Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Monhyɛ Onyankopɔn Akode Nyinaa”

“Monhyɛ Onyankopɔn Akode Nyinaa”

“Monhyɛ Onyankopɔn Akode Nyinaa”

“Monhyɛ Onyankopɔn akode nyinaa, na moatumi agyina ne ɔbonsam nnɛɛdɛe adi asi.”—Efesofo 6:11.

1, 2. Fa w’ankasa nsɛm kyerɛkyerɛ honhom fam akode a ɛsɛ sɛ Kristofo hyɛ no mu.

NA Roma tumidi no adu ne mpɔmpɔnso wɔ afeha a edi kan no mu wɔ Y.B. mu. Ahoɔden a na Roma asraafodɔm no wɔ no maa ahenkurow no tumi dii wiase a na ɛwɔ hɔ no fã kɛse no ara so. Abakɔsɛm kyerɛwfo bi kaa saa asraafo no ho asɛm sɛ “asraafo a na wɔahyehyɛ wɔn sen biara wɔ abakɔsɛm mu.” Na Roma asraafo a wɔn ho akokwaw yiye no anya ɔko ho ntetee a edi mũ, na ntetee a emu yɛn den paa na na wɔde ma wɔn, nanso nkonim a wodi sɛ akofo a wɔn ho yɛ den no nso gyina wɔn akode so. Ɔsomafo Paulo de Roma sraani akode yɛɛ honhom fam akode a Kristofo hia na ama wɔadi nkonim wɔ ɔko a wɔne Ɔbonsam redi no mu ho mfatoho.

2 Yehu sɛnea wɔakyerɛkyerɛ saa honhom fam akode yi mu wɔ Efesofo 6:14-17. Paulo kyerɛwee sɛ: “Munnyina hɔ, momfa nokware nkyekye mo asen, na monhyɛ trenee nkatabo, na momfa asomdwoe asɛmpa no ho ahodaso nhyehyɛ mo anan; na ne nyinaa akyi no, munkura [gyidi kyɛm kɛse, NW] a mode betumi adum ɔbɔne no bɛmma a ɛredɛw no nyinaa, na momfa nkwagye dade kyɛw ne honhom nkrante a ɛne Onyankopɔn asɛm.” Wɔ nnipa ani so no, akode a Paulo kyerɛkyerɛɛ mu no maa Roma sraani nyaa ahobammɔ a ɛsɛ. Afei nso, sɛ na sraani no ne obi foforo reko a, na ɔtwe n’akode titiriw a ɛne nkrate no.

3. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyɛ setie ma Yesu Kristo akwankyerɛ ahorow na yedi ne nhwɛso akyi?

3 Sɛ yɛde akode a na Roma asraafo wɔ ne ntetee a na wɔde ma wɔn no to nkyɛn a, nea na ɛboa wɔn bio ma wodi nkonim no gyina setie a na wɔyɛ ma wɔn sahene no so. Saa ara nso na ɛsɛ sɛ Kristofo yɛ setie ma Yesu Kristo, nea Bible no ka ne ho asɛm sɛ “aman safohene” no. (Yesaia 55:4) Ɔno ara nso ne “asafo no ti.” (Efesofo 5:23) Yesu de yɛn honhom fam akodi no ho akwankyerɛ horow ma, na ɔyɛ nhwɛso a ɛyɛ pɛ wɔ sɛnea ɛsɛ sɛ yɛhyɛ honhom fam akode no ho. (1 Petro 2:21) Esiane sɛ nsɛdi kɛse wɔ su a ɛte sɛ Kristo de no ne yɛn honhom fam akode no mu nti, Kyerɛwnsɛm no tu yɛn fo sɛ yɛmfa Kristo adwene “nhyehyɛ” yɛn ho. (1 Petro 4:1, NW) Enti, bere a yesusuw yɛn honhom fam akode no mu biara ho no, yɛde Yesu nhwɛso bɛkyerɛkyerɛ sɛnea honhom fam akode no hia ne sɛnea etu mpɔn no mu.

Yɛn Asen, Yɛn Bo, ne Yɛn Anan Ho Ban a Yɛbɛbɔ

4. Dwuma bɛn na na abɔso di wɔ sraani akode mu, na wɔde yɛ dɛn ho mfatoho?

4 Momfa nokware nkyekye mo asen. Wɔ Bible mmere mu no, na asraafo bɔ bɛlt a wɔde aboa nhoma ayɛ anaa abɔso a ne tɛtrɛtɛ yɛ sɛntimita 5 kosi 15. Kasa asekyerɛfo bi kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔkenkan nkyekyem yi sɛ “momfa nokware nkyekye mo sisi sɛ bɛlt.” Na sraani bɛlt no bɔ n’asen ho ban, na na ɛma onya baabi a ɔde ne nkrante bɛhyɛ. Na sɛ sraani kyekye n’asen a, na ɔresiesie ne ho ama ɔsa. Paulo de sraani bɛlt dii dwuma de kyerɛkyerɛɛ baabi a ɛsɛ sɛ yɛma Kyerɛwnsɛm mu nokware no nya yɛn asetra so nkɛntɛnso kodu mu. Ɛsɛ sɛ yɛde kyekye yɛn ho papee te sɛ bɛlt, sɛnea ɛbɛyɛ a yɛde nokware no bɛbɔ yɛn bra na yɛatumi aka ho asɛm bere biara. (Dwom 43:3; 1 Petro 3:15) Ne saa nti, ɛho hia sɛ yɛde nsi sua Bible no na yedwennwen emu nsɛm no ho. Na Yesu wɔ Onyankopɔn mmara ‘wɔ ne komam.’ (Dwom 40:8) Sɛ na asɔretiafo bisa no nsɛm a, na otumi kae Kyerɛwnsɛm no mu asɛm de yi wɔn ano.—Mateo 19:3-6; 22:23-32.

5. Kyerɛkyerɛ sɛnea Kyerɛwnsɛm mu afotu betumi aboa yɛn wɔ sɔhwɛ mmere mu no mu.

5 Sɛ yɛma Bible mu nokware kyerɛ yɛn kwan a, ebetumi abɔ yɛn ho ban afi nsusuwii a ɛnteɛ ho na ama yɛasisi gyinae ahorow a nyansa wom. Wɔ sɔhwɛ mmere mu no, Bible akwankyerɛ bɛhyɛ yɛn bo a yɛasi sɛ yɛbɛyɛ nea ɛteɛ no mu den. Ɛte sɛ nea wɔ ɔkwan bi so no, yebehu Yehowa, yɛn Kyerɛkyerɛfo Kunini no, na yɛbɛte asɛm bi wɔ yɛn akyi se: “Eyi ne kwan . . . monnantew so.”—Yesaia 30:20, 21.

6. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛbɔ yɛn sɛnkyerɛnne kwan so koma no ho ban, na ɔkwan bɛn so na trenee betumi abɔ ho ban yiye?

6 Trenee nkatabo. Na nkatabo no bɔ sraani akwaa a ɛsom bo, koma, no ho ban. Yɛn sɛnkyerɛnne kwan so koma—yɛn mu nipa no—hia ahobammɔ titiriw efisɛ ɛtɔ kɔ bɔne so. (Genesis 8:21) Esiane eyi nti, ɛsɛ sɛ yesua na yɛdɔ Yehowa trenee gyinapɛn ahorow. (Dwom 119:97, 105) Trenee a yɛbɛdɔ no ma yɛpo wiase nsusuwii a ɛbɛma yɛabu yɛn ani agu Yehowa akwankyerɛ ahorow a emu da hɔ so no. Bio nso, sɛ yɛdɔ papa na yɛtan bɔne a, yɛkwati sɛ yebedi asetra kwan a ebetumi asɛe yɛn asetra akyi. (Dwom 119:99-101; Amos 5:15) Yesu yɛ eyi ho nhwɛso pa, efisɛ Kyerɛwnsɛm no ka fa ne ho sɛ: “Wodɔ trenee, na wukyi amumɔyɛ.”—Hebrifo 1:9. *

7. Dɛn nti na na Roma sraani hia mpaboa pa, na ɛyɛ dɛn ho mfatoho?

7 Momfa asomdwoe asɛmpa no ho ahodaso nhyehyɛ mo anan. Esiane sɛ, sɛ na Roma asraafo rekotu sa a, mpɛn pii no wɔhyɛ akotade anaa wokura akode ne nneɛma afoforo a emu duru bɛyɛ kilogram 27 twa kwan kilomita 30 da biara nti, na wohia mpaboa pa anaa mpaboa a ɛyɛ den. Paulo de mpaboa dii dwuma ma ɛfatae de gyinaa hɔ maa sɛnea yɛayɛ krado sɛ yɛbɛka Ahenni ho nkrasɛm no akyerɛ obiara a obetie no. Eyi ho hia efisɛ anka ɛbɛyɛ dɛn na nkurɔfo bɛba abehu Yehowa, sɛ yɛansiesie yɛn ho annya ɔpɛ sɛ yɛbɛka asɛm no a?—Romafo 10:13-15.

8. Ɔkwan bɛn so na yebetumi asua Yesu nhwɛso sɛ asɛmpa no ho ɔsɛnkafo?

8 Na dɛn ne adwuma a ehia sen biara wɔ Yesu asetram? Ɔka kyerɛɛ Roma Amrado Pontio Pilato sɛ: ‘Maba wiase sɛ merebedi nokware no ho adanse.’ Yesu kaa asɛm no wɔ baabiara a obenya obi a ɔwɔ ɔpɛ sɛ obetie, na n’ani gyee n’asɛnka adwuma no ho araa ma ɔde dii ne honam fam ahiade ahorow anim. (Yohane 4:5-34; 18:37) Sɛ yɛn ani gye ho sɛ yɛbɛka asɛmpa no te sɛ nea Yesu yɛe no a, yebenya hokwan ahorow pii de aka asɛm no akyerɛ afoforo. Bio nso, yɛn ho a yɛde bɛhyɛ asɛnka adwuma no mu fee no bɛma yɛayɛ nnam wɔ honhom mu.—Asomafo no Nnwuma 18:5.

Kyɛm, Dade Kyɛw, ne Nkrante No

9. Na ahobammɔ bɛn na kyɛm yɛ ma Roma sraani?

9 Gyidi kyɛm kɛse. Nea Hela asɛm a wɔkyerɛ ase “kyɛm kɛse” no kyerɛ ne kyɛm a ne kɛse yɛ nea ɛfata a etumi kata nipadua no fã kɛse ho. Ɛbɛbɔ obi ho ban afi “bɛmma a ɛredɛw” a wɔaka ho asɛm wɔ Efesofo 6:16 no ho. Wɔ Bible mmere mu no, na asraafo de mmɛw yɛ agyan a ɛwɔ dade ntokuru nketenkete bi a wɔde bɛmma a ɛredɛw hyem. Nhomanimfo bi kaa saa agyan no ho asɛm sɛ “akode a ɛyɛ hu sen biara a na tete no wɔde di ako no mu biako.” Sɛ na sraani bi nni kyɛm a ɔde bɛbɔ ne ho ban afi akode a ɛte saa ho a, na obetumi apira kɛse anaa wɔakum no mpo.

10, 11. (a) Satan “bɛmma a ɛredɛw” bɛn na ebetumi abrɛ yɛn gyidi ase? (b) Ɔkwan bɛn so na Yesu nhwɛso no kyerɛ mfaso a ɛwɔ gyidi a wɔda no adi wɔ sɔhwɛ mmere mu no so?

10 “Bɛmma a ɛredɛw” bɛn na Satan de di dwuma de brɛ yɛn gyidi ase? Ebia ɔbɛma yɛahyia ɔtaa anaa ɔsɔretia wɔ abusua mu, adwuma mu, anaa sukuu mu. Honam fam adedodowpɛ ho akɔnnɔ ne ɔbrasɛe nnaadaa nso ama Kristofo binom agu asu honhom fam. Sɛ yɛbɛbɔ yɛn ho ban afi asiane a ɛtete saa ho a, ‘ɛsɛ sɛ nea ɛsen ne nyinaa no yekura gyidi kyɛm no.’ Gyidi a yebenya no gyina Yehowa ho ade a yebesua, nkitaho a yɛne no bedi daa wɔ mpaebɔ mu, na yɛahu ɔkwan a ɔfa so bɔ yɛn ho ban na ohyira yɛn no so.—Yosua 23:14; Luka 17:5; Romafo 10:17.

11 Bere a na Yesu wɔ asase so no, ɔdaa sɛnea ɛho hia sɛ yenya gyidi a emu yɛ den wɔ mmere a emu yɛn den mu adi. Ɔde ne ho too N’agya gyinaesi ahorow so koraa na na n’ani gye ho sɛ ɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde. (Mateo 26:42, 53, 54; Yohane 6:38) Bere a na Yesu redi awerɛhow kɛse wɔ Getsemane turo no mu mpo no, ɔka kyerɛɛ N’agya sɛ: “Ɛnyɛ sɛnea mepɛ, na sɛnea wopɛ.” (Mateo 26:39) Yesu ammu n’ani angu hia a ehia sɛ okura ne mudi mu na ɔma N’agya koma tɔ ne yam no so da. (Mmebusɛm 27:11) Sɛ yɛwɔ ahotoso a ɛte saa ara wɔ Yehowa mu a, yɛremma kasatia anaa ɔsɔretia mmrɛ yɛn gyidi ase. Mmom no, sɛ yɛde yɛn ho to Onyankopɔn so, yi ɔdɔ adi kyerɛ no, na yedi ne mmara nsɛm so a, yɛn gyidi bɛyɛ den. (Dwom 19:7-11; 1 Yohane 5:3) Yɛrentumi mfa honam fam mfaso horow anaa bere tiaa mu anigye biara ntoto nea Yehowa asiesie ama wɔn a wɔdɔ no no ho.—Mmebusɛm 10:22.

12. Yɛn nipadua no fã a ehia bɛn na yɛn sɛnkyerɛnne kwan so dade kyɛw no bɔ ho ban, na dɛn nti na ahobammɔ a ɛte saa no ho hia?

12 Nkwagye dade kyɛw no. Na wɔde dade kyɛw bɔ sraani ti ne n’amemene—beae a ne nimdeɛ wɔ no ho ban. Wɔde yɛn Kristofo anidaso no toto dade kyɛw ho efisɛ ɛbɔ yɛn adwene ho ban. (1 Tesalonikafo 5:8) Ɛwom sɛ yɛnam Onyankopɔn Asɛm mu nokware nimdeɛ so ayɛ yɛn adwene foforo de, nanso yɛda so ara yɛ mmerɛw, na yɛtɔ sin. Ɛnyɛ den sɛ yɛn adwene betumi asɛe. Nneɛma nhyehyɛe yi mu botae ahorow betumi atwetwe yɛn adwene anaa ebesi anidaso a Onyankopɔn de ama yɛn no mpo ananmu. (Romafo 7:18; 12:2) Ɔbonsam bɔɔ mmɔden biara sɛ ɔbɛdan Yesu adwene afi ne botae a okura ho denam “wiase ahenni nyinaa ne emu anuonyam” a ɔde kyerɛɛ no no so. (Mateo 4:8) Nanso Yesu poe koraa, na Paulo ka faa ne ho sɛ: ‘Yesu hwɛɛ anigye a ɛda n’anim tɔɔ ne bo ase huu asɛndua ho amane, na wammu aniwu, na wakɔtra Onyankopɔn ahengua nifa.’—Hebrifo 12:2.

13. Yɛbɛyɛ dɛn akura yɛn ahotoso a yɛwɔ wɔ anidaso a ɛda yɛn anim no mu?

13 Ahotoso a na Yesu wɔ no amma ara kwa. Sɛ yɛamma anidaso a ɛda yɛn anim no antra yɛn adwenem na mmom yɛde nneɛma nhyehyɛe yi mu akwanhwɛ ahorow ne botae ahorow hyɛ yɛn adwenem a, gyidi a yɛwɔ wɔ Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow mu no bɛbrɛ ase. Bere kɔ so no, yebetumi agyae yɛn anidaso mu mpo koraa. Nea ɛne eyi bɔ abira no, sɛ yesusuw Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow ho daa a, yɛbɛkɔ so ama yɛn ani agye anidaso a ɛda yɛn anim no mu.—Romafo 12:12.

14, 15. (a) Dɛn ne yɛn sɛnkyerɛnne kwan so nkrante no, na ɔkwan bɛn so na yɛbɛfa de adi dwuma? (b) Kyerɛkyerɛ sɛnea honhom nkrante no betumi aboa yɛn ma yɛako atia sɔhwɛ no mu.

14 Honhom nkrante no. Onyankopɔn asɛm, anaa nkrasɛm, a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Bible mu no te sɛ nkrante anofanu a ano yɛ nnam yiye a ebetumi atwitwa nyamesom mu atosɛm mu na aboa nnipa komapafo ma wɔanya honhom fam ahofadi. (Yohane 8:32; Hebrifo 4:12) Saa honhom nkrante yi nso betumi abɔ yɛn ho ban bere a sɔhwɛ anaa awaefo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛsɛe yɛn gyidi no. (2 Korintofo 10:4, 5) Hwɛ aseda ara a yebetumi de ama sɛ ‘Kyerɛw nyinaa fi Nyankopɔn home mu na esiesie yɛn koraa ma nnwuma pa nyinaa no’!—2 Timoteo 3:16, 17.

15 Bere a Satan sɔɔ Yesu hwɛe wɔ sare so no, Yesu de honhom nkrante no dii dwuma ahokokwaw mu bɔɔ nsusuwii a ɛnteɛ ne anifere kwan so sɔhwɛ ahorow no gui. Wɔ sɔhwɛ a Satan de baa ne so no mu biara mu no, obuae sɛ: “Wɔakyerɛw sɛ.” (Mateo 4:1-11) David a ɔyɛ Yehowa Dansefo wɔ Spain nso hui sɛ Kyerɛwnsɛm no yɛɛ no mmoa ma odii sɔhwɛ a ɛbaa ne so no so nkonim. Bere a odii mfe 19 no, ababaa hoɔfɛfo bi a na ɔne no nyinaa yɛ adwuma wɔ adwumakuw bi a wosiesie kurow mu ka kyerɛɛ no sɛ ɔne no “mpue nkogye wɔn ani.” Nanso David ampene ababaa no nneyɛe no so na ɔka kyerɛɛ n’adwumam panyin no sɛ ɔmma no adwuma wɔ beae foforo sɛnea ɛbɛyɛ a ababaa no mfa ɔpɛ ho asɛm nhaw no bio. David kae sɛ: “Mekaee Yosef nhwɛso no. Yosef poo ɔbrasɛe no na ofii hɔ ntɛm. Saa pɛpɛɛpɛ na meyɛe.”—Genesis 39:10-12.

16. Kyerɛkyerɛ nea enti a yehia ntetee na ama yɛatumi ‘akura nokwasɛm no mu pɛpɛɛpɛ’ no mu.

16 Yesu san de honhom nkrante no boaa afoforo ma wɔdee wɔn ho fii Satan nkɛntɛnso ase. Yesu kae sɛ: “Me kyerɛkyerɛ nyɛ me dea, na nea ɔsomaa me no dea.” (Yohane 7:16) Sɛ yebetumi asuasua ahokokwaw a Yesu de kyerɛkyerɛe no a, yehia ntetee. Yudani abakɔsɛm kyerɛwfo Josephus kyerɛw faa Roma asraafo ho sɛ: “Na sraani biara teɛteɛ n’apɔw mu daa, na na wɔde nsi na ɛyɛ saa, te sɛ nea ebia wɔwɔ ɔko mmere mu, na ɛno ne ade a na ɛma wotumi gyina ɔko no ano a ɛnyɛ wɔn den koraa no.” Ɛsɛ sɛ yɛde Bible no di dwuma wɔ yɛn honhom fam akodi no mu. Bio nso, ɛsɛ sɛ ‘yɛbɔ mmɔden de yɛn ho gyina Onyankopɔn anim sɛ nea yɛfata, sɛ adwumayɛfo a enhia sɛ yɛfɛre, na yekura nokwasɛm no mu pɛpɛɛpɛ.’ (2 Timoteo 2:15) Na hwɛ akomatɔyam kɛse nka a yɛte bere a yɛde Kyerɛwnsɛm no bua onigyeni bi asɛmmisa a efi komam no!

Bɔ Mpae Daa

17, 18. (a) Dwuma bɛn na mpaebɔ di wɔ Satan a yɛko tia no no mu? (b) Ma nhwɛso a ɛkyerɛ sɛnea mpaebɔ som bo.

17 Bere a Paulo kaa honhom fam akode no nyinaa ho asɛm awiei no, ɔde afotu bi a ɛho hia kaa ho. Wɔ ɔko a Kristofo ko tia Satan mu no, ɛsɛ sɛ yɛde “mpaebɔ ne ɔsrɛ bɔ mpae.” Mpɛn ahe na ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa? Paulo kyerɛwee sɛ ‘yɛmmɔ mpae daa honhom mu.’ (Efesofo 6:18) Sɛ yehyia sɔhwɛ ahorow, anaa yɛte abasamtu nka a, mpaebɔ betumi ahyɛ yɛn den kɛse. (Mateo 26:41) Yesu de ‘mpaebɔ ne nkotɔsrɛ baa nea na obetumi agye no afi owu mu no anim wɔ nteɛm a emu yɛ den ne nusu mu, na ɔfɛre nti wotiee no.’—Hebrifo 5:7.

18 Milagros, a na ɔde mfe bɛboro 15 ahwɛ ne kunu a yare a enni sabea bi wɔ ne so no ka sɛ: “Sɛ mete nka sɛ m’abam abu a, na medan kɔ Yehowa nkyɛn wɔ mpaebɔ mu. Ɔno nkutoo na obetumi aboa me kɛse. Nokwarem no, ɛtɔ mmere bi a mete nka sɛ mintumi nnyina ano bio. Nanso bere a mebɔɔ Yehowa mpae mpɛn pii no, metee nka sɛ manya ahoɔden foforo na me koma tɔɔ me yam.”

19, 20. Dɛn na yehia na ama yɛadi nkonim wɔ yɛne Satan akodi no mu?

19 Ɔbonsam nim sɛ ne bere a ɔwɔ yɛ tiawa, na omia mmɔden a ɔbɔ sɛ obedi yɛn so nkonim no mu. (Adiyisɛm 12:12, 17) Ɛsɛ sɛ yɛko tia saa ɔtamfo hoɔdenfo yi na ‘yɛko gyidi ko pa no.’ (1 Timoteo 6:12) Eyi yɛ hwehwɛ sɛ yenya ahoɔden a ɛboro so. (2 Korintofo 4:7) Yehia Onyankopɔn honhom kronkron no nso mmoa, enti ɛsɛ sɛ yɛbɔ ho mpae. Yesu kae sɛ: “Sɛ mo a moyɛ abɔnefo nim sɛnea mode nnepa ma mo mma a, mpɛn ahe ara na mo agya a ɔwɔ ɔsoro no remfa Honhom Kronkron mma wɔn a wobisa no?”—Luka 11:13.

20 Ɛda adi pefee sɛ, ɛho hia sɛ yɛhyɛ akode a Yehowa de ma no nyinaa. Honhom fam akode yi a yɛbɛhyɛ no hwehwɛ sɛ yenya su a Onyankopɔn ani gye ho te sɛ gyidi ne trenee. Ɛhwehwɛ sɛ yɛdɔ nokware no te sɛ nea yɛde akyekye yɛn ho, siesie yɛn ho sɛ yɛbɛka asɛmpa no bere nyinaa, na yɛma anidaso a ɛda yɛn anim no tra yɛn adwenem. Ɛsɛ sɛ yesua sɛ yɛde honhom nkrante no bedi dwuma ahokokwaw mu. Sɛ yɛhyɛ Onyankopɔn akode no nyinaa a, yebetumi adi ɔko a yɛne ahonhommɔne redi no mu nkonim na nokwarem no ɛno betumi de anuonyamhyɛ aba Yehowa din kronkron no so.—Romafo 8:37-39.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 6 Wɔka Yehowa ankasa ho asɛm wɔ Yesaia nkɔmhyɛ no mu sɛ ɔhyɛ “trenee sɛ nkatabo.” Enti, ɔhwehwɛ sɛ asafo mu ahwɛfo bebu atɛntrenee na wɔayɛ wɔn ade trenee mu.—Yesaia 59:14, 15, 17.

Wubebua Dɛn?

• Hena na ɔyɛ nhwɛso a ɛsen biara wɔ honhom fam akode a yɛbɛhyɛ no mu, na dɛn nti na ɛsɛ sɛ yesusuw ne nhwɛso no ho yiye?

• Yɛbɛyɛ dɛn abɔ yɛn adwene ne yɛn sɛnkyerɛnne kwan so koma no ho ban?

• Yɛbɛyɛ dɛn atumi de honhom nkrante no adi dwuma ahokokwaw mu?

• Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae daa?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 17]

Nsi a yɛde besua Bible no betumi akanyan yɛn ma yɛaka asɛmpa no bere nyinaa

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 18]

Yɛn anidaso a enhinhim no boa ma yegyina sɔhwɛ ahorow ano

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 19]

So wode “honhom nkrante” no di dwuma wɔ asɛnka mu?