Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nokwaredi Ne Pintinnyɛ Tete ne Nnɛ

Nokwaredi Ne Pintinnyɛ Tete ne Nnɛ

Nokwaredi Ne Pintinnyɛ Tete ne Nnɛ

Kurow ketewa bi a wɔfrɛ no Wisła da Poland anafo fam, ɛbɛn beae a Poland ne Slovakia ne Czech Republic bɔ hye no. Ɛwom sɛ ebia wontee Wisła ho asɛm pɛn de, nanso ekura abakɔsɛm bi a ɛda adi sɛ nokware Kristofo ani begye ho. Ɛyɛ abakɔsɛm a ɛfa mudi mu kura ne Yehowa som ho mmɔdenbɔ ho. Ɔkwan bɛn so?

WISŁA kurow no gu mmepɔw a ɛyɛ fɛ so, beae a nneɛma a ɛwɔ mmepɔw no so ma hɔ yɛ fɛ no. Asuwa bi a ɛsen ntɛmntɛm ne asuten abien kɔbɔ Asubɔnten Vistula a ɛtene fa mmepɔw a kwae wɔ so ne abon mu no mu. Nkurɔfo a wɔwɔ hɔ no adamfofa su ne wim tebea a ɛda nsow no ma Wisła yɛ baabi a agye din a nkurɔfo kɔpɛ ayaresa, kodi akwamma wɔ ahohuru bere ne awɔw bere mu.

Ɛte sɛ nea wɔkyekyee kurow a edi kan a wɔmaa no saa din no wɔ 1590 mfe no mu. Wobuee nnuapae adwuma wɔ hɔ, na ankyɛ na nkurɔfo bɛtraa mmepɔw no so mmeae a wɔatwitwa hɔ nnua no, na wɔyɛn nguan ne anantwi yeyɛɛ mfuw. Nanso, nyamesom mu nsakrae baa faako a na nnipa a wɔn asetra ba fam yi te no ntɛmntɛm. Sɛnea nhwehwɛmufo Andrzej Otczyk kyerɛ no, nyamesom mu ɔsesɛw a Martin Luther fii ase no nyaa nkurɔfo a na wɔtete hɔ no so nkɛntɛnso kɛse ma wɔyɛɛ Luther som no “Ɔman som wɔ 1545 mu.” Nanso, Mfirihyia Aduasa Ɔko no ne Katolekfo Ɔsesɛw a edii ɛno akyi no sesaa tebea no koraa. Otczyk toa so sɛ: “Wɔ 1654 mu no, wogyee Protestantfo asɔredan nyinaa fii wɔn nsam, baraa asɔre a wɔyɛ no, na wogyigyee Bible ahorow ne nyamesom nhoma afoforo a wɔwɔ nyinaa fii wɔn nsam.” Nanso, ɔmanfo no mu dodow no ara annyae Lutheran asɔre no.

Bible mu Nokware Aba a Wodii Kan Gui

Anigyesɛm ne sɛ na nyamesom mu nsakrae a ɛho hia kɛse rebɛba so. Wɔ 1928 mu no, Bible Asuafo, sɛnea na kan no wɔfrɛ Yehowa Adansefo no, mu baanu a na wɔyɛ nsi guu Bible mu nokware aba no wɔ hɔ. Afe a edi hɔ no, Jan Gomola de gramafon kɔɔ Wisła de kɔbɔɔ Kyerɛwnsɛm mu kasa ahorow a wɔakyere agu apaawa so kyerɛɛ wɔn. Afei ofii hɔ kɔɔ mmɔnse bi a na ɛbɛn hɔ mu faako a onyaa obi a otie asɛm no yiye—Andrzej Raszka, onipa tiatiaa pipiripi bi a ɔte mmepɔw so hɔ na ɔwɔ koma pa no nkyɛn. Raszka yɛɛ ntɛm faa ne Bible bue hwɛe sɛ nea wɔaka wɔ ɔkasa a wɔakyere agu apaawa no so no yɛ nokware anaa. Ɔteɛɛm sɛ: “Me nua, afei de mahu nokware no! Mahwehwɛ mmuae yi fi bere a na meredi ako wɔ Wiase Ko I no mu!”

Esiane anigye a na ahyɛ Raszka koma ma nti, ɔde Gomola kɔkyerɛɛ ne namfo, Jerzy ne Andrzej Pilch a wɔn nso de anigye kɛse tiee Ahenni ho nkrasɛm no. Andrzej Tyrna, a na wasua Bible mu nokware wɔ France no, boaa saa nnipa yi ma wɔtee Onyankopɔn asɛm ase yiye. Ankyɛ na wɔbɔɔ wɔn asu. Nea ɛbɛyɛ na wɔaboa Bible Asuafo kuw ketewa a ɛwɔ Wisła no, anuanom a wɔwɔ nkurow a ɛbemmɛn hɔ mu no kɔsraa wɔn wɔ 1930 mfe no mfinimfini mu. Na nea efii mu bae no yɛ anigye.

Wonyaa anigyefo afoforo pii ma ɛyɛɛ nwonwa. Na Lutheranfo mmusua a wɔwɔ hɔ no taa kenkan Bible no wɔ wɔn afie mu. Enti bere a wohuu Kyerɛwnsɛm mu nokwasɛm a ɛfa hellgya ne Baasakoro nkyerɛkyerɛ ho no, wɔn mu pii tumi huu nea ɛyɛ nokware ne nea ɛyɛ atoro no. Mmusua no pii pawee sɛ wɔbɛpo nyamesom mu atoro nkyerɛkyerɛ. Ne saa nti, asafo a ɛwɔ Wisła no dɔe, na eduu 1939 no, na emufo dodow bɛyɛ 140. Nea na ɛyɛ nwonwa wom ne sɛ, na wɔn a wɔanyinyin wɔ asafo no mu dodow no ara nyee asubɔ. Helena, Adansefo a wodii kan wɔ hɔ no mu biako ka sɛ: “Na eyi nkyerɛ sɛ na adawurubɔfo a wɔmmɔ wɔn asu no nnyina Yehowa afã. Wɔ gyidi ho sɔhwɛ a ankyɛ koraa ɛbaa wɔn so mu no, wokuraa wɔn mudi mu.”

Na mmofra no nso ɛ? Wohui sɛ wɔn awofo ahu nokware no. Franciszek Branc ka sɛ: “Bere a me papa hui sɛ wahu nokware no, ofii ase de duaa me ne me nua mu. Na madi mfe awotwe na na me nua no nso adi mfe du. Na papa bisa yɛn nsɛm tiawa te sɛ: ‘Hena ne Nyankopɔn, na ne din de dɛn? Dɛn na wunim fa Yesu Kristo ho?’ Na ɛsɛ sɛ yɛkyerɛw yɛn mmuae no na yɛde Bible mu kyerɛw nsɛm foa so.” Ɔdansefo foforo nso ka sɛ: “Esiane sɛ m’awofo fi wɔn pɛ mu tiee Ahenni asɛm no na wogyaee Lutheran Asɔre no wɔ 1940 mu nti, wɔsɔre tiaa me na wɔhwee me wɔ sukuu. Meda m’awofo ase sɛ wɔde Bible mu nnyinasosɛm ahorow duaa me mu. Na eyi ho hia na ɛboaa me ma migyinaa saa mmere a na emu yɛ den no mu.”

Wɔsɔɔ Wɔn Gyidi Hwɛe

Bere a Wiase Ko II pae gui na Nasifo ko faa hɔ no, wosii wɔn bo sɛ wɔbɛtɔre Yehowa Adansefo ase. Mfiase no, wɔhyɛɛ wɔn a wɔanyinyin—titiriw agyanom—nkuran sɛ wɔmfa wɔn nsa nhyɛ krataa a ɛkyerɛ sɛ wɔyɛ Germanfo ase na wɔanya hokwan ahorow bi. Adansefo no poe sɛ wɔne Nasifo no bɛyɛ biako. Anuanom ne anigyefo pii a na wɔaso sɛ wɔkɔ sraadi no hyiaa asɛnnennen yi: Sɛ́ wɔbɛkɔ sraadi, anaa wobekura ɔfã biara a wonni no mu pintinn na wɔatwe wɔn aso paa. Andrzej Szalbot a Gestapofo (Nasi sum ase polisifo) kyeree no wɔ 1943 mu no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Sɛ obi po sɛ ɔbɛkɔ sraadi a na nea ɛkyerɛ ne sɛ wɔde no bɛto nneduaban mu, mpɛn pii no wɔ Auschwitz. Na wɔmmɔɔ me asu saa bere no, nanso na minim awerɛhyem a Yesu de ama wɔ Mateo 10:28, 29 no. Na minim sɛ Yehowa mu gyidi nti sɛ miwu a, obetumi asan de me aba nkwa mu bio.”

Wɔ 1942 afe no mfiase no, Nasifo no kyeree anuanom 17 a wofi Wisła. Wɔn mu 15 wuwui wɔ asram abiɛsa ntam wɔ Auschwitz. Nkɛntɛnso bɛn na enyaa wɔ Adansefo nkae a na wɔwɔ Wisła no so? Sɛ anka ɛbɛma wɔagyae wɔn gyidi mu no, ɛhyɛɛ wɔn den mmom ma wɔbataa Yehowa ho denneennen! Wɔ asram asia a edii hɔ no mu no, adawurubɔfo a wɔwɔ Wisła no dodow bu bɔɔ ho. Ankyɛ na wɔkyeree wɔn mu pii bio. Sɛ wɔka wɔn nyinaa bom a, anuanom, anigyefo ne mmofra 83 na Hitler ntua no kaa wɔn. Wɔde wɔn mu 53 koguu nneduaban mu (titiriw Auschwitz) anaa adwumayɛban a ɛwɔ Poland, Germany ne Bohemia a na wotu fagude na wɔpae abo no mu.

Nokwaredi ne Pintinnyɛ

Wɔ Auschwitz no, Nasifo no bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛto Adansefo no brada sɛ wɔbɛma wɔanya ahofadi ntɛm. SS sraani bi ka kyerɛɛ onua biako sɛ: “Sɛ wode wo nsa bɛhyɛ krataa ase kɛkɛ de akyerɛ sɛ wonyɛ Bible Suani bio a, yebegyaa wo na woatumi akɔ fie.” Wɔkaa eyi kyerɛɛ onua no mpɛn pii, nanso wannyae Yehowa som. Ne saa nti, wɔhwee no, wodii ne ho fɛw, ma ɔyɛɛ adwumaden wɔ Auschwitz ne Mittelbau-Dora, wɔ Germany. Aka kakraa ma ɔko no aba awiei no, wɔtotow atopae gu nneduaban a na ɔwom no so, na ɛkaa dɛ na anka ɔhweree ne nkwa.

Ɔdansefo bi a na wɔfrɛ no Paweł Szalbot, a owui nnansa yi ara no kae sɛ: “Wɔ nsɛm a Nasi sum ase polisifo no bisabisaa me mu no, wobisaa me nea enti a mepoe sɛ mɛka German asraafo no ho na maka sɛ monhyɛ Hitler anuonyam no mpɛn pii.” Bere a Paweł Szalbot de Bible mu nnyinasosɛm kyerɛɛ nea enti a onni afã biara sɛ Kristoni no, wobuu no atɛn sɛ ɔnkɔyɛ adwuma wɔ baabi a wɔyɛ akode. “Nokwarem no, m’ahonim amma me kwan ma mannye saa adwuma yi antom, enti wɔma mekɔyɛɛ adwuma wɔ nkommenamu.” Nanso, ɔkɔɔ so dii nokware.

Mmea ne mmofra a wɔamfa wɔn angu afiase no de nnuan kɔmaa wɔn a wɔwɔ Auschwitz no. Onua bi a na ɔyɛ aberante saa bere no ka sɛ: “Wɔ ahohuru bere mu no, na yɛtete nnuaba bi a ɛte sɛ asaa de sesã awi. Na anuanom mmea no de tõ paanoo na na wɔde paanoo no gugu anwa mu ma ɛnonom no. Afei, na yɛde paanoo no kɔma mfɛfo gyidifo a wɔde wɔn agu afiase no nkakrankakra.”

Sɛ yɛka wɔn nyinaa bom a, Adansefo 53 a na wɔanyinyin na wɔde wɔn fi Wisła koguu nneduaban mu na wɔhyɛɛ wɔn ma wɔyɛɛ adwumaden. Wɔn mu 38 wowuwui .

Wɔde Wɔn Ani Sii Mmofra No So

Ntua a Nasifo no de bae no kaa Yehowa Adansefo mmofra nso. Wɔde mmofra no bi kaa wɔn maamenom ho koguu afiase bere tiaa bi wɔ Bohemia. Mmofra afoforo nso wɔ hɔ a, wɔtew wɔn fii wɔn awofo ho koguu mmofra nneduaban mu wɔ Lodz.

Mmofra a wɔde wɔn kɔɔ Lodz no mu baasa ka sɛ: “Germanfo no de yɛn a na yɛadi mfe anum kosi akron mu du na edii kan kɔe. Yɛhyɛɛ yɛn ho yɛn ho nkuran denam mpaebɔ ne Bible mu nsɛm a yɛbɔɔ ho nkɔmmɔ so. Na ɛnyɛ mmerɛw sɛ yebegyina mu.” Wɔ 1945 mu no, saa mmofra no nyinaa san kɔɔ wɔn kurom. Na wɔwɔ nkwa mu de, nanso na wɔafonfɔn na na ehu ahyɛ wɔn ma. Nanso, biribiara nni hɔ a ɛma wogyaee wɔn mudi mu.

Dɛn Na Esii Wɔ Ɛno Akyi?

Bere a na Wiase Ko II no rebɛn n’awiei no, na Adansefo a wofi Wisła no da so ara yɛ nnam wɔ gyidi no mu, na na wɔayɛ krado sɛ wɔde nsi ne mmɔdenbɔ befi wɔn asɛnka adwuma no ase. Anuanom akuwakuw kɔsraa nkurɔfo a wɔtete mmeae a fi Wisła kɔ hɔ no yɛ kilomita 40 kɔkaa asɛm no kyerɛɛ wɔn de Bible ho nhoma memaa wɔn. Jan Krzok ka sɛ: “Ankyɛ na yenyaa asafo ahorow abiɛsa a emu yɛ hyew wɔ yɛn kurow no mu.” Nanso, nyamesom mu ahofadi no antra hɔ ankyɛ.

Komunis nniso a ebesii Nasi nniso ananmu no baraa Yehowa Adansefo dwumadi wɔ Poland wɔ 1950 mu. Enti na ɛsɛ sɛ anuanom a wɔwɔ hɔ no fa nyansakwan so yɛ wɔn som adwuma no. Ɛtɔ mmere bi a na wɔboapa kɔ nkurɔfo nkyɛn wɔ wɔn afie mu te sɛ nea wɔretotɔ ayɛmmoa anaa awi. Na wɔtaa yɛ Kristofo nhyiam ahorow anadwo wɔ akuw nketewa mu. Nanso, polisifo bɔɔ mmɔden kyeree Yehowa asomfo no mu pii, bɔɔ wɔn sobo sɛ wɔreyɛ adwuma ama amannɔne sum ase asraafo kuw bi—sobo a na enni nnyinaso biara. Polisifo mpanyimfo bi nam fɛwdi so hunahunaa Paweł Pilch sɛ: “Hitler antumi wo a, yɛn de yebetumi wo.” Nanso, onua Pilch dii nokware maa Yehowa ɛmfa ho sɛ wɔde no too afiase mfe anum no. Bere a Adansefo mmofra kakra poe sɛ wɔde wɔn nsa bɛhyɛ amammui krataa ase de akyerɛ sɛ wɔyɛ Sohyialisfo no, woyii wɔn adi fii sukuu ne wɔn nnwuma mu.

Yehowa Dii Wɔn Akyi

Wɔyɛɛ nsakrae wɔ amammui nsɛm mu wɔ 1989 mu, na wogyee Yehowa Adansefo toom wɔ mmara kwan so wɔ Poland. Yehowa asomfo a wogyina pintinn a wɔwɔ Wisła no yɛɛ pii wɔ wɔn som adwuma no mu, sɛnea hɔnom akwampaefo ne bere nyinaa asomfo dodow da no adi no. Na anuanom mmarima ne mmea bɛyɛ 100 abɛyɛ akwampaefo. Enti, na ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔbɔ Wisła kurow no mmeran sɛ Akwampaefo Kurow.

Bible no ka mmoa a Onyankopɔn de maa n’asomfo wɔ tete no ho asɛm sɛ: “Sɛ ɛnyɛ [Yehowa, NW] na ɔwɔ yɛn afa, bere a nnipa sɔre hyɛɛ yɛn no a, anka . . . wɔamemmene yɛn animono.” (Dwom 124:2, 3) Wɔ yɛn bere yi so no, ɛmfa ho anibiannaso a abu so ne wiase yi mu brasɛe a ɛrekɔ so wɔ nnipa pii fam no, Yehowa asomfo a wɔwɔ Wisła no kura wɔn mudi mu na wɔanya nhyira pii. Adansefo a wɔbɛba akyiri yi wɔ beae hɔ no betumi adi adanse sɛ ɔsomafo Paulo asɛm yi yɛ nokware: “Sɛ Onyankopɔn wɔ yɛn afa a, hena na ɔne yɛn bedi asi?”—Romafo 8:31.

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Wɔde Emilia Krzok ne ne mma Helena, Emilia, ne Jan koguu nneduaban a wɔtra hɔ bere tiaa bi wɔ Bohemia no mu

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Bere a Paweł Szalbot ampene sɛ ɔbɛkɔ sraadi no, wɔma ɔkɔyɛɛ adwuma wɔ nkommena mu

[Mfonini wɔ kratafa 27]

Bere a wɔde anuanom kɔɔ Auschwitz na wowuwui wɔ hɔno, adwuma no ammrɛ ase wɔ Wisła

[Mfonini wɔ kratafa 28]

Wɔde Paweł Pilch ne Jan Polok koguu mmabun nneduaban mu wɔ Lodz

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 25]

Aduaba ne Nhwiren: © R.M. Kosinscy/www.kosinscy.pl