Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Bere a Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo no sɛ ‘wɔmmɔ afoforo bosea a wonnye mfɛntom no,’ so na ɔrekyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ wogye sikaten no mpo?

Nea ɛma yɛte Yesu nsɛm a wɔakyerɛw wɔ Luka 6:35 no ase yiye ne Mose Mmara no. Onyankopɔn hyɛɛ Israelfo no wɔ mmara no mu sɛ wɔmmɔ mfɛfo Israelfo a wodi hia na wohia mmoa no bosea a wonnye mfɛntom. (Exodus 22:25; Leviticus 25:35-37; Mateo 5:42) Ná wɔremfa saa bosea yi nnkɔyɛ adwuma. Mmom no, na wɔde saa bosea a wonnye ho mfɛntom no bɛboa obi a ahia no anaa ɔrehu amane. Ná ɛbɛyɛ atirimɔdensɛm kɛse sɛ wobenya ɔyɔnko bi a ahia no ho mfaso. Nanso, na nea ɔde bosea no rema no wɔ hokwan sɛ ɔsan gye sika a ɔde mae no, na ɛtɔ mmere bi a wosi ho awowa mpo.—Deuteronomium 15:7, 8.

Bere a Yesu kyerɛe sɛ wonni Mmara no so no, ɔtrɛw ɛsodi no mu mpo kae sɛ ɛnsɛ sɛ nea ɔde mmoa rema no ‘hwɛ kwan sɛ wobenya mfɛntom akyiri yi.’ Te sɛ Israelfo no, ɛtɔ mmere bi a Kristofo hyia sikasɛm mu ahokyere anaa nsɛm tebea foforo a ɛma wodi hia buruburoo. Sɛ Kristoni a ne ho akyere no saa no hwehwɛ sika fam mmoa a, so ɛrenyɛ ayamye sɛ yɛbɛboa no? Nokwarem no, ɔdɔ ankasa bɛma Kristoni anya ɔpɛ sɛ ɔbɛboa ne onua a tebea bi ama ne ho akyere no wɔ sika fam no. (Mmebusɛm 3:27) Ebia obetumi akyɛ saa onua a ahia no no biribi, ɛwom mpo sɛ ebia sika no rennu nea wɔde bɔ bosea de.—Dwom 37:21.

Wɔ afeha a edi kan Y.B. mu no, wɔsomaa ɔsomafo Paulo ne Barnaba sɛ wɔmfa ntoboa a Asia Kumaa Kristofo yii no nkɔma anuanom a wɔwɔ Yudea a na wɔredi kɔm no. (Asomafo no Nnwuma 11:28-30) Saa ara nso na nnɛ, sɛ asiane bi si a, Kristofo taa de akyɛde kɔma wɔn nuanom a wɔn ho akyere wɔn no. Na wɔnam saayɛ so di afoforo adanse. (Mateo 5:16) Nokwarem no, ɛsɛ sɛ wosusuw su a nea ɔhwehwɛ mmoa no kura ne tebea a ɔwom no nso ho. Dɛn nti na ohia mmoa? Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ Paulo nsɛm yi nsow: “Sɛ obi mpɛ sɛ ɔyɛ adwuma a, mma onnnidi nso.”—2 Tesalonikafo 3:10.

Sɛ onua a ɔpɛ bosea no ho nkyeree no paa, na mmom bere tiaa bi mu mmoa a ɛbɛma nneɛma asan ayɛ yiye wɔ sikasɛm mu nti na ohia a, ebetumi ayɛ nea ɛfata sɛ wɔbɛbɔ no bosea a wɔrennye ho mfɛntom. Wɔ saa tebea no mu no, bosea a wɔde ma obi na wɔhwɛ kwan sɛ obetua ne nyinaa no ntia asɛm a Yesu kae wɔ Luka 6:35 no. Ɛsɛ sɛ wɔyɛ ho nhyehyɛe na wɔkyerɛw gu krataa so, na nea ogye bosea no bɔ mmɔden biara sɛ obetua sɛnea nhyehyɛe no te. Nokwarem no, ɛsɛ sɛ Kristofo dɔ ka nea ogye bosea no ma otua sika no sɛnea ɔdɔ kaa nea ɔde maa no no ma ɔde mae no ara pɛ.

Ɛho behia nso sɛ nea ɔde bosea (anaa akyɛde no) rema no nso susuw n’ankasa abusua nsɛm tebea ho. Sɛ nhwɛso no, so bosea a ɔrebɔ no bɛma ayɛ den ama no sɛ ɔde n’abusua ahiade a ɛyɛ Kyerɛwnsɛm mu asɛyɛde titiriw no bɛma? (2 Korintofo 8:12; 1 Timoteo 5:8) Asɛm no ne sɛ Kristofo hwehwɛ hokwan a ɛbɛma wɔadɔ wɔn ho wɔn ho, na wɔada saa ɔdɔ no adi wɔ akwan pa a ɛne Bible nnyinasosɛm hyia so.—Yakobo 1:27; 1 Yohane 3:18; 4:7-11.