Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Dɛn nti na Yehowa Adansefo fa akontaahyɛde 144,000 a wɔabɔ din wɔ Adiyisɛm nhoma no mu sɛ ɛyɛ paa ara, na wɔmmfa no sɛ egyina hɔ ma biribi?

Ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Metee wɔn a wɔasɔ wɔn ano no dodow: Mpem ɔha aduanan anan.” (Adiyisɛm 7:4) Wɔ Bible mu no, asɛm a ɛne “wɔn a wɔasɔ wɔn ano” no fa nnipakuw bi a wɔapaw wɔn afi adesamma mu a wɔne Kristo befi soro adi Paradise asase a ɛreba no so ho. (2 Korintofo 1:21, 22; Adiyisɛm 5:9, 10; 20:6) Nneɛma pii nti na yɛfa wɔn dodow a ɛyɛ 144,000 no sɛ ɛyɛ paa ara no. Yehu eyinom biako wɔ asɛm bi a wɔaka wɔ nkyekyɛm ahorow a ɛwɔ Adiyisɛm 7:4 ase pɛɛ no mu.

Bere a wɔkaa nnipakuw a wɔyɛ 144,000 no ho asɛm kyerɛɛ ɔsomafo Yohane wɔ anisoadehu no mu wiei no, ohuu nnipakuw foforo. Yohane ka kuw a ɛto so abien yi ho asɛm sɛ wɔyɛ ‘nnipakuw kɛse a obi ntumi nkan wɔn a wofi aman ne mmusuakuw ne nkurɔfo ne ɔkasa nyinaa mu.’ Saa nnipakuw kɛse yi yɛ wɔn a wobenya nkwa wɔ “ahohia kɛse” a ɛreba abɛsɛe mprempren wiase bɔne no mu no.—Adiyisɛm 7:9, 14.

Nanso, hyɛ nsonsonoe a Yohane ma yehu sɛ ɛda Adiyisɛm ti 7 nkyekyɛm 4 ne nkyekyɛm 9 mu no nsow. Ɔkae sɛ wonim kuw a edi kan no, “wɔn a wɔasɔ wɔn ano” no dodow. Nanso, wonnim kuw a ɛto so abien no, “nnipakuw kɛse” no dodow. Bere a ɛno wɔ yɛn adwenem no, ɛfata sɛ yɛbɛfa akontaahyɛde 144,000 no sɛ ɛyɛ paa ara. Sɛ akontaahyɛde 144,000 no gyina hɔ ma biribi na sɛ ɛfa kuw bi a wonnim wɔn dodow pɔtee ho a, anka ɛbɛma ayɛ nea nsonsonoe biara nni nkyekyɛm abien no mu. Enti, nsɛm a ɛfa ho no da no adi pefee sɛ ɛsɛ sɛ yɛfa akontaahyɛde 144,000 no sɛ ɛyɛ paa ara na ennyina hɔ mma biribi.

Bible ho abenfo pii, wɔn a wɔtraa ase tete ne nnɛ, aka asɛnkoro no ara sɛ, akontaahyɛde no yɛ paa ara. Sɛ nhwɛso no, Britaniani nhoma kyerɛwfo Ɔbenfo Ethelbert W. Bullinger kaa Adiyisɛm 7:4, 9 ho asɛm bɛyɛ mfirihyia 100 a atwam ni sɛ: “Ɛyɛ nokwasɛm tiawa: ɛyɛ nnipa a wonim wɔn dodow na wɔde atoto nnipa a wonnim wɔn dodow ho wɔ saa ti yi mu.” (The Apocalypse or “The Day of the Lord,” kratafa 282) Nnansa yi ara ɔbenfo Robert L. Thomas, Akumaa, a ɔwɔ New Testament at The Master’s Seminary (nyamekyerɛ sukuu) a ɛwɔ United States no kyerɛwee sɛ: “Enni nnyinaso koraa sɛ yɛbɛka sɛ akontaahyɛde no gyina hɔ ma biribi.” Ɔde kaa ho sɛ: “Nnipa dodow a wɔka wɔn ho asɛm wɔ [Adiyisɛm 7:4] no akontaahyɛde no yɛ paa ara, na ɛsono ɛno ne nnipa a wonnim wɔn dodow a wɔka wɔn ho asɛm wɔ Adiyisɛm 7:9 no. Sɛ yɛfa 144,000 no sɛ egyina hɔ ma biribi a, ɛnde akontaahyɛde biara nni nhoma no mu a yebetumi afa no sɛ ɛyɛ paa ara.”—Revelation: An Exegetical Commentary, (Adiyisɛm: Nkyerɛkyerɛmu Bi) Po 1, kratafa 474.

Ebinom ka sɛ, esiane sɛ nneɛma a egyina hɔ ma biribi wɔ Adiyisɛm nhoma no mu pii nti, ɛsɛ sɛ akontaahyɛde a ɛwɔ nhoma yi mu nyinaa, a akontaahyɛde 144,000 no ka ho no, gyina hɔ ma biribi. (Adiyisɛm 1:1, 4; 2:10) Nanso, saa asɛm yi nyɛ nokware koraa. Ɛwom sɛ akontaahyɛde pii na ɛwɔ Adiyisɛm nhoma no mu a egyina hɔ ma biribi anaa ɛkyerɛ biribi foforo de, nanso akontaahyɛde a ɛyɛ paa ara nso wom. Sɛ nhwɛso no, Yohane kaa “oguammaa no asomafo dumien no din” ho asɛm. (Adiyisɛm 21:14) Ɛda adi pefee sɛ akontaahyɛde 12 a wɔbɔɔ din wɔ nkyekyɛm yi mu no yɛ paa ara, na ennyina hɔ mma biribi. Afei nso, ɔsomafo Yohane kyerɛw Kristo “mfirihyia apem” nniso no ho asɛm. Sɛ yesusuw Bible mu nsɛm ho yiye a, ɛda adi sɛ ɛfata sɛ yɛfa saa akontaahyɛde no nso sɛ ɛyɛ paa ara. * (Adiyisɛm 20:3, 5-7) Enti, sɛ́ yɛbɛfa Adiyisɛm mu akontaahyɛde bi sɛ ɛyɛ paa ara anaasɛ egyina hɔ ma biribi no begyina ade ko a wɔreka ho asɛm ne nsɛm a ɛfa ho no so.

Sɛ yɛde “nnipakuw kɛse” no toto adwene a ɛne sɛ akontaahyɛde 144,000 no yɛ paa ara na ɛfa nnipakuw ketewaa bi a wɔn dodow wɔ ano no ho a, yehu sɛ ɛyɛ nokware, na ɛne Bible mu nsɛm foforo nso hyia. Sɛ nhwɛso no, wɔ anisoadehu a ɔsomafo Yohane nyae no awiei mu baabi no, wɔka 144,000 no ho asɛm sɛ wɔyɛ nkurɔfo a ‘wɔatɔ wɔn afi nnipa mu ayɛ wɔn mmakan.’ (Adiyisɛm 14:1, 4) Asɛm “mmakan” no twe adwene si nnipa kakraa bi a wɔapaw wɔn so. Afei nso, bere a na Yesu wɔ asase so no, ɔkaa wɔn a wɔne no bedi ade wɔ ne soro Ahenni no mu ho asɛm, na ɔfrɛɛ wɔn ‘kuw ketewa.’ (Luka 12:32; 22:29) Nokwarem no, sɛ yɛde wɔn a wɔapaw wɔn afi adesamma mu a wobedi ade wɔ soro no toto adesamma a wɔbɛtra Paradise asase a ɛreba no so no ho a, na wɔn a wobedi ade wɔ soro no sua koraa.

Enti, nsɛm a ɛfa Adiyisɛm 7:4 ho ne nsɛm foforo a ɛwɔ Bible no afã bi no di adanse sɛ ɛfata sɛ yɛfa akontaahyɛde 144,000 no sɛ ɛyɛ paa ara. Ɛfa wɔn a wɔne Kristo befi soro adi paradise asase a nnipa a wɔwɔ anigye a yennim wɔn dodow a wɔsom Yehowa Nyankopɔn bɛtra so no ho.—Dwom 37:29.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 7 Sɛ wopɛ Kristo Mfirihyia Apem Nniso no ho nsɛm pii a, hwɛ Adiyisɛm​—N’awiei Koraa Abɛn! nhoma a Yehowa Adansefo tintimii no kratafa 289-90.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 31]

Wɔn a wobedi ade wɔ soro no dodow yɛ 144,000

[Mfonini wɔ kratafa 31]

Wonnim “nnipakuw kɛse” no dodow

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 31]

Nsoromma: Courtesy of Anglo-Australian Observatory, photograph by David Malin