Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nkyerɛkyerɛ A Manya Me Nkwa Nna Nyinaa

Nkyerɛkyerɛ A Manya Me Nkwa Nna Nyinaa

Asetram Nsɛm

Nkyerɛkyerɛ A Manya Me Nkwa Nna Nyinaa

SƐNEA HAROLD GLUYAS KA KYERƐE

Meda so ara kae ade bi a mihui me mmofraase bɛboro mfirihyia 70 a atwam ni no. Ná mete me Maame gyaade rehwɛ adaka bi a wɔakyerɛw ho “Ceylon Tea.” Ná mmea bi a wɔretetew tii nhaban wɔ afuw fɛfɛ bi a ɛwɔ Ceylon (seesei wɔfrɛ hɔ Sri Lanka) mfonini wɔ adaka no ho. Nea mihui a na ɛmmɛn me kurom a ɛhɔ asase no so yɛ den wɔ Australia Anafo fam no maa misusuw nneɛma ho. Mekae sɛ, Ceylon man no bɛyɛ fɛ na ɛhɔ bɛyɛ anigye paa! Nanso, manso dae da sɛ mede me nkwa nna mu mfirihyia 45 bɛyɛ asɛmpatrɛw adwuma wɔ saa supɔw fɛfɛ no so.

NSONSONOE kɛse wɔ wiase a wɔwoo me wɔ mu wɔ April 1922 ne nnɛ de yi mu. Ná m’abusua yɛ awifuw wɔ akuraa ketewa bi a atew ne ho ase. Ná ɛhɔ bɛn akuraa bi a wɔfrɛ hɔ Kimba a ɛda Australia man no mfinimfini ne ɛhɔ anhweatam kɛse no anafo fam pɛɛ. Ná ɛhɔ asetra yɛ den efisɛ na ɔpɛ taa si hɔ, na nkoekoemmoa haw adwene wɔ hɔ, na na ɛhɔ nso yɛ hyew dodo. Ná me maame yɛ adwumaden de hwɛ Paapa ne yɛn mmofra baasia no wɔ akuraa no ase.

Nanso mede na mitumi yɛ nea mepɛ de gye m’ani wɔ akuraa no ase. Bere a na meyɛ abofra no na anantwi a wɔwɔ ahoɔden a wɔredɔw ne mframa a ɛbɔ mfuturu bua akuraa hɔ no yɛ me nwonwa. Enti me fam no, nkyerɛkyerɛ a minyae wɔ m’asetram no fii ase koraa ansa na mifii sukuu ase wɔ baabi a efi yɛn akuraa hɔ rekɔ yɛ kwansin mmiɛnsa no. Ná sukuu mũ no nyinaa wɔ ɔkyerɛkyerɛfo biako pɛ.

Ɛwom sɛ na m’awofo ani gye nyamesom ho de, nanso esiane sɛ na yɛte akyirikyiri nti wɔankɔ asɔre da. Nanso, wɔ 1930 mfe no mfiase hɔ no, Maame fii ase tiee Bible ho ɔkasa bi a na nnawɔtwe biara Judge Rutherford ma wɔ radio adwumayɛbea bi a ɛwɔ Adelaide so no bi. Ná misusuw sɛ Judge Rutherford yɛ ɔsɛmpakafo bi a ɔwɔ Adelaide, enti mankyerɛ n’asɛm no ho anigye papa. Nanso Maame de, na ɔtaa hwɛ Rutherford kasa no kwan denneennen, na sɛ ɔrekasa a, na ɔwɛn n’aso tie asɛm a na yɛn radio dedaw no mma kasa no mma papa no yiye.

Da koro awia bi a na ewim ayɛ hyew na mfuturu abua yɛn akuraa hɔ no, kar dedaw bi begyinaa yɛn fie no anim. Mmerante baanu bi a na wɔasiesie wɔn ho yiye fii mu sii. Ná wɔyɛ Yehowa Adansefo. Maame tiee asɛm a wɔkae no na oyii ntoboa de gyee nhoma pii fii ase kenkan no amonom hɔ ara. Nea ɔkenkan fii nhoma no mu no kaa ne koma araa ma enti ɔka kyerɛɛ Paapa ntɛm ara sɛ ɔmfa no ntra kar mu na ɔnkɔka nea ɔresua no bi nkyerɛ n’afipamfo.

Minyaa Nnamfo Pa So Mfaso

Asɛm yi akyi bere tiaa bi no, asetra a na ɛyɛ den wɔ akuraa hɔ no maa yetu kɔɔ Adelaide. Efi yɛn akuraa hɔ rekɔ hɔ bɛyɛ kilomita 500. Yɛn abusua no fii ase ne Yehowa Adansefo Asafo a ɛwɔ Adelaide no bɔe na ɛmaa yenyaa nkɔso wɔ Onyankopɔn som mu. Miwiee sukuu bere a na madi mfe 13 na tu a yetui no nti mantumi antoa me nhomasua so. Ná meyɛ obi a hwee mfa me ho. Enti sɛ ɛnyɛ mmoa a anuanom mmarima bi a wɔyɛ daa akwampaefo anaa bere nyinaa asomfo a na wɔyɛ nhwɛso pa a wɔkyerɛɛ me ho anigye yɛɛ me a, anka ɛnyɛ den sɛ mɛyɛ obi a Onyankopɔn som mfa me ho koraa.

Bere kɔɔ so no, saa anuanom a wɔyɛ nsi yi nyaa me so nkɛntɛnso maa mibehui sɛ metumi de botae horow asisi m’ani so wɔ Onyankopɔn som mu. Ná m’ani gye wɔn fekubɔ ne wɔn adwumaden ho. Enti bere a wɔde amanneɛbɔ bi mae wɔ nhyiam bi ase wɔ Adelaide wɔ afe 1940 mu fa bere nyinaa som adwuma ho no, ɛyɛɛ m’ankasa mpo nwonwa sɛ mede me din mae. Na memmɔɔ asu mpo saa bere no, na na minnim sɛnea wɔyɛ asɛnka adwuma no papa. Nanso, nna kakraa bi akyi no, wɔtoo nsa frɛɛ me sɛ menkɔka akwampaefo kakraa bi a na wɔwɔ Warrnambool a ɛwɔ Victoria mantam a ɛbɛn faako a yɛte no ho. Efi Adelaide rekɔ hɔ no yɛ kilomita pii.

Ɛwom sɛ mfiase no na m’adwene nsi me pi de, nanso akyiri yi mibenyaa asɛnka adwuma no ho anigye a ebesi saa bere yi metumi de anigye aka sɛ ano mmrɛɛ ase. Nokwarem no, ɛno yɛ nsakrae kɛse a ɛbaa m’asetram na efi saa bere no, mifii ase nyaa nkɔso yiye wɔ Onyankopɔn som mu. Mibehui sɛ, sɛ wode wo ho bɔ nnipa a wɔn ani gye Onyankopɔn som ho a mfaso wɔ so. Mibehui nso sɛ ɛmfa ho faako a wasua nhoma akodu no, sɛ wode wo ho bɔ nnipa a wɔte saa a ebetumi ama woayɛ nneɛma pa na nea wubesua afi wɔn nkyɛn no betumi aboa wo wɔ wo nkwa nna nyinaa mu.

Sɔhwɛ Ahorow Hyɛɛ Me Den

Bere a mede me ho hyɛɛ akwampae adwuma no mu no, ankyɛ koraa na wɔbaraa Yehowa Adansefo som adwuma no wɔ Australia. Esiane sɛ na minhu nea menyɛ nti, mehwehwɛɛ akwankyerɛ fii anuanom no nkyɛn maa wɔka kyerɛɛ me sɛ wɔnkae sɛ yɛnnka Bible ho asɛm nkyerɛ afoforo. Enti me ne akwampaefo afoforo fii ase kaa Bible mu asɛm a asete nyɛ den wɔ afie afie mu. Eyi hyɛɛ me den maa sɔhwɛ ahorow bi a na ɛrenkyɛ mehyia.

Asram anan wɔ asɛm yi akyi no, midii mfe 18 na wɔhyɛe sɛ menkɔ sraadi. Ɛno maa minyaa hokwan kaa me gyidi ho asɛm kyerɛɛ asraafo mpanyimfo pii ne ɔtemmufo bi. Saa bere no na wɔakyere Adansefo bɛyɛ 20 agu afiase wɔ Adelaide esiane ɔfã biara a wɔannyina nti. Ankyɛ na wɔde me kɔkaa wɔn ho. Wɔmaa yɛyɛɛ adwumaden, paapae abo, siesiee kar akwan. Eyi maa minyaa boasetɔ ne akokoduru. Yɛdaa suban pa adi gyinaa pintinn na ɛno maa afiasehwɛfo no mu pii buu yɛn.

Wɔde me too afiase asram pii akyi no, wogyaee me maa mibenyaa aduampa dii san fii akwampae adwuma no ase. Nanso, ná ɛyɛ den sɛ wubenya obi ne no ayɛ akwampae adwuma no. Enti wobisaa me sɛ minkutoo metumi akɔyɛ akwampae adwuma no wɔ beae bi a na wɔyɛ kua wɔ hɔ a atew ne ho wɔ Australia Anafo fam anaa. Mepenee so ma enti mefaa po so hyɛn kɔɔ Yorke Supɔw no so a nea na mewɔ ara ne m’asɛnka nneɛma ne sakre. Bere a miduu hɔ no, abusua bi a na wɔwɔ nokware no ho anigye kɔkyerɛɛ me ahɔhodan bi, na awuraa a na ɔhwɛ hɔ no nso gyee me fɛw so sɛ ɔba. Ná edu anɔpa a, mede sakre no fa ɛhɔ mfutukwan no so kyinkyin supɔw no so nkuraa ase ka asɛm no. Ɛtɔ mmere bi a, na meda ahɔhodan mu wɔ baabi foforo sɛnea ɛbɛyɛ a metumi aka asɛm no wɔ mmeae a ɛwɔ akyirikyiri no. Wɔ saa kwan yi so no, mede sakre no twaa kilomita ɔhaha pii na minyaa osuahu ahorow a ɛhyɛ nkuran nso. Ná minni obiara a me ne no yɛ ɔsom adwuma no, nanso mamma anhaw me pii. Dodow a metee nka sɛ Yehowa ka me ho no ɛmaa me bɛnee no yiye.

Migyinaa Fata a Metee Nka sɛ Memfata Ano

Wɔkyerɛw me krataa wɔ afe 1946 mu sɛ menkɔsom sɛ anuanom somfo (seesei wɔfrɛ no ɔmansin sohwɛfo) wɔ akwantu adwuma no mu. Ná eyi hwehwɛ sɛ mekɔsrasra asafo ahorow bi wɔ ɔmansin bi mu. Nokwasɛm ni, na asɛyɛde a ɛwɔ saa adwuma no mu no nna fam. Da bi etwaa m’asom sɛ onua bi reka sɛ, “Harold mmɔ mmɔden papa wɔ asɛnka agua so, nanso ne ho akokwaw yiye wɔ asɛnka mu.” Saa asɛm no hyɛɛ me den efisɛ na minim sɛ metɔ sin wɔ kasa ne sɛnea wɔtoto nneɛma mu nanso na migye di sɛ asɛnka adwuma no ne Kristofo adwuma titiriw.

Bere a yenyaa amanneɛbɔ wɔ afe 1947 mu sɛ Anuanom Nathan Knorr ne Milton Henschel befi Brooklyn, Yehowa Adansefo adwumayɛbea ti hɔ abɛsra yɛn no, yɛn ani gyee paa. Ná eyi ne bere a edi kan a efi bere a Onua Rutherford baa hɔ wɔ afe 1938 mu no, na obi fi adwumayɛbea ti hɔ rebɛsra yɛn saa. Wɔyɛɛ nhyiam kɛse bi nso wɔ Sydney wɔ wɔn nsrahwɛ yi mu. Te sɛ akwampaefo afoforo a na wɔn mfe nkɔɔ anim no mu pii no, na m’ani gye asɛmpatrɛw ntetee a na wɔde ma wɔ Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu a na wɔabue no foforo wɔ Lansing Anafo fam wɔ New York, U.S.A. no ho. Ná yɛn mu pii ntumi nhu sɛ nhomasua pii ho hia ansa na obi afata ama saa ntetee no. Nanso Onua Knorr kyerɛkyerɛɛ mu sɛ, sɛ yetumi kenkan Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma no te ase kae emu nsɛntitiriw no a, yebetumi abɔ mmɔden wɔ Gilead.

Metee nka sɛ sukuu a mankɔ annu akyiri nti wɔremfa me. Nanso wɔ asram pii akyi no, ɛyɛɛ me nwonwa sɛ wɔkae sɛ memfa Gilead ntetee no ho akwammisa krataa mmra. Wɔfaa me maa mekɔɔ Gilead adesua a ɛto so 16 no bi wɔ afe 1950 mu. Saa ntetee yi boaa me yiye maa minyaa ahotoso kɛse. Ɛmaa mibehui sɛ ade titiriw a ɛma obi tumi yɛ biribi yiye ne nsiyɛ ne osetie na ɛnyɛ faako a wasua nhoma akodu. Yɛn akyerɛkyerɛfo no hyɛɛ yɛn nkuran sɛ yɛnyɛ nea yebetumi nyinaa. Bere a mede wɔn afotu no yɛɛ adwuma no, ɛmaa minyaa nkɔanim na mitumi suaa nea wɔkyerɛɛ yɛn no yiye.

Mifii Asasepɔn Kesee So Kɔɔ Supɔw Fɛfɛ Bi So

Bere a yewiee sukuu no, wɔde me ne anuanom baanu bi a wofi Australia kɔɔ Ceylon (seesei wɔfrɛ hɔ Sri Lanka). Yeduu wɔn ahenkurow Colombo mu wɔ September 1951 mu. Na ɛhɔ yɛ hyew, na na ɛbɔ nso asi. Yehuu nneɛma a na yenhuu bi da, tee nnyigyei ne ehua ahorow. Bere a yesi fii po so hyɛn no mu no, ɔsɛmpatrɛwfo bi a na ɔresom wɔ saa ɔman no mu dedaw no de krataa ketewaa bi a na ɛrebɔ baguam ɔkasa bi a na wɔbɛma no Kwasida a edi hɔ ho dawuru maa me. Ɛyɛɛ me nwonwa sɛ mihui sɛ me din wɔ krataa no so sɛ me ne ɔkasafo no! Wubetumi ayɛ sɛnea mebɔɔ hu no ho mfonini wɔ w’adwene mu. Nanso na mfe dodow a mede ayɛ akwampae adwuma wɔ Australia no ama m’asua sɛ ɛsɛ sɛ meyɛ dwumadi biara a wɔde bɛma me. Enti, wɔ Yehowa mmoa so no mitumi maa ɔkasa no yiye. Anuanom baanan a na wɔte asɛmpatrɛwfo fie a ɛwɔ Colombo no ne yɛn baasa a yɛkɔkaa wɔn ho no fii ase suaa Sinhala kasa a ne sua yɛ den no na yɛde yɛn ho hyɛɛ asɛnka adwuma no mu nso. Ná yɛn nkutoo taa yɛ asɛnka adwuma no, na yenyaa anigye sɛ na kurom hɔfo no bu ade na wɔwɔ ahɔhoyɛ su nso. Ankyɛ koraa na nnipa a wɔba asafo nhyiam no fii ase dɔɔso.

Bere kɔɔ so no, mifii ase susuw Sybil, onuawa ɔkwampaefo hoɔfɛfo bi a mihyiaa no bere a na mede po so hyɛn rekɔ Gilead Sukuu no ho yiye. Ná ɔrekɔ amanaman ntam nhyiam wɔ New York. Akyiri yi, ɔno nso kɔɔ Gilead adesua a ɛto so 21 no bi, na owiee no wɔde no kɔɔ Hong Kong wɔ afe 1953 mu. Meyɛɛ m’adwene sɛ mɛkyerɛw Sybil krataa, na yɛkɔɔ so yɛɛ saa ara kosii sɛ ɔbɛkaa me ho wɔ afe 1955 mu wɔ Ceylon ma yɛwaree wɔ hɔ.

Dwumadi a wodii kan de maa yɛn sɛ asɛmpatrɛwfo awarefo no de yɛn kɔɔ kurow bi a wɔfrɛ hɔ Jaffna wɔ Sri Lanka atifi fam akyirikyiri baabi. Akasakasa a amanyɔsɛm kɔfa baa ɔman no mu wɔ 1950 mfe no mfinimfini mu hɔ no maa Sinhala ne Tamil mmusua a ɛwɔ hɔ no mu paapae, na akyiri yi saa akasakasa yi kɔfaa akodi baa ɔman no mu. Bere a na nneɛma mu yɛ den saa no, Sinhala ne Tamil Adansefo no bɔɔ wɔn ho wɔn ho ban asram pii. Hwɛ sɛnea na ɛhyɛ nkuran fa! Saa sɔhwɛ ahorow no siesiee anuanom no hyɛɛ wɔn gyidi den.

Asɛnka ne Ɔkyerɛkyerɛ Wɔ Sri Lanka

Ná egye abotare ne animia na ama yɛatumi ne Hindufo ne Nkramofo no atra. Nanso, yɛn ani begyee mmusuakuw abien no ne su pa a na wɔwɔ no ho. Esiane sɛ na ahɔho ntaa ntra bɔs a kurom hɔfo de tu kwan mu nti, sɛ yɛfa a, na nkurɔfo taa hwɛ yɛn paa. Sybil yɛɛ n’adwene sɛ, sɛ wɔhwɛ yɛn saa a, ɔno nso bɛnwenwene akyerɛ wɔn. Hwɛ sɛnea na ɛyɛ anigye bere a nkurɔfo no nso nwenwene kyerɛɛ no no!

Da bi, na yɛretu kwan na ɔwɛmfo bi gyinaa yɛn kar wɔ kwan so. Bere a obisaa yɛn faako a yefi ne nea yɛrekɔ no, afei ne nsɛmmisa no bɛyɛɛ nea ɛfa yɛn asetra ho.

“Awuraa yi nso ɛ?”

Mibuae sɛ, “Ɔyɛ me yere.”

“Mowaree adi mfe ahe?”

“Mfe awotwe.”

“Mowɔ mma?”

“Dabi.”

“Asɛm bɛn ni! Mode akɔ ayaresabea?”

Mfiase no na ɛyɛ yɛn nwonwa sɛ ɔrebisabisa yɛn saa nsɛm no, nanso akyiri yi yebehui sɛ na ɛkyerɛ sɛnea na nkurɔfo no dwen afoforo ho fa. Nokwarem no, na ɛyɛ su pa bi a na ɛda nsow koraa wɔ wɔn ho. Na ɛnyɛ den koraa sɛ, sɛ wugyina abɔnten so a obi de nidi bɛba abebisa wo sɛ wuhia mmoa bi anaa.

Nsakrae a Ɛbae Ne Asetram Ho Nsusuwho

Wɔ mfe a abɛsen kɔ no mu no, yɛanya asɛyɛde ahorow pii aka asɛmpatrɛw adwuma a yɛkɔyɛe wɔ Sri Lanka no ho. Wɔmaa mekɔyɛɛ ɔmansin ne ɔmantam adwuma na mesan bɛyɛɛ Baa Boayikuw muni nso. Ebeduu afe 1996 no, na madi bɛyɛ mfe 75. Minyaa hokwan de susuw mfirihyia 45 a mede kɔyɛɛ asɛmpatrɛw adwuma wɔ Sri Lanka no ho. Nnipa bɛyɛ 20 na wɔbaa nhyiam a midii kan kɔe wɔ Colombo no ase. Ɛnnɛ, nnipa no aboro 3,500 koraa! Me ne Sybil buu saa anuanom adɔfo no mu dodow no ara sɛ yɛn honhom fam mma ne mmanananom. Nanso na adwuma pii wɔ ɔman no mu a na ehia mmabun a wɔwɔ ahoɔden na wɔayɛ. Enti, bere a Sodikuw no kae sɛ yɛnsan nkɔ Australia no, yɛkɔe. Eyi ama awarefo a wɔyɛ mmerante ne mmabaa a wɔfata aba Sri Lanka reyɛ asɛmpatrɛw adwuma no wɔ hɔ.

Seesei madi mfe 83 na me ne Sybil ani gye sɛ yɛda so wɔ ahoɔden a yɛde yɛ ɔsom adwuma no sɛ akwampaefo atitiriw wɔ Adelaide, faako a kan na mete no. Yɛn som adwuma no ma yenya adwene a ɛfata na ɛma yetumi yɛ nsakrae bere biara a ɛho hia no. Ama yɛahu sɛnea yebesi atra Australia man a emu asetra yɛ soronko koraa no mu nso.

Yehowa akɔ so aboa yɛn ma yɛn nsa aka yɛn honam fam ahiade nyinaa na anuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ yɛn asafo mu no da ɔdɔ adi kyerɛ yɛn na wɔboa yɛn. Nnansa yi ara wɔasan ama me dwumadi foforo sɛ mensom sɛ m’asafo mu ɔkyerɛwfo. Eyi ama mahu sɛ mpɛn dodow a mekɔ so som Yehowa nokwaredi mu no, wɔbɛkɔ so atete me. Sɛ mitwa m’ani hwɛ mfe pii a abɛsen kɔ no a, ɛyɛ me nwonwa paa sɛ abofra a na hwee mfa ne ho a wɔtetee no wɔ akuraase tumi nyaa nkyerɛkyerɛ soronko saa wɔ ne nkwa nna nyinaa mu.

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Ɛda a yehyiaa ayeforo, 1955

[Mfonini wɔ kratafa 27]

Me ne Rajan Kadirgamar, onua bi a ɔwɔ Sri Lanka asafo bi mu wɔ asɛnka mu wɔ afe 1957 mu

[Mfonini wɔ kratafa 28]

Me ne Sybil nnɛ