Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Hwɛ Yiye Wɔ “Ananafo Nne” Ho

Hwɛ Yiye Wɔ “Ananafo Nne” Ho

Hwɛ Yiye Wɔ “Ananafo Nne” Ho

“Ɔnanani de, wɔrenni n’akyi ɔkwan biara so, mmom wobeguan afi ne nkyɛn, efisɛ wonnim ananafo nne.”—Yohane 10:5, Nw.

1, 2. (a) Dɛn na Maria yɛe bere a Yesu bɔɔ ne din frɛɛ no no, na Yesu asɛm a ɔkae bere bi a atwam bɛn na ɛkyerɛkyerɛ nea esii yi mu? (b) Dɛn na ɛboa yɛn ma yɛbɛn Yesu?

YESU a wɔanyan no no huu ɔbea a ogyina n’aboda a hwee nnim no nkyɛn. Ná Yesu nim no yiye. Ná ɛyɛ Maria Magdalene. Ná watu ahonhommɔne afi ne mu bɛyɛ mfe abien a atwam no. Efi saa bere no ɔde ne ho bɔɔ Yesu ne n’asuafo no hwɛɛ wɔn maa wɔn nsa kaa wɔn da biara ahiade. (Luka 8:1-3) Nanso, saa da yi de na Maria resu, na awerɛhow aka no yiye efisɛ bere a Yesu rewu no na ɔwɔ hɔ, na afei de n’amu mpo ayera! Enti Yesu bisaa no sɛ: “Ɔbea, adɛn na wusu? Wohwehwɛ hena?” Ná osusuw sɛ ɔyɛ turom hɔ hwɛfo nti obuae sɛ: “Owura, sɛ woafa no afi ha a, kyerɛ me nea wode no akɔto, na menkɔfa no!” Afei Yesu kae sɛ: “Maria!” Ntɛm ara na ohuu sɛnea ɛyɛ a Yesu ne no kasa no. Ɔde anigye teɛɛm sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfo!” Na ɔyɛɛ Yesu atuu.—Yohane 20:11-18.

2 Saa kyerɛwtohɔ yi kyerɛkyerɛ asɛm bi a Yesu kae bere bi a atwam mu wɔ kwan a ɛka koma so. Bere a ɔde ne ho totoo oguanhwɛfo ho na ɔde n’akyidifo no totoo nguan ho no, ɔkae sɛ oguanhwɛfo no bobɔ n’ankasa nguan din frɛ wɔn, na wonim ne nne. (Yohane 10:3, 4, 14, 27, 28) Nokwarem no, sɛnea oguan te ne hwɛfo nne no, saa ara na Maria nso tee ne Guanhwɛfo, Kristo nne. Yesu akyidifo a wɔwɔ hɔ nnɛ nso te ne nne saa ara. (Yohane 10:16) Sɛnea oguan tumi tie na ohu sɛ ne hwɛfo ni na ɔbɛn no no, saa ara na Onyankopɔn asɛm mu ntease a yɛwɔ no boa yɛn ma yedi yɛn Guanhwɛfo Pa, Yesu Kristo anammɔn akyi pɛɛ.—Yohane 13:15; 1 Yohane 2:6; 5:20.

3. Nsɛmmisa bɛn na Yesu mfatoho a ɛfa nguannan ho no ma ɛsɔre?

3 Nanso, sɛnea saa mfatoho no kyerɛ no, hu a oguan tumi hu nsonsonoe a ɛwɔ nnipa nne ahorow mu no boa no ma ohu n’adamfo ne ne tamfo nso. Ɛno ho hia paa efisɛ yɛwɔ asɔretiafo bi a wɔyɛ nnaadaafo. Wɔne henanom? Ɔkwan bɛn so na wɔyɛ wɔn ade? Yɛbɛyɛ dɛn abɔ yɛn ho ban? Nea ɛbɛma yɛahu no, momma yɛnhwɛ nea Yesu ka kaa ho wɔ mfatoho a ɔyɛ faa nguannan ho no ho.

‘Nea Ɔmfa Ɔpon Ano Nkɔ Mu’

4. Sɛnea mfatoho a ɛfa oguanhwɛfo no ho kyerɛ no, hena na nguan no di n’akyi, na hena na wonni n’akyi?

4 Yesu ka sɛ: “Nea ɔfa ɔpon ano kɔ mu no ne nguan no hwɛfo. Ɔno na ɔpon ano hwɛfo hiɛ ma no, na nguan no te ne nne, na ɔbɔ n’ankasa nguan din frɛ wɔn de wɔn fi adi. Na ɔma n’ankasa nguan fi adi a, odi wɔn anim; na nguan no di n’akyi, efisɛ wonim ne nne. Na ɔnanani de, wɔrenni n’akyi ɔkwan biara so, mmom wobeguan afi ne nkyɛn, efisɛ wonnim ananafo nne.” (Yohane 10:2-5, NW) Hyɛ no nsow sɛ Yesu de asɛmfua, ‘ɛnne’ dii dwuma mprɛnsa. Ɔkaa oguanhwɛfo nne ho asɛm mprenu, nanso ne mprɛnsa so no, ɔkaa “ananafo nne” ho asɛm. Ɔnanani bɛn na na Yesu reka ne ho asɛm no?

5. Dɛn nti na yɛnna ahɔhoyɛ adi nkyerɛ ɔnanani a wɔaka ne ho asɛm wɔ Yohane ti 10 no mu no?

5 Ná ɛnyɛ ɔnanani a yɛbɛpɛ sɛ yɛda ahɔhoyɛ adi kyerɛ no ho asɛm na na Yesu reka. Wɔ Bible mfitiase kasa mu no, ahɔhoyɛ yɛ asɛmfua a ɛkyerɛ “ahɔho ho dɔ.” (Hebrifo 13:2) Wɔ Yesu mfatoho no mu no, ɔnanani no yɛ obi a wɔntoo nsa mfrɛɛ no. “Ɔmfa ɔpon ano nkɔ nguannan mu na ɔforo fa baabi.” Ɔyɛ “owifo ne odwowtwafo.” (Yohane 10:1) Hena na Onyankopɔn Asɛm ka sɛ ɔne obi a odi kan a ɔbɛyɛɛ owifo ne odwowtwafo? Satan Ɔbonsam. Yehu adanse no wɔ Genesis nhoma no mu.

Bere a Wodii Kan Tee Ɔnanani Nne

6, 7. Dɛn nti na wobetumi afrɛ Satan sɛ ɔnanani ne owifo ma afata?

6 Genesis 3:1-5 kyerɛkyerɛ sɛnea wɔtee ɔnanani nne bere a edi kan wɔ asase so mu. Kyerɛwtohɔ no ka sɛ Satan faa ɔwɔ so na ɔkasa kyerɛɛ ɔbea a odi kan, Hawa, na ɔdaadaa no. Ɛwom sɛ wɔnka Satan ho asɛm sɛ “ɔnanani” wɔ saa kyerɛwtohɔ yi mu de, nanso ne nneyɛe kyerɛ sɛ na ɔte sɛ ɔnanani a Yesu kaa ne ho asɛm wɔ ne mfatoho a ɛwɔ Yohane ti 10 no mu wɔ akwan pii so. Susuw nsɛdi bi ho hwɛ.

7 Yesu kae sɛ ɔnanani no nwonwan na ɔba nguan no nkyɛn wɔ nguannan no mu. Saa ara na Satan nso faa ɔwɔ so kɔɔ Hawa nkyɛn. Saa anifere kwan a Satan faa so no maa ne ho daa hɔ ma yehuu onii kõ a ɔyɛ ankasa. Ɔyɛ ɔdaadaafo a owiaa ne ho baa mu. Bio nso, ɔnanani a ɔkɔ nguannan no mu no adwene ne sɛ obewia owura no nguan no. Nokwasɛm ne sɛ, ɔkyɛn owifo koraa efisɛ ne botae ne sɛ ‘obekum na wasɛe’ nso. (Yohane 10:10) Ná Satan nso yɛ owifo saa ara. Ɔdaadaa Hawa wiaa ɔsom a ɔde ma Onyankopɔn no. Bio nso, Satan de owu baa nnipa so. Enti, ɔyɛ owudifo.

8. Ɔkwan bɛn so na Satan kyinkyim Yehowa nsɛm ne adwene a okura no?

8 Satan nnaadaa no daa adi wɔ ɔkwan a ɔfaa so kyinkyim Yehowa nsɛm ne adwene a okura no mu. Obisaa Hawa sɛ: ‘Ampa na Onyankopɔn aka sɛ: Munnni turom ha nnua nyinaa bi?’ Satan yɛɛ ne ho sɛ nea asɛm no yɛ no nwonwa, wobɛka sɛ na ɔreka sɛ: ‘Dɛn nti na Onyankopɔn tirim yɛ den saa?’ Ɔde kaa ho sɛ: “Onyankopɔn nim sɛ da a mubedi bi no, mo ani bebue.” Hyɛ ne nsɛm no nsow: “Onyankopɔn nim.” Enti na Satan repɛ akyerɛ sɛ: ‘Minim nea Onyankopɔn nim. Minim n’adwene, na ɛyɛ bɔne.’ (Genesis 2:16, 17; 3:1, 5) Awerɛhosɛm ne sɛ, Hawa ne Adam annan wɔn ho amfi saa ɔnanani yi nne ho. Mmom no, wotiei na wɔde ɔhaw baa wɔne wɔn asefo so.—Romafo 5:12, 14.

9. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ yɛbɛte ananafo nne nnɛ?

9 Satan fa akwan a ɛtete saa so daadaa Onyankopɔn nkurɔfo nnɛ. (Adiyisɛm 12:9) Ɔyɛ “atoro agya,” na wɔn a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛdaadaa Onyankopɔn nkoa te sɛ ɔno no yɛ ne mma. (Yohane 8:44) Momma yɛnhyɛ akwan a yɛfa so te ananafo nne nnɛ no bi nsow.

Sɛnea Yɛte Ananafo Nne Nnɛ

10. Dɛn ne ɔkwan biako a yɛfa so te ananafo nne nnɛ?

10 Nnaadaasɛm. Ɔsomafo Paulo ka sɛ: ‘Mommma nkyerɛkyerɛ horow ne nsɛm foforo mmfa mo nnkyinkyini.’ (Hebrifo 13:9) Nkyerɛkyerɛ bɛn? Esiane sɛ ebetumi de yɛn ‘akyinkyin’ nti, ɛda adi sɛ na Paulo reka nkyerɛkyerɛ a ɛma yɛyɛ mmerɛw wɔ Onyankopɔn som mu ho asɛm. Henanom na wɔde nkyerɛkyerɛ foforo a ɛte saa rema? Paulo ka kyerɛɛ Kristofo mpanyimfo kuw bi sɛ: “Mo ankasa mu nnipa bɛsɔre a wɔbɛka nkontomposɛm de atwe asuafo no adi wɔn akyi.” (Asomafo no Nnwuma 20:30) Nokwarem no, ɛnnɛ ankorankoro bi a anka kan no na wɔyɛ Kristofo asafo no mufo wɔ hɔ a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛka “nkontomposɛm”—te sɛ nokwasɛm a atoro frafra ne atosɛm ankasa—de adaadaa nguan no te sɛ Paulo bere so ara pɛ. Sɛnea ɔsomafo Petro kae no, wɔde ‘nnaadaasɛm bɛpɛ mfasoɔ’—ɛyɛ nsɛm a ɛte sɛ nea ɛyɛ nokware nanso ɛyɛ atosɛm ankasa.—2 Petro 2:3, Asante Twi Bible.

11. Ɔkwan bɛn so na asɛm a ɛwɔ 2 Petro 2:1, 3 no pa kwan a awaefo fa so ne wɔn botae ho ntama?

11 Petro san pa akwan a awaefo fa so no ho ntama denam ka a ɔka sɛ ‘wobewiawia wɔn ho de fekusɛm a edi awu aba mu’ no so. (2 Petro 2:1, 3, NW) Sɛnea owifo no a ɔwɔ Yesu mfatoho a ɛfa nguannan ho no ‘mfa ɔpon ano nkɔ mu na mmom ɔforo fa baabi no,’ saa ara na awaefo nso wia wɔn ho ba yɛn nkyɛn. (Galatifo 2:4; Yuda 4) Wɔn botae ne dɛn? Petro de ka ho sɛ: ‘Wɔbɛpɛ mo ho mfaso.’ Nokwarem no, ɛmfa ho nea awaefo bɛka de akyerɛ wɔn nsɛm mu no, obi a owia ne ho ba mu botae ankasa ne sɛ, “ɔrebewia, na wakum, na wasɛe.” (Yohane 10:10) Hwɛ yiye wɔ ananafo a wɔte saa ho!

12. (a) Ɔkwan bɛn so na yɛn fekubɔ betumi ama ananafo nne anya yɛn? (b) Nsɛdi bɛn na ɛwɔ Satan akwan ne ananafo de mu nnɛ?

12 Fekubɔne. Yebetumi ate ananafo nne wɔ wɔn a yɛne wɔn bɔ mu. Mmabun titiriw na fekubɔne de wɔn to asiane mu. (1 Korintofo 15:33) Kae sɛ Hawa a na ɔyɛ kumaa na onni osuahu pii wɔ nnipa baanu a wodi kan no mu no na Satan de n’ani sii no so. Satan maa no gye dii sɛ Yehowa aka n’ahofadi ahyɛ dodo, bere a na ɛnte saa koraa. Ná Yehowa dɔ nnipa a wabɔ wɔn no na na odwen wɔn yiyedi ho. (Yesaia 48:17) Saa ara na ɛnnɛ ananafo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛdaadaa mo mmabun ma moagye adi sɛ mo awofo a wɔyɛ Kristofo no ka mo ahofadi hyɛ dodo. Ɔkwan bɛn so na ananafo a wɔte saa betumi anya mo so nkɛntɛnso? Kristoni ababaa bi ka sɛ: “Me mfɛfo sukuufo maa me gyidi yɛɛ mmerɛw kakra wɔ bere bi mu. Wɔkɔɔ so kae sɛ ɔsom a mewom no hyɛ me so na ntease biara nnim.” Nanso, nokwasɛm ne sɛ w’awofo dɔ wo. Enti sɛ wo mfɛfo sukuufo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛma woagye adi sɛ ɛho nhia sɛ wode wo ho bɛto w’awofo so a, mma wɔnnaadaa wo te sɛ Hawa.

13. Ɔkwan pa bɛn na Dawid dii akyi, na ɔkwan biako bɛn na yebetumi afa so asuasua no?

13 Odwontofo Dawid ka faa fekubɔne ho sɛ: “Me ne nnipa huhuw antra, na me ne nyaatwomfo anhyia mu.” (Dwom 26:4) So woahyɛ ananafo su ankasa nsow wɔ ha nso? Wɔnna sɛnea wɔte ankasa adi—te sɛ nea Satan nso faa ɔwɔ so na wanyi ne ho adi no. Ɛnnɛ, nnipa binom a wɔn bra asɛe fa Intanɛt so na amma wɔanhu sɛnea wɔte ne adwene ankasa a wokura. Mpanyin bi mpo a wɔn bra asɛe betumi ayɛ wɔn ho sɛ mmabun wɔ Intanɛt dwumadibea ahorow bi so de adaadaa wo ma woatɔ wɔn afiri mu. Mmabun, yɛsrɛ mo, monyɛ ahwɛyiye paa anyɛ saa a wɔbɛsɛe mo ne Onyankopɔn ntam abusuabɔ.—Dwom 119:101; Mmebusɛm 22:3.

14. Ɛtɔ mmere bi a, ɔkwan bɛn so na nsɛm ho amanneɛbɔfo tintim ananafo nne ho nsɛm?

14 Ntwatoso. Ɛwom sɛ nsɛm ho amanneɛbɔ bi ka Yehowa Adansefo ho nokwasɛm de, nanso ɛtɔ da bi a nsɛm ho amanneɛbɔfo no ma kwan ma ananafo de wɔn di dwuma ka atosɛm. Sɛ nhwɛso no, wɔ ɔman bi mu no, nsɛm ho amanneɛbɔ bi kaa atosɛm sɛ Adansefo no gyinaa Hitler aban no akyi wɔ Wiase Ko II no mu. Wɔ ɔman foforo mu no, amanneɛbɔ bi bɔɔ Adansefo no sobo sɛ wɔresɛe asɔredan ahorow. Wɔ aman pii so no, nsɛm ho amanneɛbɔfo abɔ Adansefo sobo sɛ wɔmpɛ sɛ wɔsa wɔn mma yare. Wɔsan nso bɔ wɔn sobo sɛ wɔhyɛ da bu wɔn ani gu bɔne a anibere wom a wɔn mfɛfo gyidifo yɛ so. (Mateo 10:22) Ɛno mpo no, nnipa komapafo a wonim yɛn no hu sɛ sobo a ɛtete saa no yɛ atoro.

15. Dɛn nti na nyansa nnim sɛ yebegye biribiara a nsɛm ho amanneɛbɔfo ka no adi?

15 Sɛ yehyia sobo a ɛtete saa a ananafo yi retrɛw mu no a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Ɛsɛ sɛ yetie afotu a ɛwɔ Mmebusɛm 14:15 a ɛka sɛ: “Atetekwaa gye nsɛm nyinaa di, na onitefo hwɛ ne nantew mu yiye” no. Nyansa nnim sɛ yebegye biribiara a nsɛm ho amanneɛbɔfo ka sɛ ɛyɛ nokware no adi. Ɛwom, ɛnyɛ nsɛm a wiase nsɛm ho amanneɛbɔfo no ka nyinaa na yennye nni de, nanso yenim sɛ ‘wiase nyinaa da ɔbɔne no mu.’—1 Yohane 5:19.

‘Monsɔ Honhom Mu Nsɛm no Nhwɛ’

16. (a) Ɔkwan bɛn so na nguan ankasa suban da nokwasɛm a ɛwɔ Yesu nsɛm a ɛwɔ Yohane 10:4 no adi? (b) Dɛn na Bible no hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnyɛ?

16 Nanso, yɛbɛyɛ dɛn ahu ampa sɛ yɛne adamfo anaa ɔtamfo na ɛredi? Yesu kae sɛ nguan no di oguanhwɛfo no akyi “efisɛ wonim ne nne.” (Yohane 10:4) Ɛnyɛ oguanhwɛfo no atade a ɔhyɛ na ɛma nguan no di n’akyi, na mmom ɛyɛ ne nne. Bible nsase ho nhoma bi ka sɛ bere bi ɔhɔho bi kyerɛe sɛ ɛyɛ atade a oguanhwɛfo hyɛ na ɛma ne nguan hu no na ɛnyɛ ne nne no ho asɛm. Oguanhwɛfo bi kyerɛe sɛ ɛyɛ ne nne na wonim. Nea ɛbɛma wɔahu nokwasɛm a ɛwɔ mu no, oguanhwɛfo no ne ɔhɔho no sesaa ntade. Ɔhɔho no hyɛɛ oguanhwɛfo no atade no na ɔfrɛɛ nguan no, nanso wɔammua no. Ná wonnim ne nne. Nanso, bere a oguanhwɛfo no frɛɛ wɔn a na ɔnhyɛ n’ankasa atade mpo no, nguan no baa ne nkyɛn ntɛm ara. Enti, ebetumi aba sɛ obi sɛ oguanhwɛfo, nanso wɔ nguan fam no, ɛno nkyerɛ sɛ ɔyɛ oguanhwɛfo ankasa. Enti sɛ yɛbɛka a, nguan no tie nea ɔfrɛ no nne na wɔde toto oguanhwɛfo no de ho. Onyankopɔn Asɛm ka kyerɛ yɛn sɛ yɛnyɛ saa ara—‘monsɔ honhom mu nsɛm no nhwɛ sɛ efi Nyankopɔn anaa.’ (1 Yohane 4:1; 2 Timoteo 1:13) Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛayɛ saa?

17. (a) Yɛyɛ dɛn hu Yehowa nne yiye? (b) Yehowa ho nimdeɛ boa yɛn ma yɛyɛ dɛn?

17 Enti ntease wom sɛ, sɛ yehu Yehowa nne anaa n’asɛm yiye a, ɛbɛma yɛahu ɔnanani nne yiye. Bible no kyerɛ sɛnea yenya nimdeɛ a ɛte saa no. Ɛka sɛ: Mo aso bɛte asɛm bi wɔ mo akyi sɛ: ‘Eyi ne kwan no. Monnantew so.’ (Yesaia 30:21) “Asɛm” a yɛte wɔ yɛn akyi no fi Onyankopɔn Asɛm no mu. Bere biara a yɛbɛkan Onyankopɔn Asɛm no, ɔkwan bi so no, yɛte yɛn Guanhwɛfo Kɛse, Yehowa nne. (Dwom 23:1) Enti, dodow a yesua Bible no, dodow no ara nso na yehu Onyankopɔn nne yiye. Saa nimdeɛ a emu dɔ no nso boa yɛn ma yehu ananafo nne ntɛm ara.—Galatifo 1:8.

18. (a) Yehowa nne a yebehu no kyerɛ dɛn? (b) Sɛnea Mateo 17:5 kyerɛ no, dɛn nti na ɛsɛ sɛ yetie Yesu nne?

18 Dɛn bio na ɛka Yehowa nne a yebehu ho? Te a yɛbɛte nne no da nkyɛn a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ osetie nso. San hyɛ Yesaia 30:21 no nsow. Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: “Eyi ne kwan” no. Yiw, yɛte Yehowa akwankyerɛ denam Bible no a yesua no so. Nea edi hɔ no, ɔhyɛ yɛn sɛ: “Monnantew so.” Yehowa pɛ sɛ yɛde nea yɛte no yɛ adwuma. Enti, sɛ yɛde nea yesua no yɛ adwuma a, yɛda no adi sɛ ɛnyɛ Yehowa nne kɛkɛ na yɛate na mmom yɛatie ne nne nso. (Deuteronomium 28:1) Yehowa nne a yebetie nso kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yetie Yesu nso nne, efisɛ Yehowa ankasa ka kyerɛ yɛn sɛ yɛnyɛ saa. (Mateo 17:5) Dɛn na Yesu, Oguanhwɛfo Pa no ka kyerɛ yɛn sɛ yɛnyɛ? Ɔkyerɛkyerɛ yɛn sɛ yɛnyɛ asuafo na yennya awerɛhyem wɔ “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no mu. (Mateo 24:45; 28:18-20) Yesu nne a yebetie no bɛma yɛanya daa nkwa.—Asomafo no Nnwuma 3:23.

‘Wobeguan Afi ne Nkyɛn’

19. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade dɛn wɔ ananafo nne ho?

19 Ɛnde, ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade dɛn wɔ ananafo nne ho? Ɛsɛ sɛ yɛyɛ sɛnea nguan yɛ no. Yesu ka sɛ: “Ɔnanani de wɔrenni n’akyi ɔkwan biara so, mmom wobeguan afi ne nkyɛn.” (Yohane 10:5, NW) Yɛbɛyɛ yɛn ade wɔ akwan abien so. Nea edi kan no, ɔnanani de, ‘yɛrenni n’akyi ɔkwan biara so.’ Yiw, yegyina pintinn po ɔnanani. Nokwarem no, wɔ Hela kasa a wɔde kyerɛw Bible no mu no, asɛm “ɔkwan biara so” no kyerɛ sɛnea wɔpo ade bi korakora wɔ saa kasa no mu. (Mateo 24:35; Hebrifo 13:5) Nea ɛto so abien no, ‘yebeguan afi ne nkyɛn’ anaa yɛbɛdan yɛn ho akɔ. Ɛno nkutoo ne ɔkwan a ɛteɛ a yebetumi afa so apo wɔn a wɔn nkyerɛkyerɛ ne Oguanhwɛfo Pa no de nhyia no.

20. Yɛbɛyɛ yɛn ade dɛn (a) bere a yehyia awaefo nnaadaafo no? (b) bere a yehyia fekubɔne no? (d) bere a wɔka nsɛm to yɛn so wɔ nsɛm ho amanneɛbɔ mu no?

20 Enti, sɛ yehyia wɔn a wokura awaefo adwene a, yɛpɛ sɛ yɛyɛ nea Onyankopɔn Asɛm ka yi: ‘Monkari wɔn a wɔde mpaapaemu ba na wɔto hintidua de sɛe kyerɛ a moasua no, na montwe mo ho mfi wɔn mu.(Romafo 16:17; Tito 3:10) Saa ara na Kristofo mmabun a wɔrehyia fekubɔne ho asiane no bɛpɛ sɛ wɔde Paulo afotu a ɔde maa Timoteo sɛ: ‘Guan mmerante bere mu akɔnnɔ’ no yɛ adwuma. Na sɛ wɔka nsɛm to yɛn so wɔ nsɛm ho amanneɛbɔ mu a, yɛbɛkae Paulo asɛm a ɔsan de maa Timoteo yi: ‘Wɔn a wotie ananafo nne no bɛdan akotie atosɛm. Wo de, ma w’ani nna hɔ ade nyinaa mu.’ (2 Timoteo 2:22; 4:3-5) Ɛmfa ho sɛ ɛbɛyɛ te sɛ nea ananafo nne yɛ dɛ no, ɛsɛ sɛ yeguan fi biribiara a ɛbɛsɛe yɛn gyidi ho.—Dwom 26:5; Mmebusɛm 7:5, 21; Adiyisɛm 18:2, 4.

21. Akatua bɛn na wɔn a wɔpo ananafo nne no benya?

21 Sɛ Kristofo a wɔasra wɔn po ananafo nne a, na wɔretie Oguanhwɛfo Pa no nsɛm a ɛwɔ Luka 12:32 no. Yesu ka kyerɛ wɔn wɔ hɔ sɛ: “Kuw ketewa, munnsuro! Efisɛ ɛyɛ mo agya no fɛ sɛ ɔde ahenni no bɛma mo.” Saa ara na “nguan foforo” no nso hwɛ kwan denneennen sɛ wɔbɛte Yesu nsɛm yi: “Mo a m’agya ahyira mo, mommra mmɛfa ahenni a wɔasiesie ama mo fi wiase asefi mu no nni!” (Yohane 10:16; Mateo 25:34) Sɛ yɛpo “ananafo nne” a, hwɛ akatua a ɛyɛ anigye a yebenya!

So Wokae?

• Ɔkwan bɛn so na ɔnanani a wɔaka ne ho asɛm wɔ Yesu mfatoho a ɛfa nguannan ho no fata Satan?

• Ɔkwan bɛn so na yɛte ananafo nne nnɛ?

• Yɛbɛyɛ dɛn atumi ahu ananafo nne?

• Ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade dɛn wɔ ananafo nne ho?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Maria huu Kristo

[Mfonini wɔ kratafa 16]

Ɔnanani no nkɔ nguan no nkyɛn tẽẽ

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Yɛyɛ yɛn ade dɛn wɔ ananafo nne ho?