Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Monnodɔ Mo Ho Yiye’

‘Monnodɔ Mo Ho Yiye’

‘Monnodɔ Mo Ho Yiye’

“Momfa onuadɔ nnodɔ mo ho yiye.”—ROMAFO 12:10.

1, 2. Abusuabɔ bɛn na nnɛyi ɔsɛmpatrɛwfo bi ne ɔsomafo Paulo ne wɔn nuanom nyae?

WƆ MFIRIHYIA 43 a Don de yɛɛ asɛmpatrɛw adwuma wɔ Asia Apuei fam nyinaa mu no, na wonim no yiye sɛ obi a ɔwɔ ɔdɔ ma nnipa a ɔsom wɔn no. Afei bere a na ɔda yarepa so reko yare a awiei koraa ekum no no, wɔn a ɔne wɔn suaa Bible no bi twaa kwan tenten begyinaa ne ho kae sɛ, “Kamsahamnida, kamsahamnida!”—“Yɛda wo ase, yɛda wo ase!” wɔ Korea kasa mu. Ɔdɔ a na Don ada no adi akyerɛ wɔn no na na aka wɔn koma saa no.

2 Ɛnyɛ Don nkutoo na wayɛ nhwɛso a ɛte saa pɛn. Wɔ afeha a edi kan no mu no, ɔsomafo Paulo daa ɔdɔ a emu yɛ den adi kyerɛɛ nnipa a na ɔsom wɔn no. Na Paulo wɔ ahofama. Ɛwom sɛ na ɔyɛ onipa a ɔyɛ den de, nanso na ɔyɛ n’ade brɛbrɛ, na na odwen afoforo ho “sɛnea ɔbagyigyefo bi yɛn n’ankasa mma” nso. Ɔkyerɛw Tesalonika asafo no sɛ: “Sɛ yɛpɛ mo asɛm yiye sɛɛ nti, ɛnyɛ Onyankopɔn asɛmpa no nko na yɛpɛe sɛ yɛne mo kyɛ, na mmom yɛn ankasa kra nso, efisɛ moayɛ yɛn adɔfo.” (1 Tesalonikafo 2:7, 8) Akyiri yi, bere a Paulo ka kyerɛɛ ne nuanom a wɔwɔ Efeso no sɛ wɔrenhu no bio no, “wɔn nyinaa sui pii, na wosusoo Paulo kɔn few n’ano.” (Asomafo no Nnwuma 20:25, 37) Ɛdaa adi pefee sɛ na abusuabɔ a ɛda Paulo ne ne nuanom ntam no kɔ akyiri sen gyidi biako a wokura kɛkɛ. Na wɔdodɔ wɔn ho wɔn ho ankasa.

Onuadɔ ne Ɔdɔ

3. Abusuabɔ bɛn na ɛda Bible mu nsɛmfua a ɛne onuadɔ ne ɔdɔ no ntam?

3 Wɔ Kyerɛwnsɛm mu no, wɔde onuadɔ, yɔnkodɔ, ne tema bata Kristofo su a ɛsen biara a ɛne ɔdɔ ho denneennen. (1 Tesalonikafo 2:8; 2 Petro 1:7) Te sɛ dɛnkyɛmmo a ɛwɔ afa horow a ɛyɛ fɛ no, saa su pa ahorow yi nyinaa bom yɛ adwuma pa. Ɛnyɛ ka nko na ɛka Kristofo bom, na mmom ɛka wɔn bata wɔn soro Agya ho nso. Enti ɔsomafo Paulo hyɛɛ ne mfɛfo gyidifo nkuran sɛ: “Mommma nyaatwom mmfra ɔdɔ mu! . . . Momfa onuadɔ nnodɔ mo ho yiye.”—Romafo 12:9, 10.

4. Asɛmfua “onuadɔ” no kyerɛ dɛn?

4 Hela asɛmfua a Paulo de gyinaa hɔ maa “onuadɔ” no wɔ afã abien. Ɔfã biako kyerɛ adamfofa, ɛnna ɔfã a aka no kyerɛ tema. Sɛnea Bible ho ɔbenfo bi kyerɛkyerɛ mu no, eyi kyerɛ sɛ ‘ɛsɛ sɛ wohu Kristofo sɛ nnipa a wɔwɔ ahofama a ɔdɔ ne biakoyɛ wom wɔ wɔn mu, na wɔda wɔn ho adi sɛ abusuafo a wɔboa wɔn ho wɔn ho.’ So saa na wote nka wɔ wo nuanom Kristofo mmarima ne mmea ho? Ɛsɛ sɛ ɔdɔ a emu yɛ den—abusua dɔ—tra Kristofo asafo no mu. (Galatifo 6:10) Enti, The New Testament in Modern English, a J. B. Phillips kyerɛwee no kyerɛ Romafo 12:10 ase sɛ: “Momma yɛmfa onuadɔ ankasa nnodɔ yɛn ho.” Na The Jerusalem Bible kenkan sɛ: “Monnodɔ mo ho yiye sɛnea ɛsɛ sɛ anuanom yɛ.” Yiw, ɛsɛ sɛ sɛnea Kristofo dodɔ wɔn ho wɔn ho no kɔ akyiri, na ɛnsɛ sɛ wobu no sɛ ade a ɛfata sɛ wɔyɛ anaa asɛyɛde bi kɛkɛ. Ɛsɛ sɛ yɛde ‘onuadɔ a nkontompo nni mu fi koma mu dodɔ yɛn ho yɛn ho denneennen.’—1 Petro 1:22.

‘Onyankopɔn Akyerɛkyerɛ Yɛn sɛ Yɛnnodɔ Yɛn Ho’

5, 6. (a) Ɔkwan bɛn so na Yehowa nam amanaman nhyiam ahorow so akyerɛkyerɛ ne nkurɔfo Kristofo dɔ? (b) Ɛyɛ dɛn na abusuabɔ a anuanom nya no bere tenten no mu bɛyɛ den?

5 Ɛwom sɛ nnipa “dodow no ara dɔ” ano redwo wɔ saa wiase yi mu de, nanso Yehowa rekyerɛkyerɛ ne nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ no ma ‘wɔadodɔ wɔn ho wɔn ho.’ (Mateo 24:12; 1 Tesalonikafo 4:9) Yehowa Adansefo amanaman ntam nhyiam yɛ bere titiriw a ɛma yenya saa nkyerɛkyerɛ yi. Wɔ saa nhyiam ahorow yi ase no, Adansefo a wɔwɔ beae a wɔreyɛ nhyiam no hyia wɔn nuanom a wofi akyirikyiri nsase so, na ebinom ma wɔn nuanom a wofi amannɔne no bɛtra wɔn afie. Wɔ nhyiam bi a wɔyɛe nnansa yi ase no, ebinom fii aman a ɛhɔfo nna wɔn nkate adi wɔ baguam baa bi. Kristoni bi a ɔyɛɛ adwuma wɔ dwumadibea a wɔhwɛɛ dabere ho nsɛm so no kae sɛ: “Bere a nhyiamfo yi baa foforo no, na ehu aka wɔn, na na wosuro ade. Nanso, wɔ nnansia pɛ akyi, bere a wɔne wɔn nuanom a wɔtraa wɔn afie no dii nkra no, wotumi ne wɔn yeyɛɛ wɔn ho wɔn ho atuu a na wɔresu. Na wɔanya Kristofo dɔ mu anigye bi a wɔn werɛ remfi da.” Yɛn nuanom a yɛbɛyɛ wɔn ahɔho, a baabi a wofi mfa ho no, betumi ama afiewuranom ne ahɔho no nyinaa ada su pa adi.—Romafo 12:13.

6 Osuahu ahorow a wonya wɔ nhyiam a ɛtete saa ase no yɛ anigye, nanso sɛ Kristofo bom som Yehowa bere tenten a, wonya abusuabɔ a emu yɛ den sen saa koraa. Sɛ yehu yɛn nuanom yiye a, yɛn ani betumi agye su pa ahorow a wɔwɔ—wɔn nokwaredi, wɔn nokware dɔ, wɔn ayamye, wɔn adɔe, wɔn tema, ne wɔn timmɔbɔ—no ho yiye. (Dwom 15:3-5; Mmebusɛm 19:22) Mark a ɔsomee sɛ ɔsɛmpatrɛwfo wɔ Afrika Apuei fam no kae sɛ: “Adwuma a yɛne yɛn nuanom bom yɛ no ma yɛne wɔn nya abusuabɔ a emu yɛ den.”

7. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛanya Kristofo dɔ wɔ asafo no mu?

7 Sɛ yebetumi anya abusuabɔ a emu yɛ den saa wɔ asafo no mu na yɛakura mu a, ɛsɛ sɛ emufo no ne wɔn ho wɔn ho bɔ. Sɛ yɛkɔ Kristofo nhyiam bere nyinaa a, yɛhyɛ abusuabɔ a yɛne yɛn nuanom mmarima ne mmea wɔ no mu den. Sɛ yɛkɔ asafo nhyiam na yɛne wɔn nya fekubɔ ansa na yɛafi ase na yɛma mmuae bere a dwumadi no rekɔ so, na yɛne wɔn bɔ bere a yɛapɔn no a, yɛtwetwe yɛn ho yɛn ho hyehyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran ‘kɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu.’ (Hebrifo 10:24, 25) Ɔpanyin bi a ɔwɔ United States ka sɛ: “Mede anigye kae sɛ bere a na meyɛ abofra no, na m’abusua ka mmusua a na womfi Ahenni Asa so ntɛm koraa no ho. Na yɛka akyi nya nkɔmmɔbɔ a ɛyɛ anigye mu kyɛfa.”

So Ehia sɛ ‘Wotrɛw Wo Mu’?

8. (a) Dɛn na na Paulo kyerɛ bere a ɔhyɛɛ Korintofo no nkuran sɛ ‘wɔntrɛw wɔn mu’ no? (b) Dɛn na yebetumi ayɛ de aboa ma ɔdɔ atra asafo no mu?

8 Sɛ yebetumi ada ɔdɔ a ɛte saa adi a, ebehia sɛ ‘yɛtrɛw’ yɛn koma mu. Ɔsomafo Paulo kyerɛw Korinto asafo no sɛ: “Yɛn komam atrɛw. Ɛnyɛ yɛn mu na monsen.” Paulo hyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔn nso ‘wɔntrɛw wɔn mu.’ (2 Korintofo 6:11-13) So wo nso wubetumi ‘atrɛw’ wo dɔ mu? Enhia sɛ wotwɛn ma afoforo ba wo nkyɛn ansa. Wɔ krataa a Paulo de kɔmaa Romafo no mu no, ɔde hia a ehia sɛ yenya onuadɔ no kaa afotu yi ho sɛ: “Munni kan nnidi mo ho ni.” (Romafo 12:10) Sɛ wopɛ sɛ wudi afoforo ni a, wubetumi adi kan akyia wɔn wɔ asafo nhyiam ase. Wubetumi nso ayɛ nhyehyɛe ne wɔn akɔ asɛnka anaasɛ wo ne wɔn abom asua nneɛma a wobesusuw ho wɔ asafo nhyiam ase no. Saa a yɛbɛyɛ no bɛma onuadɔ a yɛwɔ no mu ayɛ den.

9. Akwan bɛn na ebinom afa so ne wɔn mfɛfo Kristofo abɛyɛ nnamfo pa? (Fa mo hɔnom nhwɛso ahorow ka ho.)

9 Mmusua ne ankorankoro a wɔwɔ asafo no mu betumi ‘atrɛw wɔn mu’ denam sra a wɔbɛsrasra wɔn ho wɔn ho so, ebia wɔbɛbom adi aduan kakraa bi, na wɔabom ayɛ nneɛma bi a mfaso wɔ so. (Luka 10:42; 14:12-14) Hakop yɛ nhyehyɛe bere ne bere mu ma akuw nketewa bom fi adi kodidi. Ɔka sɛ: “Mpanyin, mmofra, ne awofo a wonni ahokafo nyinaa ba bi. Obiara de anigye kɔ fie, na wɔte nka sɛ wɔabɛn wɔn ho wɔn ho yiye.” Sɛ́ Kristofo no, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛrenyɛ mfɛfo gyidifo nko na mmom yɛbɛyɛ nnamfo pa nso.—3 Yohane 14.

10. Sɛ yɛne afoforo ntam abusuabɔ nkɔ yiye a, dɛn na yebetumi ayɛ?

10 Nanso, ɛtɔ bere bi a sintɔ ahorow tumi bɛyɛ akwanside ma nnamfo a yɛbɛfa ne ɔdɔ a yɛbɛda no adi. Sɛ ɛba saa a, dɛn na yebetumi ayɛ? Nea edi kan no, yebetumi abɔ abusuabɔ pa a yɛne yɛn nuanom benya ho mpae. Ɛyɛ Onyankopɔn pɛ sɛ asomdwoe bɛtra n’asomfo ntam, enti obebua mpae a ɛte saa a yebefi komam abɔ no. (1 Yohane 4:20, 21; 5:14, 15) Ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade nso ma ɛne yɛn mpaebɔ no hyia. Ric, ɔhwɛfo kwantufo bi a ɔwɔ Afrika Apuei fam ka onua bi a esiane sɛ na ne bo nkyɛ fuw na ɔteatea nnipa nti na ɛyɛ den sɛ afoforo ne no bɛbɔ no ho asɛm. Ric kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Sɛ́ anka mɛtwe me ho afi onua no ho no, meyɛe sɛ mehu no yiye. Mibehui sɛ sɛɛ na onua no papa yɛ obi a ɔhyehyɛ mmara katee na ɔhwɛ ma wodi so. Bere a mibehuu sɛnea na onua no abɔ mmɔden sɛ obedi ne suban yi so ne nkɔso a na wanya no, m’ani gyee no ho. Yɛbɛyɛɛ nnamfo pa.”—1 Petro 4:8.

Ka Wo Komam Asɛm Kyerɛ!

11. (a) Dɛn na ehia na ama ɔdɔ a ɛwɔ asafo no mu no akɔ so ayɛ den? (b) Dɛn nti na yɛn ho a yɛbɛtwe afi afoforo ho no betumi ahaw yɛn wɔ ɔsom a yɛde ma Onyankopɔn no mu?

11 Ɛnnɛ, nnipa pii na wɔne obiara mfa adamfo wɔ wɔn asetram. Hwɛ sɛnea ɛyɛ awerɛhow! Enhia sɛ ɛba saa na ɛnsɛ sɛ ɛba saa nso wɔ Kristofo asafo no mu. Onuadɔ a ɛyɛ papa no nkyerɛ obu mu a wofi ne obi bɔ nkɔmmɔ anaa di a wodi no ni kɛkɛ; na saa ara nso na ɛnkyerɛ sɛ wobɛda anigye soronko adi wɔ onipa no ho. Mmom no, ɛsɛ sɛ yefi yɛn pɛ mu ka yɛn komam asɛm sɛnea Paulo yɛe wɔ Korintofo no ho no, na yɛma yɛn mfɛfo gyidifo hu sɛ yedwen wɔn yiyedi ho nokware mu. Ɛwom sɛ ɛnyɛ obiara na ɔpɛ kasa na otumi bɛn afoforo de, nanso obi ho a ɔbɛtwe afi afoforo ho koraa no betumi ahaw no. Bible bɔ kɔkɔ sɛ: “Nea watew ne ho no hwehwɛ anoyi daa, na ade biara ho yɛ no ahi.”—Mmebusɛm 18:1.

12. Dɛn nti na nkɔmmɔbɔ pa ho hia na ama yɛanya abusuabɔ a emu yɛ den wɔ asafo no mu?

12 Nkɔmmɔ a efi komam ho hia na ama adamfofa atumi ayɛ nea edi mũ. (Yohane 15:15) Yɛn nyinaa hia nnamfo a yebetumi aka yɛn komam nsɛm akyerɛ wɔn. Afei nso, dodow a yehu obi yiye no, dodow no ara na ɛyɛ mmerɛw sɛ yebetumi adi yɛn ahiade ho dwuma ama yɛn ho yɛn ho. Sɛ yesusuw afoforo yiyedi ho wɔ saa kwan yi so a, yɛboa ma onuadɔ tra asafo no mu, na yebehu sɛnea Yesu asɛm yi yɛ nokware: “Ɔma mu wɔ nhyira mmom sen ogye.”—Asomafo no Nnwuma 20:35; Filipifo 2:1-4.

13. Dɛn na yebetumi ayɛ de ada no adi sɛ yɛdɔ yɛn nuanom nokware mu?

13 Sɛ yɛn dɔ bɛyɛ nea mfaso wɔ so paa a, ɛsɛ sɛ yɛma ɛda adi. (Mmebusɛm 27:5) Sɛ yɛwɔ ɔdɔ ankasa a ɛbɛda adi wɔ yɛn anim, na ɛbɛka afoforo koma ma wɔn nso ayɛ ho biribi. Onyansafo no kyerɛwee sɛ: “Aniwa so tew ma koma tɔ yam.” (Mmebusɛm 15:30) Nneyɛe pa a yɛda no adi nso de onuadɔ ba. Ɛwom sɛ obiara ntumi ntɔ nokware dɔ de, nanso mfaso kɛse paa wɔ akyɛde a wofi komam de ma so. Yebetumi afa krataa a wɔde ma hyɛden, anaa amo, ne “asɛm a wɔka a ɛfata” so ada ɔdɔ a emu yɛ den adi. (Mmebusɛm 25:11; 27:9) Sɛ yenya ne afoforo fa nnamfo a, ɛsɛ sɛ yekura mu denam ɔdɔ a pɛsɛmenkominya nnim a yɛbɛda no adi so. Ne titiriw no, ɛsɛ sɛ yegyina yɛn nnamfonom akyi wɔ wɔn ahokyere bere mu. Bible ka sɛ: “Adamfo dɔ bere nyinaa mu, na onua, wɔwoo no maa hiada.”—Mmebusɛm 17:17.

14. Sɛ ɛte sɛ nea obi ani nnye ɔdɔ a yɛda no adi kyerɛ no no ho a, dɛn na yebetumi ayɛ?

14 Nokwarem no, yɛrentumi ne asafo no muni biara mmɔ paa. Ɛnyɛ nwonwa sɛ yebetumi abɛn ebinom paa asen afoforo. Enti sɛ ɛte sɛ nea obi mmɛn wo papa sɛnea anka wopɛ no no a, mpere wo ho nka sɛ gyama wo anaa ɔno wɔ ɔhaw bi. Na ɛnyɛ w’adwene sɛ wobɛbɔ mmɔden biara sɛ wo ne saa nipa no benya adamfofa a emu yɛ den. Sɛ woda adamfofa su kakra adi kyerɛ no sɛnea n’ani begye ho a, ɛno bɛboa ma wo ne no anya adamfofa a emu yɛ den akyiri yi.

“Wosɔ M’ani”

15. Adepa bɛn na nkamfo tumi yɛ, na sɛ wɔamfa amma a, nkɛntɛnso bɛn na enya wɔ afoforo so?

15 Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ Yesu ani gyei bere a ɔbɔɔ asu na ɔtee asɛm yi fii soro sɛ: “Wosɔ m’ani”! no. (Marko 1:11) Ɛbɛyɛ sɛ gye a wogyee Yesu toom yi maa gyidi a na ɔwɔ sɛ N’agya dɔ no no mu yɛɛ den kɛse. (Yohane 5:20) Awerɛhosɛm ne sɛ ebinom nnyaa nkamfo mfii nnipa a wobu wɔn na wɔdɔ wɔn nkyɛn da. Ann ka sɛ: “Mmofra pii a wɔte sɛ me nni abusuafo a wɔne wɔn kura Kristofo gyidi biako. Kasatia nkutoo na yɛte wɔ fie. Eyi ma yɛn werɛ how yiye.” Nanso, sɛ wɔba asafo no mu a, wonya ɔdɔ ne mmoa fi Onyankopɔn abusua no mufo—agyanom ne ɛnanom, nuabarimanom ne nuabeanom a wɔwɔ ɔsom no mu nkyɛn.—Marko 10:29, 30; Galatifo 6:10.

16. Dɛn nti na mfaso nni so sɛ yɛbɛkasa atia afoforo?

16 Wɔ aman bi mu no, ɛyɛ den sɛ awofo, mpanyimfo, ne akyerɛkyerɛfo befi komam akamfo mmofra, efisɛ wosusuw sɛ sɛ wɔkamfo wɔn saa a ebetumi ama wɔn tirim ayɛ wɔn dɛ dodo anaasɛ ɛbɛma wɔayɛ ahantan. Nsusuwii a ɛte saa betumi aba Kristofo mmusua ne asafo no mpo mu. Sɛ ɛba sɛ mpanyimfo reka ɔkasa anaa adwuma foforo a abofra ayɛ ho asɛm a, ebia nea wɔbɛka ara ne sɛ: “Eye ara, nanso anka wubetumi ayɛ nea ɛsen saa!” Anaa wɔ ɔkwan foforo so no, wobetumi ama abofra no mpo ahu sɛ wɔn ani nnye ne ho. Nnipa pii susuw sɛ sɛ wɔyɛ saa a, na wɔrehyɛ mmofra no nkuran ma wɔayɛ nea wobetumi nyinaa. Nanso, mpɛn pii no abasamtu mmom na saa a wɔyɛ yi de ba, efisɛ ɛmma mmofra mmɛn mpanyin anaasɛ ɛma wɔte nka sɛ wɔrentumi nyɛ adepa da.

17. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ hokwan de kamfo afoforo?

17 Nanso, ɛnsɛ sɛ ɛba sɛ bere a yɛrebetu obi fo nkutoo na yɛkamfo no. Esiane sɛ nkamfo a efi komam de onuadɔ ba abusua ne asafo no mu nti, sɛ yɛkamfo mmofra a ɛhyɛ wɔn nkuran ma wɔbɛn anuanom mmarima ne mmea a wɔn ho akokwaw no kogye afotu. Enti, sɛ anka yebesuasua sɛnea ɔman a yɛte mu no mufo ne afoforo di nsɛm no, momma ‘yɛnhyɛ nipasu foforo a wɔbɔe sɛnea Nyankopɔn pɛ te, nokware trenee ne nokwaredi mu.’ Kamfo afoforo sɛnea Yehowa yɛ no.—Efesofo 4:24.

18. (a) Mmofra, ɛsɛ sɛ mubu mpanyimfo afotu dɛn? (b) Dɛn nti na mpanyimfo susuw nneɛma ho yiye ansa na wɔde afotu ama?

18 Nanso, mmofra, monnka sɛ sɛ mpanyimfo teɛ mo so anaasɛ wɔma mo afotu a, na ɛkyerɛ sɛ wɔmpɛ mo asɛm. (Ɔsɛnkafo 7:9) Ɛnte saa koraa! Ɛda adi sɛ dwen a wodwen mo ho ne ɔdɔ kɛse a wɔwɔ ma mo nti na wɔyɛ saa. Sɛ ɛnyɛ saa a, dɛn nti na anka wɔbɛhaw wɔn ho ne mo akasa wɔ biribi a moyɛ ho? Esiane sɛ mpanyimfo, titiriw asafo mu mpanyimfo nim sɛnea asɛm a obi ka betumi aka afoforo afa na wɔpɛ sɛ wɔn afotu yɛ adwuma pa nkutoo nti, wɔde bere pii susuw afotu ho bɔ ho mpae ansa na wɔde ama.—1 Petro 5:5.

‘Yehowa Ayamye Dɔɔso’

19. Dɛn nti na wɔn a afoforo adi wɔn huammɔ pɛn no betumi ahwɛ kwan sɛ Yehowa bɛboa wɔn?

19 Esiane sɛ ebia ebinom ada ayamye adi ahu amane pɛn nti ama wɔanya adwene sɛ sɛ wɔyɛ saa a ɛbɛkɔ akowie huammɔdi foforo mu. Egye akokoduru ne gyidi a emu yɛ den na ama nnipa a wɔte saa no ayi wɔn yam ayɛ ade ama afoforo bio. Nanso, ɛnsɛ sɛ wɔn werɛ fi da sɛ Yehowa ‘ne yɛn mu biara ntam kwan nware.’ Ɔka kyerɛ yɛn sɛ yɛmmɛn no. (Asomafo no Nnwuma 17:27; Yakobo 4:8) Ɔte suro a yesuro sɛ wɔbɛsan adi yɛn huammɔ no ase nso, na ɔhyɛ yɛn bɔ sɛ obegyina yɛn akyi na waboa yɛn. Odwontofo Dawid ma yɛn awerɛhyem sɛ: “[Yehowa, NW] bɛn wɔn a wɔn koma abubu, na ogye wɔn a wɔn honhom apɛtɛw.”—Dwom 34:18.

20, 21. (a) Yɛyɛ dɛn hu sɛ yebetumi ne Yehowa anya abusuabɔ a emu yɛ den? (b) Dɛn na wɔhwehwɛ na ama obi ne Yehowa anya abusuabɔ a emu yɛ den?

20 Adamfofa a emu yɛ den a yɛne Yehowa benya no ne abusuabɔ a ɛho hia sen biara a yebetumi anya. Nanso, so yebetumi anya abusuabɔ a ɛte saa ankasa? Yiw. Bible ka sɛnea mmarima ne mmea a wɔyɛ treneefo ne yɛn soro Agya no nyaa abusuabɔ a emu yɛ den saa ho asɛm. Wɔakora nsɛm a ɔdɔ wom a wɔkekae no so ama yɛn na ama yɛn nso yɛanya ahotoso sɛ yebetumi abɛn Yehowa.—Dwom 23, 34, 139; Yohane 16:27; Romafo 15:4.

21 Obiara betumi adu nneɛma a Yehowa hwehwɛ na ama yɛatumi ne no anya abusuabɔ no ho. Dawid bisae sɛ: “[Yehowa, NW], hena na ɔbɛsoɛ wo ntamadan mu atra mu? . . . Nea ɔnantew pɛpɛɛpɛ, na odi asɛntrenee, na ɔka ne komam nokware.” (Dwom 15:1, 2; 25:14) Sɛ yehu sɛ mfaso wɔ Onyankopɔn som so, na ɛma yenya n’akwankyerɛ ne n’ahobammɔ a, yebehu sɛ “[Yehowa, NW] ayamye dɔɔso.”—Yakobo 5:11.

22. Abusuabɔ bɛn na Yehowa pɛ sɛ ne nkurɔfo nya?

22 Hwɛ sɛnea ɛyɛ anigye ankasa sɛ Yehowa pɛ sɛ ɔne nnipa a yɛnyɛ pɛ benya abusuabɔ a ɛte saa! Ɛnde, so ɛnsɛ sɛ yɛn nso yɛdodɔ yɛn ho yɛn ho? Ɛdenam Yehowa mmoa so no, yɛn mu biara betumi ada onuadɔ a ɛwɔ yɛn Kristofo onuayɛ kuw mu no bi adi na afoforo nso ada ebi adi akyerɛ yɛn. Wɔ Onyankopɔn Ahenni ase no, obiara bɛda saa onuadɔ yi adi akosi daa.

Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

• Tebea bɛn na ɛsɛ sɛ ɛtra Kristofo asafo no mu?

• Ɔkwan bɛn so na yɛn mu biara betumi aboa ama onuadɔ atra asafo no mu?

• Ɔkwan bɛn so na nkamfo a efi komam ma wonya Kristofo dɔ?

• Ɔkwan bɛn so na Yehowa ayamye boa yɛn ma yegyina?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Ɔdɔ a Kristofo da no adi no sen asɛyɛde a ɛsɛ sɛ wodi ho dwuma ara kwa

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 16, 17]

So wubetumi ‘atrɛw’ wo dɔ mu?

[Mfonini wɔ kratafa 18]

So wokasa tia afoforo anaasɛ wohyɛ wɔn nkuran?