Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mmabun—Momma mo awofo mmoa mo mma mommɔ mo koma ho ban!

Mmabun—Momma mo awofo mmoa mo mma mommɔ mo koma ho ban!

Mmabun—Momma mo awofo mmoa mo mma mommɔ mo koma ho ban!

WUSUSUW sɛ dɛn na ɛyɛ den paa ma po so hyɛnkafo? Sɛ́ ɔde hyɛn no bɛfa po kɛse no so a asiane biara nsi? Ɛntaa nyɛ ɛno. Po so ahyɛn dodow no ara bɔ wɔ mpoano, na ɛnyɛ beae a ɛhɔ dɔ no. Nokwarem no, sɛ́ wɔde po so hyɛn bɛkɔ akogyina hyɛn gyinabea no betumi ayɛ hu paa mpo sen sɛ wɔde wimhyɛn besi fam. Dɛn ntia?

Ansa na po so hyɛnkafo betumi de ne hyɛn akogyina hyɛn gyinabea dwoodwoo no, ɛsɛ sɛ ɔkwati asiane a ɛwɔ hyɛn gyinabea pɔtee bi no. Ɛsɛ sɛ ohu sɛnea ɔhweam a ɛwɔ nsu no mu no te bere a ɔbɔ mmɔden sɛ ɔremma ɛnkɔpem ahyɛn foforo no. Ɛsɛ sɛ ɔkwati anhwea siw, abotan anaa hyɛn ho nneɛma a ɛwɔ nsu no ase a ebetumi ama hyɛn no abɔ no. Nea ɛma tebea no yɛ hu koraa ne sɛ, ebia na ɛne bere a edi kan a ɔrekɔ hyɛn gyinabea hɔ.

Nea ɛbɛyɛ na po so hyɛnkafo nyansafo adi saa ɔhaw ahorow yi so no, ebia ɔbɛhwehwɛ ɔkwankyerɛfo a onim sɛnea hyɛn gyinabea hɔ te yiye ma waboa no. Ɔkwankyerɛfo no gyina ɔhyɛnkafo no nkyɛn de akwankyerɛ a ɛfata ma no. Wɔn baanu nyinaa susuw asiane ahorow no ho na wɔde hyɛn no fa akwan hihiaa biara so de kɔ hyɛn gyinabea hɔ.

Akwankyerɛ a ɛkyɛn so a ɔkwankyerɛfo no de ma no kyerɛkyerɛ mmoa a ɛsom bo paa a ɛwɔ hɔ ma Kristofo mmabun a ɛsɛ sɛ wɔfa asetra mu nsɛnnennen mu no mu. Dɛn ne saa mmoa yi? Dɛn nti na mmofra a wɔadu wɔn mpanyin afe so hia?

Ma yɛntoa po so hyɛn no ho mfatoho no so. Sɛ woadu wo mpanyin afe so a, wote sɛ po so hyɛnkafo wɔ ɔkwan bi so, efisɛ awiei koraa no, wubesi nea wode w’asetra bɛyɛ ho gyinae. Na w’awofo nso wɔ adwuma a ɛte sɛ po so hyɛn kwankyerɛfo de no ara bere a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyerɛ wo kwan ma woafa asetram tebea ahorow a emu yɛ den no bi mu no. Nanso, bere a woadu wo mpanyin afe so no, ebia ɛbɛyɛ den sɛ wubegye afotu a w’awofo de ma wo no atom. Dɛn nti na ɛte saa?

Mpɛn pii no, ɔhaw no fi koma no. Ebia wo sɛnkyerɛnne kwan so koma no bɛma woanya ɔpɛ sɛ wobɛyɛ biribi a wosiw wo kwan sɛ nyɛ anaa sɔre tia biribiara a wote nka sɛ ɛka w’ahofadi hyɛ no. Bible ka sɛ: “Onipa komam adwene yɛ bɔne fi ne mmofraase.” (Genesis 8:21) Yehowa ka fann sɛ wubehyia nsɛnnennen ankasa. Ɔbɔ kɔkɔ sɛ: “Koma wɔ hɔ yi, ɛyɛ okontomponi sen ade nyinaa na ɛyɛ ɔdaadaafo paa.” (Yeremia 17:9, Rotherham) Sɛ yɛde akɔnnɔ bɔne a koma no ma ɔbabun bi nya no to nkyɛn a, ebetumi adaadaa no ma wasusuw sɛ onim nyansa sen n’awofo, ɛmfa ho sɛ n’awofo wɔ suahu pii sen no no. Nanso, ntease pa pii wɔ hɔ a enti ɛsɛ sɛ wohwehwɛ w’awofo mmoa bere a wofa wo mpanyin afe a emu yɛ den mu no.

Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Wutie W’awofo?

Nea ɛsen ne nyinaa no, Yehowa, nea Ɔhyehyɛɛ abusua no, ka kyerɛ wo sɛ ɛsɛ sɛ wutie w’awofo akwankyerɛ. (Efesofo 3:15) Esiane sɛ Onyankopɔn de ahyɛ w’awofo nsa sɛ wɔnhwɛ wo so nti, ɔde afotu yi ma wo sɛ: “Mma, muntie mo awofo asɛm Awurade mu; na eyi na ɛteɛ.” (Efesofo 6:1-3; Dwom 78:5) Ɛwom sɛ ebia woadu wo mpanyin afe so de, nanso w’awofo da so ara wɔ asɛyɛde sɛ wɔma wo akwankyerɛ, na ɛyɛ w’asɛyɛde sɛ wutie. Bere a ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ ɛsɛ sɛ mma tie wɔn awofo asɛm no, ɔde Hela asɛmfua a ebetumi afa mma nyinaa a ɛsono mfe a wɔadi ho na edii dwuma. Sɛ nhwɛso no, sɛnea wɔakyerɛw wɔ Mateo 23:37 no, Yesu kaa nnipa a na wɔtete Yerusalem ho asɛm sɛ ne “mma,” ɛmfa ho mpo sɛ na wɔn mu dodow no ara anyinyin.

Bere a nnipa anokwafo pii a wɔtraa ase tete no bɛyɛɛ mpanyimfo akyi mfe pii no, wɔkɔɔ so yɛɛ setie maa wɔn awofo. Ɛwom sɛ na Yakob anyin de, nanso ɔtee ase sɛ ɛsɛ sɛ odi n’agya ahyɛde a ɛne sɛ ɔnnware ɔbea a ɔnyɛ Yehowa somfo no so. (Genesis 28:1, 2) Akyinnye biara nni ho sɛ Yakob san hui nso sɛ Kanaanfo mmea abosonsomfo a ne nua no sii gyinae waree wɔn no maa n’awofo dii awerɛhow kɛse.—Genesis 27:46.

Sɛ yɛde asɛyɛde a Onyankopɔn de ama w’awofo a wɔyɛ Kristofo no sɛ wɔnkyerɛ wo kwan no to nkyɛn a, ɛda adi sɛ wɔn na wɔfata sen biara sɛ wotu wo fo. Nea enti a ɛte saa titiriw ne sɛ wonim wo yiye paa na akyinnye biara nni ho sɛ wɔde mfe pii ada ɔdɔ a edi mũ adi akyerɛ wo. Te sɛ ɔkwankyerɛfo a ɔkyerɛ po so hyɛnkafo kwan no, w’awofo fi suahu mu na ɛkasa. Wɔn ankasa anya “mmerantebere mu akɔnnɔ” pɛn. Na sɛ nokware Kristofo no, wɔahu mfaso a ɛwɔ Bible mu nnyinasosɛm ahorow a wɔde di dwuma no so.—2 Timoteo 2:22.

Esiane mmoa a edi mũ a ɛyɛ mmerɛw koraa sɛ wubenya yi nti, wɔboa wo ma wutumi di nsɛm tebea a emu yɛ den paa mpo ho dwuma yiye. Fa wɔn a ɛsono wɔn bɔbeasu a wo ne wɔn bɛbɔ no sɛ nhwɛso. Ɔkwan bɛn so na Kristofo a wɔyɛ awofo betumi aboa wo wɔ asɛm a ne ka yɛ ka nã yi mu?

Obi a Ɛsono ne Bɔbeasu Ho Anigye a Wonya

Akwankyerɛfo tu po so ahyɛnkafo fo sɛ ɛnsɛ sɛ wɔbɛn nsu no ase siw no. Siw no nyɛ den nanso, esiane sɛ daa epia fi beae a ɛwɔ kogu beae foforo nti ɛma ɛyɛ hu nso. Saa ara na w’awofo nso bɛpɛ sɛ wotwe wo ho fi nneɛma a ebetumi asum wo afiri wɔ nkate fam ho. Sɛ nhwɛso no, awofo nim sɛ obi a ɛsono ne bɔbeasu ho akɔnnɔ a wonya no mu betumi ayɛ den ara ma wontumi nkyerɛkyerɛ sɛnea ɛte no mu. Nanso bere a woanya akɔnnɔ a ɛte saa no, ebetumi ama woagu asu.

Dina nhwɛso no kyerɛkyerɛ sɛnea ɛyɛ hu sɛ yɛbɛbɛn asiane pii no mu. Ebia biribi a na Dina repɛ ahu ne ɔpɛ a na ɔwɔ sɛ obegye n’ani na ɛkaa no ma ɔne Kanaanfo mmea a akyinnye biara nni ho sɛ na wɔn bra asɛe no kɔbɔɔ fekuw. Ankyɛ na anigye a mfiase no na ɛte sɛ nea asɛm biara nni ho no, danee awerɛhosɛm—aberante bi a na ‘ɔwɔ anuonyam paa’ wɔ kurom hɔ too no mmonnaa.—Genesis 34:1, 2, 19.

Ɔbea ne ɔbarima nna ho nsɛm a wɔtaa ka no kɛse wɔ mmere a yɛte mu yi mu no ama asiane a ɛte saa no ayɛ kɛse. (Hosea 5:4) Ebia mmabun dodow no ara benya adwene sɛ obi a ɛsono ne bɔbeasu a wɔne no begye wɔn ani no ne ade a ɛyɛ anigye sen biara. Ebia wobɛte nka sɛ, sɛ wo ne obi a ne ho yɛ wo fɛ nkutoo kɔhyɛ baabi a, ɛbɛma w’ani agye paa. Nanso, awofo a wɔwɔ ɔdɔ bɛbɔ mmɔden sɛ wɔbɛbɔ wo ho ban afi mmabun a wonni obu mma Onyankopɔn gyinapɛn ahorow a wo ne wɔn bɛbɔ fekuw no ho.

Laura gye tom sɛ biribi a mmabun repɛ ahu betumi ama wɔatɔ asiane mu. “Bere a me mfɛfo sukuufo mmeawa ka kyerɛɛ me sɛ wɔne mmarimaa a wɔn ho yɛ fɛ no bi sawee kosii ɔdasu mu no, wɔma ɛyɛe te sɛ ade a ɛso bi mmae da. Mihui sɛ na wɔtaa gugu nsɛm mu de, nanso na meda so ara pɛ sɛ mehu nea ɛkɔ so no, na na mete nka sɛ merehwere anigyede bi. Ɛwom sɛ minim sɛ ma a na m’awofo mma me kwan sɛ menkɔ mmeae a ɛtete saa no teɛ de, nanso na meda so ara te nka sɛ biribi repiapia me.”

Po so hyɛn nni breki, nti egye bere pii ansa na atumi agyina. Awofo nim sɛ obi a ɛsono ne bɔbeasu ho akɔnnɔ te saa ara. Mmebusɛm nhoma no de ɔbarima bi a na akɔnnɔ bɔne ahyɛ no ma toto nantwi a wɔrekokum no ho. (Mmebusɛm 7:21-23) Worempɛ sɛ biribi a ɛte saa bɛto wo, na woagu asu wɔ nkate ne honhom fam. Ebia bere a wo koma fi ase daadaa wo wɔ eyi ho no, w’awofo behu na wɔde afotu a ɛfata ama wo. So wobɛyɛ ade nyansam atie wɔn na ama woakwati asiane?—Mmebusɛm 1:8; 27:12.

Wuhia w’awofo mmoa nso bere a wopɛ sɛ woko tia atipɛnfo nhyɛso no. Ɔkwan bɛn so na wobetumi aboa wo?

Tumi a Atipɛnfo Nhyɛso Wɔ

Asorɔkye anaa ɔhweam a ano yɛ den betumi abɔ po so hyɛn ma afom kwan. Nea ɛbɛyɛ na hyɛn no agyina saa asorɔkye ne ɔhweam yi ano no, gye sɛ ɔhyɛnkafo no kyim hyɛn no de ani hwɛ baabi foforo. Wɔ ɔkwan koro no ara so no, mmabun a wɔyɛ w’atipɛnfo nnaadaa nso betumi ama wo ne Onyankopɔn ntam abusuabɔ asɛe gye sɛ woyɛ biribi de bɔ wo ho ban.

Sɛnea asɛm a ɛtoo Dina kyerɛ no, ‘sɛ wo ne nkwasea bɔ a wuhu amane.’ (Mmebusɛm 13:20) Kae sɛ sɛ Bible de asɛm ‘ɔkwasea’ di dwuma a, ɛkyerɛ obi a onnim Yehowa anaa ɔpo sɛ ɔbɛnantew n’akwan so.

Nanso, ɛnyɛ mmerɛw sɛ wobɛpo mfɛfo sukuufo adwenkyerɛ anaa wɔn nneyɛe. María José kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Na mepɛ sɛ mmabun afoforo gye me tom. Esiane sɛ na mempɛ sɛ wobebu me sɛ meda nsow nti, misuaa wɔn nneyɛe no paa sɛnea metumi.” Ebia w’atipɛnfo benya nnwom a wopaw, atade a wohyɛ, anaa ɔkwan a wofa so kasa mpo so nkɛntɛnso a wunhu. Ebia wote nka sɛ wowɔ abotɔyam bere a wo ne mmabun a wɔne wo mfe bɔ so bɔ no. Saa na ɛte, nanso ɛno bɛma ayɛ mmerɛw sɛ wɔn nkɛntɛnso a ano yɛ den no benya wo na apira wo.—Mmebusɛm 1:10-16.

Caroline ka nsɛnnennen bi a ohyiae wɔ mfe kakraa bi a abɛsen kɔ no mu sɛ: “Minyaa mfe 13 rekɔ no, na mmeawa a me ne wɔn bɔ no nyinaa wɔ mpena, na wɔ mfe pii mu no, ɛhyɛɛ me so bere nyinaa sɛ me nso memfa mpena no bi. Nanso, me maame kyerɛɛ me kwan wɔ mmere a na emu yɛ den yi mu. Ogyee mmere pii de tiee me, ne me susuw nsɛm ho, na ɔboaa me ma mihuu hia a ehia sɛ metwɛn kosi sɛ menyin ansa na mede me ho ahyɛ abusuabɔ a ɛte saa mu no.”

Te sɛ Caroline maame no, ebia w’awofo bɛte nka sɛ ɛsɛ sɛ wɔbɔ wo kɔkɔ wɔ atipɛnfo nhyɛso ho anaa wɔma wo anohyeto mpo wɔ agodi ahorow anaa nnamfo bi ho. Nathan kae sɛnea ɔne n’awofo nyaa akasakasa pii wɔ nsɛm a ɛtete saa ho. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Na me namfonom taa to nsa frɛ me sɛ me ne wɔn mpue, nanso na m’awofo mpɛ sɛ me ne nnipa pii bɛbom akyinkyin anaa mɛkɔ apontow akɛse a ɔpanyin biara nhwɛ so ase. Saa bere no, mante nea enti a na awofo afoforo ma nneɛma pii ho kwan sen m’awofo no ase.”

Nanso, akyiri yi Nathan tee ase. Ogye toom sɛ: “Wɔ me fam no ‘na agyimisɛm kyekyere abofra koma ho.’ Ɛte sɛ nea saa agyimisɛm yi da adi ntɛm bere a mmerantewa bom kyinkyin no. Obiako fi ase yɛ biribi a ɛmfata, ɔfoforo toa so yɛ nea ɛsen saa, na foforo nso yɛ nea ɛkyɛn ne nyinaa koraa. Ɛnkyɛ na wɔn a aka no nyinaa nso de wɔn agye mu bi. Mmofra a wɔka sɛ wɔsom Yehowa mpo betumi atɔ afiri a ɛte saa mu.”—Mmebusɛm 22:15.

Nathan ne María José nyinaa ne wɔn koma dii apere bere a wɔn awofo amma wɔn kwan amma wɔanyɛ nneɛma a wɔn atipɛnfo ka kyerɛɛ wɔn sɛ eye no. Nanso, wɔyɛɛ setie, na ɛno akyi no wɔn ani gyei sɛ wotiee wɔn awofo. Mmebusɛm nhoma no ka sɛ: “Brɛ w’asõ ase tie anyansafo kasa, na fa wo koma to me nimdeɛ so.”—Mmebusɛm 22:17.

Wɔfata Nnidi

Ɛyɛ den ma po so hyɛn a akyea sɛ ɛbɛkɔ, na sɛ ɛkyea pii dodo nso a, ebetumi amuntum. Esiane sɛ bɔne wɔ yɛn ho nti, yɛn nyinaa tɔ kɔ pɛsɛmenkominya ne nneɛma a ɛnsɛ sɛ yɛyɛ so. Ɛmfa ho saa su horow yi no, sɛ mmofra di wɔn awofo akwankyerɛ akyi pɛpɛɛpɛ a, wɔn asetra betumi asi wɔn yiye.

Sɛ nhwɛso no, w’awofo betumi aboa wo ma woapo nsusuwii a ɛne sɛ ɔkwan hiahiaa a ɛkɔ nkwa mu ne ɔkwan a ɛtrɛw a ɛkɔ ɔsɛe mu no akyi no, ɔkwan foforo bi nso wɔ hɔ no. (Mateo 7:13, 14) Ɛnyɛ nokware sɛ sɛ wubetumi ayɛ ade bɔne kakra nanso woremmu Onyankopɔn mmara so no kyerɛ sɛ wubetumi “aka biribi ahwɛ a wo mmene.” Wɔn a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛfa ɔkwan a ɛte saa so no ‘rehinhim wɔ nneɛma abien ntam’—sɛ wɔbɛsom Yehowa akosi baabi na wɔasan nso adɔ wiase ne nneɛma a ɛwɔ wiase no—betumi ahwe ase honhom mu. (1 Ahene 18:21; 1 Yohane 2:15) Dɛn nti a? Esiane yɛn bɔne su ahorow nti.

Sɛ yɛyɛ nea yɛn akɔnnɔ bɔne no hwehwɛ a, akɔnnɔ no ano bɛyɛ den. Yɛn ‘koma okontomponi’ no rempɛ sɛ yɛbɛka bɔne ahwɛ kɛkɛ. Ɛbɛpɛ sɛ yɛyɛ pii sen saa. (Yeremia 17:9) Bere a yefi ase twe yɛn ho honhom fam no, wiase no benya yɛn so nkɛntɛnso kɛse paa. (Hebrifo 2:1) Ebia worenhu sɛ woakyea wɔ honhom fam, nanso ɛda adi sɛ w’awofo a wɔyɛ Kristofo no behu. Nokwarem no, ebia w’awofo ntumi nsua kɔmputa so dwumadi ntɛmntɛm sɛnea woyɛ no, nanso wonim koma okontomponi no ho ade pii sen wo. Na wɔpɛ sɛ wɔboa wo ma ‘woteɛ wo koma kɔ ɔkwan’ a ebetumi ama woanya nkwa so.—Mmebusɛm 23:19.

Nokwarem no, nhwɛ kwan sɛ w’awofo bedi nneɛma ho dwuma pɛpɛɛpɛ bere a wɔma wo akwankyerɛ wɔ nneɛma a ɛho gyinaesi yɛ den te sɛ nnwom, anigyede ne ahosiesie ho no. Ebia w’awofo nni Salomo nyansa anaa Hiob boasetɔ no bi. Te sɛ obi a ɔde akwankyerɛ ma po so hyɛnkafo no, ebia ɛtɔ mmere bi a wɔbɛyɛ katee dodow. Nanso, sɛ wutie ‘w’agya nteɛso, na wampo wo na mmara’ a wɔn akwankyerɛ no so bɛba wo mfaso kɛse.—Mmebusɛm 1:8, 9.

Ebia mmabun foforo nka asɛmpa mfa wɔn awofo ho. Nanso, sɛ w’awofo rebɔ mmɔden adi nea Kyerɛwnsɛm no ka so a, wɔbɛboa wo wɔ tebea biara mu, bere nyinaa ne bere a wuhyia nsɛnnennen. Te sɛ po so hyɛnkafo a ɔkwankyerɛfo a ne ho akokwaw ma no akwankyerɛ no, wo nso wuhia w’awofo ma wɔakyerɛ wo kwan ma woayɛ ade nyansam. Mfaso a ebefi mu aba no nni ano.

“Sɛ nyansa ba wo koma mu, na nimdeɛ sɔ wo kra ani a, adwempa bɛhwɛ wo so, na ntease abɔ wo ho ban, na ayi wo afi bɔne kwan mu, ne onipa a ɔka akɔntɔnkyesɛm ho, afi wɔn a wogyaw trenee akwan kɔnantew sum akwan so no ho . . . Na tẽefo na ɛbɛtra asase no so, na wɔn a wɔyɛ pɛ no na ɛbɛtra mu.”—Mmebusɛm 2:10-13, 21.

[Mfonini wɔ kratafa 22]

Atipɛnfo nkɛntɛnso betumi ama woahwe ase honhom mu

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Kae nea ɛtoo Dina no

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Sɛ po so hyɛnkafo a ɔhwehwɛ akwankyerɛ fi ɔkwankyerɛfo a ne ho akokwaw hɔ no, ɛsɛ sɛ mmofra hwehwɛ akwankyerɛ fi wɔn awofo hɔ

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 24]

Mfonini: www.comstock.com