Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Agyapade Bɛn na Ɛsɛ sɛ Wode Gyaw Wo Mma?

Agyapade Bɛn na Ɛsɛ sɛ Wode Gyaw Wo Mma?

Agyapade Bɛn na Ɛsɛ sɛ Wode Gyaw Wo Mma?

PAVLOS, agya bi a ofi Europa anafo fam nnya bere koraa ne ne yere ne ne mmabea baanu a wɔadi mfe 13 ne 11 ne ne babarima a wadi mfe 7 no ntra fie. Dapɛn biara, Pavlos de nnɔnhwerew pii yɛ adwuma da biara sɛnea ɛbɛyɛ a obenya sika a ɛdɔɔso de adi botae kɛse bi a ɔde asi n’ani so ho dwuma. Ɔpɛ sɛ ɔtɔ fie ma ne mmabea baanu no mu biara na ɔhyehyɛ adwuma kakra ma ne babarima no. Sɛnea ɛbɛyɛ a ne yere Sofia nso benya ntade, mpasotam ne nea ɛtete saa, nkankyee a wɔnoa mu ne gyaade nneɛma foforo, sekamma, mprɛte, ne ntere ama fie a wɔbɛtotɔ ama wɔn mma no nti, ɔno nso yɛ adwumaden. Bere a wobisaa wɔn nea enti a wɔyɛ adwumaden saa no, wɔn nyinaa ano kɔɔ bɛnkoro mu sɛ, “Yɛn mma no ntia!”

Te sɛ Pavlos ne Sofia no, awofo pii a wɔwɔ wiase baabiara yɛ nea wobetumi biara sɛnea wɔbɛma wɔn mma anya nhyɛase pa. Ebinom tumi de sika sie ma wɔn mma daakye. Afoforo hwɛ hu sɛ wɔn mma benya nhomasua a ɛfata ne ntetee a ɛso bɛba wɔn mfaso daakye. Ɛwom sɛ awofo pii pɛ agyapade ma wɔn mma esiane ɔdɔ nti de, nanso mpɛn pii no esiane sɛ awofo pɛ sɛ wɔyɛ nea ɛbɛsɔ abusuafo, nnamfo ne nnipa a wɔne wɔn te mpɔtam ani nti, agyapade a ɛte saa a wɔpɛ no de ahokyere kɛse bɛto wɔn so. Ne saa nti, ɛfata sɛ awofo a wosusuw nneɛma ho bisa sɛ, ‘Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛde gyaw yɛn mma?’

Nhyehyɛe a Wobɛyɛ Ama Daakye

Ɛnyɛ sɛ Kristofo awofo pɛ sɛ wɔyɛ nhyehyɛe ma wɔn mma ara kwa na mmom Kyerɛwnsɛm no ka sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa. Ɔsomafo Paulo ka kyerɛɛ ne bere so Kristofo no sɛ: “Ɛnyɛ mma na ɛpɛ ade ma awofo, na mmom awofo na ɛpɛ ade ma mma.” (2 Korintofo 12:14) Paulo san kae sɛ hwɛ a awofo bɛhwɛ wɔn mma no nyɛ asɛyɛde a ɛsɛ sɛ wɔtoto no ase. Ɔkyerɛwee sɛ: “Na sɛ obi nhwɛ n’ankasa ne nnipa ne, ne titiriw no, ne fifo a, wapa gyidi, na ɔyɛ onipa bɔne sen nea onnye nni.” (1 Timoteo 5:8) Bible kyerɛwtohɔ pii ma yehu sɛ na agyapade ho nsɛm ho hia Onyankopɔn nkurɔfo a wɔtraa ase wɔ Bible mmere mu no.—Rut 2:19, 20; 3:9-13; 4:1-22; Hiob 42:15.

Nanso, ɛtɔ mmere bi a, awofo ma agyapade kɛse a wobenya ama wɔn mma no gye wɔn adwene dodo. Dɛn ntia? Agya bi a wɔfrɛ no Manolis a otu fii Europa anafo fam kɔɔ United States no kyerɛ ade biako nti a ɛte saa: “Awofo a wohuu adesɛe a ɛkɔɔ so wɔ Wiase Ko II no mu, awofo a ɔkɔm ne ohia aka wɔn pɛn no asi wɔn bo sɛ wɔbɛyɛ nea wobetumi biara na ama wɔn mma adi yiye.” Ɔde ka ho sɛ: “Esiane sɛ awofo ma wɔn mma ho asɛyɛde gye wɔn adwene dodo na wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛma wɔn mma anya nhyɛase pa nti, ɛtɔ da bi a wohu amane.” Nokwasɛm ne sɛ, sɛnea ɛbɛyɛ a awofo binom benya honam fam agyapade bi ama wɔn mma nti, wɔde nneɛma ahorow a ɛho hia wɔ asetram no kame wɔn ho. Nanso, so ɛfata sɛ awofo yɛ saa?

“Ahuhude ne Adebɔne Kɛse”

Ɔhene Salomo a ɔtraa ase wɔ tete Israel no de kɔkɔbɔ bi a ɛfa agyapade ho mae. Ɔkyerɛwee sɛ: “Me brɛ a mebrɛɛ owia ase no nyinaa fonoo me, sɛ merebegyaw mama onipa a obedi m’akyi aba no. Na hena na onim sɛ ɔbɛyɛ onyansafo anaa ɔkwasea? Nanso obedi m’ade a mebrɛɛ ho mede nyansa minyae owia ase no nyinaa so. Eyi nso yɛ ahuhude. . . . Na onipa bi wɔ hɔ a ne brɛ wɔ nyansa ne nimdeɛ ne yiyedi mu, nanso ɔde bɛma onipa a wammrɛ mu sɛ ne kyɛfa: Eyi nso yɛ ahuhude ne adebɔne kɛse.”—Ɔsɛnkafo 2:18-21.

Sɛnea Salomo kyerɛkyerɛ mu no, esiane sɛ wɔn a wonya agyapade no ammrɛ ho nti, ebia wɔrenkyerɛ ho anisɔ papa. Ne saa nti, ebia mma mfa nyansa nhwɛ nea wɔn awofo siam mfifiri pɛ de gyaw wɔn no so yiye. Ebi mpo a wɔbɛsɛe agyapade a wɔbrɛ pɛe no kwa. (Luka 15:11-16) Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ “ahuhude ne adebɔne kɛse” afa!

Agyapade ne Adifudepɛ

Ade foforo nso wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ awofo susuw ho. Wɔ mmusua a agyapade ne ahode a wɔde ma wɔn a wɔaware foforo ho hia wɔn paa mu no, mma betumi abɛyɛ adifudepɛfo aka sɛ wɔn awofo mma wɔn dan anaa tiade a awofo no ho nso so. Agya bi a ofi Greece a wɔfrɛ no Loukas kae sɛ: “Sɛ wo mmabea yɛ baanu anaa baasa de a, ɛnde due.” Ɔka sɛ: “Ebia mmabea de nea wɔn agya betumi de ama wɔn bɛtoto nea awofo foforo afi ‘ayamye mu’ apɛ asum hɔ ama wɔn mma ho. Ebia wɔbɛka sɛ, sɛ wɔannya tiade a emu yɛ duru a, wonnya kunu nware.” *

Manolis a yɛadi kan aka ne ho asɛm no ka sɛ: “Ebia aberante bi bɛtwentwɛn ne nan ase sɛ ɔbɛware ɔbea bi a ɔne no ayɛ aware nhyehyɛe kosi sɛ ɔbea no papa bɛhyɛ bɔ sɛ ɔbɛma ne ba no biribi, a mpɛn pii no ɛyɛ ofie anaa sika kɛse bi. Ebetumi abɛyɛ biribi te sɛ ahunahuna.”

Bible no bɔ yɛn kɔkɔ wɔ adifudepɛ nyinaa ho. Salomo kyerɛwee sɛ: “Awunnyade, [agyapade, NW] a wɔapere ho anya mfiase no, akyi renwie nhyira.” (Mmebusɛm 20:21) Ɔsomafo Paulo sii so dua sɛ: “Bɔne nyinaa ntini ne sikapɛ.”—1 Timoteo 6:10; Efesofo 5:5.

‘Nyansa ne Agyapade’

Ɛyɛ nokware sɛ mfaso bi wɔ agyapade so, nanso mfaso wɔ nyansa so koraa sen honam fam agyapade. Ɔhene Salomo kyerɛwee sɛ: “Nyansa ye sɛ awunnyade, [agyapade, NW] na ɛyɛ mfaso. . . Nyansa onwini ase tra te sɛ sika onwini ase tra, na nimdeɛ yɛ mfaso, na nyansa gye ne wura nkwa.” (Ɔsɛnkafo 7:11, 12; Mmebusɛm 2:7; 3:21) Ɛwom sɛ sika betumi ama ne wura no anya ahobammɔ wɔ ɔkwan bi so na ama ne nsa aka nea ohia de, nanso ebetumi afi ne nsa. Nea ɛne eyi bɔ abira no, nyansa—tumi a wotumi de nimdeɛ di ɔhaw anaa botae bi ho dwuma—betumi abɔ obi ho ban na wamfa ne ho ankɔhyɛ amanenya asɛm bi mu. Sɛ saa nyansa no gyina Onyankopɔn suro so a, ɛbɛboa no ma wanya daa nkwa wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu—agyapade a ɛsom bo ampa!—2 Petro 3:13.

Kristofo awofo da nyansa a ɛte saa adi denam nneɛma a ɛho hia a wɔde sisi wɔne wɔn mma ani so no so. (Filipifo 1:10) Ɛnsɛ sɛ honam fam agyapade a wɔpɛ gu hɔ ma mmofra no yɛ nea ɛho hia sen nneɛma a ɛne Onyankopɔn som wɔ abusuabɔ. Yesu hyɛɛ n’akyidifo nkuran sɛ: “Monhwehwɛ Onyankopɔn ahenni ne ne trenee kan; na wɔde eyinom nyinaa bɛka mo ho.” (Mateo 6:33) Awofo a wɔde Onyankopɔn som mu botae ahorow sisi wɔn Kristofo mmusua ani so no betumi ahwɛ anigye kɛse kwan. Ɔhene Salomo nyansafo no kyerɛwee sɛ: “Ahurusi na ɔtreneeni agya bedi, na nea ɔwoo onyansafo no ani gye ne ho. Ma w’agya ne wo na ani nnye, na nea ɔwoo wo no nni ahurusi.”—Mmebusɛm 23:24, 25.

Agyapade a Ɛtra Hɔ Daa

Ná agyapade ho nsɛm yɛ ade a ehia tete Israelfo no paa. (1 Ahene 21:2-6) Nanso Yehowa tuu wɔn fo sɛ: “Nsɛm yi a merehyɛ wo nnɛ yi nna wo koma so; na fa kyerɛkyerɛ wo mma yiye, na kasa ho, w’afitra mu ne wo kwan so nantew mu ne wo nna mu ne wo sɔre mu.” (Deuteronomium 6:6, 7) Saa ara na wɔka kyerɛ Kristofo awofo nso sɛ: ‘Monyɛn mo mma Yehowa kasakyerɛ ne nyansakyerɛ mu.’—Efesofo 6:4.

Awofo a Onyankopɔn som ho hia wɔn hu sɛ Bible akwankyerɛ a wɔde bɛma wɔn mma no nso ka hwɛ a wɔbɛhwɛ wɔn abusua no ho. Andreas, agya bi a ɔwɔ mma baasa ka sɛ: “Sɛ mmofra sua sɛ wɔde nnyinasosɛm pa bedi dwuma wɔ wɔn asetram a, ebesiesie wɔn yiye ama daakye.” Agyapade a ɛte saa no nso boa wɔn ma wɔne wɔn Bɔfo no nya abusuabɔ pa.—1 Timoteo 6:19.

So woasusuw Onyankopɔn som mu botae ahorow a wo ba de besi n’ani so daakye no ho? Sɛ nhwɛso no, sɛ awofo bi ba reyɛ bere nyinaa som adwuma a, dɛn na wobetumi ayɛ? Ɛwom sɛ ɛnsɛ sɛ bere nyinaa somfo bi ka sɛ n’awofo mmoa no wɔ sika fam anaa ɔhwɛ kwan sɛ wɔbɛboa no wɔ sika fam de, nanso awofo a wɔwɔ ɔdɔ betumi asi gyinae sɛ sɛnea ɛbɛboa abofra no ma wakɔ so ayɛ bere nyinaa som adwuma no, ‘wɔbɛma n’ahiade ho ahia wɔn’ bi. (Romafo 12:13; 1 Samuel 2:18, 19; Filipifo 4:14-18) Akyinnye biara nni ho sɛ mmoa a ɛte saa no bɛsɔ Yehowa ani.

Enti, agyapade bɛn na ɛsɛ sɛ awofo de gyaw wɔn mma? Nea ɛka honam fam agyapade ho no, Kristofo awofo bɛhwɛ ahu sɛ wɔn mma benya honhom fam agyapade a ɛso bɛba wɔn mfaso daa. Sɛ ɛkɔba no saa a, asɛm a ɛwɔ Dwom 37:18 bɛbam ama wɔn: “[Yehowa, NW] nim wɔn a wodi mu no nna, na wɔn agyapade bɛtra hɔ daa.”

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 11 Nkurɔfo anom nsɛm a wɔafa aka wɔ nkyekyɛm yi ne nea edidi so mu no fa aman a wɔn amanne hwehwɛ sɛ ɔbea no abusuafo na wotua tiade ma ɔbarima no abusuafo anaa wɔma wɔn akyɛde no ho. Wɔ Afrika aman pii mu no, ɛyɛ ɔbarima no anaa n’abusua na wɔhwɛ kwan sɛ wobetua tiade ama ɔbea no abusuafo na wɔakyɛ wɔn ade. Nanso, nnyinasosɛm a ɛwɔ saa asɛm yi mu no yɛ adwuma wɔ tebea horow abien no nyinaa mu.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 26]

Daakye bɛn na wopɛ sɛ wo mma nya?