Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Po Mu Nneɛma a Aboro So’

‘Po Mu Nneɛma a Aboro So’

Sɛnea Yehowa Abɔde Yɛ Fɛ

‘Po Mu Nneɛma a Aboro So’

SƐ OWIA bɔ a, hann bi tɔ po so, na asorɔkye bɔ mpoano hɔ brɛoo. Asorɔkye a ɛrehuru so no nnyigyei twe nnipa pii a wɔkɔ mpoano hɔ kogye wɔn ahome dwudwo wɔn ho no adwene yiye. *

Anhwea a ɛwɔ mpoano no trɛw kɔ akyirikyiri kilomita mpempem pii wɔ wiase nyinaa. Saa anhwea a etwa nsu ano hye yi mma po no ntra ne hye. Saa na Ɔbɔadeɛ no hyehyɛe sɛ ɛnyɛ. Bere a Onyankopɔn rekasa afa n’ankasa ho no, ɔkae sɛ “mede nhwea mitwa po ano hye.” Ɔde ka ho sɛ: “Na sɛ mpo n’asorɔkye bɔ a, entumi no, na sɛ ehuru sɛ dɛn ara a, entumi ntra.”—Yeremia 5:22; Hiob 38:8; Dwom 33:7.

Nsu dɔɔso paa wɔ yɛn asase yi so sen okyinnsoromma ahorow a aka no. Nsu agye asase no fã bɛyɛ ɔha mu 70. Bere a Yehowa resiesie asase no ama nnipa atra so no, ɔkae sɛ: “Nsu a ɛwɔ ɔsoro ase no mmoaboa ano wɔ faako, na wonhu asase kesee. Na ɛyɛɛ sa.” Kyerɛwtohɔ no de ka ho sɛ: “Onyankopɔn frɛɛ kesee no asase, na nsu mmoaano no, ɔfrɛɛ no ɛpo. Na Onyankopɔn hui sɛ eye.” (Genesis 1:9, 10) Dɛn na ɛpo tumi yɛ?

Wɔ anwonwakwan pii so no, wɔyɛɛ po no na akora nkwa so. Sɛ nhwɛso no, nsu tumi kora ɔhyew so. Enti, ɛpo no yɛ ɔhyew korabea kɛse, na ɛmma wim nyɛ nwini mmoro so wɔ awɔwbere mu.

Nsu wɔ ade foforo bi a etumi de kora nkwa so. Nea ɛnte sɛ nneɛma foforo biara a ɛyɛ nsunsu no, ebetumi ama nneɛma foforo anan. Esiane sɛ nnuru a edi afra na ɛma asetram dwumadi ahorow kɔ so nti, nsu ho hia na ama nneɛma a ɛko tia nnuru no anan na ama emu nneɛma nketenkete no ne wɔn ho adi ahyia. Nnuru a ɛwɔ abɔde a nkwa wom mu no pii yɛ biribi a nsu wom. The Sea nhoma no ka sɛ: “Abɔde a nkwa wom nyinaa hia nsu—na ɛpo mu na nsu no nyinaa fi, na ɛho hia ma afifide ne mmoa a wɔwɔ asase so mpo.”

Po ahorow a ɛwɔ asase so no san di dwuma titiriw de ma mframa mu tew. Abɔde a ɛwɔ po mu no home carbon dioxide kɔ wɔn mu na wopuw oxygen fi wɔn mu. Sɛnea nhwehwɛmufo bi kyerɛ no, “oxygen a ɛba ahunmu afe biara no mu ɔha mu 70 na efi abɔde a ɛwɔ po mu no mu.”

Po ahorow no ma yenya adebɔ mu nnuru a yɛde sa yare nso. Wɔde nneɛma a wonya fi mpataa mu ayɛ nnuru mfehaha pii ni. Wɔde anwa a efi ankɔanwona berɛbo mu adi dwuma bere tenten sɛ aduru. Nnansa yi ara, wɔde nnuru a efi mpataa ne po mu abɔde foforo mu no adi dwuma asa ntehyewa ne ɔyare mmoawa ahorow ne kokoram.

Wɔabɔ mmɔden sɛ wobehu sika dodow a nneɛma a yenya fi po mu ne nnwuma ahorow a wɔyɛ wɔ po so ma yenya no ano. Bere a wɔnhyɛ da ntumi nkyerɛ mfaso dodow ankasa a yenya no, nhwehwɛmufo bu akontaa sɛ ɛkame ayɛ sɛ adebɔ mu nneɛma a yɛde di dwuma wɔ wiase nyinaa no mu nkyem abiɛsa mu abien na wonya fi po mu. Eyi si nokwasɛm a ɛyɛ sɛ atirimpɔw bi nti na wɔbɔɔ po no so dua—sɛ́ ɛbɛkora abɔde a nkwa wom so na aboa wɔn. Hwɛ sɛnea eyi ne Bible mu asɛm a ɛka sɛ ‘po mu nneɛma a aboro so’ no hyia!—Deuteronomium 33:19.

Wɔde anuonyam ma Yehowa sɛ Odwumfo Kɛse ne Nea Ɔyɛɛ saa ahode yi. Ɛkaa Nehemia ma ɔde nsɛm a edi so yi yii Yehowa ayɛ sɛ: “Wo ara wo nko ne [Yehowa, NW], wo na woyɛɛ ɔsoro, . . . ɛpo ne nea ɛwɔ mu nyinaa; na wo ara na woma wɔn nyinaa tete ase.”—Nehemia 9:6.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 3 Hwɛ 2004 Calendar of Jehovah’s Witnesses, September/October.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 9]

Nsu, Mframa, ne Asorɔkye

Nsu ne mframa tumi ma asorɔkye akɛse dwira abotan akuw denneennen, te sɛ nea yehu wɔ California, wɔ United States yi. Asorɔkye yɛ po ho ade a ɛyɛ nwonwa, a ɛkyerɛ tumi a po no wɔ. Ɛsan yɛ nkaede a ɛyɛ anigye a ɛkyerɛ Ɔbɔadeɛ no tumi a enni ano no. Yehowa ne nea “otiatia po asorɔkye so.” “Ɔde ne tumi nu ɛpo mu, na ɔde ne nhumu brɛ [ahum, NW] ase.” (Hiob 9:8; 26:12) Nokwarem no, Yehowa ne “nea ɔsen nsukɛse nne, nsu a ɛwɔ tumi, po mu asorɔkye nne, ɔne ɔsoro hɔ tumfoɔ [Yehowa, NW].”—Dwom 93:4.

Anhwea Adwinni

Mmere ne mmere mu no, yehu anhwea a ayɛ adwinni fɛfɛɛfɛ wɔ mpoano, te sɛ anhwea siw a yehu wɔ Namibia mpoano wɔ Afrika anaafo fam no. Mframa no ne ade titiriw a ɛboaboa anhwea no ano de yɛ adwinni a ɛyɛ fɛ saa no. Bere a anhwea siw no bi yɛ nketewaa no, afoforo tumi kɔ soro du mita 400. Anhwea a ɛdɔɔso saa no boa yɛn ma yɛte Bible mu asɛm a ɛne “mpoano nhwea” no ase. Wɔde di dwuma de kyerɛ biribi a wontumi nkan, biribi a ɛyɛ den sɛ wobehu ano. (Genesis 22:17) Eyi ma yɛbɔ hu bere a yegyina Ɔbɔadeɛ a ofi nyansam ayɛ anhwea a ɛko tia po so mframa a ano yɛ den no.

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Mpoano a Owia atɔ hɔ, Ɛpo Faka a Ɛwɔ Biafra, Cameroon