Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Dɛn nti na wɔmaa Israelfo mmarima kwan sɛ wɔnware ananafo mmea a na wɔafa wɔn dommum no, wɔ mmere ko a Mose Mmara no hyɛe sɛ ɛnsɛ sɛ wɔne ananafo bi di ayeware no?—Deuteronomium 7:1-3; 21:10, 11.

Nsɛm tebea titiriw bi nti na wɔmaa eyi ho kwan. Na Yehowa ahyɛ Israelfo no sɛ wɔnsɛe aman ason a ɛwɔ Kanaan asase so no nkurow na wonkunkum emufo nyinaa. (Deuteronomium 20:15-18) Wɔ aman afoforo fam no, ɛda adi sɛ na wɔn a wɔanyinyin a wonyaa wɔn ti didii mu no nkutoo ne mmaabun a wɔfaa wɔn nnommum no. (Numeri 31:17, 18; Deuteronomium 20:14) Na Israelni betumi aware ɔbea a ɔte saa, nanso na gye sɛ ɔbea no yɛ nneɛma bi ansa.

Ɛdefa nneɛma a na wɔhwehwɛ fi ɔbea a ɔte saa hɔ ho no, Bible no ka sɛ: “Onyi ne ti, na ommubu n’awerɛw, na onyi ne dommum atade mfi ne ho, na ɔntra wo fi nnyam n’agya ne ne na ɔsram mu, na ɛno akyi no woakɔ ne ho aware no na wayɛ wo ɔyere.”—Deuteronomium. 21:12, 13.

Na ɛsɛ sɛ ɔbaabun a ɔyɛ dommum a Israelni pɛ sɛ ɔware no no yi ne ti. Na ne ti a obeyi no kyerɛ sɛ ɔwɔ awerɛhow anaa ahohia mu. (Yesaia 3:24) Sɛ nhwɛso no, bere a tete agya Hiob hweree ne mma ne n’ahode nyinaa no, oyii ne ti nhwi de kyerɛe sɛ na ɔwɔ awerɛhow mu. (Hiob 1:20) Na ɛsɛ sɛ ɔbea nanani no bubu n’awerɛw, ebia ‘ɔbɛwerɛwerɛ n’awerɛw so’ sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ ɔde aduru aka so a, aduru no befi awerɛw no so. (Deuteronomium 21:12, Knox) Na dɛn ne “dommum atade” a ɛsɛ sɛ ɔbea a ofi dommum mu no yi no? Na ɛyɛ amanne ma aman a wɔsom abosom mu mmea a wɔrebɛfa wɔn dommum no sɛ wɔhyɛ ntade a ɛyɛ fɛ sen biara de siesie wɔn ho. Na wɔyɛ eyi a wɔwɔ anidaso sɛ wɔde bɛtwetwe wɔn a wɔbɛfa wɔn nnommum no akɔnnɔ. Na ɛsɛ sɛ ɔbea a ofi dommum mu a ɔwɔ awerɛhow tebea mu no yi atade a ɛte saa tow gu.

Na ɛsɛ sɛ ɔbea dommum a ɔrebɛyɛ Israelni barima yere no sũ n’adɔfo a wɔawuwu no ɔsram biako. Na wɔbɛsɛe aman a wɔadi wɔn so no koraa ma ɔrenhu ne kan abusuafo ne wɔn a ɔne wɔn di nkitaho no bio. Esiane sɛ na Israel asraafo no bɛsɛe ahoni ne abosom nyinaa nti, na ɔrenhu ne nneɛma a ɔde som no bio. Na ɔsram biako a ɔde bedi awerɛhow no begyina hɔ ama bere a ɔde bedwira ne ho afi nneɛma ahorow a na ɔde som no nyinaa nso ho.

Na tebea no yɛ soronko wɔ mmea ananafo ankasa ho. Wɔ eyi mu no, Yehowa hyɛe sɛ: “Na wo ne wɔn nnni ayeware, mfa wo babea mma ne ba, nso nnye ne babea mma wo ba aware.” (Deuteronomium 7:3) Na anohyeto yi atirimpɔw ne dɛn? Deuteronomium 7:4 ka sɛ: “Efisɛ ɔbɛdan wo ba ani afi m’akyi, na wɔasom anyame foforo.” Enti, na anohyeto no atirimpɔw ne sɛ wɔde bɛbɔ Israelfo ho ban afi ɔsom mu fĩ ho. Nanso, na ɔnanani bea a wɔka ne ho asɛm wɔ Deuteronomium 21:10-13 no ho nyɛ hu saa. Na n’abusufo nyinaa awuwu, na na wɔasɛe ahoni a egyina hɔ ma n’anyame no nyinaa. Na ɔne wɔn a wɔsom atoro som nni twaka biara. Na wɔma Israelni kwan ma ɔware ɔnanani a ɔwɔ tebea a ɛte saa mu.