Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Henanom Na Wɔrehyɛ Onyankopɔn Anuonyam Nnɛ?

Henanom Na Wɔrehyɛ Onyankopɔn Anuonyam Nnɛ?

Henanom Na Wɔrehyɛ Onyankopɔn Anuonyam Nnɛ?

“[Yehowa, NW] wofata sɛ wugye anuonyam ne nidi ne tumi, efisɛ wo na wobɔɔ nneɛma nyinaa, na wopɛ nti na ɛyeyɛe na wɔbɔe.”—ADIYISƐM 4:11.

1, 2. (a) Nhwɛso ahorow bɛn na ɛkyerɛkyerɛ nyansahu afã bi a wɔnam so suasua abɔde mu adwini no mu? (b) Asɛmmisa bɛn na ɛsɔre, na ɛho mmuae ne dɛn?

DA BI, wɔ 1940 mfe no mu no, Switzerlandni afiriyɛfo George de Mestral de ne kraman fii adi kɔnantenantewee. Bere a ɔsan baa fie no, ohui sɛ mpupuaa afomfam ne ntade ne ne kraman no ho nhwi mu. Esiane sɛ na ɔpɛ sɛ ohu mpupuaa no ho ade yiye nti ɔde afiri bi a sɛ wɔde hwɛ nneɛma nketenkete a ɛma ɛyɛ akɛseakɛse hwɛe, na sɛnea na mpupuaa no asuso n’atade ne kraman no ho nhwi mu no maa ne ho dwiriw no. Bere bi akyi no, ɔde rɔba yɛɛ ne sɛso a wɔfrɛ no Velcro, rɔba nhama nketenkete a etumi fam foforo so no. De Mestral akyi no, afoforo pii nso ahwɛ abɔde so ayɛ nneɛma. Wɔ United States no, Wilbur ne Orville Wright a wɔyɛɛ wimhyɛn a edi kan no hwɛɛ nnomaa akɛse a wɔatu nenam wim so na wɔyɛe. Franseni afiriyɛfo Alexandre-Gustave Eiffel a ɔyɛɛ abantenten a esi Paris a ne din da so nsusuwso no gyinaa sɛnea nipa srɛ mu dompe ma otumi gyina ntenten no so na ɔyɛe.

2 Nhwɛso ahorow yi kyerɛkyerɛ nyansahu afã bi a wɔnam so suasua abɔde mu adwini no mu. Nanso, asɛmmisa bi a ɛfata sɔre sɛ: Mpɛn ahe na wɔn a wɔhwɛ abɔde so yɛ nneɛma no de ɛho ayeyi ma Nea ɔyɛɛ mpupuaa nketenkete, nnomaa akɛse, onipa srɛ mu dompe, ne abɔde foforo a ɛyɛ fɛ a nnipa ahwɛ so ayɛ nneɛma pii no? Awerɛhosɛm ankasa ne sɛ wɔ ɛnnɛ wiase no, wɔntaa mfa ayeyi ne anuonyam a ɛfata Onyankopɔn no mma no koraa.

3, 4. Hebri asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “anuonyam” no ase ne dɛn, na sɛ wɔde ka Yehowa ho asɛm a, ɛsɛ sɛ ɛfa dɛn ho?

3 Ebia ebinom bɛka sɛ: ‘Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam? So Onyankopɔn nyɛ onuonyamfo dedaw?’ Ɛwom sɛ Yehowa yɛ Otumfoɔ nuonyamfo a ɔsen obiara wɔ amansan yi mu de, nanso ɛno nkyerɛ sɛ ɔyɛ onuonyamfo wɔ nnipa nyinaa ani so. Wɔ Bible mu no, nea Hebri asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “anuonyam” no kyerɛ titiriw ne “duruduru.” Ɛfa biribiara a ɛma onipa bi anim yɛ duru, anaa ɛma ɔbɛyɛ obi a ne ho hia wɔ afoforo ani so no ho. Sɛ wɔde ka Onyankopɔn ho asɛm a, ɛfa biribi a ɛma Onyankopɔn yɛ kɛse wɔ nnipa ani so ho.

4 Nnipa kakraa bi pɛ na wosusuw ade a ɛma Onyankopɔn yɛ otumfoɔ no ho. (Dwom 10:4; 14:1) Nokwarem no, sɛ wiase mu nnipa atitiriw no wɔ Onyankopɔn mu gyidi koraa mpo a, mpɛn pii na wɔama nkurɔfo abu Ɔbɔadeɛ onuonyamfo no animtiaa. Akwan bɛn so na wɔnam ayɛ saa?

“Wonni Anoyi Biara”

5. Ɔkwan bɛn so na nyansahufo pii kyerɛkyerɛ ɔkwan a abɔde mu nneɛma a ɛyɛ nwonwa faa so bae no mu?

5 Nyansahufo pii ka no pen sɛ Onyankopɔn nni hɔ. Ɛnde, wɔyɛ dɛn kyerɛkyerɛ abɔde mu nneɛma a ɛyɛ nwonwa, a nnipa ka ho, no mu? Wɔkyerɛ sɛ nneɛma a ɛyɛ nwonwa saa no nam adannandi so na ɛbae. Sɛ nhwɛso no, adannandifo Stephen Jay Gould kyerɛwee sɛ: “Nea ɛma yɛbaa ha ne mpataa kuw soronko bi a na wɔwɔ ntɛtɛw nwonwaso bi a etumi dannan bɛyɛɛ anan maa asase so abɔde . . . Ebia yɛbɛhwehwɛ mmuae bi a ‘ɛkɔ akyiri’—nanso ebi nni hɔ.” Saa ara na Richard E. Leakey ne Roger Lewin nso kyerɛwee sɛ: “Ebia nnipa fii abɔde ho asiane kɛse bi a esii mu na ɛbae.” Nyansahufo binom mpo a wɔkamfo abɔde mu afɛfɛde ne adwini no mfa ho ayeyi mma Onyankopɔn.

6. Dɛn na ɛma nnipa pii mfa ayeyi a ɛfata Onyankopɔn sɛ Ɔbɔadeɛ no mma no?

6 Sɛ nhomanimfo ka sɛ adannandi yɛ nokware a, nea wɔkyerɛ ne sɛ nnipa a wonni nimdeɛ nkutoo na wonnye adannandi nni. Nnipa pii yɛ wɔn ade dɛn wɔ asɛm a ɛte saa a wɔka no ho? Mfirihyia pii a atwam no, ɔbarima bi a ɔwɔ adannandi ho nimdeɛ yiye bisabisaa nkurɔfo a wogye nkyerɛkyerɛ no di no nsɛm. Ɔkae sɛ: “Mihui sɛ nea ama nnipa dodow no ara agye adannandi adi ne sɛ wɔaka akyerɛ wɔn sɛ nnipa a wonim nyansa nyinaa gye di.” Yiw, sɛ nhomanimfo ka gye a wonnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ no ho asɛm a, wotumi dan afoforo adwene ma wɔmfa ayeyi a ɛfata Onyankopɔn sɛ Ɔbɔadeɛ no mma no.—Mmebusɛm 14:15, 18.

7. Sɛnea Romafo 1:20 kyerɛ no, dɛn na yɛnam abɔde a aniwa hu so betumi ahu no yiye, na dɛn ntia?

7 So nokwasɛm ne adanse a edi mũ a nyansahufo anya nti na wɔkeka nsɛm a ɛte saa no? Dabida! Nneɛma pii atwa yɛn ho ahyia a edi adanse sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ. Ɔsomafo Paulo kyerɛw ne ho asɛm sɛ: ‘Efi adesamma bɔ so beeme na n’ade a wonhu a ɛne ne daa tumi ne nyamesu ada adi nneɛma a ɔyɛe no ho, enti na wɔn a wonnye no nni anoyi biara no.’ (Romafo 1:20) Yɛnam Ɔbɔadeɛ no nsa ano adwuma so hu pefee sɛ ɔwɔ hɔ. Enti nea Paulo reka ne sɛ efi adesamma mfiase pɛɛ na nnipa nam adanse a ɛne abɔde a aniwa hu so atumi ‘ahu’ sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ. Ɛhe na adanse no wɔ?

8. (a) Ɔkwan bɛn so na ɔsoro di Onyankopɔn tumi ne ne nyansa ho adanse? (b) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Obi na Ɔyɛɛ amansan no?

8 Yehu Onyankopɔn ho adanse wɔ ɔsoro anaa wim a nsoromma ahyɛ hɔ ma no. Dwom 19:1 ka sɛ: “Ɔsoro ka Onyankopɔn anuonyam.” “Ɔsoro”—owia, ɔsram, ne nsoromma—di Onyankopɔn tumi ne ne nyansa ho adanse. Nsoromma no dodow nkutoo ma yɛn ho dwiriw yɛn. Ɔsoro abɔde yi nyinaa nnenam wim basabasa na mmom wɔnenam hɔ pɛpɛɛpɛ sɛnea abɔde ho mmara kyerɛ. * (Yesaia 40:26) So ntease wom sɛ yɛbɛka sɛ nneɛma a ɛkɔ so pɛpɛɛpɛ saa no bae ara kwa? Nea ehia titiriw no, nyansahufo pii kyerɛ sɛ amansan no bae mpofirim. Bere a ɔbenfo bi rekyerɛkyerɛ eyi mu no, ɔkyerɛwee sɛ: “Sɛ yɛka sɛ amansan no nni mfiase a, ɛne wɔn a wonnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ anaa wɔn a wontumi nhu sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ no [adwene] hyia kɛse. Saa ara na sɛ yɛka sɛ amansan no wɔ mfiase a, na ɛte sɛ nea yɛrekyerɛ sɛ obi na ɔde bae; efisɛ hena na obetumi aka sɛ biribi a ɛte saa bae ara kwa?”

9. Ɔkwan bɛn so na Yehowa nyansa da adi wɔ mmoa ho?

9 Yehu adanse a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ wɔ asase so nso. Odwontofo no teɛɛm sɛ: “[Yehowa, NW] wo nnwuma dɔɔso dɛn ara, nyansa mu na woyɛɛ ne nyinaa, w’abɔde ahyɛ asase so ma.” (Dwom 104:24) Yehowa ‘abɔde’ a mmoa ka ho no di ne nyansa ho adanse. Sɛnea yehui wɔ mfiase no, ɔkwan a wɔfaa so yɛɛ abɔde a nkwa wom no di mũ araa ma nyansahufo taa suasua. Susuw nhwɛso foforo kakra ho hwɛ. Nhwehwɛmufo reyɛ awansan mmɛn ho nhwehwɛmu a wɔn botae ne sɛ ɛbɛma wɔatumi ayɛ kyɛw a ɛyɛ den; wɔreyɛ nhwehwɛmu wɔ nwansena bi a wɔte nnyigyei yiye ho sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ayɛ adwinnade a ɛma nnipa tumi te asɛm no yiye; na wɔreyɛ mpatu ntaban mu nhwehwɛmu sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ayɛ wimhyɛn a etu fãã a ɛnyɛ dede. Nanso, ɛmfa ho mmɔden biara a nnipa bɛbɔ no, wɔrentumi nyɛ biribi a ɛne abɔde bi bɛyɛ pɛpɛɛpɛ da. Biomimicry—Innovation Inspired by Nature (Abɔde Asuasua—Nneɛma Foforo a Wɔahwɛ Abɔde So Ayɛ Bi) nhoma no ka sɛ: “Abɔde a nkwa wom ayɛ biribiara a yɛn a yɛyɛ nnipa no pɛ sɛ yɛhwɛ so yɛ bi, nanso ɛnnom fango pii, ɛnyɛ asase so fĩ, na ɛnsɛe abɔde no daakye nso.” Nyansa bɛn ara ni!

10. Dɛn nti na ntease nnim sɛ obi bɛka sɛ Ɔbɔadeɛ Pumpuni biara nni hɔ? Kyerɛkyerɛ mu.

10 Sɛ wohwɛ wim anaasɛ wohwɛ abɔde a ɛwɔ asase so ha a, wuhu adanse a ɛkyerɛ sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ pefee. (Yeremia 10:12) Ɛsɛ sɛ yɛne ɔsoro abɔde a wɔteɛm no yɛ adwene nokwarem sɛ: “[Yehowa, NW] wofata sɛ wugye anuonyam ne nidi ne tumi, efisɛ wo na wobɔɔ nneɛma nyinaa, na wopɛ nti na ɛyeyɛe na wɔbɔe.” (Adiyisɛm 4:11) Ɛwom sɛ ebia nyansahufo bɛkyerɛ adwini a wɔadi wɔ nneɛma a wɔde wɔn aniwa hu no ho anigye de, nanso nyansahufo pii mmfa ‘wɔn koma ani’ nhu adanse no. (Efesofo 1:18) Yebetumi akyerɛkyerɛ mu wɔ saa kwan yi so sɛ: Sɛnea ntease nnim sɛ obi bɛkamfo mfonini fɛfɛ bi na bere koro no ara waka sɛ ɛnyɛ mfoniniyɛfo biara na ɔyɛe no, saa ara na ntease nnim koraa sɛ obi bɛkamfo abɔde fɛ ne ne yɛbea na wadan ne ho aka sɛ Ɔbɔadeɛ Pumpuni biara nni hɔ. Ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔka wɔn a wonnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ no ho asɛm sɛ “wonni anoyi biara”!

‘Anifuraefo Akwankyerɛfo’ Daadaa Nnipa Pii

11, 12. Nkrabea nkyerɛkyerɛ no gyina dɛn so, na dɛn na ɛkyerɛ sɛ saa nkyerɛkyerɛ yi nhyɛ Onyankopɔn anuonyam?

11 Nyamesomfo pii na wogye di paa sɛ wɔn som hyɛ Onyankopɔn anuonyam. (Romafo 10:2, 3) Nanso, nyamesom yɛ ade foforo a ɛwɔ wiase a ama nnipa ɔpepem pii nhyɛ Onyankopɔn anuonyam. Ɔkwan bɛn so? Ma yensusuw akwan abien ho nhwɛ.

12 Nea edi kan no, nyamesom nam atoro nkyerɛkyerɛ so dan anuonyam a ɛsɛ sɛ wɔde ma Onyankopɔn no ani. Fa nkrabea nkyerɛkyerɛ no sɛ nhwɛso. Saa nkyerɛkyerɛ yi gyina nsusuwii a ɛne sɛ esiane sɛ Onyankopɔn wɔ tumi a obetumi de ahu nea ɛbɛba daakye nti, ɛsɛ sɛ odi kan hu biribiara a ebesi. Enti nkrabea kyerɛ sɛ Onyankopɔn ahyehyɛ onipa biara daakye ato hɔ dedaw—sɛ́ ɛyɛ papa anaa bɔne. Sɛnea saa asɛm yi kyerɛ no, ɛsɛ sɛ yɛde amanehunu ne abɔnefosɛm a ɛrekɔ so wɔ wiase nnɛ no nyinaa ho sobo bɔ Onyankopɔn. Sɛ wɔde sobo a ɛfata sɛ wɔde bɔ Onyankopɔn Tamfo kɛse, Satan, a Bible frɛ no “wi yi ase sodifo” no bɔ Onyankopɔn a, na ɛnyɛ nea wɔrehyɛ Onyankopɔn anuonyam wɔ ɔkwan biara so!—Yohane 14:30; 1 Yohane 5:19.

13. Dɛn nti na nyansa nnim sɛ yebesusuw sɛ Onyankopɔn ntumi nyi n’adwene mfi nneɛma a ebesisi daakye a obetumi adi kan ahu no so? Kyerɛkyerɛ mu.

13 Nkrabea yɛ nkyerɛkyerɛ a ɛne Kyerɛwnsɛm no nhyia na egu Onyankopɔn ho fĩ. Ɛmma nkurɔfo nhu nsonsonoe a ɛwɔ nneɛma a Onyankopɔn betumi ayɛ ne nneɛma a ɔyɛ ankasa mu. Wɔaka no pefee wɔ Bible mu sɛ ɛyɛ nokwasɛm sɛ Onyankopɔn tumi hu nsɛm a ebesisi daakye. (Yesaia 46:9, 10) Nanso, ntease nnim sɛ yebesusuw sɛ ɔrentumi nyi n’adwene mfi hu a obetumi ahu nsɛm a ebesisi daakye no so anaasɛ ɔno na ɔma asɛm biara a esi biara si. Mfatoho bi ni: Fa no sɛ wo ho yɛ den yiye a, so ɛno bɛma woama ade biara a emu yɛ duru a wubehu so? Ɛda adi sɛ worenyɛ saa! Saa ara na hu a Onyankopɔn betumi ahu asɛm biara a ebesi daakye no nhyɛ no sɛ onhu biribiara anaasɛ ɔnhyehyɛ biribiara nto hɔ. Ɔmfa tumi a odi kan de hu nneɛma ansa na aba no nyɛ adwuma bere nyinaa. * Ɛda adi pefee sɛ atoro nkyerɛkyerɛ a ebi ne nkrabea no nhyɛ Onyankopɔn anuonyam.

14. Ɔkwan bɛn so na nyamesom akuw nni Onyankopɔn ni?

14 Ɔkwan a ɛto so abien a ɛkyerɛ sɛ nyamesom akuw nni Onyankopɔn ni no ne emufo no abrabɔ. Wɔhwɛ kwan sɛ Kristofo bedi Yesu nkyerɛkyerɛ akyi. Nneɛma a Yesu kyerɛkyerɛɛ n’akyidifo no bi ne sɛ ‘wɔnnodɔ wɔn ho,’ na wɔnkɔ so nyɛ nnipa a ‘wɔnnyɛ wiase no fã.’ (Yohane 15:12; 17:14-16) Na Kristoman mu asɔfo nso ɛ? So wɔadi saa nkyerɛkyerɛ no so ankasa?

15. (a) Asɔfo no ayɛ wɔn ade dɛn wɔ amanaman no akodi mu? (b) Nkɛntɛnso bɛn na asɔfo no nneyɛe anya wɔ nnipa ɔpepem pii so?

15 Wode susuw nea asɔfo no ayɛ wɔ akodi mu no ho hwɛ. Wɔaboa akodi apene so, na wɔadi amanaman no akodi no pii mpo anim. Wɔahyira asraafo, na wɔakyerɛ sɛ nnipa a wokunkum wɔn no fata. Nea yebetumi abisa ara ne sɛ, ‘So asɔfo a wɔte saa no nsusuw ho sɛ wɔn mfɛfo asɔfo a wɔwɔ ɔfã a wɔne wɔn redi ako no nso reyɛ nea wɔn nso reyɛ no ara bi?’ (Hwɛ adaka a ɛne “Henanom Afã na Onyankopɔn Gyina?” no.) Asɔfo no nnhyɛ Onyankopɔn anuonyam bere a wɔredi ako rehwie mogya gu na wɔka sɛ Onyankopɔn gyina wɔn akyi no. Na saa ara nso na wɔnnhyɛ Onyankopɔn anuonyam bere a wɔka sɛ Bible gyinapɛn ahorow no bere atwam, na wɔpene nna mu ɔbrasɛe biara so no. Hwɛ sɛnea wɔkae yɛn nyamesom akannifo a Yesu frɛɛ wɔn ‘nnipa a wɔyɛ nea ɛnteɛ’ ne “anifuraefo a wɔkyerɛ anifuraefo kwan” no! (Mateo 7:15-23; 15:14) Asɔfo no nneyɛe ama nnipa ɔpepem pii dɔ a wɔwɔ ma Onyankopɔn no ano adwo.—Mateo 24:12.

Henanom na Wɔrehyɛ Onyankopɔn Anuonyam Ankasa?

16. Sɛ yebetumi abua asɛmmisa a ɛne sɛ henanom na wɔrehyɛ Onyankopɔn anuonyam ankasa no a, dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma Bible no kyerɛ yɛn?

16 Sɛ wiase yi mu nnipa atitiriw nhyɛ Onyankopɔn anuonyam a, ɛnde na henanom na wɔreyɛ saa ankasa? Sɛ yebetumi abua saa asɛmmisa no a, ɛsɛ sɛ yɛma Bible no kyerɛ yɛn. Akyinnye biara nni ho sɛ, Onyankopɔn wɔ hokwan sɛ ɔkyerɛ ɔkwan a ɛsɛ sɛ yɛfa so hyɛ no anuonyam, na wada gyinapɛn ahorow no adi wɔ N’asɛm Bible mu. (Yesaia 42:8) Ma yensusuw akwan abiɛsa a yebetumi afa so ahyɛ Onyankopɔn anuonyam no ho. Emu biara fa asɛmmisa a ɛne sɛ henanom na wɔrehyɛ Onyankopɔn anuonyam ankasa nnɛ no ho.

17. Ɔkwan bɛn so na Yehowa ankasa kyerɛe sɛ ne din a wɔbɛhyɛ no anuonyam no yɛ n’apɛde fã a ɛho hia paa, na henanom na wɔreyi Onyankopɔn din ayɛ wɔ asase nyinaa so nnɛ?

17 Nea edi kan no, yebetumi ahyɛ Onyankopɔn anuonyam denam ayeyi a yɛde bɛma ne din no so. Nea ɛkyerɛ sɛ saa a yɛbɛyɛ no yɛ Onyankopɔn apɛde no fã a ɛho hia no da adi wɔ asɛm a Yehowa ka kyerɛɛ Yesu no mu. Aka nna kakra ma Yesu awu no, ɔbɔɔ mpae sɛ: “Agya, hyɛ wo din anuonyam!” Ɛnne bi gyee so sɛ: “Mahyɛ no anuonyam dedaw, na mɛhyɛ no bio!” (Yohane 12:28) Akyinnye biara nni ho sɛ na ɛnne a wɔtee no yɛ Yehowa nne ankasa. Ɛda adi pefee wɔ ne mmuae no mu sɛ ne din a wɔbɛhyɛ no anuonyam no ho hia no. Ɛnde, na henanom na wɔrehyɛ Yehowa anuonyam denam ne din no a wɔrebɔ no dawuru na wɔreyi no ayɛ wɔ asase nyinaa so no so? Wɔne Yehowa Adansefo, na wɔreyɛ saa wɔ nsase 235 so!—Dwom 86:11, 12.

18. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ahu wɔn a wɔresom Onyankopɔn “nokware” mu, na kuw bɛn na wɔakyerɛkyerɛ Bible mu nokware bɛboro mfirihyia ɔha ni?

18 Nea ɛto so abien no, yebetumi ahyɛ Onyankopɔn anuonyam denam ne ho nokwasɛm a yɛbɛkyerɛkyerɛ no so. Yesu kae sɛ nokware asomfo ‘bɛsom Onyankopɔn nokware mu.’ (Yohane 4:24) Yɛbɛyɛ dɛn atumi ahu wɔn a wɔresom Onyankopɔn “nokware” mu no? Ɛsɛ sɛ wɔpo nkyerɛkyerɛ a ennyina Bible so na ɛmma wonhu Onyankopɔn ne n’apɛde yiye no. Mmom no, ɛsɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ Onyankopɔn Asɛm mu nokware kurennyenn no a nea edidi so yi ka ho: Yehowa ne Ɔsorosoroni no, na ɔno nkutoo na ɔfata sɛ yɛde saa dibea yi ho anuonyamhyɛ ma no (Dwom 83:18); Yesu yɛ Onyankopɔn Ba ne Onyankopɔn Mesia Ahenni no Sodifo a wɔapaw no (1 Korintofo 15:27, 28); Onyankopɔn Ahenni bɛtew Yehowa din ho na ama n’atirimpɔw a ɛfa asase ne nnipa a wɔte so ho no abam (Mateo 6:9, 10); ɛsɛ sɛ wɔka Ahenni yi ho asɛmpa no wɔ asase nyinaa so. (Mateo 24:14) Bɛboro mfirihyia ɔha ni no, kuw biako pɛ na emufo akyerɛkyerɛ nokware a ɛsom bo saa no—Yehowa Adansefo!

19, 20. (a) Dɛn nti na Kristoni bi abrabɔ pa betumi ahyɛ Onyankopɔn anuonyam? (b) Nsɛmmisa bɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛahu wɔn a wɔnam abrabɔ pa a wokura mu so rehyɛ Onyankopɔn anuonyam nnɛ?

19 Nea ɛto so abiɛsa, yebetumi ahyɛ Onyankopɔn anuonyam denam yɛn abrabɔ a yɛbɛma ɛne ne gyinapɛn ahorow ahyia so. Ɔsomafo Petro kyerɛwee sɛ: “Mommɔ ɔbra pa amanaman mu, na nea wotwiri mo wɔ mu sɛ nnebɔneyɛfo no, wɔhwɛ mo nneyɛe pa no a, wɔahyɛ Onyankopɔn anuonyam, ‘ɔhwɛ da no.’” (1 Petro 2:12) Kristoni abrabɔ da ne gyidi adi. Sɛ wɔn a wɔhwɛ Kristoni bi hu biribi a ɛte saa a—kyerɛ sɛ, sɛ wohu sɛ ɛyɛ Kristoni no gyidi na ɛma ɔbɔ bra pa a—ɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam.

20 Henanom na wɔde abrabɔ pa a wokura mu rehyɛ Onyankopɔn anuonyam nnɛ? Nyamesom kuw bɛn na aban ahorow pii akamfo wɔn sɛ wɔpɛ asomdwoe, wɔyɛ ɔman mma a wodi mmara so na wotua wɔn tow ahorow? (Romafo 13:1, 3, 6, 7) Nnipa bɛn na wonim wɔn wɔ wiase nyinaa sɛ biakoyɛ wɔ wɔne wɔn mfɛfo gyidifo ntam—biakoyɛ a wɔmma honam ani hwɛbea, ɔman, ne abusuakuw a obi fi mu nsɛe no? (Dwom 133:1; Asomafo no Nnwuma 10:34, 35) Nnipakuw bɛn na wonim wɔn wɔ wiase nyinaa sɛ wɔn Bible nkyerɛkyerɛ adwuma no hyɛ afoforo nkuran ma wonya obu ma mmara, abusua ho gyinapɛn ahorow, ne Bible mu abrabɔ ho mmara? Kuw biako pɛ na ɛwɔ hɔ a emufo abrabɔ pa a wɔda no adi wɔ saa nneɛma yi ne afoforo ho no di wɔn ho adanse—Yehowa Adansefo!

So Worehyɛ Onyankopɔn Anuonyam?

21. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yesusuw ho sɛ ebia yɛn ankasa rehyɛ Yehowa anuonyam anaa?

21 Ɛyɛ papa sɛ yɛn mu biara bisa ne ho sɛ, ‘So m’ankasa merehyɛ Yehowa anuonyam?’ Sɛnea Dwom 148 kyerɛ no, abɔde dodow no ara hyɛ Onyankopɔn anuonyam. Abɔfo, ɔsoro, asase ne ɛso mmoa nyinaa yi Yehowa ayɛ. (Nkyekyɛm 1-10) Hwɛ sɛnea ɛyɛ awerɛhow sɛ nnipa dodow no ara nyi Yehowa ayɛ nnɛ! Sɛ wode w’abrabɔ hyɛ Onyankopɔn anuonyam a, ɛnde na wo ne Yehowa abɔde nkae no nyinaa abom reyi Yehowa ayɛ. (Nkyekyɛm 11-13) Adepa foforo biara nni hɔ a wubetumi ayɛ a ɛsen eyi.

22. Sɛ wohyɛ Yehowa anuonyam a, wunya nhyira wɔ akwan bɛn so, na gyinae bɛn na ɛsɛ sɛ wusi?

22 Sɛ wohyɛ Yehowa anuonyam a, wunya nhyira wɔ akwan pii so. Bere a wokyerɛ Kristo agyede afɔre no mu gyidi no, esiesie wo ne Onyankopɔn ntam, na wo ne wo soro Agya no nya abusuabɔ a asomdwoe wom na mfaso wɔ so. (Romafo 5:10) Sɛ wohwehwɛ nneɛma a wubegyina so ahyɛ Onyankopɔn anuonyam a, wubenya anidaso ne anisɔ kɛse. (Yeremia 31:12) Afei wubetumi aboa afoforo ma wɔatra ase anigye mu na wɔn bo atɔ wɔn yam, na w’ankasa nso nam so benya anigye kɛse. (Asomafo no Nnwuma 20:35) Ɛmmra sɛ wobɛka wɔn a wosi gyinae pintinn sɛ wɔbɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam, ɛnnɛ de akosi daa no ho!

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 8 Sɛ wopɛ sɛ wunya sɛnea ɔsoro da Onyankopɔn nyansa ne n’anuonyam adi ho nsɛm pii a, hwɛ Bɛn Yehowa nhoma a Yehowa Adansefo tintimii no ti 5 ne 17.

^ nky. 13 Hwɛ Insight on the Scriptures, Po 1, a Yehowa Adansefo tintimii no kratafa 853.

So Wokae?

• Dɛn nti na yebetumi aka sɛ nyansahufo mmoaa nkurɔfo mma wɔnhyɛɛ Onyankopɔn anuonyam?

• Akwan abien bɛn na nyamesom akuw afa so a wɔmma nkurɔfo nhyɛ Onyankopɔn anuonyam?

• Akwan bɛn na yebetumi afa so ahyɛ Onyankopɔn anuonyam?

• Dɛn nti na ɛsɛ sɛ w’ankasa wohwehwɛ wo ho mu hwɛ sɛ ebia worehyɛ Yehowa anuonyam anaa?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Adaka wɔ kratafa 12]

“Henanom Afã na Onyankopɔn Gyina?”

Ɔbarima bi a na ɔwɔ German Wim Asraafo Adwumam wɔ Wiase Ko II no mu a akyiri yi ɔbɛyɛɛ Yehowa Dansefo no ka sɛ:

“Ade a na ɛhaw me wɔ mfe a yedii ako no mu . . . ne sɛ ɛkame ayɛ sɛ asɔre ahorow no nyinaa asɔfo—Katolekfo, Lutheranfo, Episcopalfo, ne nea ɛkeka ho—hyiraa wimhyɛn ne emu asraafo ansa na wɔretu akɔtotow atopae de adi awu no. Na metaa susuw ho sɛ, ‘Henanom afã na Onyankopɔn gyina?’

“Na German asraafo bɔ bɛlt a wɔakyerɛw so Gott mit uns (Onyankopɔn wɔ yɛn afã). Nanso, na midwen ho sɛ, ‘Dɛn nti na Onyankopɔn nkogyina asraafo a wɔwɔ nkurɔfo a yɛne wɔn redi ako no a wɔne yɛn nyinaa kɔ asɔre biako na wɔn nso rebɔ Onyankopɔn koro no ara mpae no afã?’”

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Yehowa Adansefo rehyɛ Onyankopɔn anuonyam ankasa wɔ asase nyinaa so