Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa, Yɛn ‘Ahohia Bere Mu Guankɔbea’

Yehowa, Yɛn ‘Ahohia Bere Mu Guankɔbea’

Yehowa, Yɛn ‘Ahohia Bere Mu Guankɔbea’

“Treneefo nkwagye fi [Yehowa, NW], ɔne wɔn guandɔbea, ahohia da mu.”—DWOM 37:39.

1, 2. (a) Dɛn na Yesu srɛe wɔ mpaebɔ mu maa n’asuafo no? (b) Dɛn ne Onyankopɔn apɛde ma ne nkurɔfo?

YEHOWA yɛ ade nyinaa so tumfoɔ. Ɔwɔ tumi a ɔde bɔ n’asomfo anokwafo a wɔsom no no ho ban wɔ ɔkwan biara a ɔpɛ so. Obetumi mpo ayi ne nkurɔfo afi wiase nkae no ho de wɔn akogu baabi a asomdwoe ne ahobammɔ wɔ. Nanso, ɛdefa Yesu asuafo ho no, ɔbɔɔ ne soro Agya no mpae sɛ: “Mensrɛ sɛ: Yi wɔn fi wiase, na mmom sɛ: Yi wɔn fi ɔbɔne no ho sie!”—Yohane 17:15.

2 Yehowa apaw sɛ ‘ɔrenyi yɛn mfi wiase.’ Mmom no, ne pɛ ne sɛ yɛne nnipa nyinaa bɛtra wiase yi mu na ama yɛaka anidaso asɛm no akyerɛ afoforo na yɛakyekye wɔn werɛ. (Romafo 10:13-15) Nanso, sɛnea Yesu kyerɛe wɔ ne mpaebɔ mu no, bere a yɛte wiase yi mu no, “ɔbɔnefo no” hu nea yɛyɛ nyinaa. Adesamma asoɔdenfo ne ahonhommɔne ma nnipa di yaw na wohu amane, na Kristofo nnee wɔn ho mfii ahohia ho.—1 Petro 5:9.

3. Nokwasɛm bɛn na ɛsɛ sɛ Yehowa nokware asomfo mpo hyia, nanso awerɛkyekye bɛn na yehu wɔ Onyankopɔn Asɛm mu?

3 Wɔ sɔhwɛ ahorow a ɛtete saa mu no, ɛda adi koraa sɛ yebehyia abasamtu bere ne bere mu. (Mmebusɛm 24:10) Bible no kura kyerɛwtohɔ pii a ɛfa anokwafo a wɔkɔɔ ahohia mu ho. Odwontofo no ka sɛ: “Ɔtreneeni amane dɔɔso, na [Yehowa, NW] gye no ne nyinaa mu.” (Dwom 34:19) Yiw, nneɛma bɔne to “ɔtreneeni” mpo. Te sɛ odwontofo Dawid no, ɛtɔ mmere bi a, yebetumi ‘ahodwow na yɛabubu pasaa’ mpo. (Dwom 38:8) Nanso, ɛyɛ awerɛkyekye sɛ yebehu sɛ “[Yehowa, NW] bɛn wɔn a wɔn koma abubu, na ogye wɔn a wɔn honhom apɛtɛw” no.—Dwom 34:18; 94:19.

4, 5. (a) Nea ɛne Mmebusɛm 18:10 hyia no, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛanya Onyankopɔn ahobammɔ? (b) Akwan titiriw bɛn na yebetumi afa so anya Onyankopɔn mmoa?

4 Nea ɛne Yesu mpaebɔ no hyia no, Yehowa rehwɛ yɛn so ampa. Ɔyɛ yɛn “guandɔbea, ahohia da mu.” (Dwom 37:39) Mmebusɛm nhoma no de nsɛm a ɛte saa ara di dwuma sɛ: “Aban dennen ne [Yehowa, NW] din, ɛno mu na ɔtreneeni guan kɔ, na wɔkora no.” (Mmebusɛm 18:10) Saa kyerɛwsɛm yi da nokwasɛm titiriw bi adi fa ɔdɔ mu a Yehowa fi dwen n’abɔde ho no ho. Onyankopɔn bɔ treneefo a wɔde nsi hwehwɛ no no ho ban titiriw, te sɛ nea yɛreguan akɔ abannennen bi mu akɔpɛ hintabea.

5 Sɛ yehyia ɔhaw a emu yɛ den a, ɔkwan bɛn so na yebetumi aguan akɔ Yehowa hɔ akɔhwehwɛ ahobammɔ? Ma yensusuw akwan titiriw abiɛsa a yebetumi afa so anya Yehowa mmoa no ho. Nea edi kan no, ɛsɛ sɛ yɛdan kɔ yɛn soro Agya no nkyɛn wɔ mpaebɔ mu. Nea ɛto so abien no, ɛsɛ sɛ yɛyɛ ade ma ɛne ne honhom kronkron no hyia. Na nea ɛto so abiɛsa no, ɛsɛ sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase hyɛ Yehowa nhyehyɛe ase denam mfɛfo Kristofo a wobetumi atew yɛn ahohia so a yɛne wɔn bɛbɔ fekuw no so.

Tumi a Mpaebɔ Wɔ

6. Nokware Kristofo bu mpaebɔ dɛn?

6 Nnuruyɛfo binom kamfo kyerɛ sɛ mpaebɔ tumi sa adwenemhaw ne adwennwen. Sɛnea ebetumi ayɛ nokware sɛ komm a wobɛyɛ asusuw nneɛma ho te sɛ nea worebɔ mpae no betumi atew adwennwen so no, saa ara na adebɔ mu nnyigyei ahorow bi a obi betie anaa obi akyi a womiamia betumi atew n’adwennwen so. Nokware Kristofo mmu mpaebɔ adewa, wommu no sɛ biribi a wɔde sa nkate fam nyarewa. Yebu mpaebɔ sɛ nkitaho a wofi obu mu ne Ɔbɔadeɛ no di. Mpaebɔ hwehwɛ sɛ yɛde yɛn ho ma Onyankopɔn na yenya ne mu ahotoso koraa. Yiw, mpaebɔ yɛ yɛn som no fã.

7. Dɛn na ahotoso mu a yebefi abɔ mpae no kyerɛ, na ɔkwan bɛn so na mpaebɔ a ɛte saa boa yɛn ma yegyina ahohia ano?

7 Ɛsɛ sɛ yenya Yehowa mu awerɛhyem anaa ahotoso bere a yɛbɔ mpae no. Ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Nnam a yɛde kɔ ne nkyɛn ne sɛ, yɛsrɛ biribiara sɛnea ɔpɛ a, otie yɛn.” (1 Yohane 5:14) Yehowa, Opumpuni no, nokware Nyankopɔn ne ade nyinaa so tumfoɔ koro pɛ no, yɛ aso ma mpae a n’asomfo bɔ no anibere so no titiriw. Hu a yebehu kɛkɛ sɛ yɛn Nyankopɔn a ɔwɔ dɔ no tie yɛn bere a yɛde yɛn dadwen ne yɛn haw kɔ n’anim no ara yɛ awerɛkyekye.—Filipifo 4:6.

8. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ nokware Kristofo bɔ hu anaa wɔte nka sɛ wɔmfata bere a wɔkɔ Yehowa anim wɔ mpaebɔ mu no?

8 Ɛnsɛ sɛ Kristofo anokwafo bɔ hu da, ɛnsɛ sɛ wɔte nka sɛ wɔmfata, anaa ɛnsɛ sɛ wohinhim bere a wɔkɔ Yehowa anim wɔ mpaebɔ mu no. Nokwarem no, sɛ abasamtu anaa ɔhaw mene yɛn a, ebia yɛrennya ɔpɛ sɛ yɛbɛkɔ Yehowa anim wɔ mpaebɔ mu. Wɔ mmere a ɛte saa mu no, ɛbɛyɛ papa sɛ yɛkae sɛ Yehowa ‘hu mmɔborɔfo mmɔbɔ’ na “ɔkyekye ahobrɛasefo werɛ.” (Yesaia 49:13; 2 Korintofo 7:6) Ɛyɛ amanehunu ne ahohia mmere mu titiriw na ɛsɛ sɛ yɛde ahotoso kɔ yɛn soro Agya no nkyɛn sɛ yɛn abannennen.

9. Dwuma bɛn na gyidi di bere a yɛkɔ Onyankopɔn nkyɛn wɔ mpaebɔ mu no?

9 Sɛ yebenya mpaebɔ hokwan no so mfaso koraa a, ɛsɛ sɛ yenya nokware gyidi. Bible ka sɛ “ɛsɛ nea ɔba Onyankopɔn nkyɛn no sɛ ogye di sɛ ɔwɔ hɔ, na ɔyɛ wɔn a wɔhwehwɛ n’akyi kwan no katuafo.” (Hebrifo 11:6) Gyidi kɔ akyiri sen gye a yebegye adi kɛkɛ sɛ Onyankopɔn ‘wɔ hɔ.’ Nokware gyidi hwehwɛ sɛ yenya gyidi a emu yɛ den wɔ Onyankopɔn tumi ne ɔpɛ a ɔwɔ sɛ obetua yɛn ka bere a yɛyɛ setie ma no no mu. “[Yehowa, NW] ani wɔ wɔn a wɔteɛ so, na n’aso abue ama wɔn adesrɛ.” (1 Petro 3:12) Ɔdɔ mu a Yehowa fi dwen yɛn ho a yebehu daa no ma yɛn mpaebɔ yɛ nea ntease wom.

10. Sɛ yebenya honhom fam mmoa afi Yehowa hɔ a, dɛn na ɛsɛ sɛ ɛda adi wɔ yɛn mpaebɔ ho?

10 Yehowa tie yɛn mpaebɔ bere a yefi koma a edi mũ mu bɔ no. Odwontofo no kyerɛwee sɛ: ‘Mede me koma nyinaa misu mefrɛ: Gye me so, Yehowa.’ (Dwom 119:145) Nea ɛnte sɛ amanne kwan so mpae a wɔbɔ wɔ ɔsom pii mu no, yɛn mpae nyɛ biribi a yɛbɔ kɛkɛ anaa efi koma fã mu. Sɛ yefi “koma nyinaa” mu bɔ Yehowa mpae a, nsɛm a yɛka no bɛyɛ nea ntease ne atirimpɔw wom. Bere a yefi komam abɔ mpae a ɛte saa awie no, yefi ase hu ahotɔ a efi ‘yɛn adesoa a yɛdan to Yehowa so’ mu ba no. Sɛnea Bible hyɛ bɔ no, ‘ɔbɛwowaw yɛn.’—Dwom 55:22; 1 Petro 5:6, 7.

Onyankopɔn Honhom Boa Yɛn

11. Ɔkwan biako bɛn so na Yehowa tie yɛn bere a ‘yɛkɔ so bisa’ ne mmoa no?

11 Yehowa nyɛ mpaebɔ Tiefo kɛkɛ na mmom mpaebɔ Buafo nso. (Dwom 65:2) Dawid kyerɛwee sɛ: “M’ahohia da mu mefrɛ wo, na wubegye me so.” (Dwom 86:7) Ne saa nti, Yesu hyɛɛ n’asuafo nkuran sɛ ‘wɔnkɔ so mmisa’ Yehowa mmoa efisɛ yɛn ‘soro Agya no’ de ‘honhom kronkron no bɛma wɔn a wobisa no.’ (Luka 11:9-13) Yiw, Onyankopɔn adeyɛ tumi no yɛ ɔboafo, ɔwerɛkyekyefo, ma ne nkurɔfo.—Yohane 14:16.

12. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn honhom betumi aboa yɛn bere a ɛte sɛ nea ɔhaw aboro yɛn so no?

12 Sɛ yehyia sɔhwɛ mpo a, Onyankopɔn honhom betumi ama yɛn “tumi a ɛboro so.” (2 Korintofo 4:7) Ɔsomafo Paulo a ogyinaa ahohia tebea pii ano no de ahotoso kae sɛ: “Mitumi ade nyinaa yɛ, nea ɔhyɛ me den no mu.” (Filipifo 4:13) Saa ara na Kristofo pii a wɔwɔ hɔ nnɛ ate nka sɛ wɔanya honhom ne nkate fam ahoɔden foforo bere a wobuaa wɔn abisade no. Mpɛn pii no, ɔhaw a emu yɛ den no bɛyɛ sɛ nea ɛnhaw adwene bio bere a yɛanya Onyankopɔn honhom mmoa no. Esiane ahoɔden a Onyankopɔn de ma yɛn yi nti, yebetumi aka nea Paulo kae no bi sɛ: “Ade nyinaa mu wohiahia yɛn ho, nanso yɛn ahome ntew yɛn ɛ; yɛn ho akyere yɛn, nanso yɛn ani ntanee ɛ. Wɔtaa yɛn, nanso wɔmpaa yɛn akyi ɛ; wɔhwe yɛn ase, nanso wɔnsɛee yɛn ɛ.”—2 Korintofo 4:8, 9.

13, 14. (a) Ɔkwan bɛn so na Yehowa ada ne ho adi sɛ yɛn abannennen denam N’asɛm a wɔakyerɛw no so? (b) Ɔkwan bɛn so na Bible nnyinasosɛm a wode di dwuma no aboa w’ankasa?

13 Wɔde honhom kronkron no na ɛkyerɛw Onyankopɔn Asɛm no na ɛno ara ama wɔakora so ama yɛn mfasode. Ɔkwan bɛn so na Yehowa nam N’asɛm so ayɛ yɛn abannennen wɔ ahohia mmere mu? Ɔkwan biako ne sɛ ɛbɛma yɛn nyansa ne adwempa. (Mmebusɛm 3:21-24) Bible no tete yɛn adwene no na ɛma tumi a yɛde dwen nneɛma ho no tu mpɔn. (Romafo 12:1) Sɛ yɛkenkan Onyankopɔn Asɛm daa na yesua na yɛde di dwuma a, yebetumi ‘atete yɛn nkatede ma akokwaw papa ne bɔne mu yiyi mu.’ (Hebrifo 5:14) Ebia w’ankasa woahu sɛnea Bible nnyinasosɛm boaa wo ma wusisii gyinae pa bere a wuhyiaa nsɛnnennen no. Bible no ma yehu nyansa a ebetumi aboa yɛn ma yɛanya ɔhaw a emu yɛ den ano aduru no.—Mmebusɛm 1:4.

14 Onyankopɔn Asɛm no ma yenya ade foforo a ɛma yɛn ahoɔden—nkwagye anidaso no. (Romafo 15:4) Bible ka kyerɛ yɛn sɛ nneɛma bɔne renkɔ so nsisi daa. Ahohia biara a yɛkom no yɛ bere tiaa bi de. (2 Korintofo 4:16-18) Yɛwɔ “daa nkwa anidaso, . . . nkwa a Onyankopɔn a onni atoro no de fi teteete hyɛɛ bɔ no.” (Tito 1:2) Sɛ yedi saa anidaso no mu ahurusi, na yɛma daakye a ɛyɛ anigye a Yehowa hyɛ ho bɔ no tra yɛn adwenem daa a, yebetumi agyina wɔ ahohia mu.—Romafo 12:12; 1 Tesalonikafo 1:3.

Asafo no—Onyankopɔn Dɔ a Wada no Adi

15. Ɔkwan bɛn so na Kristofo betumi ayɛ nhyira ama wɔn ho wɔn ho?

15 Nsiesiei foforo a efi Yehowa hɔ a ebetumi aboa yɛn wɔ ahohia mmere mu ne fekubɔ a yenya wɔ Kristofo asafo no mu no. Bible ka sɛ: “Adamfo dɔ bere nyinaa, na onua, wɔwoo no maa hiada.” (Mmebusɛm 17:17) Onyankopɔn Asɛm hyɛ asafo no mufo nyinaa nkuran sɛ wonni wɔn ho wɔn ho ni na wɔnnodɔ wɔn ho wɔn ho. (Romafo 12:10) Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Obiara nnhwehwɛ nea ɛyɛ n’ankasa de, na mmom ɔnhwehwɛ nea ɛyɛ ne yɔnko de.” (1 Korintofo 10:24) Adwene a ɛte saa a yebenya no betumi aboa yɛn ma yɛde yɛn adwene asi afoforo ahiade so sen sɛ yɛde besi sɔhwɛ ahorow a yɛn ankasa hyia no so. Sɛ yetu yɛn ho ma afoforo a, ɛnyɛ boa na yɛboa wɔn nko na mmom yɛn nso yenya anigye ne abotɔyam a ɛma yetumi soa yɛn ankasa nnesoa.—Asomafo no Nnwuma 20:35.

16. Ɔkwan bɛn so na Kristoni biara betumi ahyɛ afoforo nkuran?

16 Mmarima ne mmea a wɔn ho akokwaw wɔ honhom fam no betumi adi dwuma titiriw de ahyɛ afoforo den. Nea ɛbɛyɛ na wɔatumi ayɛ saa no, wɔma afoforo tumi bɛn wɔn na wonya bere ma wɔn daa. (2 Korintofo 6:11-13) Sɛ asafo no mufo nyinaa gye bere kamfo mmabun, hyɛ gyidifo a wɔyɛ foforo no den, na wɔhyɛ wɔn a wɔahaw no nkuran a, ɛyɛ nhyira ankasa ma asafo no. (Romafo 15:7) Onuadɔ nso bɛboa yɛn ma yɛakwati sɛ yebenya yɛn ho yɛn ho adwene a ɛmfata. Ɛnsɛ sɛ yɛpɛ ntɛm ka sɛ nsɛnnennen bi a ankorankoro wɔ no kyerɛ honhom fam mmerɛwyɛ. Paulo hyɛ Kristofo nkuran ma ɛfata sɛ ‘wɔnkyekye wɔn a wɔn koma atu werɛ.’ (1 Tesalonikafo 5:14) Bible da no adi sɛ Kristofo anokwafo mpo hyia ahohia.—Asomafo no Nnwuma 14:15.

17. Hokwan ahorow bɛn na yɛwɔ a yɛde bɛhyɛ Kristofo nuayɛkuw no mu den?

17 Kristofo nhyiam ahorow ma yenya hokwan a ɛkyɛn so a yɛde bɛkyekye yɛn ho yɛn ho werɛ na yɛahyehyɛ yɛn ho nkuran. (Hebrifo 10:24, 25) Ɛnyɛ asafo nhyiam ahorow ase nko na yenya nkitahodi a efi ɔdɔ mu yi. Mmom no, Onyankopɔn nkurɔfo hwehwɛ hokwan ahorow a wɔde benya fekubɔ pa wɔ nneɛma foforo mu nso. Sɛ ahokyere ba a, yɛbɛyɛ krado sɛ yɛbɛboa yɛn ho yɛn ho esiane adamfofa a emu yɛ den a ɛwɔ yɛn ntam dedaw no nti. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Na mpaapaemu amma nipadua mu, na mmom akwaa no adwennwen . . . ama wɔn ho wɔn ho. Na kwaa biako hu amane a, akwaa nyinaa hu bi; sɛ nso wɔhyɛ kwaa biako anuonyam a, ɛyɛ akwaa nyinaa fɛ.”—1 Korintofo 12:25, 26.

18. Su bɛn na ɛsɛ sɛ yɛkwati bere a yɛte abasamtu nka no?

18 Ɛtɔ mmere bi a, yɛn ani nnye ho koraa sɛ yɛne mfɛfo Kristofo benya fekubɔ. Ɛsɛ sɛ yɛko tia saa nkate no sɛnea ɛbɛyɛ a yɛnhwere awerɛkyekye ne mmoa a mfɛfo gyidifo betumi de ama yɛn no. Bible bɔ yɛn kɔkɔ sɛ: “Nea watew ne ho no hwehwɛ anoyi daa, na ade biara ho yɛ no ahi.” (Mmebusɛm 18:1) Yɛn nuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ hɔ no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn dwen yɛn ho. Sɛ yegye nsiesiei a efi ɔdɔ mu yi tom a, yenya ogye wɔ ahohia mmere mu.

Kura Adwempa Mu

19, 20. Ɔkwan bɛn so na Kyerɛwnsɛm no boa yɛn ma yɛpo nsusuwii a ɛmfata?

19 Sɛ yehyia abasamtu ne awerɛhow a, ɛnyɛ den sɛ yebenya nsusuwii a ɛmfata. Sɛ nhwɛso no, sɛ yɛrehyia ɔhaw bi a, ebia ebinom befi ase asusuw sɛ wɔayɛ biribi a ɛmfata wɔ honhom fam, na wɔbɛka sɛ wɔn ho a ɛkyere wɔn no kyerɛ sɛ Onyankopɔn mpene wɔn so. Nanso kae sɛ, Yehowa mfa “bɔne” bi nsɔ obi nhwɛ. (Yakobo 1:13) Bible ka sɛ: “Ɛnyɛ [Onyankopɔn] pɛ sɛ ɔbɛhyɛ obi yaw anaa ɔbɛhaw nnipa mma.” (Kwadwom 3:33) Nea ɛne no bɔ abira no, Yehowa di yaw kɛse bere a n’asomfo hu amane no.—Yesaia 63:8, 9; Sakaria 2:8.

20 Yehowa yɛ “mmɔborɔhunu agya ne awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn.” (2 Korintofo 1:3) Odwen yɛn ho, na ɔbɛma yɛn so bere a ɛsɛ mu. (1 Petro 5:6, 7) Hu a yebehu daa sɛ Onyankopɔn dɔ yɛn no bɛboa yɛn ma yɛakura adwempa mu na yɛadi ahurusi mpo. Yakobo kyerɛwee sɛ: “Sɛ mohwe sɔhwɛ ahorow bebree mu a, mummu no anigye koraa.” (Yakobo 1:2) Dɛn ntia? Obua sɛ: “Sɛ onya yɛ emu tɔtorɔtɔɔ a, obenya nkwa abotiri a [Yehowa, NW] de ahyɛ wɔn a wɔdɔ no bɔ no.”—Yakobo 1:12.

21. Ɛmfa ho nsɛnnennen a yehyia no, awerɛhyem bɛn na Onyankopɔn de ma wɔn a wodi no nokware no?

21 Sɛnea Yesu bɔɔ yɛn kɔkɔ no, yɛn ho behiahia yɛn wɔ wiase no mu. (Yohane 16:33) Nanso Bible hyɛ bɔ sɛ “ahohia anaa ahometew anaa ɔtaa anaa ɔkɔm anaa adagyaw anaa amanenya” ntumi ntetew yɛne Yehowa ne ne Ba no dɔ mu. (Romafo 8:35, 39) Hwɛ awerɛkyekye ara a ɛyɛ sɛ yenim sɛ ahohia biara a yɛkom no yɛ bere tiaa mu de! Mprempren de, bere a yɛtwɛn sɛ nnipa amanehunu bɛba awiei no, yɛn soro Agya, Yehowa, a ɔwɔ dɔ no, hwɛ yɛn so. Sɛ yeguan kɔ ne nkyɛn kɔpɛ ahobammɔ a, ɔbɛyɛ ‘guandɔbea ama obiara a wɔrepɛtɛw no, ahokyere bere mu guandɔbea.’—Dwom 9:9.

Dɛn na Yesuae?

• Dɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo hwɛ kwan bere a wɔte wiase bɔne yi mu no?

• Ɔkwan bɛn so na mpae a yɛbɔ no anibere so no bɛhyɛ yɛn den bere a yehyia sɔhwɛ no?

• Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn honhom yɛ ɔboafo?

• Dɛn na yebetumi ayɛ de aboa yɛn ho yɛn ho?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ Yehowa te sɛ nea yɛreguan akɔ abannennen bi mu

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 20]

Wɔn a wɔn ho akokwaw wɔ honhom fam no de hokwan biara a wobenya no kamfo afoforo hyɛ wɔn nkuran