Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Krataa Bi a Efi Alejandra Hɔ

Krataa Bi a Efi Alejandra Hɔ

Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ

Krataa Bi a Efi Alejandra Hɔ

WƆAFA krataakyerɛw so adi adanse a etu mpɔn fi bere tenten ni. Ɛwom sɛ ɛtɔ da bi a yentumi nhu sɛ adepa bi befi mu aba de, nanso wɔn a wɔkɔ so fa saa kwan yi so di adanse no anya nnepa pii afi mu. Wɔma Bible mu afotu pa yi tra wɔn adwenem: “Gu w’aba anɔpa, na anwummere nso nyi wo nsa mfi ho, na wunnim nea ɛbɛyɛ yiye, eyi anaa eyi, anaasɛ n’abien nyinaa bɛbom ayɛ yiye.”—Ɔsɛnkafo 11:6.

Ná Alejandra a ɔyɛ Ɔdansefo ababaa a ɔde bɛyɛ mfe du asom wɔ Yehowa Adansefo dwumadibea a ɛwɔ Mexico no resa kokoram a na ayɛ no no. Ne tebea no sɛee koraa, na ɔbɛyɛɛ mmerɛw dodo sɛ ɔbɛyɛ ne dwumadi ahorow a ɔyɛ no daa no. Nanso, esiane sɛ na Alejandra mpɛ sɛ obu n’ani gu n’asɛnka adwuma so nti, ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛkyerɛw nkrataa. Ɔkyerɛw ofie Bible adesua ho nhyehyɛe a ɛwɔ hɔ a wontua hwee no ho asɛm, na ɔde ne maame telefon nɔma kaa ho. Afei ɔde nkrataa no maa ne maame sɛ, sɛ ɔreyɛ afie afie asɛnka na wanto nnipa wɔ afie no bi mu a onnyaw wɔ hɔ.

Saa bere no mu no, ababaa bi a wɔfrɛ no Diojany a ofi Guatemala, kɔyɛɛ adwuma sɛ abaawa wɔ Cancún, Mexico. Bere a ɔwɔ hɔ no ohyiaa Yehowa Adansefo na na n’ani gye Bible mu nkɔmmɔ a na wɔne no bɔ no ho. Bere bi akyi no, owura no ne ne yere a na ɔsom wɔn sɛ abaawa no sii gyinae sɛ wobetu akɔ Mexico City, na na wɔpɛ sɛ wɔne no kɔ. Ná Diojany mpɛ sɛ ɔkɔ efisɛ na ɛyɛ no sɛ, sɛ ɔkɔ a, ɔrenhu Adansefo no bio.

Nanso, owura no ne ne yere no maa no awerɛhyem sɛ, “mma nhaw wo, na Adansefo no wɔ baabiara. Enti sɛ yedu hɔ ara pɛ a yɛbɛhwehwɛ wɔn.” Esiane saa awerɛhyem yi a Diojany nyae nti, ɔpenee so sɛ ɔne wɔn bɛkɔ. Bere a wokoduu Mexico City no, ɛmfa ho mpo sɛ na Adansefo bɛboro 41,000 ne asafo ahorow 730 na ɛwɔ saa kuropɔn no mu no, Diojany adwumawuranom no hwehwɛɛ Adansefo no, nanso wɔanhu wɔn.

Esiane sɛ na Diojany ntumi nhuu Adansefo no ne wɔn nsan mfii ne Bible mu nkɔmmɔbɔ ase no nti, ná n’abam reyɛ abu. Da koro, owura no yere no baa ne nkyɛn bɛkae sɛ: “Mewɔ anigyesɛm bi ma wo! Wo Nyankopɔn atie wo mpaebɔ.” Bere a ɔde krataa bi rema no no, ɔkae sɛ: “Adansefo no de saa krataa yi abrɛ wo.” Ná ɛyɛ krataa bi a efi Alejandra hɔ.

Diojany hwehwɛɛ Alejandra maame ne ne nuabea, Blanca, na ɔpenee so sɛ wɔne no nyɛ Bible adesua. Adapɛn kakraa akyi no, ohyiaa Alejandra, na wɔn ani gyei yiye sɛ wohuu wɔn ho. Alejandra hyɛɛ no nkuran sɛ ɔmfa n’adwene nsi ne Bible adesua no so na watumi anya nkɔso wɔ Onyankopɔn som mu.

Alejandra wui wɔ asram kakraa bi akyi wɔ afe 2003, July mu. Ɔyɛɛ gyidi ne akokoduru ho nhwɛso pa maa ne mfɛfo gyidifo. Wɔ Alejandra ayi ase no, ɛkaa nnipa pii koma bere a wohyiaa Diojany na wɔtee sɛ ɔkae sɛ: “Alejandra ne n’abusua ayɛ nhwɛso fɛfɛ ama me. Masi me bo sɛ mɛsom Yehowa na ɛrenkyɛ mɛbɔ asu. Hwɛ sɛnea mehwɛ kwan sɛ mɛsan ahyia Alejandra bio wɔ Paradise a ɛreba no mu!”

Yiw, krataa betumi ayɛ ade ketewaa bi de, nanso hwɛ adepa a ebetumi afi mu aba!