Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Hena Ne “Nokware Nyankopɔn Ne Daa Nkwa No”?

Hena Ne “Nokware Nyankopɔn Ne Daa Nkwa No”?

Hena Ne “Nokware Nyankopɔn Ne Daa Nkwa No”?

YEHOWA, yɛn Awurade Yesu Kristo Agya, ne nokware Nyankopɔn no. Ɔno ne Ɔbɔadeɛ, nea ɔde daa nkwa ma wɔn a wɔdɔ no no. Saa na nnipa pii a wɔkenkan Bible no na wogye di no bebua asɛm a wɔabisa wɔ atifi hɔ no. Nokwarem no, Yesu ankasa kae sɛ: ‘Eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro no ne nea wosomaa no, Yesu Kristo no.’—Yohane 17:3.

Nanso, ɛsono sɛnea asɔrekɔfo pii te asɛm no ase. Woyii nsɛm a ɛyɛ asɛmti no fii 1 Yohane 5:20, na ne fã bi ka sɛ: “Yɛwɔ ɔnokwafo no mu, ne ba Yesu Kristo no mu: oyi ne nokware Nyankopɔn ne daa nkwa no.”

Wɔn a wogye Baasakoro nkyerɛkyerɛ di no kyerɛ sɛ edin nsiananmu “oyi” (houʹtos) no fa Yesu Kristo ho. Wɔkyerɛ sɛ Yesu ne “nokware Nyankopɔn ne daa nkwa” no. Nanso, saa nkyerɛkyerɛmu yi ne Kyerɛwnsɛm no bɔ abira. Nhomanimfo pii a wogye wɔn tom no nnye saa Baasakoro adwene yi ntom. B. F. Westcott a ɔkɔɔ Cambridge Sukuupɔn no kyerɛwee sɛ: “Nea wɔka ne ho asɛm [a edin nsiananmu houʹtos gyina hɔ ma no] no ne nea ne ho asɛm wɔ ɔsomafo no adwenem titiriw.” Enti, na Yesu Papa ho asɛm na ɛwɔ ɔsomafo Yohane adwenem. Germanni nyamekyerɛfo Erich Haupt kyerɛwee sɛ: “Ɛsɛ sɛ [houʹtos] kyerɛ sɛ ebia ɛfa nea otwa to a wɔaka ne ho asɛm no ho . . . anaasɛ na ɛreka Onyankopɔn ho asɛm. . . . Ɛte sɛ nea adanse a ɛfa nokware Nyankopɔn koro pɛ ho ho asɛm a wɔreka no ne kɔkɔbɔ a wɔde wiei sɛ wɔntwe wɔn ho mfi abosonsom ho no hyia sen sɛ yɛbɛka sɛ ɛkyerɛ sɛ Kristo ne Onyankopɔn no.”

A Grammatical Analysis of the Greek New Testament, a Roma Asɔfodi Gyidikasɛm Bible Asuae no tintimii no mpo ka sɛ: “[Houʹtos]: nea sɛ ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow wɔ [nkyekyɛm] 18-20 awiei no, nea wɔreka ne ho asɛm ankasa ne nokware Nyankopɔn no a ɛsono ɔno wɔ abosom ho no (nky. 21).”

Mpɛn pii no, houʹtos, a wɔtaa kyerɛ ase “ɔno” anaa “oyi” no nkyerɛ nea otwa to a wɔkaa ne ho asɛm wɔ ɔkasasin bi mu no. Kyerɛw nsɛm foforo kyerɛkyerɛ asɛm no mu. Wɔ 2 Yohane 7 no, ɔsomafo koro no ara a ɔno na ɔkyerɛw krataa a edi kan no kyerɛwee sɛ: ‘Nnaadaafo bebree aba wiase a wɔmpaem nka sɛ Yesu Kristo aba ɔhonam mu. Ɔno [houʹtos] ne ɔdaadaafo no ne antikristo no.’ Wɔ ha no, wontumi mfa edin nsiananmu no nnyina hɔ mma nea otwa to koraa a wɔkaa ne ho asɛm a ɔne Yesu no. Ɛda adi sɛ ‘ɔno’ no kyerɛ wɔn a wɔpoo Yesu no. Wɔka bom na wɔyɛ “ɔdaadaafo ne antikristo no.”

Ɔsomafo Yohane kyerɛwee wɔ n’Asɛmpa no mu sɛ: ‘Simon Petro nua Andrea, yɛ nnipa baanu a wɔtee sɛ Yohane rekasa na wodii Yesu akyi no mu biako. Ɔno [houʹtos] na ohuu n’ankasa ne nua Simon kan.’ (Yohane 1:40, 41) Ɛda adi sɛ “ɔno” no nnyina hɔ mma onipa a otwa to a wɔbɔɔ ne din no, na mmom Andrea. Wɔ 1 Yohane 2:22 no, ɔsomafo no de edin nsiananmu koro no ara di dwuma saa ara.

Luka de edin nsiananmu di dwuma saa ara, sɛnea yehu wɔ Asomafo no Nnwuma 4:10, 11 no: “Nasareni Yesu Kristo a mobɔɔ no asɛndua mu a Onyankopɔn nyan no fii awufo mu no din mu, ɔno mu na oyi gyina mo anim a ne ho asan yi. Oyi [houʹtos] ne ɔbo a mo abantofo ammu no na abedi twea ti.” (Yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.) Ɛda adi pefee sɛ edin nsiananmu “oyi” no nkyerɛ ɔbarima a ɔsaa no yare no, ɛwom sɛ ɔno na wɔkaa ne ho asɛm ansa na houʹtos no reba de. Ɛda adi sɛ “oyi” a epue wɔ nkyekyɛm 11 no gyina hɔ ma Nasareni Yesu Kristo a ɔne “twea bo” a wɔhyehyɛɛ Kristofo asafo no sii no so no.—Efesofo 2:20; 1 Petro 2:4-8.

Asomafo no Nnwuma 7:18, 19 nso kyerɛkyerɛ asɛm no mu sɛ: ‘Ɔhene foforo bi bedii hene wɔ Misraim a onnim Yosef. Ɔno [houʹtos] na ɔde anifere hyɛɛ yɛn abusua so.’ “Ɔno” a ɔhyɛɛ Yudafo so no nyɛ Yosef, na mmom Misraim hene Farao.

Nsɛm a ɛtete saa no si asɛm a Helani nhomanimfo Daniel Wallace kae no so dua sɛ, ɛdefa Hela edin kyerɛfo ho no, “ebetumi aba sɛ nea otwa to koraa a wɔka ne ho asɛm no nyɛ nea ne ho asɛm wɔ ɔkyerɛwfo no adwene mu ankasa.”

“Ɔnokwafo No”

Sɛnea ɔsomafo Yohane kyerɛwee no, “ɔnokwafo no” ne Yehowa, Yesu Kristo Papa. Ɔno ne nokware Nyankopɔn koro no, Ɔbɔadeɛ no. Ɔsomafo Paulo gye toom sɛ: “Yɛn de, Onyankopɔn biako pɛ na yɛwɔ, agya no a nneɛma nyinaa fi no mu.” (1 Korintofo 8:6; Yesaia 42:8) Ade foforo nti a wɔka Yehowa ho asɛm sɛ “ɔnokwafo” wɔ 1 Yohane 5:20 no ne sɛ ɔno ne nokware Fibea. Odwontofo no frɛɛ Yehowa “nokware Nyankopɔn” efisɛ Odi nokware wɔ nea Ɔyɛ nyinaa mu na ontumi nni atoro. (Dwom 31:5; Exodus 34:6; Tito 1:2) Bere a Ɔba no reka ne soro Agya no ho asɛm no, ɔkae sɛ: “W’asɛm yɛ nokware.” Yesu ankasa kaa ne nkyerɛkyerɛ ho asɛm sɛ: “Me kyerɛkyerɛ nyɛ me dea, na nea ɔsomaa me no dea.”—Yohane 7:16; 17:17.

Yehowa yɛ “daa nkwa” nso. Ɔne Nkwamafo no, Ɔno na ɔnam Kristo so de nkwa ma sɛ akyɛde. (Dwom 36:9; Romafo 6:23) Nokwarem no, ɔsomafo Paulo kae sɛ Onyankopɔn yɛ ‘wɔn a wɔhwehwɛ n’akyi kwan no katuafo.’ (Hebrifo 11:6) Onyankopɔn maa ne Ba no akatua denam nyan a onyan no fii awufo mu no so, na Agya no de daa nkwa betua wɔn a wofi koma nyinaa mu som No no ka.—Asomafo no Nnwuma 26:23; 2 Korintofo 1:9.

Enti, dɛn na yɛbɛka? Ɛne sɛ Yehowa ne “nokware Nyankopɔn ne daa nkwa no.” Ɔno nkutoo na ɔfata sɛ wɔn a ɔbɔɔ wɔn no som no.—Adiyisɛm 4:11.