: “Yɛwɔ saa ademude yi anwenne mu, na tumi a ɛboro so no ayɛ Onyankopɔn dea, na amfi yɛn mu.” (2 Korintofo 4:7) Yiw, yɛbɛbrɛ, nanso mommma yɛmmpa abaw anaa yɛn abam mmu da. Mmom no, momma yɛmfa ‘nnam nka sɛ Yehowa ne me boafo.’—Hebrifo 13:6.

Asɛm no Mu Ntimu

• Nnesoa a emu yɛ duru a yebetumi ayiyi afi yɛn asetram no bi ne dɛn?

• Ɔkwan bɛn so na yebetumi ayɛ yɛn mfɛfo Kristofo “yiye”?

• Ɔkwan bɛn so na Yehowa wowaw yɛn bere a yɛte ɔbrɛ anaa abasamtu nka no?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Ná Yesu nim sɛ abasamtu a ɛtra hɔ kyɛ betumi ahaw n’asomafo no

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Ebinom ayi anigyede ne wɔn ankasa nnwuma bi a ɛho nhia afi wɔn asetram

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Ɛmfa ho yɛn sintɔ no, Yehowa ani sɔ yɛn som a efi koma nyinaa mu no kɛse