Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Mommɔ Mpae Sɛ”

“Mommɔ Mpae Sɛ”

“Mommɔ Mpae Sɛ”

SO WUNIM Awurade Mpaebɔ no mu nsɛm? Ɛyɛ mpaebɔ nhwɛso a Yesu Kristo kyerɛe. Wɔ Yesu Bepɔw so Asɛnka a agye din yiye no mu no, ɔkae sɛ: “Enti mommɔ mpae sɛ.” (Mateo 6:9) Esiane sɛ Yesu na ɔde sii hɔ nti, wɔtaa frɛ no Awurade Mpaebɔ, na wɔsan frɛ no Yɛn Agya a Wowɔ Soro mpaebɔ.—Latin, Paternoster.

Nnipa ɔpepem pii a wɔwɔ wiase nyinaa akyere Awurade Mpaebɔ no agu wɔn tiri mu, na wotĩ mu ka mpɛn pii, ebia da biara mpo. Nnansa yi, nnipa pii tĩ mpaebɔ no mu ka wɔ sukuu mu ne ɔman guasodeyɛ ahorow mu. Dɛn nti na wobu Awurade Mpaebɔ no saa?

Afeha a ɛto so abiɛsa mu nyamekyerɛfo Cyprian kyerɛwee sɛ: “Mpaebɔ bɛn na ebetumi ayɛ honhom fam de kɛse sen nea Kristo de maa yɛn no . . . ? Mpae a wɔbɔ Agya no bɛn na ebetumi ayɛ nokware asen nea Ɔba a ɔno ara ne Nokware no de maa yɛn no?”—Yohane 14:6.

Wɔ Roma Katolek Asɔre no gyidikasɛm mu no, wobu Yɛn Agya a Wowɔ Soro mpaebɔ no sɛ “Kristofo mpaebɔ titiriw.” The World Book Encyclopedia gye tom sɛ mpaebɔ yi yɛ biribi titiriw wɔ Kristoman som ahorow nyinaa mu, na ɛfrɛ no “Kristofo gyidi ho nsɛntitiriw” no biako.

Nanso, ɛsɛ sɛ yegye tom sɛ nnipa a wɔka Awurade Mpaebɔ no fã kɛse no ara nte ase nwie. Canada Ottawa Citizen atesɛm krataa no ka sɛ: “Sɛ wowɔ Kristosom ho nimdeɛ bi a, wubetumi aka Awurade Mpaebɔ no a wunnyina nnye w’ahome mpo, nanso ebia ɛbɛyɛ wo den sɛ wobɛka no bɔkɔɔ na woate ase.”

So ɛho hia ankasa sɛ yɛbɛte mpae a yɛbɔ Onyankopɔn no ase? Dɛn nti na Yesu kyerɛɛ yɛn Awurade Mpaebɔ no? Dɛn na ɛkyerɛ ma wo? Momma yensusuw saa nsɛmmisa yi ho?