Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Agyapade Bi a Wubetumi De Wo Ho Ato So

Agyapade Bi a Wubetumi De Wo Ho Ato So

Agyapade Bi a Wubetumi De Wo Ho Ato So

‘SƐ WUNYA nkra sɛ wowɔ agyapade bi wɔ baabi a, hwɛ yiye. Ebetumi aba sɛ ɔdaadaafo bi repɛ wo abɔ wo nyansa korɔn.’

Eyi yɛ asɛntitiriw a na ɛwɔ kɔkɔbɔ bi a United States Amenae Adwumayɛbea no de mae wɔ wɔn Intanɛt dwumadibea so. Dɛn ntia? Efisɛ nnipa mpempem pii nyaa krataa a ɛkae sɛ, ‘Wo busuani bi awu na wagyaw wo agyapade bi.’ Ɛno nti, nnipa pii de $30 anaa nea ɛboro saa menae sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya ho ‘nkrataa’ a ɛbɛkyerɛ wɔn baabi a agyapade no wɔ ne sɛnea wɔn nsa bɛka. Wɔn nsa sii fam paa. Wɔn a wɔde sika menae no nyinaa nsa kaa krataa koro a ɛkyerɛkyerɛ agyapade koro mu a ɛkyerɛ sɛ obiara nsa anka agyapade biara.

Esiane sɛ nnipa ani gye ho sɛ wobenya agyapade nti, nneɛma a ɛtete saa taa twetwe wɔn. Nanso, Bible no ka wɔn a wogyaw agyapade ho asɛm ma ɛfata sɛ: “Onipa pa gyaw n’ade ma mma mma.” (Mmebusɛm 13:22) Nokwasɛm ne sɛ, Yesu Kristo ankasa na ɔkaa asɛm a edi so yi a wonim no yiye na nnipa pii ani gye ho yi wɔ ne Bepɔw so Asɛnka no mu: “Nhyira ne wɔn a wodwo, na wɔn na wobenya asase no adi.”—Mateo 5:5.

Yesu nsɛm no ma yɛkae asɛm bi a honhom kaa tete Israel hene Dawid ma ɔkyerɛwee mfehaha pii ansa na Yesu reka ne de no: “Ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.”—Dwom 37:11.

Wobenya asase no sɛ agyapade anaa ‘wobenya asase no adi’—akwanhwɛ a ɛyɛ anigye bɛn ara ni! Nanso, yɛbɛyɛ dɛn ahu sɛ eyi nso nyɛ anifere kwan foforo a wɔafa so de rebɛdaadaa nnipa? Yiw, yebetumi ahu sɛ ɛnyɛ nnaadaa. Esiane sɛ asase no yɛ Yehowa abɔde a ɛyɛ nwonwa no fã nti, ɔno sɛ́ Ɔyɛfo ne Owura no, ɔwɔ tumi sɛ ɔde ma obiara a ɔpɛ. Yehowa nam Ɔhene Dawid so hyɛɛ Ne Dɔba Yesu Kristo bɔ a edi so yi sɛ: “Bisa me, na mede amanaman mɛyɛ w’apɛgyade, na mama woafa asase ano nohɔ adi so.” (Dwom 2:8) Eyi nti, ɔsomafo Paulo kaa Yesu ho asɛm sɛ ‘ɔba a Onyankopɔn ayɛ no ade nyinaa difo.’ (Hebrifo 1:2) Enti, yebetumi anya ahotoso koraa sɛ bere a Yesu kae sɛ wɔn a wodwo na “wobenya asase no adi” no, ɔde adwene pa na ɛkae, na ɔwɔ tumi a ɛfata sɛ ɔbɛma ne bɔhyɛ abam.—Mateo 28:18.

Ɛnde asɛmmisa a ɛho hia ne sɛ, Ɛbɛyɛ dɛn na saa bɔhyɛ no abam? Sɛ yɛto yɛn ani hwɛ baabiara nnɛ a, ɛte sɛ nea anuɔdenfo na wodi yiye paa, na wɔrefa nea wɔpɛ biara. Dɛn na ɛbɛka ama wɔn a wodwo no? Bio nso, nneɛma fĩ ama ɔhaw pii aba asase no so, na aniberefo ne wɔn a wonsusuw nneɛma ho nkɔ akyiri refom ɛso nneɛma. So wobenya asase bi a ɛfata sɛ agyapade atra so? Yɛhyɛ wo nkuran sɛ kenkan asɛm a edi so no na nya eyinom ne nsɛmmisa foforo a ɛho hia ho mmuae.

[Mfonini wɔ kratafa 3]

So worebenya agyapade bi ankasa?