Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔpɛ a Nnipa Wɔ Sɛ Wobenya Wɔn Ho

Ɔpɛ a Nnipa Wɔ Sɛ Wobenya Wɔn Ho

Ɔpɛ a Nnipa Wɔ Sɛ Wobenya Wɔn Ho

“Sɛ yɛpɛ sɛ yenya biribiara bi a, yɛmmee ara da.”—Worldwatch Institute amanneɛbɔ bi.

“DƐN na yɛpɛ? Biribiara. Bere bɛn na yɛpɛ sɛ yɛn nsa ka? Mprempren yi ara.” Na kɔlege adesuafo bi taa di saa fene yi paa wɔ 1960 mfe no mu. Ebia nnɛ yɛrente sɛ wɔreka saa asɛm no pɛpɛɛpɛ de, nanso adwene a ɛwɔ akyi no da so ara wɔ hɔ. Nokwarem no, ɛte sɛ nea ɔpɛ a nnipa pii wɔ sɛ wobenya wɔn ho no abɛyɛ su bi a ɛreda adi kɛse wɔ yɛn bere yi mu.

Wɔ nnipa pii fam no, ahonyade ne nneɛma pii a wobenya no agye wɔn adwene. Kan U.S. mampanyin Jimmy Carter kae bere bi sɛ: “Wonnyina nea onipa yɛ so nhu ne nipaban bio, na mmom nea ɔwɔ.” So nneɛma afoforo bi wɔ hɔ a ɛho hia sen honam fam nneɛma a obi wɔ? Sɛ saa a, ɛyɛ nneɛma bɛn, na mfaso bɛn na yebenya wɔ so?