Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Awurade Mpaebɔ No Nea Ɛkyerɛ Ma Wo

Awurade Mpaebɔ No Nea Ɛkyerɛ Ma Wo

Awurade Mpaebɔ No Nea Ɛkyerɛ Ma Wo

YEHU Awurade Mpaebɔ a Yesu Kristo de mae wɔ ne Bepɔw so Asɛnka mu no wɔ Bible mu wɔ Mateo ti 6, nkyekyɛm 9 kosi 13. Bere tiaa bi ansa na Yesu de mpaebɔ yi rema no, ɔkae sɛ: “Sɛ mobɔ mpae a, monnkasakasa pii kwa sɛ abosonsomfo; na wosusuw sɛ wɔn kasa dodow nti wobetie wɔn!”—Mateo 6:7.

Ɛnde, ɛda adi pefee sɛ na ɛnyɛ Yesu adwene ne sɛ yebetĩ Awurade Mpaebɔ no mu aka no pɛpɛɛpɛ. Ampa, otĩĩ mpaebɔ yi mu akyiri yi de boaa atiefo foforo. (Luka 11:2-4) Nanso, nsɛm a ɔde dii dwuma wɔ Mateo Asɛmpa no mu no yɛ soronko wɔ nea ɔde dii dwuma wɔ Luka Asɛmpa no mu ho. Bio nso, mpae ahorow a Yesu ne n’asuafo no bɔe akyiri yi no annyina mpaebɔ nhwɛso no mu nsɛm pɔtee bi so katee.

Dɛn nti na wɔyɛɛ Awurade Mpaebɔ no ho kyerɛwtohɔ wɔ Bible mu? Yesu nam mpaebɔ nhwɛso yi so kyerɛ yɛn sɛnea yɛn mpaebɔ betumi asɔ Onyankopɔn ani. Yehu asetram nsɛmmisa titiriw ho mmuae nso wɔ mpaebɔ yi mu. Ɛnde momma yensusuw Awurade Mpaebɔ no afã no ho mmiako mmiako.

Dɛn Ne Onyankopɔn Din?

“Yɛn Agya a Wowɔ soro, wo din ho ntew.” (Mateo 6:9) Saa nsɛm yi a wɔde fi mpaebɔ nhwɛso no ase no boa yɛn ma yɛbɛn Onyankopɔn bere a yɛfrɛ no “yɛn Agya” no. Te sɛ abofra a ofi awosu mu bɛn ɔwofo a ɔwɔ dɔ ne ntease no, yebetumi akɔ yɛn soro Agya no nkyɛn a yɛwɔ ahotoso sɛ obetie yɛn. Ɔhene Dawid too dwom sɛ: “Mpaebɔ tiefo, wo nkyɛn na ɔhonam nyinaa ba.”—Dwom 65:2.

Yesu kyerɛkyerɛ yɛn sɛ yɛmmɔ mpae sɛ Onyankopɔn din ho ntew, anaasɛ yenyi nsi nkyɛn nyɛ no kronkron. Nanso, Onyankopɔn din de dɛn? Bible no de nsɛm yi bua sɛ: “Wo a wo din de Yehowa no, wo nko ara ne ɔsorosoroni, asase nyinaa so.” (Dwom 83:18, Akuapem Bible, dedaw) So woakenkan edin Yehowa no ho ade wɔ Bible mu pɛn?

Nokwarem no, Onyankopɔn din, Yehowa, no pue bɛyɛ mpɛn 7,000 wɔ tete Bible nkyerɛwee no mu. Nanso, kasa asekyerɛfo bi ayɛ ade akɔ akyiri araa ma wɔayi edin yi afi wɔn Bible nkyerɛase ahorow mu. Enti, ɛfata sɛ yɛbɔ mpae sɛ yɛn Bɔfo no ntew ne din ho, anaasɛ ɔnyɛ no kronkron. (Hesekiel 36:23) Ɔkwan biako a yɛbɛfa so ayɛ ade ma ɛne mpaebɔ a ɛte saa ahyia ne sɛ yɛde edin Yehowa no bedi dwuma bere a yɛrebɔ Onyankopɔn mpae no.

Ɔbea bi a wɔfrɛ no Patricia nyinii sɛ Katolekni a na onim Awurade Mpaebɔ no yiye. Ɔyɛɛ n’ade dɛn bere a Yehowa Dansefo bi kyerɛɛ no Onyankopɔn din wɔ Bible mu no? Ɔkae sɛ: “Me ho dwiriw me! Enti mekɔfaa m’ankasa me Bible, na na ɛwɔ ɛno nso mu. Afei Ɔdansefo no buee Mateo 6:9, 10 kyerɛɛ me na ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ wɔka Onyankopɔn din no ho asɛm wɔ Awurade Mpaebɔ no mu. M’ani gyei ankasa na mesrɛɛ no sɛ ɔne me mmesua Bible no.”

Onyankopɔn Apɛde Nyɛ Asase So

“W’ahenni mmra, nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro.” (Mateo 6:10) Ɔkwan bɛn so na Yesu mpaebɔ no fã yi benya mmamu? Nnipa dodow no ara bu ɔsoro sɛ baabi a asomdwoe ne ahotɔ wɔ. Kyerɛwnsɛm no ka ɔsoro ho asɛm sɛ Yehowa ‘kronkronyɛ ne n’anuonyam trabea.’ (Yesaia 63:15) Ɛnyɛ nwonwa sɛ yɛbɔ mpae sɛ Onyankopɔn pɛ nyɛ asase so “sɛnea ɛyɛ ɔsoro” no! Nanso so na eyi bɛbam?

Yehowa diyifo Daniel ka siei sɛ: “Ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahenni a wɔrensɛe no da, na wɔrennyaw n’ahenni mma ɔman foforo bi so, na ebebubu [asase so] ahenni horow no nyinaa ama asã, na ɛno de, ebegyina daa.” (Daniel 2:44) Saa ɔsoro Ahenni, anaa nniso yi, bɛyɛ ade nnansa yi ara de asomdwoe aba wiase nyinaa wɔ trenee nniso ase.—2 Petro 3:13.

Mpae a yɛbɔ sɛ Onyankopɔn Ahenni mmra na ne pɛ nyɛ asase so no yɛ gyidi a ɛrenni huammɔ. Kristoni somafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Metee nne kɛse bi fi ahengua no mu a ese: Hwɛ, Onyankopɔn ntamadan wɔ nnipa mu, na ɔbɛtra mu wɔ wɔn mu, na wɔayɛ ne man, na Onyankopɔn ankasa ne wɔn bɛtra. Na ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.” Afei Yohane de kaa ho sɛ: “Na nea ɔte ahengua no so no se: . . . Kyerɛw, efisɛ nsɛm yi wom na ɛyɛ nokware.”—Adiyisɛm 21:3-5.

Mpaebɔ ne Yɛn Honam Fam Ahiade Ahorow

Yesu nam nea ɔkae wɔ mpaebɔ nhwɛso no mu so kyerɛe sɛ nea ɛsɛ sɛ yɛka ho asɛm titiriw bere a yɛrebɔ mpae no ne Onyankopɔn din ne n’apɛde. Nanso, mpaebɔ nhwɛso no kɔɔ so kaa yɛn ankasa ahiade a yɛde bɛto Yehowa anim sɛnea ɛfata no ho asɛm.

Eyi mu nea edi kan ne: “Ma yɛn yɛn daa aduan nnɛ.” (Mateo 6:11) Eyi nyɛ abisade a ɛfa honam fam ahonyade ho. Yesu hyɛɛ yɛn nkuran sɛ yɛmmɔ mpae sɛ ‘wɔmma yɛn yɛn daa aduan.’ (Luka 11:3) Nea ɛne Awurade Mpaebɔ no hyia no, yebetumi abɔ mpae wɔ gyidi mu sɛ Onyankopɔn mma yɛn yɛn daa aduan bere a yɛdɔ no na yetie no no.

Dadwen a ɛmfata a sikasɛm mu ahokyere de ba betumi ama yɛabu yɛn ani agu honhom fam ahiade so na ɛremma yɛnnyɛ nea Onyankopɔn hwehwɛ fi yɛn hɔ no. Nanso sɛ yɛde Onyankopɔn som di kan wɔ asetram a, yebetumi anya awerɛhyem sɛ obetie yɛn adesrɛ a ɛfa honam fam ahiade, te sɛ aduan ne ntade, ho no. Yesu kae sɛ: “Monhwehwɛ Onyankopɔn Ahenni ne ne trenee kan; na wɔde eyinom nyinaa bɛka mo ho.” (Mateo 6:26-33) Onyankopɔn trenee a yɛbɛhwehwɛ no yɛ asɛnnennen, efisɛ yɛn nyinaa ayɛ bɔne na yehia fafiri. (Romafo 5:12) Awurade Mpaebɔ no susuw saa asɛm no ho nso.

Yɛn Mpaebɔ ne Bɔne Fafiri

“Fa yɛn aka firi yɛn, sɛnea yɛde firi wɔn a wɔde yɛn aka.” (Mateo 6:12) Wɔ Luka kyerɛwtohɔ a ɛfa Awurade Mpaebɔ ho mu no, wɔka saa “aka” yi ho asɛm sɛ “bɔne.” (Luka 11:4) So Yehowa Nyankopɔn de yɛn bɔne befiri yɛn ankasa?

Ɛwom sɛ tete Israel hene Dawid yɛɛ bɔne a anibere wom de, nanso onuu ne ho na ɔde ahotoso bɔɔ mpae sɛ: “Wo, [Yehowa, NW], wuye, na wode firi, na w’adɔe dɔɔso ma wɔn a wɔfrɛ wo nyinaa.” (Dwom 86:5) Awerɛkyekyesɛm bɛn ara ni! Yɛn soro Agya no ayɛ ‘krado sɛ ɔde’ wɔn a wofi ahonu mu ba ne nkyɛn no bɔne ‘befiri’ wɔn. Sɛnea wotumi twa ka mu koraa no, saa ara na Yehowa Nyankopɔn betumi de yɛn bɔne afiri yɛn koraa.

Nanso, Yesu kaa nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama Onyankopɔn de yɛn bɔne afiri yɛn no ho asɛm: Sɛ Onyankopɔn de yɛn bɔne befiri yɛn a, ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛde firi afoforo. (Mateo 6:14, 15) Ɛmfa ho sɛ ɔtreneeni Hiob nnamfonom baasa no yɛɛ no ayayade no, ɔde firii wɔn na ɔbɔɔ mpae maa wɔn. (Hiob 42:10) Sɛ yɛde firi wɔn a wɔfom yɛn no a, yɛbɛsɔ Onyankopɔn ani na ɛbɛma wahu yɛn nso mmɔbɔ.

Ɛsɛ sɛ ɔpɛ a Onyankopɔn wɔ sɛ obetie yɛn abisade no ka yɛn ma yɛhwehwɛ n’anim dom. Na yebetumi ayɛ saa ɛmfa ho mpo sɛ yɛtɔ sin no. (Mateo 26:41) Ɛha nso, Yehowa betumi aboa yɛn, sɛnea Yesu daa no adi denam abisade titiriw bi a ɔde wiee mpaebɔ nhwɛso no so.

Mmoa a Ɛbɛma Yɛanantew Trenee Kwan So

“Mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu, na yi yɛn fi bɔne mu.” (Mateo 6:13) Yehowa nnyaw yɛn mma sɔhwɛ anaa ɔmma yɛnhwe bɔne mu. N’asɛm ka sɛ: “Bɔne bi nsɔ Onyankopɔn nhwɛ, na ɔno nso nsɔ obiara nhwɛ.” (Yakobo 1:13) Onyankopɔn ma kwan ma wɔsɔ yɛn hwɛ, nanso obetumi agye yɛn afi Sɔhwɛfo Kɛse—“ɔbɔnefo” no a wɔfrɛ no Satan Ɔbonsam no nsam.

Ɔsomafo Petro hyɛɛ mfɛfo Kristofo nkuran sɛ: “Mo ani nna hɔ, monwɛn, efisɛ mo tamfo bonsam no nam sɛ gyata a ɔbobom hwehwɛ nea obenya no amene.” (1 Petro 5:8) Nokwarem no, Satan sɔɔ onipa a ɔyɛ pɛ, Yesu Kristo, mpo hwɛe! Ná Ɔbonsam botae ne dɛn? Sɛ́ ɔbɛtwe Yesu afi Yehowa Nyankopɔn som kronn ho. (Mateo 4:1-11) Sɛ wopɛ sɛ wosom Onyankopɔn a, Satan botae ne sɛ ɔbɛmene wo nso!

Ebia Ɔbonsam nam wiase a odi so no so bɛsɔ yɛn ahwɛ ma yɛde yɛn ho ahyɛ nneyɛe a Onyankopɔn mpene so mu. (1 Yohane 5:19) Enti ɛho hia sɛ yɛbɛkɔ Onyankopɔn nkyɛn daa akɔhwehwɛ mmoa, titiriw bere a yɛrehyia sɔhwɛ a ɛtra hɔ kyɛ no. Na sɛ yɛsom Yehowa sɛnea N’asɛm, Bible, a efi honhom mu no te a, obegye yɛn denam boa a ɔbɛboa yɛn ma yɛako atia Ɔbonsam no so. Bible ka kyerɛ yɛn sɛ: “Onyankopɔn yɛ ɔnokwafo a ɔremma wɔnsɔ mo nhwɛ ntra nea mutumi so.”—1 Korintofo 10:13.

Onyankopɔn Mu Gyidi Ho Hia

Hwɛ akomatɔyam ara a ɛyɛ sɛ yebehu sɛ yɛn soro Agya no kyerɛ yɛn mu biara ho anigye! Ɔmaa ne Ba, Yesu Kristo, mpo kyerɛɛ yɛn sɛnea yɛbɛbɔ mpae. Akyinnye biara nni ho sɛ, eyi hwehwɛ sɛ yɛn nso yebenya ɔpɛ sɛ yɛbɛsɔ Yehowa Nyankopɔn ani. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ayɛ saa?

Bible ka sɛ: “Gyidi nnim a, obi ntumi nsɔ ani. Na ɛsɛ nea ɔba Onyankopɔn nkyɛn no sɛ ogye di sɛ ɔwɔ hɔ, na ɔyɛ wɔn a wɔhwehwɛ n’akyi kwan no katuafo.” (Hebrifo 11:6) Ɔkwan bɛn so na yebetumi anya gyidi a ɛte saa? Bible ka sɛ: “Gyidi nam nea wɔte so.” (Romafo 10:17, NW) Yehowa Adansefo ani gye ho sɛ wɔbɛka Bible mu asɛm akyerɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsom Onyankopɔn wɔ nokware gyidi mu no nyinaa.

Yɛwɔ anidaso sɛ nkɔmmɔ a yɛabɔ afa Awurade Mpaebɔ no ho no ama woanya nea ɛkyerɛ no ho anisɔ kɛse. Yehowa ne akatua a ɔde ma “wɔn a wɔhwehwɛ n’akyi kwan” no ho nimdeɛ pii a wubenya no betumi ahyɛ wo gyidi den wɔ Onyankopɔn mu. Ɛmmra sɛ wubesua Onyankopɔn ne n’atirimpɔw ho ade pii sɛnea ɛbɛyɛ a wo ne wo soro Agya no benya abusuabɔ pa daa.—Yohane 17:3.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 5]

“Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew, w’ahenni mmra, nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro. Ma yɛn yɛn daa aduan nnɛ, na fa yɛn aka firi yɛn, sɛnea yɛde firi wɔn a wɔde yɛn aka. Na mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu, na yi yɛn fi bɔne mu.”—Mateo 6:9-13

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Yehowa de wɔn a wɔdɔ no no ahiade ma wɔn

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Onyankopɔn boa yɛn ma yɛko tia Ɔbonsam nso

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Te sɛ Hiob no, sɛ yɛde wɔn a wɔfom yɛn no bɔne firi wɔn a, yebetumi anya Onyankopɔn mmɔborohunu