Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Bere a ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ, “ɔdɔ a ɛyɛ pɛ no pam ehu” no, na ɔkyerɛ sɛ “ɔdɔ a ɛyɛ pɛ” no yɛ dɛn, na “ehu” bɛn na ɛpam no?

Ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Ehu nni dɔ mu, na mmom ɔdɔ a ɛyɛ pɛ no pam ehu, efisɛ ehu ne asotwe na ɛnam, na nea osuro no nwiee pɛyɛ wɔ ɔdɔ mu ɛ.”—1 Yohane 4:18.

Nsɛm a ɛwɔ saa ti no mu no ma yehu sɛ na Yohane reka ahotoso anaa nnamyɛ a yɛde kasa, titiriw nea ɛfa abusuabɔ a ɛda ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn ne ahotoso anaa nnamyɛ a yɛde kɔ N’anim no ho asɛm. Yehu eyi wɔ nea wɔakyerɛw wɔ nkyekyɛm 17 yi mu: “Eyi mu na ɔdɔ no awie pɛyɛ wɔ yɛn mu, na yɛayɛ nnam atemmu da.” Abusuabɔ kɛse da sɛnea Kristoni bi dɔ Onyankopɔn fa ne sɛnea ɔte nka sɛ Onyankopɔn nso dɔ no fa ne nnamyɛ anaa ahotoso a ɔde kɔ Onyankopɔn anim wɔ mpaebɔ mu ne yɛ a ontumi nyɛ saa ahotoso mu no mu.

Ɛho hia sɛ yehu nea “ɔdɔ a ɛyɛ pɛ” no kyerɛ. Mpɛn pii no sɛ wɔde asɛmfua ‘pɛyɛ’ di dwuma wɔ Bible no mu a, ɛnyɛ bere nyinaa na ɛkyerɛ sɛ asɛm biara nni dekode no ho koraa. Nea ɛkyerɛ ne sɛ ɛyɛ pɛ wɔ ɔkwan bi so de nanso ɛwɔ baabi a ekosi. Sɛ nhwɛso no, Yesu kae wɔ ne Bepɔw so Asɛnka no mu sɛ: “Enti monyɛ pɛ sɛnea mo agya a ɔwɔ soro no yɛ pɛ.” Ná Yesu reka akyerɛ n’akyidifo no sɛ, sɛ wɔda ɔdɔ adi kyerɛ wɔn adɔfo nkutoo a, na wɔn dɔ no nni mũ, ɛtɔ sin, na asɛm wɔ ho nso. Ɛsɛ sɛ wɔma wɔn dɔ no yɛ pɛ anaa edi mũ denam trɛw a wɔbɛtrɛw mu ma aka wɔn atamfo nso bi no so. Saa ara na bere a Yohane kaa “ɔdɔ a ɔyɛ pɛ” ho asɛm no, na ɔkyerɛ ɔdɔ a yebefi koma nyinaa mu adɔ Onyankopɔn, ɔdɔ a ɛka yɛn asetra afã nyinaa.—Mateo 5:46-48; 19:20, 21.

Sɛ Kristoni rekɔ Onyankopɔn anim wɔ mpaebɔ mu a, onim no yiye sɛ ɔyɛ ɔbɔnefo na ɔnyɛ pɛ. Nanso sɛ ɔdɔ Onyankopɔn yiye na ɔte nka sɛ Onyankopɔn nso dɔ no yiye a, ɔmmɔ hu sɛ wobebu no fɔ anaa wɔrentie no. Mmom no, otumi de ahotoso anaa nnamyɛ fi ne koma mu kasa na ogyina Yesu Kristo agyede afɔre a Onyankopɔn fi ɔdɔ mu ayɛ ho nhyehyɛe ama no so bisa sɛ wɔmfa ne bɔne nkyɛ no. Onya ahotoso sɛ Onyankopɔn ate n’abisade no ankasa.

Ɔkwan bɛn so na obi betumi ‘awie pɛyɛ ɔdɔ mu’ na ama watumi “apam” ehu a ɛne sɛ wobebu no fɔ anaa wɔrentie no no? Ɔsomafo Yohane kae sɛ: ‘Obiara a odi Onyankopɔn asɛm so no, ampa ara, ɔno mu na Onyankopɔn dɔ no awie pɛyɛ.’ (1 Yohane 2:5) Susuw eyi ho hwɛ: Sɛ yɛda so yɛ nnebɔneyɛfo no, Onyankopɔn dɔɔ yɛn a, sɛ yɛanu yɛn ho ampa ara na yedi “n’asɛm” so yiye a, so ɔrennɔ yɛn mma ɛmmoro so anaa? (Romafo 5:8; 1 Yohane 4:10) Nokwasɛm ne sɛ, sɛ yɛkɔ so di nokware a, yebetumi anya ahotoso a na ɔsomafo Paulo wɔ ma enti otumi kaa nea edi so yi faa Onyankopɔn ho no ara bi: “Nea wankame n’ankasa ne ba, na mmom yɛn nyinaa nti oyii no mae no, ɛbɛyɛ dɛn na ɔremfa ade nyinaa nso nka ne ho mmɛdom yɛn?”—Romafo 8:32.