Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Afɔre A Yɛayi Yɛn Yam Abɔ Ama Yɛanya Abotɔyam Ne Anigye

Afɔre A Yɛayi Yɛn Yam Abɔ Ama Yɛanya Abotɔyam Ne Anigye

Asetram Nsɛm

Afɔre A Yɛayi Yɛn Yam Abɔ Ama Yɛanya Abotɔyam Ne Anigye

SƐNEA MARIAN NE ROSA SZUMIGA KA KYERƐE

Dwom 54:6 ka sɛ: “Meyi me yam mabɔ wo afɔre.” Saa asɛm yi na Marian Szumiga ne ne yere, Rosa, a wɔte France de ayɛ wɔn su wɔ wɔn asetra mu. Wɔtraa ase nnansa yi kaa bere tenten a wɔde ayɛ Yehowa som adwuma a abotɔyam wom no mu nsɛntitiriw bi.

MARIAN: Na m’awofo yɛ Roma Katolek atubrafo a wofi Poland. Ná Paapa yɛ obi a odwo, na wannya hokwan ankɔ sukuu da. Nanso, osuaa akenkan ne akyerɛw wɔ wiase ko a edi kan no mu bere a na ɔwɔ akono no. Na Paapa yɛ obi a osuro Nyankopɔn, nanso asɔre no dii no huammɔ mpɛn pii.

Asɛm biako wɔ hɔ a ne werɛ amfi da. Da bi, wɔ ɔko no mu no, ɔsɔfo bi kɔsraa Paapa asraafo kuw no wɔ akono. Bere a ɔtopae bi towee wɔ beae bi a ɛbɛn hɔ no, ehu kaa ɔsɔfo no ma oguanee. Ɔte ne pɔnkɔ so reguan no, ɔde asɛndua hwee pɔnkɔ no sɛ ɔnka ne ho. Ɛyɛɛ Paapa nwonwa sɛ Onyankopɔn “nanmusifo” no de ade “kronkron” no hwee pɔnkɔ no sɛ ɔnka ne ho. Osuahu a ɛtete saa ne ɔko no mu ahude nyinaa akyi no, Onyankopɔn mu gyidi a na Paapa wɔ no ammrɛ ase. Na ɔtaa ka sɛ Onyankopɔn na ɔbɔɔ ne ho ban ma ofii ɔko no bae asomdwoe mu.

“Poland Ketewa”

Wɔ afe 1911 mu no, me papa waree ababaa bi a ofi akuraa bi a ɛbɛn no no ase. Na ne din de Anna Cisowski. Wɔ ɔko no akyi bere tiaa bi, wɔ afe 1919 mu no, Paapa ne Maame tu fii Poland kɔtraa France, baabi a Paapa nyaa adwuma sɛ obi a otu biriw. Wɔwoo me March 1926 wɔ Cagnac-les-Mines, wɔ France anafo fam atɔe. Ɛno akyi no, m’awofo kɔtraa Polandfo mu wɔ Loos-en-Gohelle a ɛbɛn Lens wɔ France atifi fam. Ná paanootofo a ɔwɔ hɔ no yɛ Polandni, ná nankwanseni a ɔwɔ hɔ no yɛ Polandni, ɛnna na ɔsɔfo a ɔwɔ hɔ no nso yɛ Polandni saa ara. Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ na wɔfrɛ saa beae yi Poland Ketewa. Na m’awofo de wɔn ho hyɛ ɔmanfo no dwumadi mu. Na Paapa taa yɛ guasodeyɛ ho nhyehyɛe, a ebi ne ɔyɛkyerɛ ne nnwonto. Na ɔne ɔsɔfo no nso bɔ nkɔmmɔ daa, nanso ne bo annwo bere a na ɔsɔfo no taa ka sɛ, “Ahintasɛm pii na ɛwɔ hɔ” no.

Da bi, wɔ afe 1930 mu no, mmea baanu bi bɛbɔɔ yɛn pon mu. Na wɔyɛ Bible Asuafo, sɛnea na wɔfrɛ Yehowa Adansefo saa bere no. Me papa gyee Bible, nhoma a na ɔde mfirihyia pii ahwɛ kwan sɛ ɔbɛkenkan no fii wɔn hɔ. Ɔne Maame nso de anigye kenkan Bible ho nhoma a mmea no de maa wɔn no. Nea m’awofo kenkan fii saa nhoma ahorow yi mu no kaa wɔn koma kɛse. Ɛmfa ho sɛ na m’awofo nni adagyew wɔ wɔn asetram no, wofii ase kɔɔ asafo nhyiam ahorow a Bible Asuafo no hyehyɛe no. M’awofo ne ɔsɔfo no nkɔmmɔbɔ bɛdanee akyinnyegye kɛse kosii sɛ ɔkae da koro sɛ sɛ m’awofo kɔ so ne Bible Asuafo no bɔ a, wɔbɛpam me nuabea Stéphanie afi gyidikasɛm sua mu. Paapa buae sɛ: “Ɛnhaw wo ho, efi nnɛ rekɔ, me babea no ne mmofra a aka no nyinaa ne yɛn bɛkɔ Bible Asuafo no nhyiam ahorow no.” Paapa yii ne din fii asɔre no mu, na m’awofo bɔɔ asu wɔ afe 1932 mfiase. Saa bere no, na Ahenni adawurubɔfo bɛyɛ 800 pɛ na wɔwɔ France.

Rosa: Ná m’awofo fi Hungary, na te sɛ Marian abusua no, na wɔabɛtra France atifi fam reyɛ adwuma wɔ baabi a wotu biriw. Wɔwoo me wɔ afe 1925 mu. Wɔ afe 1937 mu no, Yehowa Dansefo bi, Auguste Beugin, anaa Papa Auguste, sɛnea na yɛfrɛ no no, fii ase de Hungary kasa mu Ɔwɛn-Aban brɛɛ m’awofo. Ná wɔn ani gye nsɛmma nhoma no ho, nanso wɔn mu biara ammɛyɛ Yehowa Dansefo.

Ɛwom sɛ na minnyinii de, nanso nea mekenkan fii Ɔwɛn-Aban no mu kaa me koma, na Papa Auguste asew bea, Suzanne Beugin, kyerɛɛ me ho anigye. M’awofo maa kwan ma ɔde me kɔɔ asafo nhyiam ahorow. Akyiri yi, bere a mifii ase yɛɛ adwuma no, asafo nhyiam a na mekɔ no Kwasida no hyɛɛ me papa abufuw. Ɛwom sɛ na ɔyɛ obi a n’anim tew de, nanso onwiinwii sɛ, “Dapɛn no mu nyinaa wunni fie, na Kwasida nso wokɔ wo nhyiam no!” Nanso, mannyae kɔ. Enti, da koro me papa ka kyerɛɛ me sɛ, “Sesaw wo nneɛma kɔ!” Ná ade asa. Afei ara na na madi mfirihyia 17, na na minni baabiara a mɛkɔ. Mede sũ kɔɔ Suzanne fie. Metraa Suzanne nkyɛn bɛyɛ dapɛn biako ansa na Paapa resoma me nuabea ma wabɛfa me akɔ fie. Ná meyɛ obi a mefɛre ade, nanso asɛm a ɛwɔ 1 Yohane 4:18 no boaa me ma migyinaa pintinn. Saa kyerɛwsɛm no ka sɛ “ɔdɔ a ɛyɛ pɛ no pam ehu.” Mebɔɔ asu wɔ afe 1942 mu.

Honhom Fam Agyapade a Ɛsom Bo

Marian: Me ne me nuabeanom, Stéphanie ne Mélanie, ne me nuabarima Stéphane bɔɔ asu wɔ afe 1942 mu. Wɔ fie no, na yɛn asetra nyinaa gyina Onyankopɔn Asɛm so. Na yɛn nyinaa tra pon ho ma Paapa kenkan Bible wɔ Poland kasa mu kyerɛ yɛn. Na yɛn awofo taa ka osuahu ahorow a wɔanya wɔ Ahenni asɛnka adwuma no mu kyerɛ yɛn anwummere. Honhom fam nkuranhyɛ bere yi ma yɛdɔɔ Yehowa de yɛn ho too no so kɛse. Yare maa me papa gyaee adwuma yɛ, nanso ɔkɔɔ so hwɛɛ yɛn honhom fam ne honam fam nyinaa.

Esiane sɛ afei de na Paapa wɔ bere pii nti, na ɔne asafo no mu mmabun yɛ Bible adesua wɔ Poland kasa mu pɛnkoro dapɛn biara. Ɛno mu na misuaa Poland kasa kenkan. Paapa hyɛɛ mmabun no nkuran wɔ akwan foforo so nso. Bere bi a Onua Gustave Zopfer a saa bere no na ɔhwɛ Yehowa Adansefo dwumadi so wɔ France no bɛsraa yɛn asafo no, Paapa yɛɛ nnwonto ne Bible drama a wɔn a wɔyɛe no hyehyɛɛ tetefo ntade a na egyina Ɔhene Belsasar apontow ne ɔfasu ho nkyerɛwee no so ho nhyehyɛe. (Daniel 5:1-31) Louis Piéchota a akyiri yi ogyinaa pintinn wɔ Nasifo nhyɛso mu no na ɔyɛɛ Daniel. * Eyi ne tebea a wɔtetee yɛn wom. Yehui sɛ na yɛn awofo nni adagyew koraa wɔ Onyankopɔn som mu. Ɛnnɛ, mihu agyapade a ɛsom bo a yɛn awofo de gyaw yɛn no.

Bere a Wiase Ko II no sii wɔ afe 1939 mu no, wɔbaraa Yehowa Adansefo asɛnka adwuma no wɔ France. Bere bi wɔbɛhwehwɛɛ yɛn akuraa no ase. German asraafo twaa afie no nyinaa ho hyiae. Na Paapa atu amoa bi wɔ adaka a yɛde ntade sensɛn mu no ase, na yɛde Bible ho nhoma ahorow siee saa amoa no mu. Nanso, na Fascism or Freedom (Kankabi Nniso Anaa Ahofadi) nhomawa no pii gu adidipon no ho adaka bi mu. Paapa yɛɛ ntɛm de kosiee ne soro atade a na ɛsɛn abrannaa so no kotoku mu. Asraafo baanu ne France polisini bi na wɔbɛhwehwɛɛ yɛn fie hɔ. Yegyinaa hɔ komm. Asraafo no mu biako fii ase sɛ ɔrehwehwɛ ntade a ɛsensɛn abrannaa no so no mu, na ɛno akyi no, ankyɛ na ɔbaa gyaade hɔ, baabi a na yɛwɔ no a na nhomawa no kura no. Ɔhwɛɛ yɛn dinn, na ɔde nhomawa no guu ɔpon no so, na ɔkɔɔ so hwehwɛɛ mmeae foforo. Mefaa nhomawa no ntɛm ara de hyɛɛ adaka bi a na asraafo no ahwehwɛ mu dedaw mu. Ɔsraani no ammisa nhomawa no ho asɛm bio, na ɛyɛe sɛ nea na ne werɛ afi koraa!

Mede Me Ho Hyɛɛ Bere Nyinaa Som Adwuma Mu

Wɔ afe 1948 mu no, misii gyinae de me ho hyɛɛ Yehowa bere nyinaa som adwuma mu bɛyɛɛ akwampae adwuma. Nna kakraa bi akyi no, me nsa kaa krataa bi fii Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛwɔ France no hɔ. Na dwumadi bi ho asɛm wɔ krataa no mu sɛ menkɔsom sɛ ɔkwampaefo wɔ asafo a ɛwɔ Sedan a ɛbɛn Belgium no mu. M’awofo ani gyei sɛ mede me ho hyɛɛ Yehowa som mu wɔ saa kwan no so. Nanso, Paapa ka kyerɛɛ me sɛ akwampae adwuma no nyɛ mmerɛw. Ɛyɛ adwuma a ɛyɛ den. Nanso, ɔkae sɛ metumi aba ne fie bere nyinaa, na sɛ mihyia nsɛnnennen a metumi aba ne nkyɛn abegye mmoa. Ɛwom sɛ na m’awofo nni sika pii de, nanso wɔtɔɔ baesekre foforo maa me. Ɛho adanse krataa da so wɔ me nkyɛn, na bere biara a mɛhwɛ no na m’ani atetɛw. Paapa ne Maame wui wɔ afe 1961 mu, nanso meda so ara kae nyansasɛm a Paapa kae no; ahyɛ me nkuran akyekye me werɛ wɔ mfe a mede ayɛ ɔsom adwuma no nyinaa mu.

Onipa foforo a ɔhyɛɛ me nkuran ne onuawa Kristoni bi a na wadi mfirihyia 75 a na ɔwɔ Sedan asafo no mu a ne din de Elise Motte no. Sɛ edu ahohuru bere a na metra me baesekre so kɔka asɛm no wɔ nkuraa a atwa yɛn ho ahyia no ase, na na Elise fa keteke behyia me. Nanso, da koro keteke adwumayɛfo no tew atua sɛ wɔrenyɛ adwuma, enti na Elise rentumi nkɔ fie. Ade koro pɛ a na metumi ayɛ ne sɛ mede no bɛtra me baesekre no to baabi a mede me bag to no na mede no akɔ fie—ɛhɔ tra nyɛ dɛ. Ɛda a edi hɔ anɔpa no, mede sumii too baesekre no to hɔ kɔfaa Elise wɔ ne fie. Ogyaee keteke no fa, na ɔde sika a anka ɔde betua keteke no ka no tɔɔ anonne ma yɛnomee awiabere. Hena na na onim sɛ metumi de me baesekre no afa nipa?

Asɛyɛde Afoforo Pii

Wɔ afe 1950 mu no, wɔmaa mekɔsomee sɛ ɔmansin sohwɛfo wɔ France atifi fam nyinaa. Esiane sɛ na madi mfirihyia 23 pɛ nti, me nsa kae no ehu kaa me. Misusuwii sɛ na baa dwumadibea no adi mfomso! Nsɛmmisa pii baa m’adwenem: ‘Honhom fam ne honam fam nyinaa no, so na mefata ma saa adwuma yi? Na mɛyɛ dɛn atumi asesa me dabere dapɛn biara?’ Afei nso, midii mfirihyia asia no, ani yare bi yɛɛ me. Yare yi maa m’ani biako nyamee. Esiane eyi nti na mefɛre ade yiye, na na midwen sɛnea afoforo bɛyɛ wɔn ade wɔ me ho no ho. Anigyesɛm ne sɛ saa bere no, minyaa mmoa pii fii Stefan Behunick a na wawie Gilead asɛmpatrɛwfo sukuu no hɔ. Wɔde Onua Behunick baa France efisɛ na wɔapam no afi Poland esiane n’asɛnka adwuma nti. Nokwarem no, m’ani gyee n’akokoduru ho. Na ɔwɔ obu kɛse ma Yehowa ne nokware no. Na ebinom susuw sɛ ɔhyɛ me so dodo, nanso misuaa nneɛma pii fii ne hɔ. N’akokoduru no boaa me ma minyaa ahotoso.

Ɔmansin adwuma no maa minyaa osuahu ahorow a ɛyɛ anigye wɔ asɛnka adwuma no mu. Wɔ afe 1953 mu no, wɔka kyerɛɛ me sɛ menkɔsra Owura Paoli bi a na ɔte Paris anafo fam a na ɔkra Ɔwɛn-Aban no. Yehyiae, na mihui sɛ ɔyɛ ɔsraani a wakɔ pɛnhyen, na na n’ani gye Ɔwɛn-Aban no ho. Ɔka kyerɛɛ me sɛ bere a ɔkan asɛm bi a ɛfa Kristo wu Nkaedi ho a na apue wɔ nsɛmma nhoma no bi a na ɛbae nkyɛe mu no, ɔno ankasa hyɛɛ Nkaedi no ho fã no, na ɔkenkan Dwom nhoma no anwummere no nyinaa. Yɛbɔɔ nkɔmmɔ kyɛe yiye saa awia no. Ansa na merefi hɔ no, yɛkaa asubɔ nso ho asɛm tiawa. Akyiri yi metoo nsa frɛɛ no baa ɔmansin nhyiam a na yɛbɛyɛ wɔ afe 1954 mfiase no ase. Onua Paoli bae, na na ɔka nnipa 26 a wɔbɔɔ wɔn asu wɔ saa nhyiam no ase no ho. Osuahu ahorow a ɛtete saa da so ara ma m’ani gye.

Rosa: Mifii ase somee sɛ ɔkwampaefo wɔ October 1948 mu. Bere a mesomee wɔ Anor a ɛbɛn Belgium wiei no, wɔde me ne ɔkwampaefo foforo, Irène Kolanski (a seesei wɔfrɛ no Leroy no) kɔɔ Paris. Yɛtraa ɔdan ketewaa bi mu wɔ Saint-Germain-des-Près a ɛwɔ kurow no mfinimfini no. Esiane sɛ wɔtetee me akuraase nti, na misuro Parisfo no. Misusuwii sɛ wɔn nyinaa ani abue, na wonim nyansa yiye. Nanso, ankyɛ na menam asɛm a na meka kyerɛ wɔn no so behui sɛ wɔnyɛ nnipa soronko biara. Na apon ano ahwɛfo taa pam yɛn, na na ɛyɛ den sɛ yɛbɛhyehyɛ Bible adesua ahorow. Ɛno mpo no, nkurɔfo tiee yɛn asɛm no.

Wobisabisaa me ne Irène nsɛm faa yɛn akwampae adwuma no ho wɔ ɔmansin nhyiam bi ase wɔ afe 1951 mu. So wubetumi de w’adwene abu onipa a obisabisaa yɛn nsɛm no? Na ɛyɛ ɔmansin sohwɛfo aberante bi a ne din de Marian Szumiga. Na yɛahyia pɛn, nanso wɔ saa nhyiam no akyi no, yefii ase dii nkrataakyerɛw. Ná me ne Marian asetra di nsɛ wɔ nneɛma pii mu, a ebi ne sɛ yɛbɔɔ asu wɔ afe biako mu, na yɛbɛyɛɛ akwampaefo afe koro mu. Nanso, nea ɛho hia sen biara no, na yɛn baanu nyinaa pɛ sɛ yɛkɔ so yɛ bere nyinaa som adwuma no. Enti bere a yɛde mpaebɔ susuw ho akyi no, yɛwaree wɔ July 31, 1956. Aware no maa m’asetra sesae koraa. Ɛnyɛ ɔyere asɛyɛde nko na ɛbɛdaa me so na mmom na ɛsɛ sɛ meka Marian ho wɔ ɔmansin adwuma no mu a na ɛhwehwɛ sɛ mesesa me dabere dapɛn biara. Mfiase no na ɛyɛ den yiye, nanso mibenyaa anigye pii akyiri yi.

Asetra a Abotɔyam Wom

Marian: Mfirihyia pii a atwam mu no, yɛanya hokwan aboa ayɛ nhyiam akɛse pii ho nhyehyɛe. Ne titiriw no, mede anigye kae nea yɛyɛe wɔ afe 1966 mu wɔ Bordeaux no. Saa bere no, na wɔabara Yehowa Adansefo adwuma no wɔ Portugal. Enti wɔyɛɛ dwumadi no wɔ Portugal kasa mu nso maa Portugal Adansefo a wotumi tuu kwan baa France no. Yɛn nuanom Kristofo mmarima ne mmea ɔhaha pii na wofii Portugal bae, nanso asɛm a na ɛyɛ den no ne dabere a na yebenya ama wɔn. Esiane sɛ na Adansefo a wɔwɔ Bordeaux no nni adan pii wɔ wɔn afie mu nti, yegyee sinidan bi a hwee nni mu ma wɔdaa hɔ. Yetutuu nkongua no nyinaa, na yɛde adehwɛpon no so ntwamtam no twaa asa no mu yɛɛ no adan abien de biako maa anuanom mmarima no na yɛde biako maa mmea no. Yɛde nsu ne guasɛn kɔɔ aguaree hɔ, na yɛde sare guguu fam hɔ de ntama a emu yɛ duru sɛw so. Obiara ani gyee saa nhyehyɛe yi ho.

Sɛ na yɛpɔn nhyiam no bi a, na yɛkɔsra yɛn nuanom mmarima ne mmea no wɔ baabi a wɔda no. Na ɛhɔ yɛ anigye yiye. Hwɛ sɛnea osuahu ahorow a na wɔanya ɛmfa ho mfirihyia pii a na wɔde agyina ɔsɔretia ano no hyɛɛ yɛn nkuran! Bere a yewiee nhyiam no a wɔkɔe no, nusu guu yɛn nyinaa.

Na manya hokwan foforo wɔ afe 1964 mu, mfirihyia abien a na atwam no, bere a wɔkae sɛ menkɔsom sɛ ɔmantam sohwɛfo no. Saa bere yi nso misusuw ho sɛ ebia metumi ayɛ adwuma no anaa. Nanso, mekaa no me tirim sɛ sɛ wɔn a wodi asafo no anim no aka sɛ minnye dwumadi no a, ɛda adi sɛ wosusuw sɛ metumi ayɛ. Ɛyɛ anigye sɛ me ne ahwɛfo akwantufo foforo boom yɛɛ adwuma. Misuaa nneɛma pii fii wɔn nkyɛn. Wɔn mu pii yɛ abotare ne animia ho nhwɛso, su ahorow a ɛho hia wɔ Yehowa anim. Mabɛte ase sɛ sɛ yesi abotare a, Yehowa nim baabi a obehu yɛn.

Wɔ afe 1982 mu no, baa dwumadibea no kae nso sɛ yɛnkɔhwɛ kuw ketewaa bi a adawurubɔfo 12 a wɔka Poland kasa na wɔwom a ɛwɔ Boulogne-Billancourt a ɛwɔ Paris kurotia no so. Na ɛyɛ ahodwiriw. Na minim teokrase nsɛmfua wɔ Poland kasa mu, nanso na ɛyɛ den ma me sɛ metumi de abɔ nkɔmmɔ. Nanso, ayamye ne ɔpɛ mu a saa anuanom no fi yɛɛ ade no boaa me kɛse. Ɛnnɛ, adawurubɔfo bɛyɛ 170 na wɔwɔ saa asafo no mu, a wɔn mu bɛyɛ 60 yɛ akwampaefo. Akyiri yi, me ne Rosa kɔsrasraa akuw ne asafo ahorow a wɔka Poland kasa a ɛwɔ Austria, Denmark, ne Germany no nso.

Nsɛm Tebea a Ɛsakrae

Na yɛn adwuma ne sɛ yɛbɛsrasra asafo ahorow, nanso m’akwahosan a na ɛresɛe no hwehwɛe sɛ yegyae akwantu adwuma no wɔ afe 2001 mu. Yenyaa dan wɔ kurow Pithiviers mu, baabi a me nuabea Ruth te no. Baa dwumadibea no fi ayamye mu paw yɛn sɛ akwampaefo atitiriw a wɔatew yɛn nnɔnhwerew ahwehwɛde no so.

Rosa: Na ɛyɛ den ma me yiye wɔ afe a edi kan a yegyaee akwantu adwuma no mu. Na nsakrae no mu yɛ den, na metee nka sɛ nea mfaso biara nni me so. Afei mekaee me ho sɛ, ‘Wubetumi de wo bere ne ahoɔden kakra a wowɔ no ayɛ adwuma yiye sɛ ɔkwampaefo.’ Ɛnnɛ, ɛyɛ me anigye sɛ me ne akwampaefo foforo a wɔwɔ yɛn asafo mu reyɛ adwuma.

Yehowa Ahwɛ Yɛn Bere Nyinaa

Marian: Meda Yehowa ase paa sɛ Rosa ayɛ me hokafo mfirihyia 48 a atwam no mu. Waboa me pii wɔ mfe a mede ayɛ akwantu adwuma no nyinaa mu. Mentee sɛ waka pɛn sɛ, ‘Me yam a anka yɛatra faako anya yɛn ankasa fie.’

Rosa: Ɛtɔ mmere bi a obi ka kyerɛ me sɛ, “Mo asetra nyɛ nea ɛfata. Motete afoforo nkyɛn bere nyinaa.” Nanso dɛn ankasa ne “asetra a ɛfata”? Mpɛn pii na yɛsesaw nneɛma pii gu yɛn ho so na etumi bɛyɛ akwanside a ɛmma yentumi nyɛ Onyankopɔn som adwuma no yiye. Nea yehia ara ne mpa a ɛso ye, ɔpon, ne nneɛma kakra a ɛho hia. Sɛ́ akwampaefo no, na honam fam nneɛma kakraa bi pɛ na yɛwɔ, nanso na yɛwɔ biribiara a yehia a yɛde bɛyɛ Yehowa apɛde. Ɛtɔ mmere bi a na afoforo bisa me sɛ, “Sɛ mobɔ akwakoraa ne aberewa na munni mo ankasa mo fie na munnye pɛnhyen akatua a, dɛn na mobɛyɛ?” Sɛ ɛba saa a, meka asɛm a ɛwɔ Dwom 34:10 no kyerɛ wɔn sɛ: “Wɔn a wɔhwehwɛ [Yehowa, NW] no, ade pa biara remmɔ wɔn.” Yehowa ahwɛ yɛn bere nyinaa.

Marian: Saa pɛpɛɛpɛ na ɛte! Nokwarem no, Yehowa ama yɛn nea ɛboro yɛn so. Sɛ nhwɛso no, wɔ afe 1958 mu no, wɔpaw me sɛ minkosi yɛn mansin no ananmu wɔ amanaman ntam nhyiam a wɔyɛe wɔ New York no ase. Nanso, na yenni sika a yɛde bɛtɔ tekiti ama Rosa. Da koro anwummere onua bi de nhoma kotoku brɛɛ yɛn a na wɔakyerɛw so “New York.” Akyɛde a na ɛhyem no tumi maa me ne Rosa tuu kwan no!

Me ne Rosa nnuu yɛn ho koraa wɔ mfe a yɛde ayɛ Yehowa som adwuma no ho. Yɛnhweree biribiara, na yɛanya biribiara mmom—asetra a abotɔyam ne anigye wom wɔ bere nyinaa som adwuma no mu. Yehowa yɛ Onyankopɔn a ne yam ye. Yɛasua sɛ yɛde yɛn ho bɛto no so koraa, na ɔdɔ a yɛwɔ ma no no mu ayɛ den. Yɛn nuanom Kristofo binom de wɔn nkwa atwa so wɔ wɔn nokwaredi ho. Nanso, migye di sɛ obi nso betumi de ne nkwa abɔ afɔre nkakrankakra mfirihyia pii. Ɛno na me ne Rosa abɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ de abesi nnɛ, na ɛno na yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ daakye.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 14 Wotintim Louis Piéchota asetram nsɛm a wɔtoo din “I Survived the ‘Death March,’” (Minyaa Me Ti Didii Mu Wɔ ‘Owu Nsrabɔ’ no Mu) wɔ August 15, 1980, Engiresi Ɔwɛn-Aban no mu.

[Mfonini wɔ kratafa 20]

François ne Anna Szumiga ne wɔn mma, Stéphanie, Stéphane, Mélanie, ne Marian wɔ bɛyɛ afe 1930 mu. Marian na ogyina akongua so no

[Mfonini wɔ kratafa 22]

Atifi: Yɛde Bible ho nhoma rema wɔ gua so wɔ Armentières, France atifi fam, wɔ afe 1950 mu

[Mfonini wɔ kratafa 22]

Benkum: Stefan Behunick ne Marian wɔ afe 1950 mu

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Ade rebɛkye ma Marian ne Rosa ahyia ayeforo

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Rosa (benkum so nohoa) ne n’akwampae hokafo Irène (ɔto so anan fi benkum so), a wɔrebɔ nhyiam bi ho dawuru wɔ afe 1951 mu

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Baesekre so titiriw na na yɛtra wɔ amansin nsrahwɛ adwuma no mu