Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ade Ankasa a Ɛde Anigye Ba

Ade Ankasa a Ɛde Anigye Ba

Ade Ankasa a Ɛde Anigye Ba

OBIARA nni hɔ a onim ade ankasa a ɛde anigye ba sen “anigye Nyankopɔn” Yehowa, ne Yesu Kristo, “Obirɛmpɔn koro pɛ a ɔwɔ anigye” no. (1 Timoteo 1:11; 6:15, NW) Ɛno nti, ɛnyɛ nwonwa sɛ Onyankopɔn Asɛm Bible no mu na yehu ade ankasa a ɛde nhyira anaa anigye ba no.—Adiyisɛm 1:3; 22:7.

Yesu kyerɛkyerɛɛ nea ɛde anigye ba mu wɔ ne Bepɔw so Asɛnka a wonim no yiye no mu. Ɔkae sɛ: “Anigye ne wɔn a” (1) wonim wɔn honhom fam ahiade, (2) wodi awerɛhow, (3) wodwo, (4) trenee ho kɔm ne sukɔm de wɔn, (5) wɔyɛ mmɔborohunufo, (6) wɔn koma mu tew, (7) wɔpɛ asomdwoe, (8) trenee nti wɔtaa wɔn, ne afei (9) ne nti wɔbɔ wɔn ahohora na wɔtaa wɔn.—Mateo 5:3-11, NW. *

So Yesu Nsɛm no Yɛ Nokware?

Ehia sɛ yɛkyerɛkyerɛ nokwasɛm a ɛwɔ nea Yesu kae no mu kakra. Hena na ɔbɛka sɛ ɛnyɛ nokware sɛ onipa a odwo, ɔyɛ mmɔborohunufo, ɔpɛ asomdwoe na ne koma mu tew nni anigye nsen obufufafo, ntɔkwapɛfo, ne otirimɔdenfo?

Nanso, ebia ɛbɛyɛ yɛn nwonwa sɛ yɛbɛte sɛ wɔka sɛ wɔn a trenee ho kɔm ne sukɔm de wɔn anaa wɔn a wodi awerɛhow no wɔ anigye. Saafo no te nneɛma a ɛrekɔ so wɔ wiase no ase. ‘Wosi apini di akyide a wɔreyɛ’ wɔ yɛn bere yi so no ho ‘awerɛhow.’ (Hesekiel 9:4) Nea wohu no mma wonnya anigye. Nanso sɛ wobesua hu sɛ Onyankopɔn ayɛ nhyehyɛe sɛ ɔde asetra a trenee wom bɛba asase so na wadi wɔn a wɔhyɛ wɔn so asɛm ama wɔn a, wɔn ani gye mmoroso.—Yesaia 11:4.

Trenee a ankorankoro bi dɔ no nso ma wodi awerɛhow wɔ nea ɛyɛ papa a wontumi nyɛ bere nyinaa no ho. Enti, yebetumi aka sɛ wonim wɔn honhom fam ahiade. Saa nnipa no wɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛhwehwɛ akwankyerɛ afi Onyankopɔn nkyɛn efisɛ wohu sɛ ɔno nkutoo na obetumi aboa nnipa ma wɔadi wɔn mmerɛwyɛ so.—Mmebusɛm 16:3, 9; 20:24.

Wɔn a wodi awerɛhow, wɔn a trenee ho kɔm ne sukɔm de wɔn, ne wɔn a wonim wɔn honhom fam ahiade no nim hia a ehia sɛ wɔne Ɔbɔadeɛ no nya abusuabɔ pa. Sɛnea sɛ asomdwoe wɔ yɛne afoforo ntam a ɛma yenya anigye no, saa ara nso na sɛ yɛne Onyankopɔn nya abusuabɔ pa a ɛma yenya anigye mmoroso. Yiw, yebetumi aka sɛ wɔn a wɔdɔ trenee ampa ara na wɔwɔ ɔpɛ sɛ wobegye Onyankopɔn akwankyerɛ atom no wɔ anigye ankasa.

Nanso, ebia ɛbɛyɛ den ama wo sɛ wubegye adi sɛ obi a wɔtaa no na wɔbɔ no ahohora ani betumi agye. Esiane sɛ Yesu na ɔkaa asɛm yi nti, ɛsɛ sɛ ɛyɛ nokware. Ɛnde, ɛsɛ sɛ yɛte ne nsɛm no ase dɛn?

Wɔtaa Wɔn Nanso Wɔwɔ Anigye—Ɛbɛyɛ Dɛn Ayɛ Yiye?

Hyɛ no nsow sɛ Yesu anka sɛ ɔtaa ne ahohorabɔ ankasa de anigye ba. Nea ɔkae ne sɛ: “Anigye ne wɔn a trenee nti wɔtaa wɔn, . . . sɛ me nti nkurɔfo bɔ mo ahohora na wɔtaa mo.” (Mateo 5:10, 11, NW) Enti sɛ wɔbɔ obi ahohora esiane sɛ ɔyɛ Kristo kyidifo, na ɔbɔ ne bra ma ɛne nnyinasosɛm a ɛteɛ a ɛwɔ Yesu nkyerɛkyerɛ mu hyia nti a, ɛno na ahohora a wɔbɔ no no bɛma wanya anigye.

Eyi da adi wɔ nea ɛtoo tete Kristofo no mu. Yudafo asɛnnibea kɛse a na wɔfrɛ no Sanhedrin no mufo ‘frɛɛ asomafo no bae, na wɔhwee wɔn hyɛɛ wɔn sɛ wɔnnkasa Yesu din mu, na wogyaa wɔn.’ Asomafo no yɛɛ wɔn ade dɛn? ‘Wɔde anigye fii baguafo no anim hɔ kɔe sɛ wɔabu wɔn sɛ wɔsɛ sɛ ne din nti wɔbɔ wɔn ahohora. Na wɔannyae Yesu Kristo ho asɛmpa no ka ne kyerɛkyerɛ asɔrefi ne afi mu da biara.’—Asomafo no Nnwuma 5:40-42; 13:50-52.

Ɔsomafo Petro nso ma yenya ntease foforo wɔ abusuabɔ a ahohorabɔ ne anigye wɔ ho. Ɔkyerɛwee sɛ: “Sɛ Kristo din nti wɔbɔ mo ahohora a, ɛyɛ anigye ma mo, efisɛ anuonyam honhom, Nyankopɔn honhom ankasa, wɔ mo so.” (1 Petro 4:14, NW) Yiw, ɛwom sɛ amanehunu a ɛte saa nyɛ dɛ de, nanso sɛ obi hu amane esiane sɛ ɔyɛ Kristoni a ɔyɛ ade a ɛteɛ nti a, nim a onim sɛ saa amanehunu no ma onya Onyankopɔn honhon kronkron no ma n’ani gye. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn honhom kronkron no ma yenya anigye?

Honam Nnwuma Anaa Honhom Aba?

Ɛyɛ wɔn a wotie Onyankopɔn sɛ sodifo no nkutoo na Onyankopɔn de ne honhom no ma wɔn. (Asomafo no Nnwuma 5:32) Yehowa mfa ne honhom no mma wɔn a wɔyɛ “honam nnwuma no.” Saa nnwuma no ne “aguamammɔ, efi, ahohwi, abosonsom, aduto, ɔtan, akayɛ, ahoɔyaw, abufuw, atutuw, kunsunkunsun, mpaapaemu, nitan, asabow, agobɔne ne nea ɛtete saa.” (Galatifo 5:19-21) Ɛyɛ nokware sɛ “honam nnwuma no” abu so wɔ nnɛ wiase yi mu. Nanso wɔn a wɔde wɔn ho hyem no nnya anigye ankasa a ɛtra hɔ daa. Mmom no, wɔn a wɔyɛ saa nneɛma no sɛe wɔne wɔn abusuafo, wɔn nnamfo ne wɔn amannifo ntam abusuabɔ. Afei nso, Onyankopɔn Asɛm no ka sɛ wɔn a “wɔyɛ saa nneɛma yi rennya Onyankopɔn ahenni.”

Nea ɛne eyi bɔ abira no, Onyankopɔn de ne honhom no ma wɔn a wɔsow “honhom aba” no. Saa aba no ne “ɔdɔ, anigye, asomdwoe, abodwokyɛre, ayamye, papayɛ, gyidi, odwo, anidahɔ, [ahosodi, NW].” (Galatifo 5:22, 23) Sɛ yɛda saa su yi adi a, ɛma asomdwoe bɛda yɛne afoforo ne Onyankopɔn ntam, na ɛno ma yenya anigye ankasa. (Hwɛ adaka no.) Nea ehia paa no, sɛ yɛda ɔdɔ, ayamye, papayɛ, ne su pa afoforo adi a, yɛsɔ Yehowa ani na ɛma yenya anidaso a ɛyɛ anigye sɛ yebenya daa nkwa wɔ Onyankopɔn wiase foforo a trenee wom no mu.

Anigye Mma Ara Kwa

Bere a Wolfgang ne Brigitte, awarefo bi a wɔwɔ Germany fii ase suaa Bible no anibere so no, na wɔwɔ honam fam nneɛma a nkurɔfo te nka sɛ ɛde anigye ba no pii. Ná wonnyinyinii pii, na na wɔwɔ ahoɔden nso. Ná wɔhyɛ ntade a ne bo yɛ den, na wɔte fie a ɛyɛ fɛ yiye mu, na na wɔwɔ wɔn ankasa adwuma a ɛkɔ yiye paa. Ná wɔde wɔn bere mu fã kɛse no ara hwehwɛ honam fam nneɛma foforo, nanso ɛno amma wɔannya anigye a edi mũ. Bere kɔɔ so no, Wolfgang ne Brigitte sii gyinae titiriw bi. Wofii ase de bere pii ne wɔn ahoɔden yɛɛ Onyankopɔn som adwuma, na wɔhwehwɛɛ akwan a wɔbɛfa so abɛn Yehowa yiye. Ankyɛ na gyinae a wosii no maa wɔsesaa wɔn suban, na ɛno maa wogyaee akɛsesɛm bɛsom sɛ daa akwampaefo, anaa bere nyinaa Ahenni asɛmpakafo. Ɛnnɛ, wɔsom sɛ atuhoamafo wɔ Yehowa Adansefo dwumadibea a ɛwɔ Germany no. Bio nso, wɔresua Asiafo kasa bi na ama wɔatumi aboa ahɔho a wɔwɔ hɔ ma wɔasua nokware a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm Bible no mu.

So saa awarefo yi anya anigye ankasa? Wolfgang ka sɛ: “Efi bere a yɛde yɛn ho hyɛɛ Onyankopɔn som adwuma mu denneennen no, yɛanya anigye ne akomatɔyam paa. Yehowa a yefi koma nyinaa mu som no no nso ama yɛn aware asɔ paa. Ɛwom sɛ na yɛwɔ anigye wɔ yɛn aware mu de, nanso na obiara di asɛyɛde ne nneɛma a n’ani gye ho ho dwuma ma enti na yenni botae koro. Seesei, yɛde biakoyɛ redi botae koro ho dwuma.”

Dɛn na Ɛde Anigye Ba?

Sɛ yɛbɛbɔ no mua a: Kwati “honam nnwuma no” na sow Onyankopɔn “honhom aba” no. Sɛ obi benya anigye a, ɛsɛ sɛ onya ɔpɛ sɛ ɔne Onyankopɔn benya abusuabɔ a emu yɛ den. Obi a ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ saa no benya anigye a Yesu kaa ho asɛm no.

Enti nka da sɛ wone anigye abɔ nsianho. Ɛwom, ebetumi aba sɛ saa bere yi wunni ahoɔden papa anaa worehyia ɔhaw wɔ w’aware mu. Ebia woannya yafunu annwo ba anaa mpo ɛyɛ den ma wo sɛ wubenya adwuma pa ayɛ. Ebetumi aba sɛ ɛnnɛ wo bɔtɔ mu nyɛ dɛ sɛ kan no. Sɛ saa na ɛte mpo a, nya koma, mpa abaw! Onyankopɔn Ahenni beyi saa ɔhaw yi ne nea ɛtete saa ɔhaha pii afi hɔ. Nokwasɛm ne sɛ, ɛrenkyɛ Yehowa Nyankopɔn bɛma bɔhyɛ a odwontofo no kaa ho asɛm yi abam: “W’ahenni yɛ daa ahenni . . . Wubue wo nsam, na woma ateasefo nyinaa nya nea wɔpɛ di mee.” (Dwom 145:13, 16) Sɛnea Yehowa asomfo ɔpepem pii a wɔwɔ wiase nyinaa betumi adi ho adanse no, Yehowa bɔhyɛ a ahotoso wom yi a wobɛma atra w’adwene mu no bɛma woanya anigye nnɛ.—Adiyisɛm 21:3.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 3 Wɔde Hela asɛmfua ma·kaʹri·oi na efi nsɛm a Yesu kae no mu biara ase. Sɛ́ anka New World Translation ne Bible nkyerɛase afoforo te sɛ The Jerusalem Bible ne Today’s English Version bɛkyerɛ ase “nhyira” sɛnea Bible nkyerɛase bi yɛ no, wɔde asɛm a edi mũ, “anigye,” na edi dwuma.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 6]

Nneɛma a Ɛde Anigye Ba

Ɔdɔ a wobɛda no adi no bɛma afoforo nso adɔ wo.

Asomdwoe boa wo na ɔhaw ansɔre wɔ wo ne afoforo abusuabɔ mu.

Abodwokyɛre ma wunya anigye wɔ sɔhwɛ mpo mu.

Ayamye ma afoforo bɛn wo.

Papayɛ ma afoforo boa wo bere a wuhia mmoa.

Gyidi bɛma woanya awerɛhyem sɛ Onyankopɔn befi ɔdɔ mu akyerɛ wo kwan.

Odwo bɛma woanya abotɔyam.

Ahosodi mma wonyɛ mfomso pii.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 7]

Sɛ wubenya anigye a, ɛsɛ sɛ wudi wo honhom fam ahiade ho dwuma