Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Monkɔ So Nyɛ Den Awurade Mu’

‘Monkɔ So Nyɛ Den Awurade Mu’

‘Monkɔ So Nyɛ Den Awurade Mu’

“Monkɔ so nyɛ den Awurade ne n’ahoɔden kɛseyɛ mu.”—EFESOFO 6:10, NW.

1. (a) Ɔko soronko bɛn na ɛkɔɔ so bɛyɛ mfe 3,000 a atwam ni? (b) Dɛn nti na Dawid dii nkonim?

BƐYƐ mfe 3,000 a atwam ni no, akofo baanu a obiara wɔ asraafodɔm taa n’akyi de sii ani wɔ akono. Na wɔfrɛ akumaa no Dawid na na ɔyɛ abarimaa guanhwɛfo. Na nea ɔne no dii asi no ne Goliat, ɔbarima a na ne ho yɛ den paa na ɔware yiye no. Na n’akotade mu duru bɛyɛ kilogram 57, na na okura peaw kɛse bi a emu yɛ duru ne nkrante kɛse bi. Na Dawid nhyɛ akotade biara, na na ataabo nkutoo ne akode a okura. Filistini Goliat a ɔyɛ ɔbran yi tee nka sɛ ɛyɛ mpoatwa sɛ wɔde Israelni abarimaa saa abrɛ no sɛ ɔne no nko. (1 Samuel 17:42-44) Wɔ Israelfo ne Filistifo a na wɔrehwɛ ɔko no fam de, na ɛnyɛ den mma wɔn sɛ wobehu nea obedi nkonim. Nanso, ɛnyɛ bere nyinaa na dɔmmarima di ɔko mu nkonim. (Ɔsɛnkafo 9:11) Dawid dii nkonim efisɛ Yehowa maa no ahoɔden. Ɔkae sɛ: “Ɔko no yɛ [Yehowa, NW] dea.” Bible kyerɛwtohɔ ka sɛ “Dawid de ataabo ne ɔbo faa Filistini no so.”—1 Samuel 17:47, 50.

2. Ɔko bɛn na Kristofo de wɔn ho hyem?

2 Kristofo mfa wɔn ho nhyɛ honam fam akodi mu. Ɛwom sɛ wɔne nnipa nyinaa te asomdwoe mu de, nanso wɔne atamfo a wɔn ho yɛ den paa di ako wɔ honhom fam. (Romafo 12:18) Wɔ Paulo krataa a ɔkyerɛw kɔmaa Efesofo no ti a etwa to mu no, ɔkyerɛkyerɛɛ ɔko bi a Kristofo nyinaa ho wom mu. Ɔkyerɛwee sɛ: “Efisɛ ɛnyɛ yɛne mogya ne honam na anya, na mmom yɛne mpanyinni ne tumidi ne wiase yi sum mu atumfo ne ahonhommɔne a ɛwɔ ɔsoro hɔnom.”—Efesofo 6:12.

3. Sɛnea Efesofo 6:10 kyerɛ no, dɛn na yehia na ama yɛadi nkonim?

3 Saa “ahonhommɔne” no ne Satan ne adaemone no a nea wɔpɛ ne sɛ wɔbɛsɛe yɛne Yehowa Nyankopɔn ntam abusuabɔ no. Esiane sɛ wɔn ho yɛ den koraa sen yɛn nti, tebea a yɛwom no ayɛ te sɛ Dawid de no ara, na yentumi nni nkonim gye sɛ yɛde yɛn ho to Onyankopɔn so hwehwɛ ahoɔden. Nokwarem no, Paulo tu yɛn fo sɛ ‘yɛnkɔ so nyɛ den Awurade ne n’ahoɔden kɛseyɛ mu.’ (Efesofo 6:10) Bere a ɔsomafo no de saa afotu no ma wiei no, ɔkyerɛkyerɛɛ honhom fam nsiesie ahorow ne Kristofo nipasu a ɛbɛboa yɛn ma yɛadi ɔko no mu nkonim mu.—Efesofo 6:11-17.

4. Nsɛm atitiriw abien bɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?

4 Afei momma yɛnhwehwɛ nea Kyerɛwnsɛm no ka fa ahoɔden a yɛn tamfo no wɔ ne akwan a ɔfa so no mu. Afei yebesusuw ɔkwan a yɛbɛfa so ako atia no na yɛabɔ yɛn ho ban ho. Sɛ yedi Yehowa akwankyerɛ akyi a, yebetumi anya ahotoso sɛ yɛn atamfo no rentumi nni yɛn so nkonim.

Yɛne Ahonhommɔne na Ɛredi Ako

5. Ɔkwan bɛn so na mfitiase kasa “atentam” a wɔde di dwuma wɔ Efesofo 6:12 no boa yɛn ma yehu Satan akwan?

5 Paulo kyerɛkyerɛ mu sɛ ‘yɛne ahonhommɔne a ɛwɔ ɔsoro hɔnom no na anya.’ Nokwarem no, nea odi ahonhommɔne no mu akoten ne Satan Ɔbonsam, “ahonhommɔne panyin” no. (Mateo 12:24-26) Wɔ mfitiase kasa no mu no, Bible no de ɔko a yɛreko no toto “atentam” ho. Wɔ atentam ho akan a na wosi wɔ tete Hela no mu no, na akansifo no mu biara bɔ mmɔden sɛ ɔde ne yɔnko bɛhwe fam. Saa ara nso na Ɔbonsam pɛ sɛ yɛhwe ase wɔ honhom fam. Ɔkwan bɛn so na ɔbɛfa ama yɛahwe ase?

6. Fa Kyerɛwnsɛm no kyerɛ sɛnea Ɔbonsam betumi afa akwan ahorow so abrɛ yɛn gyidi ase.

6 Ebia Ɔbonsam bɛyɛ n’ade te sɛ ɔwɔ, gyata a ɔbobom, anaa mpo hann bɔfo. (2 Korintofo 11:3, 14; 1 Petro 5:8) Obetumi de nnipa adi dwuma ama wɔataa yɛn anaa wɔabu yɛn abam. (Adiyisɛm 2:10) Esiane sɛ wiase no nyinaa da Satan tumi mu nti, obetumi de wiase akɔnnɔ ne emu afɛfɛde adi dwuma koraa de asum yɛn afiri. (2 Timoteo 2:26; 1 Yohane 2:16; 5:19) Obetumi de wiase anaa awaefo nsusuwii adi dwuma de adaadaa yɛn sɛnea ɔdaadaa Hawa no ara pɛ.—1 Timoteo 2:14.

7. Anohyeto ahorow bɛn na adaemone no wɔ, na hokwan ahorow bɛn na yɛwɔ?

7 Ɛwom sɛ ebia ɛbɛyɛ te sɛnea akode ahorow ne tumi a Satan ne n’adaemone no de di dwuma no ano yɛ den de, nanso ɛwɔ anohyeto ahorow. Saa ahonhommɔne yi ntumi nhyɛ yɛn sɛ yɛnyɛ bɔne a ɛnsɔ yɛn soro Agya no ani. Yɛyɛ nnipa a yetumi paw nea yɛpɛ, na yɛwɔ yɛn nsusuwii ne yɛn nneyɛe so tumi. Bio nso, ɛnyɛ yɛn nkutoo na yɛredi ako no. Te sɛ nea na ɛte wɔ Elisa bere so no, saa ara na ɛte nnɛ: “Wɔn a wɔka yɛn ho dɔɔso sen wɔn a wɔka wɔn ho no.” (2 Ahene 6:16) Bible no ma yɛn awerehyem sɛ sɛ yɛde yɛn ho hyɛ Onyankopɔn ase na yesiw Ɔbonsam kwan a, obeguan afi yɛn nkyɛn.—Yakobo 4:7.

Yenim Satan Akwan

8, 9. Sɔhwɛ ahorow bɛn na Satan de baa Hiob so sɛ ɔde bɛma wagyae ne mudi mu kura, na honhom fam asiane bɛn na yehyia nnɛ?

8 Yenim Satan akwan, efisɛ Kyerɛwnsɛm no ma yehu akwan atitiriw a ɔde di dwuma no. (2 Korintofo 2:11) Ɔbonsam nam ohia buruburoo, adɔfo wu, ɔsɔretia a efi abusuafo hɔ, nipaduam yaw, ne kasatia a enni nnyinaso a efi nnamfo atorofo hɔ so yɛɛ ade tiaa ɔtreneeni Hiob. Hiob hawee na ɔtee nka sɛ Onyankopɔn agyaw no. (Hiob 10:1, 2) Ɛwom sɛ ebia Satan mfa ɔhaw ahorow a ɛte saa mma tẽẽ nnɛ de, nanso amanehunu a ɛte saa to Kristofo pii, na Ɔbonsam betumi afa saa kwan no so de adi n’atirimpɔw ho dwuma.

9 Honhom fam asiane abu so wɔ awiei bere yi mu. Yɛte wiase bi a honam fam nneɛma akyidi bunkam honhom fam botae ahorow so mu. Sɛ́ anka nsɛm ho amanneɛbɔfo bɛda no adi sɛ nna mu ɔbrasɛe de awerɛhowdi na ɛba no, wɔda no adi daa sɛ ɛma wonya anigye mmom. Na nnipa pii ‘abɛdɔ anigyede asen Nyankopɔn.’ (2 Timoteo 3:1-5) Nsusuwii a ɛte saa betumi ama yɛahinhim wɔ honhom fam gye sɛ ‘yɛpere gyidi no.’—Yuda 3.

10-12. (a) Kɔkɔbɔ bɛn na Yesu de mae wɔ ne bɛ a ɛfa ogufo ho no mu? (b) Kyerɛkyerɛ sɛnea wobetumi amia honhom fam dwumadi ahorow no mu.

10 Satan akwan a ɔde di dwuma ma ɛsow aba no mu biako ne sɛ obenya yɛn ma yɛde yɛn ho ahyɛ wiase no ne emu honam fam adedodowpɛ mu fee. Wɔ Yesu bɛ a ɛfa ogufo no ho mu no, ɔbɔɔ kɔkɔ sɛ wɔ tebea ahorow bi mu no “wiase asetra yi mu dadwen ne haw ne ahonyade nnaadaa mia [Ahenni ho] asɛm no.” (Mateo 13:18, 22) Nea Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “mia” wɔ ha no kyerɛ ankasa ne sɛ “womia biribi kum no koraa.”

11 Obi betumi ahu hamakyɛm wɔ kwaebirentuw mu. Ɛmankyere dutan ho bere a ɛrenyin nkakrankakra no. Hamakyɛm no de nkakrankakra mankyere dutan no ho nyinaa na egye ntini kɛse. Hamakyɛm no ntini pii no de nkakrankakra twetwe nnuannuru pii fi asase a dua no si so no mu, bere a ne nwura no hyɛ dua no so kusuu na ɛmma hann ntumi ntɔ dua no so no. Awiei koraa no, dua no wu ma ɛka hamakyɛm no nkutoo si hɔ.

12 Wɔ ɔkwan a ɛte saa ara so no, wiase asetra yi mu dadwen ne ɔpɛ a obi wɔ sɛ obenya ne ho ne asetra a ahotɔ wom no betumi de nkakrankakra agye yɛn mmere ne yɛn ahoɔden kɛse. Sɛ yɛma wiase yi mu nneɛma twetwe yɛn adwene a, ebia ɛbɛyɛ mmerɛw sɛ yebegyae kokoam Bible adesuayɛ na yɛataa atoto Kristofo nhyiam ahorow mu, na sɛ ɛba saa a, yɛrennya honhom fam aduan nni. Afei honam fam botae ahorow besi honhom fam dwumadi ahorow ananmu, na awiei koraa no ɛbɛyɛ mmerɛw ama Satan sɛ ɔbɛkyere yɛn.

Ɛsɛ sɛ Yegyina Pintinn

13, 14. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade dɛn bere a Satan ko tia yɛn no?

13 Paulo tuu mfɛfo gyidifo fo sɛ ‘wonnyina pintinn ne Ɔbonsam nnɛɛdɛe ni asi.’ (Efesofo 6:11) Nokwarem no, yentumi nsɛe Ɔbonsam ne n’adaemone no. Onyankopɔn de saa dwumadi no ahyɛ Yesu Kristo nsa. (Adiyisɛm 20:1, 2) Nanso, ansa na wobeyi Satan afi hɔ no, ɛsɛ sɛ ‘yegyina pintinn’ sɛnea ɛbɛyɛ a ne ntua no mmunkam yɛn so.

14 Ɔsomafo Petro nso sii hia a ehia sɛ yegyina pintinn ko tia Satan no so dua. Petro kyerɛwee sɛ: “Mo ani nna hɔ, monwɛn, efisɛ mo tamfo bonsam no nam sɛ gyata a ɔbobom hwehwɛ nea obenya no amene. Ɔno na momfa gyidi nnyina hɔ pintinn nsiw no kwan, efisɛ munim sɛ amanehunu no ara na wɔde ato mo nuanom a wɔwɔ wiase so sɛ wonhu.” (1 Petro 5:8, 9) Nokwarem no, yɛn honhom fam anuanom mmarima ne mmea mmoa ho hia na yɛatumi agyina pintinn bere a Ɔbonsam tow hyɛ yɛn so sɛ gyata a ɔrebobom no.

15, 16. Fa Kyerɛwnsɛm mu nhwɛso bi a ɛkyerɛ sɛnea mmoa a efi mfɛfo gyidifo hɔ betumi aboa yɛn ma yɛagyina pintinn no ma.

15 Bere a gyata bi bobom wɔ Afrika sare so no, ebia awansan a wɔwɔ hɔ no de mmirika hare beguan afi asiane a ɛrebɛto wɔn no mu. Nanso, asono yɛ nhwɛso bi fa mmoa a wɔde ma wɔn ho wɔn ho no ho. Elephants—Gentle Giants of Africa and Asia nhoma no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ɔkwan a asono kuw taa fa so bɔ wɔn ho ban ne sɛ asono akɛse no keka wɔn ho bom twa kanko de wɔn ani kyerɛ faako a gyata no rebobom no na wɔma asono nketewa no hyɛ wɔn mfinimfini de bɔ wɔn ho ban.” Sɛ agyata hyia ahoɔden a ɛte saa a wɔde boa wɔn ho wɔn ho no a, wɔntaa nkyere asono nketewa no mpo.

16 Saa ara na ehia sɛ yɛn nso sɛ Satan ne n’adaemone no hunahuna yɛn a, yɛne yɛn nuanom a wɔn ase atim wɔ gyidi mu no de mmati koro tra ase bom. Paulo kae sɛ mfɛfo Kristofo bi bɛyɛɛ “awerɛkyekye” maa no bere a na ɔda afiase wɔ Roma no. (Kolosefo 4:10, 11) Hela asɛm a wɔkyerɛ ase “awerɛkyekye” no pue pɛnkoro pɛ wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu. Sɛnea Vine’s Expository Dictionary of New Testament Words kyerɛ no, “sɛ wɔde asɛmfua no di dwuma sɛ adeyɛ asɛm a, ɛkyerɛ nnuru a obi a ne ho yeraw no nom ma ne ho dwo no.” Te sɛ srade a obi a ne ho tutu no de srasra ne ho ma ne ho dwo no no, mmoa a efi Yehowa asomfo a wɔn ho akokwaw hɔ betumi ayi ɛyaw a nkate ne honam fam haw de ba no afi hɔ.

17. Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛadi Onyankopɔn nokware?

17 Nkuranhyɛ a efi mfɛfo Kristofo hɔ nnɛ no betumi ahyɛ yɛn bo a yɛasi sɛ yɛbɛsom Onyankopɔn nokware mu no mu den. Ɛsɛ sɛ Kristofo mpanyimfo titiriw na wonya ɔpɛ sɛ wɔde honhom fam mmoa bɛma. (Yakobo 5:13-15) Nea ɛka nneɛma ahorow a ɛbɛboa yɛn ma yɛadi nokware ho ne Bible a yebesua no daa na yɛakɔ Kristofo nhyiam, ɔmansin ne ɔmantam nhyiam ahorow. Abusuabɔ a emu yɛn den a yɛn ankasa ne Onyankopɔn benya no nso boa yɛn ma yedi no nokware. Nokwarem no, sɛ yedidi oo, sɛ yɛnom oo, yɛyɛ biribiara oo, ɛsɛ sɛ yɛyɛ ne nyinaa de hyɛ Onyankopɔn anuonyam. (1 Korintofo 10:31) Ɛda adi sɛ, Yehowa a yɛbɛbɔ no mpae na yɛde yɛn ho ato ne so no ho hia na yɛakɔ so anantew wɔ ɔkwan a ɛsɔ n’ani so.—Dwom 37:5.

18. Dɛn nti na sɛ tebea ahorow a ɛhyɛ ahometew ma yɛn ahoɔden so tew mpo a, ɛnsɛ sɛ yɛpa abaw?

18 Ɛtɔ mmere bi a Satan ntua ba yɛn so bere a yɛte nka sɛ yenni honhom fam ahoɔden no. Gyata tow hyɛ aboa a wayɛ mmerɛw so. Abusua mu nsɛnnennen, sika fam ahokyere, anaa yare betumi ama yɛn ahoɔden so atew wɔ honhom fam. Nanso mommma yɛmmpa abaw sɛ yɛbɛyɛ nea ɛsɔ Onyankopɔn ani, efisɛ Paulo kae sɛ: “Meyɛ mmerɛw a, ɛno ansa na me ho yɛ den.” (2 Korintofo 12:10; Galatifo 6:9; 2 Tesalonikafo 3:13) Dɛn na na ɔrepɛ akyerɛ? Nea na ɔrepɛ akyerɛ ne sɛ Onyankopɔn ahoɔden betumi abunkam yɛn mmerɛwyɛ so, sɛ yɛdan kɔ Yehowa hɔ sɛ ɔmma yɛn ahoɔden a. Nkonim a Dawid dii wɔ Goliat so no kyerɛ sɛ Onyankopɔn betumi ahyɛ ne nkurɔfo den, na ɔhyɛ wɔn den nso. Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ nnɛ betumi adi adanse sɛ wɔate nka sɛ Onyankopɔn ahyɛ wɔn den wɔ mmere a emu yɛ den paa mu.—Daniel 10:19.

19. Ma nhwɛso a ɛkyerɛ sɛnea Yehowa betumi ahyɛ n’asomfo den.

19 Awarefo bi a wonyaa Onyankopɔn hɔ mmoa kyerɛwee sɛ: “Mfe pii a abɛsen kɔ mu no, yɛasom Yehowa sɛ okunu ne ɔyere na yɛanya nhyira pii na yɛaba abehu nnipa a wɔn ho yɛ anika pii. Yehowa asan atete yɛn ahyɛ yɛn den ma yɛatumi agyina ahohia ano yiye. Te sɛ Hiob no, ɛnyɛ bere nyinaa na na yɛte nea enti a nneɛma bi sisi no ase, nanso na yenim sɛ Yehowa ayɛ krado bere nyinaa sɛ ɔbɛboa yɛn.”

20. Kyerɛwnsɛm mu adanse bɛn na ɛkyerɛ sɛ Yehowa boa ne nkurɔfo bere nyinaa?

20 Yehowa nsa nyɛ tiaa sɛ ɔbɛboa ne nkurɔfo anokwafo na wahyɛ wɔn den. (Yesaia 59:1) Odwontofo Dawid too dwom sɛ: “[Yehowa, NW] wowaw wɔn a wɔhwe ase nyinaa, na ɔma wɔn a wɔakotow nyinaa so gyina.” (Dwom 145:14) Nokwarem no, yɛn soro Agya no ‘soa yɛn adesoa ma yɛn daa daa’ na ɔde nea yehia ankasa ma yɛn.—Dwom 68:19.

Yehia “Onyankopɔn Akode no Nyinaa”

21. Ɔkwan bɛn so na Paulo sii hia a honhom fam akode ho hia so dua?

21 Yɛasusuw Satan akwan no bi ho na yɛahu hia a ehia sɛ yegyina pintinn ɛmfa ho ne ntua ahorow no. Afei ɛsɛ sɛ yesusuw mmoa foforo a ɛho hia a yɛde bɛbɔ yɛn gyidi ho ban ho. Ɔsomafo Paulo kaa ade titiriw bi a ɛboa ma yegyina Satan nnɛɛdɛɛ ano pintinn na yedi nkonim wɔ ɔko a yɛne ahonhommɔne reko no mu ho asɛm mpɛn abien wɔ ne krataa a ɔkyerɛw kɔmaa Efesofo no mu. Paulo kyerɛwee sɛ: “Monhyɛ Onyankopɔn akode nyinaa, na moatumi agyina ne ɔbonsam nnɛɛdɛe adi asi . . . Monhyɛ Onyankopɔn akode no nyinaa, na moatumi agyina ɛda bɔne no mu, na moyɛ ade nyinaa wie a, moagyina hɔ.”—Efesofo 6:11, 13.

22, 23. (a) Dɛn na ɛka yɛn honhom fam akode no ho? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu?

22 Yiw ɛho hia sɛ yɛhyɛ ‘Onyankopɔn akode nyinaa.’ Bere a Paulo kyerɛw ne krataa no kɔmaa Efesofo no, na Romani sraani bi a ebetumi aba sɛ ɛtɔ mmere bi a na ɔhyɛ akode nyinaa wɛn no. Nanso, ɛyɛ Onyankopɔn na ɔde ne honhom kaa ɔsomafo no ma ɔkaa honhom fam akode a ɛho hia ma Yehowa somfo biara no ho asɛm.

23 Nea ɛka saa honhom fam akode a Onyankopɔn de ma yi ho ne su horow a ɛsɛ sɛ Kristoni nya ne afei honhom fam nsiesiei ahorow a Yehowa ayɛ no. Wɔ adesua edi hɔ no mu no, yɛbɛhwehwɛ honhom fam akode no fã biara mu. Eyi bɛma yɛahu faako a yɛasiesie yɛn ho ama yɛn honhom fam akodi no akodu. Bere koro no ara mu no, yebehu sɛnea Yesu Kristo nhwɛso a ɛyɛ nwonwa no boa yɛn ma yedi nkonim wɔ Satan Ɔbonsam a yɛko tia no no mu.

Wubebua Dɛn?

• Ako bɛn na Kristofo nyinaa redi?

• Kyerɛkyerɛ Satan akwan no bi mu.

• Ɔkwan bɛn so na mfɛfo gyidifo mmoa betumi ahyɛ yɛn den?

• Hena ahoɔden so na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho to, na dɛn ntia?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 11]

Kristofo ‘ne ahonhommɔne redi ako’

[Mfonini wɔ kratafa 12]

Asetra yi mu dadwen betumi amia Ahenni ho asɛm no

[Mfonini wɔ kratafa 13]

Yɛn mfɛfo Kristofo betumi ayɛ “awerɛkyekye”

[Mfonini wɔ kratafa 14]

So wobɔ Onyankopɔn mpae hwehwɛ ahoɔden?