Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Kyinkyin Asase No So’

‘Kyinkyin Asase No So’

‘Kyinkyin Asase No So’

“Sɔre, fa asase no tenten ne ne tɛtrɛtɛ mu.”—GENESIS 13:17.

1. Ahyɛde a ɛyɛ anigye bɛn na Onyankopɔn de maa Abraham?

SO W’ANI gye kar a wɔde tu kwan dapɛn awiei kɔ nkuraase ho? Ebinom pɛ sɛ wɔde baesekre betu kwan na ama wɔatumi ateɛteɛ wɔn apɔw mu na wɔatumi ahu nneɛma a ɛwɔ kwan ho no yiye. Afoforo nso ani gye ho sɛ wɔbɛnantew atwa kwan na ama wɔatɔ wɔn bo ase ahwɛ mmeae ahorow. Akwantu a ɛtete saa no ntaa nkyɛ. Nanso susuw sɛnea ɛbɛyɛ sɛ Abraham tee nka bere a Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: “Sɔre, fa asase no tenten ne ne tɛtrɛtɛ mu, na wo na mede mɛma wo” no ho hwɛ!—Genesis 13:17.

2. Bere a Abraham fii Misraim no, ɛhe na ɔkɔe?

2 Susuw nea ɛma ɔkaa saa asɛm no ho hwɛ. Abraham ne ne yere ne nnipa afoforo traa Misraim sɛ ahɔho. Genesis ti 13 (NW) ka kyerɛ yɛn sɛ wɔne wɔn nguankuw no tu fii Misraim kɔɔ “Negeb.” Afei Abraham ‘dii atutra fi Negeb kɔɔ Betel.’ Bere a akasakasa baa Abraham mmoahwɛfo ne ne wɔfase Lot de ntam na ɛbɛdaa adi sɛ ɛsɛ sɛ wɔtetew mu na wɔn mu biara nya adidibea ma wɔn nguan no, Abraham fi ɔdɔ mu maa Lot dii kan paw beae a ɔpɛ. Lot paw “Yordan dantaban,” bon a emu yɛ frɔmfrɔm te sɛ ‘Yehowa turo no,’ na akyiri yi ɔkɔtraa Sodom. Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham sɛ: “Ma w’ani so, na fi nea wowɔ hɔ hwɛ benkum fam ne nifa fam ne apuei ne atɔe.” Ɛda adi sɛ na Abraham betumi agyina koko bi so wɔ Betel ho ahu asase no so mmeae afoforo. Nanso na pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ ɔyɛ. Onyankopɔn too nsa frɛɛ no sɛ ‘onkyinkyin asase no so’ na onhu sɛnea asase no ne amantam no te.

3. Dɛn nti na ebetumi ayɛ den sɛ yɛbɛyɛ mmeae a Abraham tutuu akwan kɔe no ho mfonini wɔ yɛn adwenem?

3 Ɛmfa ho bere tenten a Abraham de kyinkyinii asase no so ansa na ɔrekodu Hebron no, akyinnye biara nni ho sɛ ohuu sɛnea Bɔhyɛ Asase no te yiye sen yɛn mu pii. Susuw mmeae a wɔbobɔɔ din wɔ kyerɛwtohɔ yi mu no ho hwɛ—Negeb, Betel, Yordan Dantaban no, Sodom, ne Hebron. So ɛyɛ wo den sɛ wobɛyɛ faako a na saa mmeae no wɔ ho mfonini wɔ w’adwene mu? Eyi yɛ bɛyɛ den ama nnipa pii efisɛ Yehowa nkurɔfo mu kakraa bi pɛ na wɔakɔsra mmeae a wɔkenkan ho asɛm wɔ Bible mu no, akyinkyin hɔ nyinaa. Nanso, yɛwɔ nea enti a ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani gye ho yiye sɛ yebehu Bible nsase ahorow no. Dɛn ntia?

4, 5. (a) Ɔkwan bɛn so na Mmebusɛm 18:15 fa nimdeɛ ne ntease a yebenya wɔ Bible nsase ho no ho? (b) Sefania ti 2 no kyerɛkyerɛ dɛn mu?

4 Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: “Nhumufo koma nya nimdeɛ, na anyansafo aso hwehwɛ nimdeɛ akyi kwan.” (Mmebusɛm 18:15) Nsɛm pii wɔ hɔ a obi betumi anya ho nimdeɛ, nanso nokware nimdeɛ a ɛfa Yehowa Nyankopɔn ne akwan ɔfa so yɛ n’ade ho no ne nea ɛho hia kɛse. Akyinnye biara nni ho sɛ, nea yɛkenkan fi Bible no mu no ho hia yiye na yɛanya saa nimdeɛ no. (2 Timoteo 3:16) Nanso hyɛ no nsow sɛ emu ntease a yebenya ka ho. Eyi kyerɛ sɛ yebehu asɛm bi mu, na yɛate nea ɛfa ho nyinaa ase. Eyi te saa wɔ nokwasɛm a ɛfa mmeae a wɔabobɔ din wɔ Bible mu no ho. Sɛ nhwɛso no, yɛn mu pii nim faako a Misraim wɔ, nanso yɛte asɛm a ɛne sɛ Abraham fii Misraim kɔɔ ‘Negeb,’ na akyiri yi ɔkɔɔ Betel, na afei ɔkɔɔ Hebron no ase akodu he? So wote abusuabɔ a ɛda saa mmeae no ntam no ase?

5 Anaasɛ wɔ wo dapɛn biara Bible akenkan mu no, ebia na woakenkan Sefania ti 2 no. Ɛhɔ no, wɔbobɔɔ nkuropɔn, nkurɔfo, ne nsase din. Wɔbobɔɔ Gasa, Askalon, Asdod, Ekron, Sodom, ne Niniwe ne afei Kanaan, Amon, ne Asiria nyinaa din wɔ saa ti koro no ara mu. So wutumi twaa saa mmeae ahorow a na nnipa a wɔmaa Onyankopɔn nkɔmhyɛ nyaa mmamu tete yi ho mfonini wɔ w’adwenem?

6. Dɛn nti na Kristofo binom ani abegye asase mfonini ho? (Hwɛ adaka.)

6 Nnipa pii a wosua Nyankopɔn Asɛm no anya mfaso pii wɔ Bible nsase mfonini a wɔde di dwuma no so. Ɛnyɛ asase mfonini no fɛ nti na wɔde di dwuma, na mmom wohu sɛ sɛ wɔde asase mfonini di dwuma a, ɛbɛma wɔanya Onyankopɔn Asɛm mu nimdeɛ pii aka nea wɔwɔ no ho. Asase mfonini nso betumi aboa wɔn ma wɔate nneɛma ase yiye, na wɔahu sɛnea nokwasɛm a wonim dedaw no ne nsɛm afoforo wɔ abusuabɔ. Bere a yesusuw nhwɛso horow bi ho no, ebia anisɔ a wo nso wowɔ ma Yehowa no bɛyɛ kɛse na woate N’asɛm no ase yiye.—Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 14.

Akwan no Tenten Ma Wote Nneɛma Ase

7, 8. (a) Anwonwade bɛn na Simson yɛe wɔ Gasa? (b) Nsɛm bɛn na ebetumi ama yɛate Simson dwumadi no ase? (d) Ɔkwan bɛn so na Simson ho asɛm a yebehu na yɛate ase no bɛboa yɛn?

7 Wubetumi akenkan Ɔtemmufo Simson ho asɛm bere a na ɔwɔ Gasa no wɔ Atemmufo 16:2. Edin Gasa taa pue wɔ nnansa yi nsɛm ho amanneɛbɔ mu, enti ebetumi aba sɛ wowɔ beae a na Simson wɔ no ho adwene bi, wɔ Filistifo asasesin a ɛbɛn Mediterranea Mpoano no. [11] Afei hyɛ Atemmufo 16:3 no nsow: “Simson dae kosii ɔdasu mu, na ɔsɔree ɔdasu no mu, na osoo kurow no apon ne apongua abien no mu, na otuu ɛne akyiri adaban no nyinaa, na ɔde bɔɔ akɔnkɔn soa de kɔɔ bepɔw a ɛkyerɛ Hebron anim no atifi.”

8 Akyinnye biara nni ho sɛ, na abannennen te sɛ Gasa apon ne n’apongua bɛyɛ nea ɛsoso na emu yɛ duru. Yɛ sɛnea na ɔrebɔ mmɔden asoa no ho mfonini wɔ w’adwenem! Simson tumi soae, Nanso ɛhe na ɔsoa kɔe, na na ɛyɛ akwantu bɛn? Wiɛ, Gasa da mpoano wɔ beae a ne sorokɔ ne ɛpo yɛ pɛ. [15] Nanso Hebron wɔ soro mita 900 wɔ n’apuei fam—na ɛwɔ soro ankasa! Yentumi nhu beae pɔtee a na “bepɔw a esi Hebron anim no wɔ de,” nanso na kurow no ne Gasa ntam kwan yɛ kilomita 60—na ɛwɔ soro sen no! Sɛnea kwan no tenten te no ma Simson adwuma no yɛ kɛse, anaa ɛnte saa? Na kae nea enti a Simson tumi dii dwuma a ɛte saa—‘Yehowa honhom sii no so.’ (Atemmufo 14:6, 19; 15:14) Sɛ́ nnɛ Kristofo no, yɛnhwɛ kwan sɛ Onyankopɔn honhom bɛma yɛn ahoɔden soronko bi. Nanso, saa honhom koro yi ara a tumi wom yi betumi ama yɛate honhom fam nneɛma a emu dɔ ase yiye na ama yɛn mu nipa no ayɛ den. (1 Korintofo 2:10-16; 13:8; Efesofo 3:16; Kolosefo 1:9, 10) Yiw, Simson ho asɛm a yɛbɛte ase no si nokwasɛm a ɛne sɛ Onyankopɔn honhom betumi aboa yɛn no so dua.

9, 10. (a) Nneɛma a Gideon yɛe de dii Midianfo so nkonim no bi ne nea ɛwɔ he? (b) Ɔkwan bɛn so na asase ho asɛm a yɛahu no boa ma yɛte saa asɛm yi ase yiye?

9 Nkonim a Gideon dii wɔ Mediafo so no nso yɛ asɛm foforo a ɛma yehu sɛnea mfaso wɔ so sɛ yebehu akwan a ɛdeda nkurow no ntam no atenten. Bible akenkanfo pii nim sɛ Ɔtemmufo Gideon ne ne mmarima 300 no dii ntuafo a wɔn dodow si 135,000—Midianfo, Amalekfo, ne afoforo a na wɔabɔ nsra wɔ Yesreel bon a ɛbɛn More bepɔw no so nkonim. [18] Gideon mmarima no hyɛn mmɛn, bobɔɔ nkuruwa, yiyii wɔn agyatɛn, na wɔteɛɛm sɛ: ‘Yehowa ne Gideon nkrante!’ Eyi maa atamfo no adwene tu frae na ehu kaa wɔn, na wofii ase kunkum wɔn ho wɔn ho. (Atemmufo 6:33; 7:1-22) So ade biako pɛ a wɔyɛɛ no ntɛmso no nkutoo ne asɛm a esii anadwo no? Toa so kenkan ho asɛm wɔ Atemmufo ti 7 ne 8. Wubehu sɛ Gideon toaa ɔsatu no so. Yentumi nhu mmeae pii a wɔabobɔ din no mu binom nnɛ, enti ebia yɛrenhu wɔ Bible asase mfonini so. Nanso yɛahu pii a ebetumi aboa yɛn ma yɛahu nea Gideon yɛe no.

10 Gideon taa asraafo dɔm nkae no faa Bet-Sita de kɔfaa Abel-Mehola faako a ɛbɛn Yordan no. (Atemmufo 7:22-25) Kyerɛwtohɔ no ka sɛ: ‘Na Gideon duu Yordan ano no, ɔne mmarima ahasa a wɔka ne ho no twae; wɔabrɛ, nanso wotiw wɔn ara.’ Bere a Israelfo no twaa nsu no, wɔtaa atamfo no de kɔfaa Sukot ne Penuel anafo fam, faako a ɛbɛn Yabok no, de kɔfaa Yogbeha mmepɔw no so (ɛbɛn nnɛyi Amman, Jordan). Ɛno bɛyɛ kilomita 80 kwan a wotwa de taa atamfo no ne wɔn kɔkoe. Gideon dii wɔn so nkonim na okunkum Midianfo ahemfo baanu, na ɔsan kɔɔ ne kurom, Ofra, a ɛbɛn faako a ɔko no fii ase no. (Atemmufo 8:4-12, 21-27) Ɛda adi pefee sɛ, ɛnyɛ nea Gideon yɛe ara ne sɛ ɔma wɔde bere tiaa bi hyɛn mmɛn, hinhim agyatɛn, na wɔteɛteɛm. Wode hwɛ sɛnea ɛno ma nea wɔka fa mmarima gyidifo no ho yɛ nokware sɛ: ‘Na sɛ mereka Gideon, [ne afoforo a] wonyaa ahoɔmmerɛw mu ahoɔden, yɛɛ ɔko mu ahoɔdenfo no ho asɛm a, anka adagyew bɛbɔ me.’ (Hebrifo 11:32-34) Kristofo nso betumi abrɛ wɔ honam mu de, nanso so mfaso nni so sɛ yɛbɛkɔ so ayɛ Onyankopɔn apɛde?—2 Korintofo 4:1, 16; Galatifo 6:9.

Nkurɔfo Susuw Ade Ho Yɛ Wɔn Ade Dɛn?

11. Kwan tenten bɛn na Israelfo no twae ansa na wɔredu Kades ne ɛno akyi?

11 Ebinom bɛfa Bible nsase mfonini de ahwehwɛ mmeae bi, nanso wususuw sɛ asase mfonini betumi ama yɛahu adwene a nkurɔfo kura? Fa Israelfo a wofii Bepɔw Sinai so kɔɔ Bɔhyɛ Asase no so no sɛ nhwɛso. Bere a wogyinagyinaa wɔ kwan so no, awiei koraa no woduu Kades (anaa, Kades-Barnea). [9] Deuteronomium 1:2 kyerɛ sɛ na eyi yɛ nnafua 11 akwantu, ɔkwan a ne tenten bɛyɛ kilomita 270. Ɛhɔ na Mose somaa akwansrafo 12 kɔɔ Bɔhyɛ Asase no so. (Numeri 10:12, 33; 11:34, 35; 12:16; 13:1-3, 25, 26) Akwansrafo no de wɔn ani kyerɛɛ atifi fam kɔfaa Negeb, na ɛbɛyɛ sɛ wɔfaa Beer-Seba ne Hebron koduu Bɔhyɛ Asase no hye so wɔ atifi fam. (Numeri 13:21-24) Esiane sɛ Israelfo no gyee akwansrafo du no amanneɛbɔ a enye no toom nti, wɔwɔɔ ntwɛtwɛdɛ wɔ sare no so mfirihyia 40. (Numeri 14:1-34) Dɛn na ɛma yehu wɔ gyidi a wɔwɔ wɔ Yehowa mu ne ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wɔde wɔn ho bɛto ne so no ho?—Deuteronomium 1:19-33; Dwom 78:22, 32-43; Yuda 5.

12. Dɛn na yebetumi aka afa Israelfo gyidi ho, na dɛn nti na ɛsɛ sɛ yesusuw ho?

12 Hwɛ faako a asase no da fa susuw eyi ho. Sɛ Israelfo no nyaa gyidi na wɔde Yosua ne Kaleb afotu dii dwuma a, so anka wobetwa kwan tenten ansa na wɔadu Bɔhyɛ Asase no so? Efi Lahai-roi rekɔ Kades a Isak ne Rebeka trae no yɛ bɛyɛ kilomita 16. [7] Ɛyɛ tiaa sen kilomita 95 kwan a ɛkɔ Beer-Seba, a ɛda Bɔhyɛ Asase no anafo fam no. (Genesis 24:62; 25:11; 2 Samuel 3:10) Bere a wotwaa kwan fii Misraim kɔɔ Bepɔw Sinai so na afei wotwaa kilomita 270 kwan koduu Kades no, na wɔadu Bɔhyɛ Asase no hye so pɛɛ. Yɛn nso, yegyina asase so Paradise a wɔde ahyɛ yɛn bɔ no hye so pɛɛ. Dɛn na yesua fi mu? Ɔsomafo Paulo de Israelfo no tebea no tuu fo sɛ: “Enti momma yɛmmɔ mmɔden nhyɛn ɔhome no mu, na obi anhwe ase anyɛ asoɔden koro no ara ho nhwɛso.”—Hebrifo 3:16–4:11.

13, 14. (a) Tebea bɛn mu na Gibeonfo no sii gyinae pa bi ? (b) Su bɛn na Gibeonfo no daa no adi, na dɛn na ɛsɛ sɛ yesua fi mu?

13 Yebehu su foforo a ɛfa Onyankopɔn mu ahotoso a yebenya na yɛakɔ so ayɛ n’apɛde ho wɔ Gibeonfo ho asɛm a ɛwɔ Bible mu no mu. Bere a Yosua dii Israelfo no anim twaa Yordan Asubɔnten no kɔɔ asase a Onyankopɔn de hyɛɛ Abraham abusuafo bɔ no so akyi no, na bere adu sɛ wotu Kanaanfo fi so. (Deuteronomium 7: 1-3) Na Gibeonfo no nso ka ho. Israelfo no tuu Yeriko ne Ai gui na wɔbɔɔ nsra wɔ beae bi a ɛbɛn Gilgal. Na Gibeonfo no mpɛ sɛ wowu te sɛ Kanaanfo a na wɔadome wɔn no, enti wɔsomaa ananmusifo kɔɔ Yosua nkyɛn wɔ Gilgal. Wɔyɛɛ wɔn ho te sɛ nea womfi Kanaanfo asasesin no mu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔne Hebrifo no bɛyɛ asomdwoe apam.

14 Saa ananmusifo no kae sɛ: ‘Yehowa wo Nyankopɔn din nti na wo nkoa fi akyirikyiri asase bi so aba.’ (Yosua 9:3-9) Na wɔn ntaade ne wɔn nnuan kyerɛ sɛ wofi akyirikyiri ampa, nanso nokwasɛm no ne sɛ na efi Gibeon kɔ Gilgal bɛyɛ kilomita 30. [19] Yosua ne ne mmapɔmma no gye dii na wɔne Gibeonfo no ne nkurow a ɛbatabata wɔn ho no yɛɛ asomdwoe apam. So Gibeonfo no faa saa nyansakwan no sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrenkum wɔn nti? Ɛnte saa koraa, saa a wɔyɛe no daa ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wobenya Israelfo Nyankopɔn no anim dom adi. Yehowa penee Gibeonfo no so na ‘wɔbɛyɛɛ nnuatwafo ne nsusawfo maa asafo no ne Yehowa afɔremuka no,’ na wɔkɔɔ gya maa wɔde bɔɔ afɔre wɔ afɔremuka no so. (Yosua 9:11-27) Gibeonfo no kɔɔ so daa ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wɔbɛyɛ nnwuma a ɛba fam wɔ Yehowa som mu no adi. Ɛda adi sɛ, na wɔn mu bi ka Netinimfo a wofi Babilon bae besii asɔrefie no ho. (Esra 2:1, 2, 43-54; 8:20) Yebetumi asuasua wɔn denam mmɔden a yɛbɛbɔ ama asomdwoe atra yɛne Onyankopɔn ntam na yɛanya ɔpɛ sɛ yɛbɛyɛ nnwuma a ɛba fam mpo wɔ ne som mu no so.

Da Ahofama Adi

15. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani gye asase mfonini a ɛwɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm mu no ho?

15 Bible asase mfonini a ɛwɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu bi ne nea ɛfa Yesu ne ɔsomafo Paulo akwantu ne wɔn som adwuma ho no. (Marko 1:38; 7:24, 31; 10:1; Luka 8:1; 13:22; 2 Korintofo 11:25, 26) Wɔ asɛm a edi hɔ yi mu no, bɔ mmɔden yɛ akwan a wotui no ho mfonini wɔ w’adwenem.

16. Ɔkwan bɛn so na Kristofo a wɔwɔ Beroia no daa anisɔ a wɔwɔ ma Paulo no adi?

16 Wɔ Paulo asɛmpatrɛw akwantu a ɛtɔ so abien no mu no (ɛno ne nsensanee kɔkɔɔ a ɛwɔ asase mfonini no mu no) ɔkɔɔ Filipi, a mprempren ɛwɔ Greece no. [33] Odii adanse wɔ hɔ, wɔde no too afiase san yii no wɔ hɔ, na ɔtoaa so kɔɔ Tesalonika. (Asomafo no Nnwuma 16:6–17:1) Bere a Yudafo no maa basabasayɛ sii no, Tesalonika anuanom no ka kyerɛɛ Paulo sɛ ɔnkɔ Beroia, a efi hɔ kɔ hɔ no bɛyɛ kilomita 65. Paulo som adwuma no sow aba wɔ Beroia, nanso Yudafo no bae bɛhwanyan hɔfo no. Enti, “ntɛm ara na anuanom no gyaa Paulo kwan sɛ ɔnkɔ mpoano, . . . Na wɔn a wokogyaa Paulo no de no kɔɔ Atene.” (Asomafo no Nnwuma 17:5-15) Ɛda adi sɛ, afoforofo a wɔsakrae no bi nyaa ɔpɛ sɛ wɔbɛnantew atwa kilomita 40 akɔ Aegean Mpoano, akɔfa hyɛn wɔ hɔ de atwa ɔkwan a ne tenten bɛyɛ kilomita 500. Na asiane bɛwɔ saa akwantu no mu, nanso anuanom no faa asiane a ɛte saa no mu na ama wɔne Nyankopɔn nanmusifo kwantufo yi akodi nkitaho.

17. Dɛn na yebetumi ate ase yiye bere a yehu kwan tenten a ɛda Mileto ne Efeso ntam no?

17 Wɔ Paulo akwantu a ɛtɔ so abiɛsa no mu no (Asase mfonini no so nsensanee ahabammono no), ɔkɔɔ po so hyɛn gyinabea a ɛwɔ Mileto no. Ɔsoma ma wɔkɔfrɛɛ mpanyimfo a wɔwɔ Efeso asafo no mu no bae, na na ɔkwan no tenten bɛyɛ kilomita 50. Susuw sɛnea saa mpanyimfo no begyae biribiara a wɔwɔ yɛ ato hɔ na wɔakotie Paulo no ho hwɛ. Ɛbɛyɛ sɛ bere a wɔnam kwan so rekɔ no, na wɔde anigye resusuw nhyiam a wɔrekɔyɛ no ho. Bere a wɔne Paulo wiee nhyiam no na ɔbɔɔ mpae no, “wɔn nyinaa sui pii, na wosusoo Paulo kɔn few n’ano.” Afei “wokogyaa no hyɛn no mu,” na ɔkɔɔ Yerusalem. (Asomafo no Nnwuma 20:14-38) Ɛbɛyɛ sɛ wonyaa nneɛma pii a wobesusuw ho bere a wɔresan akɔ Efeso no. So w’ani nnye anisɔ a wɔdaa no adi denam kwantenten a wotwae de kohuu ɔsomfo kwantufo a ɔkasa kyerɛɛ wɔn hyɛɛ wɔn nkuran no ho? So wuhu biribi wɔ asɛm yi mu a wubetumi de adi dwuma wɔ w’asetra ne wo nsusuwii mu?

Sua Asase no ne Nea Ɛbɛba Daakye Ho Ade

18. Ɛdefa Bible nsase ahorow ho no, dɛn na yebetumi asi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ?

18 Nhwɛso ahorow a yɛaka ho asɛm no ma yehu nea enti a mfaso wɔ so sɛ yehu asase a Onyankopɔn de maa Israelfo no ho nsɛm, efisɛ saa asase no da biribi titiriw adi wɔ Bible kyerɛwtohɔ pii mu. (Yebetumi asusuw nsase afoforo a atwa Israelfo de ho ahyia a wɔaka ho asɛm wɔ Bible mu no nso ho.) Bere a yɛma ntease a yɛwɔ wɔ Bɔhyɛ Asase no ho titiriw yɛ kɛse no, yebetumi ama ahwehwɛde titiriw a na ehia na ama Israelfo no ahyɛn asase a “nufusu ne ɛwo” wɔ so na wɔanya anigye no atra yɛn adwenem. Na ɛno ne sɛ wobesuro Yehowa na wɔadi n’ahyɛde so.—Deuteronomium 6:1, 2; 27:3.

19. Paradise abien bɛn na ɛfata sɛ yɛde yɛn adwene si so?

19 Saa ara na ɛnnɛ nso, ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn fam de, de suro Yehowa na yɛkɔ so nantew n’akwan so. Sɛ yɛyɛ eyi a, yɛbɛboa ma honhom fam paradise a mprempren ɛwɔ Kristofo asafo a ɛwɔ wiase nyinaa mu no anya nkɔso na emu ayɛ anika. Yɛbɛkɔ so anya honhom fam paradise no afa horow ne emu nhyira ho nimdeɛ pii. Na yenim sɛ nhyira pii wɔ hɔ ma yɛn. Yosua dii Israelfo no anim twaa Yordan de wɔn kɔɔ asase a ɛsow aba na abotɔyam wɔ so so. Mprempren, yɛwɔ nea enti a ɛsɛ sɛ yɛde ahotoso hwɛ Paradise ankasa, asase pa a ɛda yɛn anim no kwan.

Wokae?

• Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yenya ɔpɛ sɛ yɛbɛma yɛn nimdeɛ ne ntease a yɛwɔ wɔ Bible nsase ho no ayɛ pii?

• Asase mfonini a yɛasua ho ade wɔ adesua yi mu bɛn na aboa wo titiriw?

• Asuade bɛn na woate ase yiye bere a wusuaa pii faa asase mfonini a nsɛm sisii wɔ so no mu no?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 14]

‘Hwɛ Asase Pa No’

Wɔ amantam nhyiam a wɔyɛe wɔ afe 2003 ne 2004 mu no, Yehowa Adansefo ani gyei sɛ wonyaa nhomawa a wɔato din ‘Hwɛ Asase Pa No.’ Saa nhomawa foforo yi wɔ kasa bɛyɛ 80 mu a asase mfonini a wɔde kɔla ayɛ ne nsɛm a wɔahyehyɛ a ɛma yehu Bible mu mmeae ahorow, ne titiriw Bɔhyɛ Asase no wɔ mmere ahorow mu wom.

Wɔ asɛm a ɛka ho mu no wɔde nɔma a wɔakyerɛw no tuntum akɛse akyerɛ asase no mmeae pɔtee bi, te sɛ [15]. Sɛ wunya nhomawa foforo yi bi a, gye bere fa hu emu nsɛntitiriw a ebetumi aboa wo ma wo nimdeɛ ne ntease a wowɔ wɔ Onyankopɔn Asɛm mu adɔɔso no.

(1) Nea wɔde kyerɛ asase mfonini no so mmeae ahorow ne adaka a ɛma yehu nea emu agyiraehyɛde kyerɛ pii wɔ asase mfonini no so no [18]. (2) Wɔde ahyɛnsode a ɛbɛboa wo ma woahu nsase no akɛse anaa akwansin a ɛdeda nsase no ntam tenten aka asase mfonini dodow no ara ho [26]. (3) Mpɛn pii no asase mfonini so nsɛnkyerɛnne bi a wɔayɛ no sɛ peaw ano kyerɛ soro, sɛnea ɛbɛboa wo ma akyerɛ wo kwan [19]. (4) Asase mfonini no bi wɔ hɔ a wɔde kɔla na akyerɛ mmeae ahorow a ɛwɔ soro no [12]. (5) Nɔma ne nkyerɛwde wɔ asase mfonini no ano sɛnea ɛbɛyɛ a wode behu nkurow anaa din ahorow [23]. (6) Wɔahyehyɛ din ahorow no wɔ nkratafa abien [34-5], wɔde nkyerɛwde tuntum akɛse na akyerɛw kratafa no nɔma, na agyiraehyɛde a ɛbɛboa ma woahu beae no, te sɛ E2, taa hyɛ ano. Sɛ wode saa agyiraehyɛde a wɔde hwehwɛ asase mfonini so no di dwuma kakraa a, ɛbɛyɛ wo nwonwa sɛ wubehu sɛ ɛyɛ nnwinade a etu mpɔn a ebetumi aboa wo ama nimdeɛ ne ntease a wowɔ wɔ Bible no mu no ayɛ kɛse.

[Asɛm a Wɔahyehyɛ/Asase mfonini wɔ kratafa 16, 17]

SƐNEA WƆAKYEKYƐ AMANTAM NO MU

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

A. Ɛpo Kɛse no Ano

B. Yordan Atɔe Fam Nsasetaw

1. Aser Asasetaw

2. Dor Mpoano Asase Teaa

3. Saron Mmoa Adidibea

4. Filistea Asasetaw

5. Apuei Fam Atɔe Mfinimfini Bon No

a. Megido Asasetaw

b. Yesreel Bon

D. Yordan Atɔe Fam Mmepɔw

1. Galilea Mmepɔw

2. Karmel Mmepɔw

3. Samaria Mmepɔw

4. Sefela (nkoko)

5. Yuda Man Mmepɔwmmepɔw No

6. Yuda Sare So

7. Negeb

8. Paran Sare So

E. Araba (Obon Kɛse)

1. Hula Suka

2. Galilea Po Dabere

3. Yordan Bon

4. Nkyene Po (Ɛpo a Awu)

5. Araba (Nkyene Po anafo fam)

Ɛ. Yordan Apuei Fam Mmepɔw/Nkoko Tamaa

1. Basan

2. Gilead

3. Ammon ne Moab

4. Edom nkoko tamaa

F. Lebanon Mmepɔw

[Asase mfonini]

Bepɔw Hermon

More

Abel-mehola

Sukot

Yogbeha

Betel

Gilgal

Gibeon

Yerusalem

Hebron

Gasa

Beer-Seba

Sodom?

Kades

[Asase mfonini/Mfonini wɔ kratafa 15]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

KANAAN

Megido

GILEAD

Dotan

Sekem

Bet-El (Lus)

Ai

Yerusalem (Salem)

Betlehem (Efrat)

Mamre

Hebron(Makpela)

Gerar

Beer-Seba

Sodom?

NEGEB

Rehobot?

[Mmepɔw]

Moria

[Nsu ahorow]

Nkyene Po

[Nsubɔnten]

Yordan

[Mfonini]

Abraham kyinkyin asase no so

[Asase mfonini wɔ kratafa 18]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

Troa

SAMOTRAKE

Neapoli

Filipi

Amfipoli

Tesalonika

Beroia

Atene

Korinto

Efeso

Mileto

RODO