Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔkaa Ne Gyidi Ho Asɛm Kyerɛɛ Ne Mfɛfo Sukuufo

Ɔkaa Ne Gyidi Ho Asɛm Kyerɛɛ Ne Mfɛfo Sukuufo

Ɔkaa Ne Gyidi Ho Asɛm Kyerɛɛ Ne Mfɛfo Sukuufo

WOBƐPƐ sɛ woboa wo mfɛfo sukuufo ma wɔte wo gyidi a egyina Bible so no ase yiye? Magdalena a ɔyɛ Yehowa Dansefo a wadi mfe 18 a ɔkɔ ntoaso sukuu wɔ Poland no taa ka ne gyidi ho asɛm kyerɛ ne mfɛfo sukuufo. Ɛno nti, wɔtaa bisa no nsɛm bi te sɛ ‘Dɛn na Yehowa Dansefo a obi bɛyɛ no kyerɛ?,’ ne afei, ‘Enti munnye Yesu Kristo nni?’ Ɔbɛyɛ dɛn aboa wɔn a ɔne wɔn kɔ sukuu no? Magdalena de too Yehowa anim wɔ mpaebɔ mu sɛ ɔmma no akwankyerɛ, na ɔyɛɛ ade ma ɛne ne mpaebɔ no hyiae.—Yakobo 1:5.

Da bi, Magdalena ka kyerɛɛ ɔkyerɛkyerɛfo bi a ɔwɔ komapa wɔ asɛmpa no ho sɛ ɔpɛ sɛ oyi video a wɔato din, Jehovah’s Witnesses—The Organization Behind the Name kyerɛ ne mfɛfo sukuufo no. * Ɔkyerɛkyerɛfo no maa no kwan. Enti, Magdalena ka kyerɛɛ ne mfɛfo sukuufo no sɛ: “Mereyɛ nhyehyɛe ama m’adamfo bi de dwumadi bi a ebegye simma 90 abrɛ yɛn. Obeyi video na ɛno akyi no ɔne yɛn asusuw Yehowa Adansefo ho nsɛm ho. So mopɛ sɛ moba dwumadi no bi?” Obiara kae sɛ ɔbɛba. Ɛno nti, Magdalena ne Wojciech a ɔyɛ bere nyinaa ɔsɛmpakafo a ne ho akokwaw yiye fii ase siesiee wɔn ho maa dwumadi no.

Ná anka nhyehyɛe no ne sɛ ɔde simma 20 bedi kan ama ɔkasa a egyina Yehowa Adansefo—Wɔne Henanom? Wɔn Gyidi Ne Dɛn? * nhomawa no so na afei wɔde nsɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ atoa so, na ɛno akyi no wɔayi video no wɔ sukuu no nhomakorabea. Wɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛma sukuufo no mu biara akyɛde a ɛyɛ nhomawa ahorow, Questions Young People Ask—Answers That Work, * (Nsɛm a Mmofra Bisa—Mmuae a Ɛyɛ Adwuma) nhoma no, nkratawa ne nsɛmma nhoma.

Ɛda a wɔyɛɛ dwumadi no, ne mfɛfo sukuufo 14, ɔkyerɛkyerɛfo no ne sukuufo afoforo 4 a na wɔwɔ sukuu no nhomakorabea hɔ na wotiee bi. Wojciech dii kan kyerɛkyerɛɛ mu sɛ Poland anwensɛm ne nhoma akyerɛwfo pii de Onyankopɔn din Yehowa no di dwuma wɔ wɔn nhoma mu. Ɔsan twee adwene kɔɔ Katolekfo nhoma ahorow a wɔde kyerɛ gyidikasɛm a Onyankopɔn din no pue wom nso so. Bere a ɔrekyerɛkyerɛ adwuma Yehowa Adansefo yɛ no nnɛ mu no, ɔde wɔn nhomawa a wɔn adwumayɛbea ahorow a ɛwɔ wiase afanan wom ne wɔn Nhyiam Asa ahorow ho mfonini kyerɛɛ wɔn.

Ɛno akyi no, wɔde nsɛmmisa ne mmuae toaa so anigye mu. Magdalena ne Wojciech de Bible no na eyii nsɛmmisa no ano. Eyi maa atiefo no ani gyee ho na ɛmaa wobehui sɛ ɛnyɛ Yehowa Adansefo ankasa nsusuwii na wɔka ho asɛm kyerɛ afoforo. Nsɛm bɛn saa na sukuufo no bisae na mmuae bɛn na wɔde mae?

Asɛmmisa: Nsɛm a emu nna hɔ yiye ne kasakoa pii a wobetumi akyerɛ ase wɔ akwan pii so wɔ Bible no mu. Esiane saa nti, ɛbɛyɛ dɛn na obi atumi abɔ ne bra ma ɛne nea Bible no ka ahyia?

Mmuae: Nnipa binom ka sɛ wubetumi de Bible no afoa nsusuwii biara a wowɔ so. Nanso ma mimmisa sɛ: Sɛ wopɛ sɛ wote asɛm bi a nhomakyerɛwfo bi aka ase a, so ɛnyɛ ɔno ankasa na wubebisa no? Yehowa Nyankopɔn a ɔyɛ Bible no Kyerɛwfo no te ase, ɔnte sɛ nhoma akyerɛwfo a wɔyɛ nnipa a wɔawuwu no. (Romafo 1:20; 1 Korintofo 8:5, 6) Nea wɔreka ho asɛm wɔ kyerɛwsɛm bi mu no ma yetumi hu nea saa kyerɛwsɛm no kyerɛ. Bio nso, Bible no taa ka ɔsɛmpɔw biako ho asɛm wɔ mmeae pii enti sɛ yɛde toto ho a ɛma yetumi te ase. Yɛnam saa kwan yi so betumi ama Onyankopɔn akyerɛ yɛn kwan, na ɛma ɛbɛyɛ te sɛ nea ɔno ara na ɔrekyerɛkyerɛ kyerɛwsɛm no mu akyerɛ yɛn ara pɛ. Sɛ yɛyɛ saa a, yebetumi ahu n’apɛde sɛnea wɔada no adi wɔ Bible no mu no, na yɛatra ase ma ɛne no ahyia. So yɛrentumi nyɛ saa?

Asɛmmisa: Nsonsonoe bɛn na ɛda Kristofo ne Yehowa Adansefo ntam?

Mmuae: Yɛyɛ Kristofo! Nanso sɛ anka Yehowa Adansefo bɛka no kɛkɛ sɛ wɔyɛ Kristofo no, wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛtra ase ma ɛne wɔn gyidi ne nea Onyankopɔn rekyerɛkyerɛ wɔn a eye ma wɔn anaa ɛso bɛba wɔn mfaso no ahyia. (Yesaia 48:17, 18) Esiane sɛ wɔn nkyerɛkyerɛ nyinaa gyina Bible no so nti, wonim sɛ wɔn de no yɛ nokware.—Mateo 7:13, 14, 21-23.

Asɛmmisa: Dɛn nti na mokɔ nkurɔfo a munnim wɔn baabiara nkyɛn na kyenkyenee a mopɛ sɛ mo ne wɔn kasa? So ɛno nkyerɛ sɛ mode mo gyidi puapua nkurɔfo?

Mmuae: Mususuw sɛ ɛyɛ mfomso sɛ wubehyia obi wɔ abɔnten so na ɔde nidi bebisa w’adwene wɔ asɛm bi ho? (Yeremia 5:1; Sefania 2:2, 3) (Ɛno akyi no, Wojciech ne Magdalena yɛɛ sɛnea wobisaa nkurɔfo sɛ ebia Onyankopɔn dwen wɔn a wohuu amane wɔ nsuyiri a ɛbaa Poland nnansa yi no ho anaasɛ onnwen wɔn ho no ho ɔyɛkyerɛ.) Sɛ onipa no kyerɛ n’adwene wie a, yɛdan kɔ Bible no so. Sɛ onipa no mpɛ sɛ ɔne yɛn kasa a, yɛda no ase gya no ho kɔ. (Mateo 10:11-14) So eyi kyerɛ sɛ yɛpɛ sɛ kyenkyenee a nkurɔfo ne yɛn kasa? Anaa afei de ɛnsɛ sɛ obi ne obi kasa bio?

Asɛmmisa: Dɛn nti na munni nnapɔnna?

Mmuae: Dapɔnna biako pɛ a Bible no hyɛ sɛ yɛnkae a ɛne Yesu Kristo Nkaedi no nkutoo na yedi. (1 Korintofo 11:23-26) Sɛ mopɛ sɛ muhu nea ɛyɛe a dapɔnna bi bae a mubetumi ahwɛ nhoma a ɛka nneɛma pii ho nsɛm ne nhoma afoforo a ɛka nokwasɛm mu. Sɛ moyɛ saa a, ɛrenyɛ den koraa sɛ mubehu nea enti a yenni nnapɔnna a ɛtete saa no.—2 Korintofo 6:14-18.

Wobisabisaa nsɛm afoforo pii kaa eyinom ho. Esiane sɛ nsɛmmisa ne mmuae no kyɛe dodo nti, wotuu video a wɔkae sɛ wobeyi no hyɛɛ da.

Sukuufo no yɛɛ wɔn ade dɛn wɔ dwumadi no ho? Ma Magdalena nka nkyerɛ yɛn: “Ɛyɛɛ me nwonwa sɛ sukuufo no binom a wɔntaa nyɛ ade nyansam na wodi nkurɔfo ho fɛw no bisaa nyansasɛm paa saa. Ɛwom sɛ na wɔka sɛ wonnye Onyankopɔn nni de, nanso bere a na dwumadi no rekɔ so no wɔkyerɛe sɛ wogye Onyankopɔn di!” Wɔn a wɔbaa hɔ no de anigye gyee nhoma 35, nhomawa 63, ne nsɛmma nhoma 34 a wɔde kyɛɛ wɔn no.

Hwɛ adepa a etumi fii sukuu dwumadi mu bae! Ɛnyɛ boa nko na dwumadi no boaa Magdalena mfɛfo sukuufo no ma wobehuu Yehowa Adansefo na wɔtee wɔn ase yiye, na mmom ɛsan hyɛɛ wɔn nkuran sɛ wonsusuw nea enti a nnipa wɔ nkwa mu no ho. Dɛn nti na wommɔ mmɔden mmoa wo mfɛfo sukuufo mma wonhu pii mfa wo gyidi ho?

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 3 Yehowa Adansefo na wɔyɛe.

^ nky. 4 Yehowa Adansefo na wɔyɛe.

^ nky. 4 Yehowa Adansefo na wɔyɛe.

[Mfonini wɔ kratafa 31]

Magdalena ne Wojciech resiesie wɔn ho ama dwumadi no