Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Woretwɛn Ɔkwan Pa So?

Woretwɛn Ɔkwan Pa So?

Woretwɛn Ɔkwan Pa So?

WƆ WIASE no mu nnɛ no, nnipa dodow no ara na sɛ ɛba sɛ ɛsɛ sɛ wɔtwɛn obi anaa biribi a wonni abotare koraa. Nanso, Kyerɛwnsɛm no hyɛ Onyankopɔn nkurɔfo nkuran sɛ wɔnyɛ nkurɔfo a wotumi ‘twɛn.’ Nea ɛne nkurɔfo a na wɔatwa odiyifo Mika ho ahyia su bɔ abira no, ɔkae sɛ: “Mɛtwɛn me nkwagye Nyankopɔn no.”—Mika 7:7; Kwadwom 3:26.

Nanso, Yehowa a wobɛtwɛn no no kyerɛ dɛn? Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ Kristoni twɛn Onyankopɔn? So ɔkwan a ɛfata ne nea ɛmfata a wɔfa so yɛ eyi wɔ hɔ? Odiyifo Yona a ɔtraa ase wɔ afeha a ɛto so akron A.Y.B. mu no suahu ma yɛn asuade bi wɔ asɛm no ho.

Ɔtwɛn a Ɛmfata Bi Ho Asɛm

Yehowa Nyankopɔn hyɛɛ Yona sɛ ɔnkɔka asɛm no nkyerɛ nkurɔfo a wɔwɔ Asiria Ahemman no ahenkurow, Niniwe mu. Ná wonim Niniwe sɛ “mogya kurow,” esiane atirimɔdensɛm a na ahyɛ hɔ ma nti. Ɛyɛ nokwasɛm a abakɔsɛm akyerɛwfo ne wɔn a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu nyinaa adi ho adanse yiye. (Nahum 3:1) Mfiase no Yona bɔɔ mmɔden sɛ obeguan afi saa dwumadi yi ho, nanso awiei koraa no Yehowa hwɛ maa odiyifo Yona kɔɔ Niniwe.—Yona 1:3–3:2.

“Yona fii ase hyɛn kurow no mu nantewee da koro, na ɔpaee mu sɛ: Ɛha adaduanan na Niniwe abutuw.” (Yona 3:4) Wotiee Yona asɛm no yiye: “Niniwefo no gyee Onyankopɔn dii, na wɔpaee mmuadadi, na wofurafuraa ntweaatam fi wɔn mu nnipa akɛse so kosii wɔn mu akumaa so.” (Yona 3:5) Enti, Yehowa, a ɔyɛ Onyankopɔn a “ɔmpɛ sɛ nnipa bi bɛyera, na mmom ɔpɛ sɛ wɔn nyinaa ba adwensakra mu” no ansɛe kurow no.—2 Petro 3:9.

Yona yɛɛ n’ade dɛn? Kyerɛwtohɔ no ka sɛ: “Ɛyɛɛ Yona ani so asɛmmɔne sɛ, na ne bo fuwii.” (Yona 4:1) Dɛn ntia? Ebetumi aba sɛ ɔsɛe a Yona bɔɔ ho dawuru sɛ ɛbɛba wɔ bere pɔtee bi mu a amma no maa n’ani wui sɛ odiyifo. Ɛda adi sɛ na odwen n’ankasa dibea ho sen mmɔborohunu ne nkwagye a afoforo benya.

Ɛwom sɛ Yona annyae odiyifo adwuma no yɛ de, nanso ɔtwɛn hwɛɛ “dekode a ɛbɛyɛ kurow no.” Yiw, ɔde amemenemfe twɛn hwɛɛ nea ebesi. Bere a ohui sɛ nneɛma ankɔ sɛnea ɔhwɛɛ kwan no, ɔbɔɔ ɔsese anaa apata, na ɔtraa ase onwini mu munae twɛn hwɛɛ nea ɛbɛto kurow no. Nanso, Yehowa ani annye Yona suban no ho, enti ofii ɔdɔ mu teɛɛ ne diyifo no adwene a ɛmfata no.—Yona 4:5, 9-11.

Nea Enti a Yehowa Tɔ Ne Bo Ase

Ɛwom sɛ Niniwefo no sakrae ma wonyaa wɔn ti didii mu de, nanso akyiri yi wɔsan kɔyɛɛ nneɛma bɔne a na wɔyɛ no bio. Yehowa nam adiyifo Nahum ne Sefania so hyɛɛ kurow no sɛe ho nkɔm. Ɛdefa “mogya kurow” no ho no, Yehowa kae sɛ ɔbɛsɛe Asiria na wama Niniwe adan amamfo. (Nahum 3:1; Sefania 2:13) Wɔsɛee Niniwe wɔ afe 632 A.Y.B. mu, na wɔansan ankyekye kurow no bio.

Saa ara na ɛnnɛ nso wiase no di nnipa pii mogya a wɔahwie agu ho fɔ koraa sen tete Niniwe. Eyi ne nneɛma afoforo bi nti, Yehowa ahyɛ sɛ nnɛyi nneɛma nhyehyɛe bɔne no bɛba n’awiei wɔ “ahohiahia kɛse” a ebi mmae da no mu.—Mateo 24:21, 22.

Nanso, Yehowa ama ɔsɛe a wahyɛ ho bɔ no aka akyi sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa komapafo a wɔwɔ hɔ nnɛ betumi asakra na wɔanya wɔn ti adidi mu te sɛ Niniwefo a wɔsakrae no. Ɔsomafo Petro ka Onyankopɔn ntoboase ho asɛm sɛɛ: “[Yehowa, NW] nkyɛ ne bɔhyɛ ho, sɛnea ebinom bu sɛ ɛkyɛ, na mmom ɔma ne bo dwo kyɛ ma mo, ɔmpɛ sɛ nnipa bi bɛyera, na mmom ɔpɛ sɛ wɔn nyinaa ba adwensakra mu.”—2 Petro 3:9, 10, 13.

Ɔtwɛn a Ɛfata

Petro kɔ so ka sɛ: “Enti, sɛ eyinom nyinaa bɛsɛe a, nnipa bɛn na ɛsɛ sɛ moyɛ wɔ abrabɔ kronkron ne onyamesom pa mu, sɛ motwɛn na moma Onyankopɔn da no ba yɛ ntɛm.” (2 Petro 3:11, 12) Hyɛ no nsow sɛ bere a yɛretwɛn Yehowa da no, ɛsɛ sɛ yɛda “abrabɔ kronkron ne onyamesom pa” adi—ɛfata sɛ yɛyɛ adwuma, enye sɛ yɛbɛtra hɔ kwa.

Yiw, ɔtwɛn a ɛfata da no adi sɛ yɛwɔ ahotoso koraa sɛ Yehowa da no bɛba bere a wabɔ ne tirim sɛ ɔde bɛba no pɛpɛɛpɛ. Gyidi a ɛte saa ma yɛda abrabɔ kronkron ne onyamesom pa adi, na nea edi mu akoten ne Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no ka no. Yesu yɛɛ nhwɛso fɛfɛ wɔ asɛnka adwuma no mu, na ɔhyɛɛ n’akyidifo a wɔasra wɔn no sɛ: “Mommɔ abɔso, na momma mo akanea nnɛw; na monyɛ sɛ nnipa a wɔretwɛn da ko a wɔn wura befi ayeforo ase aba, na sɛ ɔba na ɔbɛpem a, wɔahiɛ no ntɛmntɛm. Nhyira ne nkoa no a owura no ba a, ɔbɛto wɔn sɛ wɔrewɛn.”—Luka 12:35-37.

Ná nkoa a wɔwɔ afeha a edi kan mu no ‘bɔ abɔso’ denam bobɔ a na wobobɔ wɔn ntade atenten no anoano no hyɛ ntama a na wɔde bɔ wɔn mu no mu, na ama wɔatumi ayɛ adwumaden. Enti, ɛsɛ sɛ Kristoni bɔ nnwuma pa ho mmɔden na ɔyɛ nsi wɔ mu. Ɛsɛ sɛ ɔko tia biribiara a ɛbɛma wayɛ anihaw anaa ɛbɛma wayɛ “nyaa” wɔ Onyankopɔn som adwuma mu. Sɛ anka ebia ɔde n’ahoɔden bedi anigyede anaa honam fam nneɛma akyi no, ɛsɛ sɛ ɔyɛ pii anaa ‘ɔkɔ so Awurade adwuma mu daa,’ bere a ɔretwɛn Yehowa da kɛse a ɛyɛ hu no.—Romafo 12:11; 1 Korintofo 15:58.

Adwuma a Yɛbɛyɛ Bere a Yɛretwɛn

Yehowa Adansefo yɛ adwuma bere a wɔretwɛn Yehowa da no. Sɛ nhwɛso no, wɔ 2003 ɔsom afe no mu no, sɛ wɔkyekyɛm pɛpɛɛpɛ a, wɔde nnɔnhwerew 3,383,000 na ɛkaa Yehowa asɛm no da biara. Susuw ho hwɛ, sɛ Ɔdansefo biako betumi ayɛ nea wɔde da koro yɛe yi a gye sɛ ɔde mfe 386 ka asɛm no daa a ɔnhome!

Nanso, ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho sɛ, ‘Meretwɛn wɔ ɔkwan bɛn so?’ Yesu buu bɛ bi a na ɛkyerɛkyerɛ nsiyɛ a wɔhwɛ kwan sɛ Kristofo anokwafo a wɔasra wɔn no bɛda no adi no mu. Ɔkaa nkoa abiɛsa ho asɛm sɛ: “Ɔmaa obiako talente anum, na obiako abien, na obiako nso biako, sɛnea wɔn mu biara ahoɔden te; na otuu kwan. Na ntɛm ara nea onyaa talente anum no kɔ kɔdannan ho, na onyaa ho talente anum. Saa ara na nea onyaa abien no nso konyaa abien kaa ho. Na nea onyaa biako no de, ɔkɔe kofunuu fam, na ɔde ne wura sika no siei. Na ɛkyɛe no, nkoa no wura no bae, na ɔne wɔn bebuu akontaa.”—Mateo 25:15-19.

Nkoa baasa no nyinaa twɛn bere a owura no bɛsan aba no. Bere a owura no bae no ɔka kyerɛɛ nkoa baanu no a wɔyɛɛ adwuma bere a na wɔretwɛn no no mu biara sɛ: “Mo, akoa pa ne nokwafo!” Nanso, nea wanyɛ adwuma no annya nkamfo biara. Owura no kae sɛ: “Akoa a ne ho nni mfaso no, momfa no nkɔtow no nkyene akyirikyiri sum no mu.”—Mateo 25:20-30.

Ɛwom sɛ saa bɛ yi fa Kristofo a wɔasra wɔn ho de, nanso ɛmfa ho anidaso kõ a yɛwɔ no, yɛn nyinaa betumi anya asuade bi afi mu. Owura no, Yesu Kristo, hwɛ kwan sɛ yɛn mu biara de nsi bɛyɛ adwuma wɔ ne som mu bere a yɛretwɛn ne ba wɔ Yehowa da kɛse no mu no. N’ani sɔ obiara adwuma ‘sɛnea yɛn mu biara ahoɔden te’ ne sɛnea yɛn nsɛm tebea te. Hwɛ anigye a ɛbɛyɛ bere a yɛatwɛn akosi awiei na owura no bɛka akyerɛ yɛn sɛ, “Mo!” no.

Yɛn Awurade Abodwokyɛre no Kyerɛ Nkwagye

Na sɛ nneɛma nhyehyɛe yi atra hɔ akyɛ asen sɛnea yesusuwii anaa yɛhwɛɛ kwan sɛ ɛbɛba nso ɛ? Ɛwɔ nea enti a ɛte saa. Ɔsomafo Petro kyerɛwee sɛ: “Mummu yɛn Awurade abodwokyɛre no sɛ nkwagye.” (2 Petro 3:15) Onyankopɔn atirimpɔw ho nokware nimdeɛ a yɛwɔ ne ahobrɛase mu a yebefi agye atom sɛ yɛn ho nhia nsen Onyankopɔn atirimpɔw a ɛbɛbam no bɛma yɛanya ntoboase atwɛn akosi bere a Yehowa hu sɛ ɛfata sɛ onya abodwokyɛre ma nhyehyɛe dedaw yi.

Bible kyerɛwfo Yakobo kaa mfatoho bi a ɛbɛhyɛ Kristofo nkuran ma wɔanya abotare atwɛn ho asɛm. Ɔkyerɛwee sɛ: “Hwɛ, okuafo a ɔretwɛn asase aba a ne bo yɛ den no tɔ ne bo ase kyɛ wɔ ho de kosi sɛ enya asusow ne adom. Mo nso, montɔ mo bo ase nkyɛ, monhyɛ mo koma den, efisɛ da a Awurade bɛba no abɛn.”—Yakobo 5:7, 8.

Yehowa Nyankopɔn mpɛ sɛ yɛpa abaw anaa yɛn abam bu bere a yɛretwɛn no. Ɔwɔ adwuma bi ma yɛn a ɔpɛ sɛ yɛyɛ na sɛ yɛde nsi yɛ adwuma no bere a yɛretwɛn no a, n’ani gye. Ɔpɛ sɛ yɛka wɔn a ɔsomafo Paulo kaa wɔn ho asɛm wɔ ne krataa a ɔde kɔmaa Hebrifo no mu no ho: “Yeyi yɛn yam pɛ sɛ mo nyinaa mmiako mmiako yi saa mmɔdenbɔ yi adi kyerɛ wɔ anidaso a akyinnye nni mu koraa mu de kodu ase, na moanyɛ nyaa, na mmom moayɛ wɔn a wɔnam gyidi ne abodwokyɛre so nyaa bɔhyɛ no asuafo.”—Hebrifo 6:11, 12.

Enti mommma yɛmpa abaw. Mmom no, momma yɛne Yehowa Onyankopɔn ntam abusuabɔ, Yesu agyede afɔrebɔ no mu gyidi a yɛwɔ, ne daakye a ɛyɛ anigye wɔ nneɛma nhyehyɛe foforo no mu no ho anidaso a yɛwɔ no nhyɛ yɛn den wɔ yɛn asetram. Te sɛ nkoa ‘pa anokwafo’ a wɔwɔ Yesu bɛ no mu no, ɛmmra sɛ yɛbɛda yɛn ho adi sɛ yɛfata nkamfo ne akatua denam adwuma a yɛbɛyɛ de ayi yɛn Nyankopɔn ayɛ, sɛnea odwontofo no kae sɛ: “Me de, mɛtwɛn ara daa yi, na mede bi maka w’ayeyi nyinaa ho.”—Dwom 71:14.

[Mfonini wɔ kratafa 21]

Yona de abufuw twɛn hwɛɛ nea ɛbɛto Niniwe

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 22, 23]

Momma yɛnna onyamesom pa adi bere a yɛretwɛn Yehowa da no