Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Anigye a Wɔrehwehwɛ

Anigye a Wɔrehwehwɛ

Anigye a Wɔrehwehwɛ

MFE kakraa bi a atwam no, wobisaa nkurɔfo a wɔwɔ France, Germany, Great Britain, ne United States sɛ, “Dɛn na ɛde anigye ba?” Eyi ne nea wɔn a wobisaa wɔn asɛm no kae; ɔha mu 89 kae sɛ apɔwmuden na ɛde ba; ɔha mu 79 kae sɛ aware anaa ɔhokafo pa na ɛde ba; ɔha mu 62 kae sɛ abayɛn so akatua na ɛde ba; na ɔha mu 51 nso kae sɛ adwuma pa na ɛde anigye ba. Ɛwom sɛ wɔtaa ka sɛ sika ntɔ anigye de, nanso wɔn a wobisaa wɔn asɛm no ɔha mu 47 kaa no pen sɛ sika de anigye ba. Dɛn na adanse a ɛwɔ hɔ no da no adi?

Nea edi kan no, susuw ka a wɔka sɛ sika de anigye ba no ho hwɛ. Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ asikafo paa ɔha a wɔwɔ United States mu no daa no adi sɛ saa asikafo no nni anigye ahe biara nsen nnipa foforo a aka no. Bio nso, adwenemyare ho abenfo kyerɛ sɛ, ɛwom sɛ nnipa pii a wɔwɔ United States honam fam nneɛma abu abɔ ho wɔ mfe aduasa a atwam ni de, nanso ɛmmaa wonnyaa anigye nsen sɛnea na wɔte kan no. Nokwasɛm ni, amanneɛbɔ bi ka sɛ: “Bere koro no ara mu no, adwenemhaw akɔ soro. Mmofra a wɔadu wɔn mpanyin afe so a wokum wɔn ho abu abɔ ho abiɛsa. Awaregyae dodow abu abɔ ho abien.” Nhwehwɛmufo bi a wɔyɛɛ nhwehwɛmu wɔ aman bɛyɛ 50 mu fa abusuabɔ a ɛda anigye ne sika ntam nso kae sɛ wontumi mfa sika ntɔ anigye.

Nea ɛto so abien, so nneɛma te sɛ apɔwmuden, aware pa, ne adwuma pa tumi ma obi nya anigye? Wiɛ, sɛ ɛsɛ sɛ obi nya saa nneɛma no ansa na wanya anigye a, ɛnde na nnipa ɔpepem pii a wonni apɔwmuden ne wɔn a wonni aware pa no nso ɛ? Na awarefo a wonni mma ne mmarima ne mmea pii a wonni adwuma pa yɛ no nso ɛ? So yebetumi aka sɛ wɔahyehyɛ ato hɔ sɛ nnipa a wɔtete saa no mmedi awerɛhow daa? Na sɛ wɔn a mprempren wɔwɔ apɔwmuden ne aware pa no tebea sakra a, so wɔn anigye a wɔka sɛ wɔwɔ no bɛkɔ so atra hɔ?

So Yɛrehwehwɛ Wɔ Mmeae a Ɛfata?

Obiara pɛ sɛ n’ani gye. Esiane sɛ wɔbɔɔ onipa wɔ Onyankopɔn suban so na wɔka Ɔbɔadeɛ no ho asɛm sɛ ɔyɛ ‘anigye Nyankopɔn’ nti, ɛnyɛ nwonwa sɛ nnipa pɛ sɛ wonya anigye. (1 Timoteo 1:11; Genesis 1:26, 27) Nanso nnipa pii hu sɛ wɔn anigye abɛyɛ te sɛ samina ahuru, mframa bɔɔ so ara pɛ na ayera.

So ebetumi aba sɛ ebinom repere wɔn ho dodo rehwehwɛ anigye? Saa na nyansapɛfo a nnipa yiyedi ho nsɛm hia no, Eric Hoffer, susuwii sɛ asɛm no te. Ɔkae sɛ: “Nneɛma atitiriw a ɛmma nnipa nnya anigye no mu biako ne anigye a wɔrehwehwɛ.” Sɛ yɛanhwehwɛ anigye amfi beae a ɛfata de a, ɛnde na asɛm yi bɛyɛ nokware paa. Sɛ ɛkɔba no saa a, akyinnye biara nni ho sɛ yebehyia abasamtu ne huammɔdi. Sɛ́ yɛbɛbɔ mmɔden apɛ sika, sɛ́ yɛbɛpɛ din, sɛ́ yɛde yɛn ho bɛhyɛ amanyɔsɛm mu anaasɛ yɛbɛpɛ dibea anaa adwuma pa bi ayɛ, anaa mpo sɛ́ yɛbɛyɛ pɛsɛmenkominya no nyinaa mma yennya anigye. Ɛno nti ɛnyɛ nwonwa sɛ nnipa binom yɛ wɔn ade ma ɛne nsɛnkwaa bi a nhomakyerɛwfo bi yii yi hyia: “Sɛ yɛanni anigye akyi a, yebenya anigye sɛnea ɛsɛ”!

Ade titiriw biako nso a ɛbɛdaa adi wɔ nhwehwɛmu a yɛaka ho asɛm dedaw no mu ni, nnipa 10 biara a wobisaa wɔn nsɛm no mu 4 kae sɛ, sɛ woyɛ nkurɔfo papa boa wɔn a, ɛma wunya anigye. Nnipa 4 biara mu 1 sii so dua wɔ nhwehwɛmu no mu sɛ gyidi ne ɔsom bi muni a wobɛyɛ no ho hia paa na ama woanya anigye. Akyinnye biara nni ho sɛ ɛho hia sɛ yɛhwehwɛ nea ɛde anigye ankasa ba no mu yiye. Asɛm a edi hɔ no bɛboa yɛn ma yɛayɛ saa.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 3]

Nnipa pii susuw sɛ ade titiriw a ɛde anigye ba ne sika, abusua asetra a ɛyɛ papa, anaa adwuma pa. So wo ne wɔn yɛ adwene?