Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wɔakae “Amanehunufo a Wɔnkae Wɔn” No

Wɔakae “Amanehunufo a Wɔnkae Wɔn” No

Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ

Wɔakae “Amanehunufo a Wɔnkae Wɔn” No

WƆ AFE 2001 mfiase no, Haykaz, Yehowa Dansefo bi a wadi mfirihyia 15 kɔɔ nsrahwɛ wɔ dwumadi bi a na wɔato din, “Amanehunufo a Wɔnkae Wɔn” ase wɔ Bern, Switzerland. Ná nneɛma a wɔde rekyerɛ wɔ hɔ no fa sɛnea Nasifo taa Yehowa Adansefo no ho. Wɔ Haykaz nsrahwɛ no awiei no, ɔkae sɛ: “Ná mate ayayade ne amane a Yehowa Adansefo hui wɔ Nasi nniso ase no ho asɛm, nanso na eyi ne nea edi kan a mahu kyerɛwtohɔ a ɛyɛ nokware ne mfonini ahorow a wotwitwae saa bere no. Nneɛma a wɔde rekyerɛ no, wɔn a wɔde wɔn ani huu nea ɛkɔɔ so no kyerɛwtohɔ, ne nsɛm a abakɔsɛm akyerɛwfo aka afa ho a na ɛwɔ adehwɛbea hɔ no kaa m’adwene ne me koma yiye.”

Bere bi akyi no, bere a wɔmaa Haykaz dwumadi sɛ ɔnkyerɛw amanneɛbɔ bi mma ne mfɛfo sukuufo wɔ ntoaso sukuu mu no, ɔpaw asɛmti a ɛne “Yehowa Adansefo—Nasi Nniso Ase Amanehunufo a Wɔnkae Wɔn.” Ne kyerɛkyerɛfo penee asɛm a ɔpawee no so, nanso ɔka kyerɛɛ Haykaz sɛ, ɛsɛ sɛ ɔde nhoma a ɛnyɛ Yehowa Adansefo na wɔkyerɛwee mu nsɛm ka ho. Haykaz de anigye penee so. Ɔkae sɛ: “Mekyerɛw nsɛm a nhoma ahorow bi aka afa Yehowa Adansefo a wɔtraa ase wɔ Nasi bere so a mekenkanee no ho asɛm tiawa. Me nso mekaa nea mihu faa ‘Amanehunufo a Wɔnkae Wɔn’ no ho wɔ adehwɛbea hɔ no ho asɛm. Me de nkyerɛkyerɛmu ne mfonini ahorow kaa me kyerɛwtohɔ a ekura nkratafa 43 no ho.”

Wɔ November 2002 mu no, Haykaz kenkan ne kyerɛwtohɔ no kyerɛɛ ne mfɛfo sukuufo, akyerɛkyerɛfo, abusuafo ne nnamfonom. Ɛno akyi no, wɔde nsɛmmisa ne mmuae dwumadi toaa so, na ɛma onyaa hokwan kyerɛkyerɛɛ ne gyidi a egyina Bible so no mu kyerɛɛ wɔn. Bere a abeawa bi a ɔwɔ atiefo no mu bisaa nea enti a na Haykaz apaw saa asɛmti yi ho asɛm no, ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ abakɔsɛm nhoma pii nka Yehowa Adansefo ho asɛm, na ɔpɛ sɛ nkurɔfo hu sɛnea Adansefo no de akokoduru kuraa wɔn gyidi mu sɛ Kristofo no. Dɛn na efii kyerɛwtohɔ a ɔkenkan kyerɛe yi mu bae?

Haykaz kae sɛ: “Ɛyɛɛ me sukuufo no nwonwa. Na wonnim sɛ wɔataa Yehowa Adansefo sɛ kuw wɔ atirimɔden so saa pɛn. Afei nso, na pii nnim sɛ na Adansefo a wɔde wɔn koguu Nasi nneduaban ahorow mu no bobɔ agyiraehyɛde soronko bi—ahinasa afasebiri.”

Bere a Haykaz de n’asɛm no too gua wiei no, onyaa hokwan pii ne ne mfɛfo sukuufo no kasae, na wosusuw Bible mu ntease a Adansefo no kura wɔ mogya a wɔde ma, mmosa, ne abrabɔ pa ho no ho. Haykaz kae sɛ: “Me mfɛfo sukuufo no mu biara anni me ho fɛw.” Afei nso, wɔde ne kyerɛwtohɔ no ato sukuu no nhomakorabea. Eyi bɛma nnipa akɔ so akae akokoduru a Yehowa Adansefo de gyinaa pintinn no daa.