Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Wɔn a Wodwo Benya Asase no Adi’—Ɔkwan Bɛn So?

‘Wɔn a Wodwo Benya Asase no Adi’—Ɔkwan Bɛn So?

‘Wɔn a Wodwo Benya Asase no Adi’—Ɔkwan Bɛn So?

“EBIA wunim Yesu asɛm a ɛka koma a ɛne sɛ ‘wɔn a wodwo benya asase no adi’ no. Nanso esiane nea nnipa de reyɛ wɔn ho wɔn ho ne asase no nti, wususuw sɛ biribi bɛka ama wɔn a wodwo no?”—Mateo 5:5; Dwom 37:11.

Myriam a ɔyɛ Yehowa Dansefo no de saa asɛmmisa yi fii Bible mu nkɔmmɔbɔ bi ase. Ɔbarima a ɔne no kasae no buae sɛ, sɛ Yesu hyɛɛ saa bɔ yi de a, ɛnde na ɛfata sɛ wɔka sɛ wobenya asase no adi sɛ agyapade, na ɛnyɛ baabi a asɛe anaa baabi a wontumi ntra.

Akyinnye biara nni ho sɛ na ɛno yɛ mmuae a ɛma anidaso. Nanso, so yɛwɔ nea enti a yɛwɔ anidaso a ɛte saa? Nokwarem no ɛte saa, efisɛ Bible no ma yenya ntease a emu yɛ den a ɛma yegye di sɛ bɔhyɛ no bɛbam. Nokwasɛm ne sɛ, saa bɔhyɛ no a ɛbɛbam ne nea enti a Onyankopɔn bɔɔ adesamma ne asase no wɔ abusuabɔ kɛse paa. Na yɛwɔ awerɛhyem sɛ nea Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no ɔbɛyɛ. (Yesaia 55:11) Ɛnde, dɛn titiriw nti na Onyankopɔn bɔɔ adesamma, na ɛbɛyɛ dɛn na ne nyinaa abam?

Nea Enti a Onyankopɔn Bɔɔ Asase

Biribi pɔtee bi nti na Yehowa Nyankopɔn bɔɔ asase. “Sɛ [Yehowa, NW] a ɔbɔɔ ɔsoro na ɔnwenee asase na ɔyɛe no se ni,—ɔne Nyankopɔn, ɔno na ɔde sii hɔ; wammɔ no hunu, na ɔnwenee sɛ wɔntra so,—: Mene [Yehowa, NW] na obi nni hɔ bio.” (Yesaia 45:18) Enti, ade pɔtee nti a wɔbɔɔ asase ne sɛ nnipa bɛtra so. Bio nso, Onyankopɔn atirimpɔw wɔ asase no ho ne sɛ ɛbɛyɛ adesamma fie daa. “Wode asase atim ne nnyinaso so, na anhim da biara da.”—Dwom 104:5; 119:90.

Onyankopɔn atirimpɔw wɔ asase no ho nso da adi wɔ ahyɛde a ɔde maa nnipa baanu a wodi kan no mu. Yehowa ka kyerɛɛ Adam ne Hawa sɛ: “Monwo, na monnɔ, na monyɛ asase so ma, na monhyɛ so, na munni ɛpo mu mpataa ne wim nnomaa ne mmoa a wɔkeka wɔn ho wɔ asase so nyinaa so.” (Genesis 1:28) Na anka asase no a Onyankopɔn de hyɛɛ Adam ne Hawa nsa no bɛyɛ wɔne wɔn asefo fie daa. Mfehaha pii akyi no odwontofo no kae sɛ: “Ɔsoro yɛ [Yehowa, NW] soro, na asase de, ɔde ama nnipa mma.”—Dwom 115:16.

Nanso sɛ na Adam ne Hawa ne wɔn asefo benya saa anidaso fɛfɛ yi a na ɛsɛ sɛ wɔn mu biara gye Yehowa Nyankopɔn a ɔyɛ Ɔbɔadeɛ ne Nkwamafo no tom sɛ wɔn Sodifo na wofi wɔn pɛ mu yɛ osetie ma no. Bere a Yehowa de ahyɛde no maa onipa no, ɔmaa emu daa hɔ sɛ: “Turom ha nnua nyinaa, di bi. Na papa ne bɔne hu dua no de, nni, efisɛ da a wubedi bi no, owu na wubewu.” (Genesis 2:16, 17) Sɛ na Adam ne Hawa bɛkɔ so atra Eden turo no mu a, na ɛsɛ sɛ wotie saa ahyɛde tiawa a emu da hɔ yi. Saa a na anka wɔbɛyɛ no bɛkyerɛ sɛ wɔn ani sɔ nea ɔsoro Agya no ayɛ ama wɔn no nyinaa.

Nokwasɛm ne sɛ, bere a Adam ne Hawa boapa yɛɛ Onyankopɔn so asoɔden denam bu a wobuu ahyɛde a na wɔde ama wɔn no so no, wɔpoo nea ɔmaa wɔn biribiara a na wɔwɔ no. (Genesis 3:6) Ɛnyɛ wɔn nkutoo na saa a wɔyɛe no maa wɔn Paradise fie fɛfɛ no fii wɔn nsa, na mmom wɔn asefo nso. (Romafo 5:12) So nnipa baanu a wodi kan no asoɔden no sesaa nea enti a Onyankopɔn bɔɔ asase no?

Onyankopɔn a Ɔnsakrae

Onyankopɔn faa ne diyifo Malaki so kae sɛ: “Me [Yehowa, NW] mensakra.” (Malaki 3:6) Bere a Franseni Bible ho ɔbenfo L. Fillion reka saa nkyekyɛm yi ho asɛm no, ɔkae sɛ saa asɛm yi ne Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow a ɛbam no hyia paa. Fillion kyerɛwee sɛ: “Ná anka Yehowa betumi asɛe ne nkurɔfo atuatewfo no, nanso esiane sɛ ɔnsakra ne bɔhyɛ ahorow nti, obedi nokware wɔ ne bɔ ahorow a wahyɛ dedaw no ho wɔ tebea biara mu.” Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow, sɛ ɔhyɛɛ ankorankoro, ɔman, anaa adesamma nyinaa no, ne werɛ remfi. Ɛbɛbam wɔ ne bere a wahyɛ mu. “Ɔkae n’apam no de kosi daa, asɛm a ɔhyɛ maa awo ntoatoaso apem no.”—Dwom 105:8.

Nanso, yɛbɛyɛ dɛn atumi ahu sɛ Yehowa nsakraa n’atirimpɔw wɔ asase no ho? Yebetumi ahu eyi efisɛ wɔ Onyankopɔn Asɛm, Bible no mu nyinaa no, yehu sɛ nea enti a Onyankopɔn bɔɔ asase no ne sɛ ɔde bɛma adesamma asoɔmmerɛwfo. (Dwom 25:13; 37:9, 22, 29, 34) Bio nso, Kyerɛwnsɛm no ka wɔn a Yehowa ahyira wɔn ho asɛm sɛ wɔte hɔ dwoodwoo, wɔte wɔn “bobe ne wɔn borɔdɔma ase” a “obi bi renyi wɔn hu.” (Mika 4:4; Hesekiel 34:28) Wɔn a Yehowa apaw wɔn no ‘besisi adan atra mu, na wɔayeyɛ bobe nturo adi mu aba.’ Asomdwoe bɛba wɔne wuram mmoa mpo ntam.—Yesaia 11:6-9; 65:21, 25.

Bible no ma yehu Onyankopɔn bɔhyɛ ho biribi kakra wɔ ɔkwan foforo so. Bere a na Ɔhene Salomo di ade no, Israel man no nyaa asomdwoe ne yiyedi. Wɔ ne nniso ase no, “Yuda ne Israel traa ase dwoodwoo wɔn bobe ne wɔn borɔdoma ase mmiako mmiako, efi Dan kosi Beer-Seba, Salomo nna nyinaa.” (1 Ahene 4:25) Bible no ka sɛ Yesu ‘sen Salomo,’ na odwontofo no reka ne nniso ho asɛm no, ɔhyɛɛ nkɔm sɛ: “Ɔtreneeni besi frɔmm, ne bere so, na asomdwoe pii bɛba akodu sɛ ɔsram nni hɔ bio.” Saa bere no, “asase no so aburofuw bedu mmepɔw atifi.”—Luka 11:31; Dwom 72:7, 16.

Esiane sɛ Yehowa Nyankopɔn di ne bɔhyɛ so nti, ɔbɛhwɛ ahu sɛ ɛnyɛ ba kɛkɛ na agyapade a wahyɛ ho bɔ no bɛba na mmom ɔbɛsan ama asase no afa ne ntama pa afura. Onyankopɔn Asɛm ka kyerɛ yɛn wɔ Adiyisɛm 21:4 sɛ, wɔ wiase foforo a wɔahyɛ ho bɔ no mu no, Onyankopɔn ‘bɛpopa nnipa aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio.’ Nea wɔahyɛ ho bɔ no bɛyɛ Paradise ankasa.—Luka 23:43.

Sɛnea Yebenya Agyapade a Wɔahyɛ Ho Bɔ No

Nniso bi a edi tumi fi soro na ɛbɛhwɛ ma wɔadan asase no paradise. Ɛyɛ Ahenni a Yesu Kristo na odi so Hene. (Mateo 6:9, 10) Nea edi kan no, saa Ahenni no ‘bɛsɛe wɔn a wɔresɛe asase no.’ (Adiyisɛm 11:18; Daniel 2:44) Afei, Yesu Kristo sɛ “Asomdwoe Hene” no bɛma saa nkɔmhyɛ nsɛm yi abam: “N’ahenni mu bɛtrɛw, na asomdwoe a enni awiei aba.” (Yesaia 9:6, 7) Wɔ saa Ahenni no ase no, nnipa ɔpepem pii a wɔn a wɔnam owusɔre so benyan wɔn aba nkwa mu ka ho no benya hokwan anya asase no adi anaa wɔanya no sɛ agyapade.—Yohane 5:28, 29; Asomafo no Nnwuma 24:15.

Henanom na wobenya saa agyapade nwonwaso no? Susuw Yesu nsɛm yi ho hwɛ: “Nhyira ne wɔn a wodwo, na wɔn na wobenya asase no adi.” (Mateo 5:5) Sɛ́ wobɛyɛ obi a odwo no kyerɛ dɛn? Nsɛm asekyerɛ nhoma ahorow taa kyerɛ “odwo” ase sɛ bɔkɔɔyɛ, ahobrɛase, kommyɛ, obi a ɔfɛre ade mpo. Nanso, tete Hela asɛmfua a wɔde dii dwuma no kyerɛ pii sen saa. William Barclay New Testament Wordbook (Apam Foforo Mu Nsɛmfua Ho Nhoma) no ka sɛ, “bɔkɔɔyɛ” wɔ saa asɛm no mu, nanso “bɔkɔɔ a obi yɛ no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ den.” Ɛkyerɛ adwene a obi wɔ a ɛma otumi gyina ɛyaw ano a ɔmfa afoforo ho nsɛm nhyɛ ne mu anaa onnya adwene sɛ ɔbɛyɛ wɔn bi atua ka. Na nea enti a otumi yɛ saa ne sɛ ɔne Onyankopɔn wɔ abusuabɔ pa, na saa abusuabɔ no bɛyɛ ade a ɛhyɛ no den.—Yesaia 12:2; Filipifo 4:13.

Obi a odwo brɛ ne ho ase gye Onyankopɔn gyinapɛn tom wɔ n’asetram biribiara mu; ɔnka sɛ kyenkyenee a ɔbɛyɛ nea ɔno ara pɛ anaa ɔbɛyɛ biribiara a afoforo ka sɛ ɔnyɛ. Ɔyɛ obi nso a wotumi kyerɛkyerɛ no na ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛma Yehowa akyerɛkyerɛ no. Odwontofo Dawid kyerɛwee sɛ: “[Yehowa] bɛma wɔn a wodwo anantew ne trenee mu, na ɔbɛma wɔasua ne kwan.”—Dwom 25:9, NW; Mmebusɛm 3:5, 6.

Wobɛka ‘wɔn a wodwo’ a wobenya asase no adi no ho? Sɛ wubehu Yehowa ne n’apɛde denam N’asɛm a wode nsi sua no so na sɛ wode nea wusua no yɛ adwuma a, wo nso wubetumi ahwɛ kwan sɛ wubenya paradise asase no adi anaasɛ wubenya no sɛ agyapade atra so daa.—Yohane 17:3.

[Mfonini wɔ kratafa 5]

Nea enti a Onyankopɔn bɔɔ asase no da adi wɔ ahyɛde a ɔde maa Adam ne Hawa no mu

[Mfonini wɔ kratafa 6, 7]

Asomdwoe ne asetra a na ɛyɛ dwoodwoo wɔ Salomo nniso ase no yɛɛ agyapade a wɔahyɛ ho bɔ no ho mfonini

[Nsɛm Fibea]

Nguan ne akyiri hɔ bepɔw: Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.; Arabian oryx: Hai-Bar, Yotvata, Israel; okuafo a ɔrefuntum: Garo Nalbandian

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Wiase foforo a trenee wom da yɛn anim—so wobɛkɔ hɔ bi?