Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Chester Beatty Akorade Mu Nhwehwɛmu a Yɛbɛyɛ

Chester Beatty Akorade Mu Nhwehwɛmu a Yɛbɛyɛ

Chester Beatty Akorade Mu Nhwehwɛmu a Yɛbɛyɛ

“AKORADE pii a wɔmfa nni dwuma bio wɔ saa beae hɔ, . . . nneɛma a wɔde asonse ayɛ ne adwinni ahorow ma beae hɔ nyinaa yɛ fɛ yiye.” Saa na R. J. Hayes a kan no na ɔhwɛ Chester Beatty Nhomakorabea a ɛwɔ Dublin, wɔ Ireland so no ka faa Nhomakorabea no ho. Ɛyɛ beae a tetefo nneɛma a ɛsom bo, adwinni a ɛyɛ fɛ, ne nhoma ahorow ne nsaano nkyerɛwee a ɛho yɛ na na ne bo yɛ den yiye wɔ. Enti, na hena ne Chester Beatty? Na akorade bɛn na ɔboaboaa ano?

Alfred Chester Beatty a wɔwoo no afe 1875 mu wɔ New York, U.S.A., no ase fi Scotland, Ireland, ne Engiresi. Bere a odii mfe 32 no, nkorontu mfiri ho nimdefo ne ɔbenfo a na ɔyɛ no ma onyaa ne ho. Wɔ n’asetra bere nyinaa mu no, ɔde n’ahode pii no boaboaa nneɛma a ɛyɛ fɛ na ɛkyɛn so ano. Bere a Beatty wui wɔ afe 1968 mu a na wadi mfe 92 no, ogyaw ne nneɛma a ɔboaboaa ano no nyinaa maa Irelandfo.

Dɛn na Ɔboaboaa Ano?

Nneɛma a Beatty boaboaa ano no dɔɔso pii na egu ahorow. Emu ɔha biara mu biako pɛ na wɔde kyerɛ wɔ bere pɔtee bi mu. Ɔboaboaa nneɛma a ɛho yɛ na na ɛsom bo a adi mfe mpempem pii ano wɔ mmere ne amammerɛ ahorow mu—fi mfinimfini mmere no mu ne Europa Ɔsesɛw no mu na onyaa bi nso fii Asia ne Afrika aman ahorow so. Sɛ nhwɛso no, wobu Japanfo nneɛma a wɔde nnua ayɛ a ɛyɛ fɛ a ɔboaboaa ano no sɛ nneɛma a ɛyɛ fɛ sen biara wɔ wiase nyinaa no mu biako.

Sɛ wɔde saa nneɛma a yi toto adwinni ahorow a ɛyɛ fɛ te sɛ Babilonfo ne Sumeriafo abopon ne tete nkyerɛwee a na ɛte sɛ nname no ho a, ɛyɛ fɛ sen no koraa. Nnipa a wɔtraa Mesopotamia bɛboro mfe 4,000 a atwam no kyerɛw sɛnea na wɔn asetra te ho nsɛm nyinaa guu abopon a afɔw so na akyiri yi wɔtõe. Abopon yi mu pii atra hɔ abesi yɛn bere yi so, na ama yɛahu sɛnea na wɔkyerɛw ade wɔ tete mmere mu no pefee.

Nhoma Ahorow Bi Ho Anigye a Ɔkyerɛe

Ɛte sɛ nea na Chester Beatty ani gye adwinni ahorow a wodi wɔ nhoma ahorow akyi no ho. Ɔboaboaa wiase nhoma ne nyamesom nhoma po ahorow pii ano, a na Koran a wɔadi adwinni fɛfɛ wɔ akyi nso ka ho. Nhomakyerɛwfo bi ka sɛ: “Sɛnea wɔasusuw biribiara pɛpɛɛpɛ wɔ Arab nhoma mu no maa ne ho dwiriw no, . . . na n’ani gyee sɛnea wɔde sika kɔkɔɔ ne dwetɛ adi adwinni a ɛte sɛ ahaban ne fagude ahorow a ayɛ sɛ kɔla a wɔde akyerɛkyerɛw ade no ho yiye.”

Ná Chester Beatty ani gye ahwehwɛbo ho, sɛnea na China ahempɔn bi a na wɔwɔ hɔ wɔ afeha ahorow a edi kan no mu nso ani gye ho no. Ná wobu ahwehwɛbo a ɛyɛ fɛ no sɛ ɛsom bo sen aboɔden abo biara, na na ɛsom bo ma wɔn sen sika kɔkɔɔ koraa. Saa sodifo yi hyɛɛ adwumfo bi a wɔn ho akokwaw sɛ wontwiw ahwehwɛbo bi ho ma ɛnnan nkrataa hatahata a ɛso yɛ toro. Bere a adwumfo yi wiei no, wɔde sika kɔkɔɔ dii adwinni yɛɛ mfonini fɛfɛ bi guu ahwehwɛbo nkrataa yi so, na afei wɔde yɛɛ nhoma ahorow a ɛyɛ nwonwa sen biara. Saa nhoma ahorow yi a Beatty boaboaa ano no begyee din wɔ wiase nyinaa.

Bible Nkyerɛwee Ahorow a Ɛsom Bo

Wɔ nnipa a wɔn ani gye Bible no ho fam no, na Chester Beatty akorade a ɛsen biara ne tete mfinimfini bere mu Bible nkyerɛwee pii ano a ɔboaboae no. Sɛnea nkyerɛwee no yɛ fɛ no da no adi sɛ akyerɛwfo no de ntoboase ne adwinnidi mu ahokokwaw na ɛkyerɛwee. Sɛnea wotintim nhoma no da no adi sɛ na tetefo a wɔtetare nhoma akyi na wotintim no ho akokwaw na wonim adwinni. Sɛ nhwɛso no, Anton Koberger, a ɔtraa ase wɔ Johannes Gutenberg bere so, a wɔkaa ne ho asɛm sɛ “tete nhoma tintimfo a wɔn ho hia no biako” no na otintimii Biblia Latina no wɔ Nuremberg wɔ afe 1479 mu.

Ade biako a ɛda nsow a wɔde kyerɛe wɔ Chester Beatty Nhomakorabea hɔ ne afeha a ɛto so anan mu nkyerɛwee a ɛwɔ nantwi nhoma a Ephraem, a ɔyɛ Syria nhomanimfo no yɛe so no. Ephraem faa afeha a ɛto so abien nhoma a wɔfrɛ no Diatessaron no mu nsɛm kae. Wɔ saa nhoma yi mu no, ne kyerɛwfo Tatian kaa Nsɛmpa anan a ɛfa Yesu Kristo asetra ho no boom biako. Akyerɛwfo a wɔbaa akyiri yi twee adwene si Diatessaron no so, nanso emu biara nni hɔ a ɛda so wɔ hɔ. Animdefo bi a wɔtraa ase wɔ afeha a ɛto so 19 mu mpo gyee akyinnye sɛ na nhoma bi a ɛte saa wɔ hɔ. Nanso, wɔ afe 1956 mu no, Beatty huu Ephraem nsɛm no bi wɔ Tatian nhoma a ɛne Diatessaron no muade a ɛkyerɛɛ nokware a Bible no yɛ no.

Mmɛw Krataa Nkyerɛwee a Ɛsom Bo

Beatty san boaboaa mmɛw krataa nkyerɛwee pii, nea ɛfa nyamesom ne nea ɛfa wiase nsɛm ho, ano. Wodii kan yɛɛ mmɛw nsaano nkyerɛwee bɛboro 50 ansa na afeha a ɛto so anan Y.B. mu de no reba. Wonyaa mmɛw nkrataa yi bi fii nea na wɔaboa ano asum hɔ—te sɛ wura a esum hɔ a wɔmfa nyɛ hwee—a bere tenteenten bi no na obiara nhui wɔ Misraim anhweatam so—no mu. Na mmɛw nkrataa no pii atetew bere a na wɔretɔn no. Ná wɔn a wɔtɔn no de nnaka ma ma na ɛba. Charles Horton a ɔhwɛ Chester Beatty Nhomakorabea no Fã a Atɔe Fam Nhoma Ahorow a Wɔahu Gu so no ka sɛ: “Wɔn a wɔn ani gye ho sɛ wɔbɛtɔ no de wɔn nsa hyɛ nnaka no mu yiyi ne fã a apaapae a nkyerɛwde akɛse wɔ so no.”

Horton ka sɛ: “Nneɛma a ɛyɛ nwonwa a” Beatty “hui” no mu kɛse no ara yɛ Bible nsaano nkyerɛwee a ɛsom bo a nea na ɛka ho no bi ne Kristofo Apam Dedaw ne Apam Foforo a wonim fi tete no. Adetɔnfo a na wonim mfaso a ɛwɔ nsaano nkyerɛwee no so no tumi tetew mu yɛ no afã afã tɔn ma adetɔfo afoforo. Nanso, na Beatty tumi tɔ fã kɛse no ara. Na saa nsaano nkyerɛwee yi ho hia dɛn? Sir Frederic Kenyon ka nneɛma a wohui no ho asɛm sɛ, “nea ɛho hia sen biara” fi bere a Tischendorf huu nea na wɔfrɛ no Codex Sinaiticus no wɔ afe 1844 mu no.

Wɔkyerɛw saa nsaano nkyerɛwee yi wɔ afeha a ɛto so abien ne anan Y.B. mu no ntam. Genesis nhoma no mfuamfua abien na ɛwɔ Hebri Kyerɛwnsɛm a ɛwɔ Hela Septuagint nkyerɛase no mu. Kenyon ka sɛ eyi so wɔ mfaso titiriw “efisɛ [Genesis] nhoma no mu fã kɛse no ara nni Vaticanus ne Sinaiticus” a ɛyɛ afeha a ɛto so anan aboa nhoma nsaano nkyerɛwee “no mu.” Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no wɔ nsaano nkyerɛwee abiɛsa no mu. Nsɛmpa anan no ne Asomafo no Nnwuma no mu nsɛm dodow no ara wɔ biako mu. Nsaano nkyerɛwee a ɛto so abien, a Beatty tɔe akyiri yi no, mu na nkrataa a ɔsomafo Paulo kyerɛwee, a nea ɔde kɔmaa Hebrifo no ka ho no wom. Adiyisɛm nhoma no nkyem abiɛsa mu biako na ɛwɔ nsaano nkyerɛwee a ɛto so abiɛsa no mu. Sɛnea Kenyon kyerɛ no, “saa mmɛw krataa yi de adanse kɛse—adanse a emu yɛ den—a ɛfa ahotoso a yɛwɔ wɔ Apam Foforo a mprempren ɛwɔ hɔ no mu ho ma.”

Chestty Beatty Bible mmɛw krataa nkyerɛwee a ɛwɔ hɔ no kyerɛ sɛ Kristofo fii ase de nsaano nkyerɛwee no dii dwuma de sii nhoma mmobɔwee a ne kura yɛ den no ananmu, wɔ bɛyɛ afeha a edi kan Y.B. mu. Mmɛw krataa no nso ama ada adi sɛ esiane sɛ na nneɛma a wɔde yɛ ho adwuma no asa nti, na akyerɛwfo no taa de mmɛw nkrataa a ayɛ dedaw no ara na edi dwuma. Sɛ nhwɛso no, wɔkyerɛw Coptfo nsaano nkyerɛwee a Yohane Asɛmpa no fã wɔ so no “guu biribi a ɛte sɛ sukuufo nhoma a wɔakyerɛw Helafo nkontaa wom no so.”

Saa mmɛw nkrataa yi nyɛ fɛ de, nanso ɛsom bo. Ɛyɛ adanse a ɛda adi pefee sɛ ɛne Kristosom mfiase wɔ abusuabɔ. Charles Horton ka sɛ: “Saa mmɛw krataa a w’ani tua yi, ma wutumi hu nhoma ko a tete Kristofo no bi de dii dwuma—nhoma a na ɛsom bo ma wɔn.” (Mmebusɛm 2:4, 5) Sɛ wunya hokwan kɔhwehwɛ Chester Beatty Nhomakorabea hɔ a, w’ani begye.

[Mfonini wɔ kratafa 31]

Japanfo nneɛma a wɔde nnua ayɛ a Katsushika Hokusai tintimii nsɛm wɔ so

[Mfonini wɔ kratafa 31]

Na “Biblia Latina” ka Bible a wodii kan tintimii no ho

[Mfonini wɔ kratafa 31]

Ephraem nsɛm no bi a ɛwɔ Tatian nhoma a ɛne “Diatessaron” no mu a ɛhyɛɛ nokware a Bible no yɛ mu den

[Mfonini wɔ kratafa 31]

Chester Beatty P45, nsaano nkyerɛwee a akyɛ sen biara wɔ wiase, Nsɛmpa anan no ne Asomafo no Nnwuma no mu nsɛm dodow no ara wɔ po biako mu

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 29]

Reproduced by kind permission of The Trustees of the Chester Beatty Library, Dublin

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 31]

Ahoni nyinaa: Reproduced by kind permission of The Trustees of the Chester Beatty Library, Dublin