Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Momfa “Nokoro” Nhyɛ Onyankopɔn Anuonyam

Momfa “Nokoro” Nhyɛ Onyankopɔn Anuonyam

Momfa “Nokoro” Nhyɛ Onyankopɔn Anuonyam

‘Momfa nokoro nhyɛ Onyankopɔn, yɛn Awurade Yesu Kristo n’agya, anuonyam.’—ROMAFO 15:6.

1. Adwene a ɛsonsono ho asuade bɛn na ɔsomafo Paulo de maa ne mfɛfo gyidifo no?

KRISTOFO nyinaa mpaw ade koro na saa ara na wɔn nyinaa nso ani nnye ade koro ho. Nanso, ɛsɛ sɛ Kristofo nyinaa de biakoyɛ nantew ɔkwan a ɛkɔ nkwa mu no so. So ebetumi ayɛ yiye? Yiw, sɛ yɛamma nsɛm nketenkete ammɛdan akɛse a. Ɛno ho asuade na ɔsomafo Paulo de maa ne mfɛfo gyidifo a wɔtraa ase wɔ afeha a edi kan no mu no. Ɔkwan bɛn so na ɔkyerɛkyerɛɛ saa asɛnhia yi mu? Na ɔkwan bɛn so na yebetumi de n’afotu a ɛwɔ Bible mu no ayɛ adwuma nnɛ?

Hia a Kristofo Biakoyɛ Ho Hia

2. Ɔkwan bɛn so na Paulo sii hia a biakoyɛ ho hia so dua?

2 Ná Paulo nim sɛ Kristofo biakoyɛ ho hia, enti ɔde afotu pa a ɛbɛboa Kristofo ma wɔne wɔn ho wɔn ho atra wɔ ɔdɔ mu mae. (Efesofo 4:1-3; Kolosefo 3:12-14) Nokwarem no, bere a ɔhyehyɛɛ asafo pii na ɔde bɛboro mfe 20 nso srasraa asafo afoforo akyi no, ohui sɛ ebetumi ayɛ den sɛ biakoyɛ bɛkɔ so atra wɔn mu. (1 Korintofo 1:11-13; Galatifo 2:11-14) Enti, ɔhyɛɛ mfɛfo gyidifo a na wɔwɔ Roma no nkuran sɛ: ‘Boasetɔ ne awerɛkyekye Nyankopɔn mma momfa koma koro ne nokoro nhyɛ Onyankopɔn, yɛn Awurade Yesu Kristo N’agya, anuonyam.’ (Romafo 15:5, 6) Ɛnnɛ, saa ara na ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛde “nokoro” hyɛ Yehowa Nyankopɔn anuonyam sɛ ne nkurɔfo a wɔyɛ nnipakuw biako. Ɔkwan bɛn so na yɛreyɛ eyi?

3, 4. (a) Mmusua ɛsonsono bɛn na na Kristofo a wɔwɔ Roma no fi mu? (b) Ɔkwan bɛn so na na Kristofo a wɔwɔ Roma no betumi de “nokoro” asom Yehowa?

3 Ná Kristofo a wɔwɔ Roma no pii yɛ Paulo nnamfo. (Romafo 16:3-16) Ɛwom sɛ na ɛsonsono abusua a wofi mu de, nanso Paulo gyee ne nuanom no nyinaa toom sɛ “Onyankopɔn adɔfo.” Ɔkyerɛwee sɛ: “Mo nyinaa nti menam Yesu Kristo so meda me Nyankopɔn ase, efisɛ wɔka mo gyidi ho asɛm wiase nyinaa.” Ɛda adi sɛ, na Romafo no yɛ nhwɛso pa wɔ akwan pii so. (Romafo 1:7, 8; 15:14) Bere koro no ara nso, na asafo no mufo binom wɔ adwene a ɛsonsono wɔ nsɛm bi ho. Esiane sɛ ɛnnɛ nso Kristofo fi mmusua ne aman ahorow mu nti, Paulo afotu a ɛwɔ Bible mu a ɛfa sɛnea wodi adwene a ɛsonsono ho dwuma a wobesua no betumi aboa wɔn ma wɔde “nokoro” akasa.

4 Ná Yudafo ne Amanaman mufo a wɔyɛ gyidifo nyinaa bi wɔ Roma. (Romafo 4:1; 11:13) Ɛda adi sɛ na Yudafo a wɔyɛ Kristofo binom ntumi nnyae nneɛma bi a na wɔyɛ wɔ Mose Mmara no ase no, wɔ bere mpo a na anka ɛsɛ sɛ wohu sɛ ɛnyɛ nneɛma a ɛtete saa na ɛbɛma obi anya nkwagye no. Nea ɛne eyi bɔ abira no, Yudafo a na wɔyɛ Kristofo no pii gye toom sɛ Kristo afɔrebɔ no maa wɔdee wɔn ho fii mmara a na wɔhyɛ ase ansa na wɔrebɛyɛ Kristofo no ho. Ɛno nti, wɔsesaa wɔn ankasa suban ne amanne ahorow bi. (Galatifo 4:8-11) Nanso, sɛnea Paulo kyerɛe no, na wɔn nyinaa yɛ “Onyankopɔn adɔfo.” Sɛ na wɔn nyinaa nya wɔn yɔnko ho adwene a ɛfata a, na wobetumi de “nokoro” ayi Onyankopɔn ayɛ. Ebia yɛn a yɛwɔ hɔ nnɛ nso wɔ adwene a ɛsonsono wɔ nneɛma bi ho, enti ɛsɛ sɛ yesusuw sɛnea ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛɛ saa nnyinasosɛm a ɛho hia no mu no ho yiye.—Romafo 15:4.

‘Munnye Mo Ho Mo Ho’

5, 6. Adɛn nti na na ɛsonsono adwene a ebinom kura wɔ Roma asafo no mu?

5 Wɔ Paulo krataa a ɔkyerɛw kɔmaa Romafo no mu no, ɔkaa adwene a ɛsonsono a na wɔwɔ wɔ tebea bi ho ho asɛm. Ɔkyerɛwee sɛ: “Obi gye di sɛ otumi di aduan biara bi; na nea ɔyɛ mmerɛw no de, odi afumduan nko.” Dɛn ntia? Wɔ Mose Mmara no ase no, na wokyi prakonam. (Romafo 14:2; Leviticus 11:7) Nanso, wɔ Yesu wu akyi no, na saa Mmara no nyɛ adwuma bio. (Efesofo 2:15) Afei, wɔ Yesu wu akyi mfe abiɛsa ne fã no, ɔbɔfo bi ka kyerɛɛ ɔsomafo Petro sɛ aduan biara ho tew wɔ Onyankopɔn ani so. (Asomafo no Nnwuma 11:7-12) Esiane saa asɛm yi nti, ebia Yudafo a wɔyɛ Kristofo binom tee nka sɛ wobetumi adi prakonam anaa aduan foforo bi a na wɔabara sɛ ɛnsɛ sɛ wodi wɔ Mmara no ase no.

6 Nanso, na saa nnuan a na anka kan no ɛho ntew a wɔkae sɛ wobetumi adi no ho asɛm kɛkɛ koraa mpo betumi ahaw Yudafo binom a na wɔyɛ Kristofo. Ebetumi aba sɛ bere a wɔn a nsɛm haw wɔn saa no hui sɛ wɔn nuanom Yudafo a wɔyɛ Kristofo no redi aduan a ɛte saa no ɛhaw wɔn paa. Bio nso, ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛɛ Amanaman mufo a na wɔyɛ Kristofo binom a na ɔsom a wɔwom no mmara aduan biara di no nwonwa sɛ ebinom adwene nhyia wɔ aduan ho. Ɛwom, na ɛnyɛ mfomso sɛ obi bɛtwe ne ho afi nnuan bi di ho, mmere dodow a ɔnhyɛ katee sɛ twe a wɔbɛtwe wɔn ho afi nnuan a ɛtete saa ho no na ɛbɛma wɔanya nkwagye no. Nanso, na ɛnyɛ den koraa sɛ adwene a ɛsonsono no betumi de akasakasa aba asafo no mu. Ná ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔwɔ Roma no hwɛ yiye na nsonsonoe a ɛtete saa no ansiw wɔn kwan sɛ wɔde “nokoro” bɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam.

7. Adwene a ɛsonsono bɛn na na ebinom wɔ wɔ nnawɔtwe no mu da bi a wobebu no sɛ ɛyɛ da titiriw no ho?

7 Paulo kaa nhwɛso a ɛto so abien ho asɛm sɛ: “Obi bu da bi sen bi, na obi nso bu nna nyinaa pɛ.” (Romafo 14:5a) Wɔ Mose Mmara no ase no, na ɛnsɛ sɛ wɔyɛ adwuma biara Homeda. Na wɔmma wonntwa kwantenten saa da no. (Exodus 20:8-10; Mateo 24:20; Asomafo no Nnwuma 1:12) Nanso, bere a woyii Mmara no fii hɔ no, saa nneɛma a na wɔabara no nso twaam. Nanso, ɛbɛyɛ sɛ na ɛhaw Yudafo a wɔyɛ Kristofo no binom sɛ wɔbɛyɛ adwuma biara anaasɛ wobetwa kwantenten wɔ da a bere bi a atwam no na wobu no sɛ ɛyɛ kronkron no. Ɛwom sɛ wɔ Onyankopɔn ani so no na wonni Homeda mmara no ase bio de, nanso ebetumi aba sɛ bere a wɔbɛyɛɛ Kristofo mpo akyi no, woyii da a ɛto so ason no sii nkyɛn sɛ wɔde bɛsom Nyankopɔn. So na ɛyɛ mfomso sɛ wɔbɛyɛ saa? Dabi, mmere dodow a na wɔnhyɛ katee sɛ Homedadi no yɛ ade a na Onyankopɔn hwehwɛ sɛ wɔyɛ no. Esiane sɛ na Paulo susuw ne nuanom Kristofo ahonim ho nti, ɔkyerɛwee sɛ: “Momma obiara adwene nyɛ no baako.”—Romafo 14:5b.

8. Ɛwom sɛ na Kristofo a wɔwɔ Roma no betumi asusuw afoforo ahonim ho de, nanso dɛn na na ɛnsɛ sɛ wɔyɛ?

8 Ɛwom sɛ na Paulo rehyɛ ne nuanom no nkuran sɛ wonnya wɔn a nsɛm a ɛfa ahonim ho haw wɔn no ho koma de, nanso ɔkasa tiaa wɔn a wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛhyɛ mfɛfo gyidifo sɛ ɛsɛ sɛ wodi Mose Mmara no so ansa na wɔanya nkwagye no anibere so. Sɛ nhwɛso no, Paulo kyerɛw Hebrifo nhoma no bɛyɛ afe 61 Y.B. mu. Ná ɛyɛ krataa bi a tumi wom a ɔkyerɛw kɔmaa Yudafo a na wɔyɛ Kristofo no, na ɔkyerɛkyerɛɛ mu fann sɛ ɛho nhia sɛ wodi Mose Mmara no so, efisɛ Kristofo wɔ anidaso a ɛkorɔn a egyina Yesu agyede afɔrebɔ no so.—Galatifo 5:1-12; Tito 1:10, 11; Hebrifo 10:1-17.

9, 10. Dɛn na ɛnsɛ sɛ Kristofo yɛ? Kyerɛkyerɛ mu.

9 Sɛnea yɛahu no, Paulo ma yehu sɛ mmere dodow a nneɛma soronko a yɛpaw no ntia Kristofo nnyinasosɛm biara no, ɛnyɛ ade a ɛsɛ sɛ ɛsɛe biakoyɛ. Enti, Paulo bisaa Kristofo a wɔn ahonim yɛ mmerɛw no sɛ: “Adɛn nti na wubu wo nua atɛn?” Na obisaa wɔn a wɔyɛ den no (ebia wɔn a wɔn ahonim kyerɛ wɔn sɛ wobetumi adi nnuan bi a na wɔabara sɛ wonnni wɔ Mmara no ase anaa wobetumi ayɛ adwuma Homeda no) nso sɛ: “Adɛn na wubu wo nua animtiaa?” (Romafo 14:10) Sɛnea Paulo kyerɛ no, ɛnsɛ sɛ Kristofo a wɔn ahonim yɛ mmerɛw no bu wɔn nuanom a wɔn ahonim yɛ den no atɛn. Bere koro no ara nso, ɛnsɛ sɛ Kristofo a wɔyɛ den no bu wɔn a wɔn ahonim da so yɛ mmerɛw wɔ nsɛm bi ho no animtiaa. Ɛsɛ sɛ obiara kyerɛ obu wɔ adwempa a afoforo wɔ no ho na “onnnwen nntra nea ɛsɛ sɛ odwen.”—Romafo 12:3, 18.

10 Paulo kyerɛkyerɛɛ adwene a ɛfata mu sɛɛ: “Nea odidi no mmmu nea onnidi animtiaa, na nea onnidi no mmmu nea odidi atɛn, na Onyankopɔn agye no.” Ɔsan kae sɛ: “Kristo nso agye yɛn ama Onyankopɔn anuonyam no.” Esiane sɛ Onyankopɔn ne Kristo gye wɔn a wɔn ahonim yɛ den ne wɔn a wɔn ahonim yɛ mmerɛw nyinaa nti, ɛsɛ sɛ yɛn nso yenya afoforo ho koma saa ara na ‘yegye yɛn ho yɛn ho.’ (Romafo 14:3; 15:7) Hena na obetumi agye ɛno ho kyim?

Onuadɔ De Biakoyɛ Ba Ɛnnɛ

11. Tebea soronko bɛn na na ɛwɔ hɔ wɔ Paulo bere so?

11 Wɔ Paulo krataa a ɔkyerɛw kɔmaa Romafo no mu no, na ɔreka tebea soronko bi ho asɛm. Ná Yehowa ayi apam biako afi hɔ de foforo asi hɔ. Ná ɛyɛ den ma ebinom sɛ wɔbɛyɛ nsakrae. Saa tebea kõ no ara bi nni hɔ nnɛ, nanso ɛtɔ da bi a nsɛm a ɛtete saa betumi asɔre.

12, 13. Tebea horow a Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ betumi akyerɛ sɛ wosusuw wɔn nuanom ahonim ho no bi ne dɛn?

12 Sɛ nhwɛso no, ebia bere bi a atwam no na Kristoni bea bi wɔ ɔsom bi a na wosi so dua sɛ ɛnsɛ sɛ wɔhyɛ ntade a ɛyɛ fɛ na wosiesie wɔn ho pii mu. Sɛ obehu nokware no a, ebetumi ayɛ den ama no sɛ obegye atom sɛ ɛnyɛ mfomso sɛ wɔbɛhyɛ ntade a ɛyɛ fɛ wɔ tebea horow a ɛfata mu anaasɛ wɔde nneɛma bɛkeka wɔn anim sɛnea ɛsɛ. Esiane sɛ ɛmfa Bible nnyinasosɛm biara ho nti, ɛrenyɛ papa sɛ obi bɛbɔ mmɔden ama saa Kristoni bea no ayɛ biribi a ɛbɛhaw n’ahonim. Bere koro no ara nso, ɛsɛ sɛ ohu sɛ ɛmfata sɛ ɔkasa tia Kristofo mmea a wɔn ahonim kyerɛ wɔn sɛ wobetumi ayɛ nneɛma a ɛtete saa no.

13 Susuw nhwɛso foforo ho hwɛ. Ebia na wɔtetee Kristoni barima bi wɔ baabi a wobu mmosa sɛ ɛyɛ ade a enye. Bere a obenya nokware no ho nimdeɛ akyi no, obehu sɛ Bible no ka sɛ nsã anaa bobesa yɛ akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ na yebetumi anom no sɛnea ɛfata. (Dwom 104:15) Ogye saa asɛm no tom. Nanso, esiane ntetee a onyae nti, ɔmpɛ sɛ ɔnom mmosa biara koraa, nanso ɔnkasa ntia wɔn a wɔnom no sɛnea ɛfata no. Ɔnam saa yɛ so de Paulo asɛm a ɛka sɛ: “Momma yenni nea ɛma asomdwoe ne nea ɛbɛma yɛn nkɔso akyi” no yɛ adwuma.—Romafo 14:19.

14. Tebea horow bɛn mu na Kristofo betumi de adwene a ɛwɔ Paulo afotu a ɔde kɔmaa Romafo no mu no ayɛ adwuma?

14 Tebea horow bi tumi sɔre a ɛhwehwɛ sɛ yɛde adwene ankasa a ɛwɔ Paulo afotu a ɔkyerɛw kɔmaa Romafo no mu di dwuma. Ankorankoro pii na wɔka bom yɛ Kristofo asafo no, na ɛsono nea obiara pɛ. Enti, wɔ nneɛma bi te sɛ ntadehyɛ ne ahosiesie mu no, ebetumi asono nea obiara bɛpaw. Ɛyɛ nokware sɛ Bible no kyerɛkyerɛ nnyinasosɛm a ɛsɛ sɛ Kristofo komapafo nyinaa di so mu fann. Nanso, ɛnsɛ sɛ yɛn mu biara hyɛ ntade a ɛyɛ hu anaa ɛmfata anaasɛ yɛyɛ ti anaa yeyi ti huhuuhu bi a ebetumi akyerɛ sɛ yɛne wiase no na ɛbɔ. (1 Yohane 2:15-17) Ɛsɛ sɛ Kristofo kae sɛ wɔyɛ asomfo a wogyina Amansan Hene no ananmu bere nyinaa, a bere a wɔregye wɔn ahome mpo ka ho. (Yesaia 43:10; Yohane 17:16; 1 Timoteo 2:9, 10) Nanso, wɔ mmeae pii no nneɛma ahorow ahorow wɔ hɔ a eye a Kristofo betumi apaw nea wɔpɛ. *

Nto Afoforo Hintidua

15. Wɔ tebea bɛn mu na ebia Kristoni bi bɛhyɛ ne ho so sɛ ɔrenyɛ biribi esiane ne nuanom nti?

15 Paulo twe yɛn adwene si nnyinasosɛm foforo a ɛho hia a ɛwɔ afotu a ɔde kɔmaa Kristofo a wɔwɔ Roma no mu so. Ɛtɔ da bi a, Kristoni bi a watete n’ahonim yiye betumi asi gyinae sɛ ɔrenyɛ biribi a ɔwɔ hokwan sɛ ɔyɛ. Dɛn ntia? Efisɛ ohu sɛ sɛ ɔyɛ saa ade no a ebetumi ahaw afoforo. Sɛ ɛba saa a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Paulo ka sɛ: “Eye sɛ wunni nam, anaasɛ wonnom nsa, anaasɛ biribiara a ɛbɛto wo nua hintidua.” (Romafo 14:14, 20, 21) Enti, “yɛn a yɛyɛ den no, ɛsɛ sɛ yɛsoa wɔn a wɔnyɛ den no mmerɛw na yɛnsɔ yɛn ankasa ani. Momma yɛn mu biara nsɔ ne yɔnko ani mma nea eye, na n’ase atim.” (Romafo 15:1, 2) Sɛ biribi a yɛyɛ betumi ahaw yɛn nua Kristoni bi ahonim a, onuadɔ bɛka yɛn ma yɛasusuw ne ho na yɛagyae yɛ. Mmosa betumi ayɛ eyi ho nhwɛso. Mfomso nni ho sɛ Kristoni bɛnom nsã anaa bobesa kakra. Nanso sɛ ebia saa a ɔbɛyɛ no bɛto ne nua hintidua a, ɛnsɛ sɛ ɔka sɛ mewɔ hokwan sɛ menom nti mɛnom.

16. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ada no adi sɛ yesusuw wɔn a wɔwɔ yɛn asasesin mu no ho?

16 Yebetumi de saa nnyinasosɛm yi nso ayɛ adwuma bere a yɛne wɔn a wonni Kristofo asafo no mu redi no. Sɛ nhwɛso no, ebia na yɛte mpɔtam bi a ɔsom a ɛwɔ hɔ no kyerɛkyerɛ n’asɔrefo sɛ wonyi nnawɔtwe no mu da biako nsi nkyɛn sɛ homeda. Esiane ɛno nti, sɛnea ɛbɛyɛ na yɛnto yɛn afipamfo hintidua na ɛnyɛ akwanside mma yɛn asɛnka adwuma no, yɛbɛbɔ mmɔden biara sɛ yɛrenyɛ biribiara a ɛbɛhaw yɛn afipamfo saa da no. Wɔ tebea foforo mu no, ebia na Kristoni bi a ɔyɛ ɔdefo pɛ sɛ ɔkɔyɛ ɔsom adwuma no wɔ baabi a wohia mmoa kɛse a nnipa a wɔwɔ hɔ no yɛ ahiafo. Esiane n’afipamfo no tebea nti obetumi apaw sɛ ɔrenhyɛ ntade kyenkyenee anaasɛ ɔbɛyɛ ne ho ɔwiɛmfoɔ na anhaw wɔn.

17. Dɛn nti na ntease wom sɛ yebesusuw afoforo ho wɔ nneɛma a yɛpaw mu?

17 So ɛyɛ nea ntease wom sɛ yɛbɛhwɛ kwan sɛ wɔn a ‘wɔyɛ den no’ bɛyɛ nsakrae a ɛte saa? Wode susuw mfatoho yi ho hwɛ: Bere a yɛreka kar wɔ kwantempɔn so no yehu wɔ yɛn anim sɛ mmofra bi reba kwan no mu a wɔnnyɛ ahwɛyiye. So yɛkɔ so de kar no tu mmirika esiane sɛ mmara ma kwan sɛ yebetumi de atu mmirika a ɛsɛ nti? Dabi, yɛbrɛ mmirika no ano ase sɛnea ɛbɛyɛ a kar no mmɔ mmofra no. Ɛtɔ da bi a, ɛho hia sɛ yɛto yɛn bo ase saa ara anaa yegyae nneɛma bi yɛ bere a yɛne yɛn mfɛfo gyidifo anaa afoforo redi no. Ebia na yɛreyɛ biribi a yɛwɔ hokwan a ɛfata sɛ yɛyɛ. Yemmuu Bible mmara biara so. Nanso, sɛ nea yɛreyɛ no betumi ato afoforo hintidua anaa ahaw wɔn a wɔn ahonim yɛ mmerɛw no a, Kristofo dɔ bɛka yɛn ma yɛayɛ ahwɛyiye. (Romafo 14:13, 15) Biakoyɛ a yɛbɛma atra hɔ ne Ahenni adwuma no a yɛbɛyɛ no ho hia kɛse sen sɛ yɛbɛka sɛ yɛwɔ hokwan sɛ yɛyɛ ade bi nti yɛbɛyɛ.

18, 19. (a) Ɔkwan bɛn so na yedi Yesu nhwɛso akyi wɔ sɛnea yesusuw afoforo ho no? (b) Dɛn na yɛn nyinaa yɛ yɛn ade wɔ ɔkwan biako so wɔ ho, na dɛn na yebesusuw ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu?

18 Sɛ yɛyɛ yɛn ade wɔ saa kwan yi so a, na yɛredi nhwɛso pa a ɛsen biara akyi. Paulo ka sɛ: “Kristo nso ansɔ ne ho ani, na mmom sɛnea wɔakyerɛw sɛ: Wɔn a wɔbɔ wo ahohora no ahohora agu me so.” Ná Yesu wɔ ɔpɛ sɛ ɔde ne nkwa bɛbɔ afɔre ama yɛn. Sɛ nneɛma a yɛwɔ hokwan sɛ yɛyɛ no bi a yebegyae na ɛbɛma “wɔn a wɔnyɛ den” no ne yɛn ayɛ biako ahyɛ Onyankopɔn anuonyam a, ɛnde yebefi yɛn pɛ mu agyae. Nokwarem no, sɛ yenya Kristofo a wɔn ahonim yɛ mmerɛw ho koma na yɛyɛ wɔn yiye anaasɛ yefi yɛn pɛ mu gyae nneɛma bi a anka yɛbɛyɛ, na yɛanka sɛ nea yɛpɛ sɛ yɛyɛ ara na yɛbɛyɛ a, ɛbɛda adi sɛ ‘yɛdwen ade koro wɔ yɛn mu, sɛnea Kristo Yesu kwan te no.’—Romafo 15:1-5.

19 Ɛwom sɛ ebetumi asono adwene a yekura wɔ nsɛm a ɛmfa Kyerɛwnsɛm ho nnyinasosɛm ho de, nanso wɔ ɔsom ho de, yɛyɛ yɛn ade wɔ ɔkwan biako so. (1 Korintofo 1:10) Sɛ nhwɛso no, biakoyɛ a ɛte saa da adi wɔ sɛnea yɛyɛ yɛn ade wɔ wɔn a wɔsɔre tia nokware som no ho. Onyankopɔn Asɛm frɛ asɔretiafo a wɔte saa no ananafo, na ɛbɔ yɛn kɔkɔ sɛ yɛnhwɛ yiye wɔ “ananafo nne” ho. (Yohane 10:5) Yɛbɛyɛ dɛn ahu ananafo a wɔte saa no? Ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade dɛn wɔ wɔn ho? Yebesusuw saa nsɛmmisa yi ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 14 Mmofra a wonnyinyinii awofo na ɛkyerɛ ntade a ɛfata sɛ wɔhyɛ.

Wubebua Dɛn?

• Dɛn nti na adwene a ɛsonsono a yɛwɔ wɔ nea yɛpaw ho no nyɛ ade a ɛsɛ sɛ ɛsɛe biakoyɛ?

• Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛn a yɛyɛ Kristofo no fi ɔdɔ mu susuw yɛn ho yɛn ho?

• Akwan bɛn so na yebetumi de Paulo afotu a ɛfa biakoyɛ ho no ayɛ adwuma nnɛ, na dɛn na ɛbɛkanyan yɛn ma yɛayɛ saa?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Ná Paulo afotu a ɛfa biakoyɛ ho no ho hia ma asafo no

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Kristofo yɛ biako ɛmfa ho sɛ wofi mmusua ahorow mu

[Mfonini wɔ kratafa 12]

Dɛn na ɛsɛ sɛ ofirikafo yi yɛ saa bere yi?