Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Paradise—So Wobɛkɔ Hɔ Bi?

Paradise—So Wobɛkɔ Hɔ Bi?

Paradise—So Wobɛkɔ Hɔ Bi?

“Minim onipa bi Kristo mu . . . wohwim no kɔɔ Paradise.”—2 Korintofo 12:2-4.

1. Bible bɔhyɛ ahorow bɛn na nnipa pii ani gye ho?

PARADISE. Bere a edi kan a wotee Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛfa asase so paradise ho no, so wokae sɛnea wotee nka? Ebia wobɛkae bere a wotee sɛ ‘afuraefo aniwa bebue, asotifo aso betue; na nsu atue sare so’ ma ayɛ anika aboro so no. Na nkɔmhyɛ a ɛfa habɔdɔm ne oguanten ba a wɔbɛtra ne apapowa ne ɔsebɔ a wɔbɛbom ada faako ho no nso ɛ? So bere a wokenkan asɛm a ɛfa adɔfo a wɔawuwu a wɔbɛsan aba nkwa mu bio abɛtra Paradise mu ho no, w’ani annye?—Yesaia 11:6; 35:5, 6; Yohane 5:28, 29.

2, 3. (a) Dɛn nti na yebetumi aka sɛ Bible mu anidaso a wowɔ no wɔ nnyinaso? (b) Anidaso foforo a ɛwɔ nnyinaso bɛn na yɛwɔ?

2 W’anidaso no wɔ nnyinaso. Wowɔ nea wubegyina so agye Bible bɔhyɛ ahorow a ɛfa Paradise ho no adi. Sɛ nhwɛso no, wowɔ Yesu nsɛm a ɔka kyerɛɛ ɔbɔnefo a na wɔabɔ no asɛndua mu no mu ahotoso: “Wobɛka me ho Paradise hɔ.” (Luka 23:43) Wowɔ bɔhyɛ a ɛka sɛ: “Sɛnea ne bɔhyɛ te no, yɛretwɛn ɔsoro foforo ne asase foforo a trenee te mu” no mu ahotoso. Wowɔ bɔ a Onyankopɔn ahyɛ sɛ ɔbɛpopa nusu nyinaa; na ɔbɛma owu; awerɛhow, osu ne yaw aba awiei no nso mu ahotoso. Eyi kyerɛ sɛ asase so paradise bɛba bio!—2 Petro 3:13; Adiyisɛm 21:4.

3 Nanso ade foforo a ɛma yenya Paradise yi mu anidaso ne biribi a Kristofo a wɔwɔ asase yi so nyinaa nsa aka mprempren. Ɛyɛ dɛn? Onyankopɔn ayɛ honhom fam paradise ama ne nkurɔfo. Ebia asɛm “honhom fam paradise” no ma ɛyɛ sɛ biribi a enni hɔ, biribi a ɛyɛ den sɛ wɔbɛte ase, nanso wɔaka paradise bi a ɛte saa ho asɛm asie, na ɛwɔ hɔ ankasa.

Paradise Ho Anisoadehu Bi

4. Anisoadehu bɛn na wɔka ho asɛm wɔ 2 Korintofo 12:2-4, na ɛbɛyɛ sɛ hena na onyaa saa anisoadehu no?

4 Ɛdefa honhom fam paradise ho no, hyɛ nea ɔsomafo Paulo kyerɛwee no nsow: ‘Minim onipa bi Kristo mu a wohwim no kɔɔ ɔsoro a ɛtɔ so abiɛsa. Na minim saa onipa no, sɛ ɔwɔ ɔhonam mu oo, onni ɔhonam mu oo, minnim, Onyankopɔn na onim, sɛ wohwim no kɔɔ Paradise, na ɔtee nsɛm a wɔnka a onipa nni ho kwan sɛ ɔka.’ (2 Korintofo 12:2-4) Saa asɛm yi na edi asɛm a Paulo ka de dii ɔsomafo a ɔyɛ no ho adanse akyi pɛɛ. Bio nso, Bible no nkaa obi a wohwim no kɔɔ soro a ɛto so abiɛsa ho asɛm pɛn, Paulo na ɔkaa asɛm yi kyerɛɛ yɛn. Enti ɛda adi sɛ Paulo na onyaa saa anisoadehu yi. Bere a onyaa anisoadehu a ɛyɛ nwonwa yi no, “paradise” bɛn mu na ɔkɔe?—2 Korintofo 11:5, 23-31.

5. Dɛn na Paulo anhu, na “paradise” bɛn na ohui no?

5 Nsɛm a wɔaka wɔ hɔ no nkyerɛ sɛ “ɔsoro a ɛtɔ so abiɛsa” no yɛ wim a yehu yi, anaa ahunmu anaa amansan foforo bi, sɛnea nsoromma ho nyansahufo kyerɛ no. Bible no taa de akontaahyɛde abiɛsa no si asɛm so dua, de gyina hɔ ma nsɛm a emu yɛ den, anaasɛ ɛde hyɛ asɛm mu den. (Ɔsɛnkafo 4:12; Yesaia 6:3; Mateo 26:34, 75; Adiyisɛm 4:8) Enti, nea Paulo hui wɔ anisoadehu no mu no yɛ biribi a ɛkorɔn anaa biribi a wɔama so. Na ɛyɛ honhom mu ade.

6. Nsɛm a esii wɔ abakɔsɛm mu bɛn na ɛma yenya nea Paulo hui no mu nhumu?

6 Nkɔm ahorow bi a Bible dii kan hyɛe no ma yehu asɛm no mu. Bere a Onyankopɔn nkurɔfo a wɔtraa ase tete no anni no nokware no, osii nketekrakye sɛ ɔbɛma Babilonfo asɛe Yuda ne Yerusalem. Sɛnea Bible mmerebu kyerɛ no ɛno na ɛde ɔsɛe a ɛbae wɔ afe 607 A.Y.B. mu no bae. Nkɔmhyɛ no kae sɛ asase no bɛdan amamfo mfirihyia 70; na afei Onyankopɔn bɛma Yudafo a wɔanu wɔn ho no asan aba na wɔde nokware som abesi hɔ. Eyi nyaa mmamu fii afe 537 A.Y.B. mu rekɔ. (Deuteronomium 28:15, 62-68; 2 Ahene 21:10-15; 24:12-16; 25:1-4; Yeremia 29:10-14) Dɛn ankasa na ɛtoo asase no? Wɔ saa mfirihyia 70 no mu no, ɛhɔ nyinaa danee sare a ɛso akyen, ne asakraman atrae. (Yeremia 4:26; 10:22) Nanso, na bɔhyɛ yi wɔ hɔ sɛ: “Yehowa bɛkyekye Sion werɛ, ɔbɛkyekye n’amamfo nyinaa werɛ, na wadan ne sare so sɛ Eden, ne n’anhwea pradada sɛ Yehowa turom [anaasɛ Paradise, Septuagint].”—Yesaia 51:3; NW ase hɔ asɛm.

7. Na dɛn na ebesi wɔ mfirihyia 70 amamfoyɛ no akyi?

7 Ɛno sii wɔ mfirihyia 70 amamfoyɛ no akyi. Ɛdenam Onyankopɔn mmoa so no, tebea no sesã yɛɛ yiye. Yɛ eyi ho mfonini wɔ w’adwenem hwɛ: “Sare so ne nkyerekyerewa benya anika, na anhwea pradada adi ahurusi, na ahan sɛ nhwiren; nhwiren ara na ebegu, ahosɛpɛw ne osebɔ mu ara na ebedi ahurusi; . . . na apakye behuruw sɛ ɔforote, na mum tɛkrɛma ato dwom, na nsu betue sare so, na nsuwansuwa asen anhwea pradada so; na kumaforote bɛdan atare, na asase kesee ayɛ nsuwansuwa; sakraman trabea a wobutuwii no, wura befifi aka demmire ne nkyɛkyerɛ ho.”—Yesaia 35:1-7.

Nnipa a Wɔagye Wɔn na Wɔasakra Wɔn

8. Yɛyɛ dɛn hu sɛ asɛm a ɛwɔ Yesaia ti 35 no fa nnipa ho?

8 Nsakrae bɛn ara ni! Wofi amamfoyɛ mu kɔɔ paradise. Nanso, saa nkɔmhyɛ yi ne afoforo a wotumi de ho to so kyerɛe sɛ wɔbɛyɛ nsakrae wɔ nnipa mu, te sɛ nea asase a na adan amamfo no san bɛyɛɛ asase a ɛsow aba no. Dɛn nti na yebetumi aka saa? Wiɛ, ná Yesaia reka ‘wɔn a Yehowa apon wɔn, a wɔbɛsan de anigye akɔ wɔn asase so na wɔn nsa aka ahosɛpɛw ne anigye no’ ho asɛm. (Yesaia 35:10) Ná ɛno mfa asase ankasa ho na mmom ɛfa nnipa ho. Bio nso, Yesaia kaa nnipa a wɔsan de wɔn kɔɔ Sion ho asɛm wɔ beae foforo nso sɛ: “Wɔmfrɛ wɔn trenee nnua, Yehowa tɛw nnua . . . na sɛ asase ma ne mfifii pue . . . no, [Yehowa, NW] Nyankopɔn bɛma trenee ne ayeyi afifi amanaman nyinaa anim.” Yesaia san ka faa Onyankopɔn nkurɔfo ho sɛ: “[Yehowa, NW] bɛkyerɛ wo kwan daa yi, . . . na wahyɛ wo nnompe mu den, na woayɛ sɛ turo a nsu sen wom.” (Yesaia 58:11; 61:3, 11; Yeremia 31:10-12) Ɛno nti, sɛnea tebea horow a ɛwɔ asase no ankasa so bɛsakra ayɛ yiye no, saa ara na wɔbɛyɛ nsakrae wɔ Yudafo a wɔasan agye wɔn no mu.

9. “Paradise” bɛn na Paulo hui, na bere bɛn na enyaa ne mmamu?

9 Abakɔsɛm mu nhwɛsode yi boa yɛn ma yɛte nea Paulo hui wɔ anisoadehu mu no ase. Ɛbɛfa Kristofo asafo a ɔfrɛɛ no “Onyankopɔn afuw” a na ɛsɛ sɛ ɛsow aba no ho. (1 Korintofo 3:9) Bere bɛn na na saa anisoadehu no benya ne mmamu? Paulo frɛɛ nea ohui no “adiyi” ade a ebesi daakye. Na onim sɛ ne wu akyi no ɔwae a emu yɛ den bɛsɔre. (2 Korintofo 12:1; Asomafo no Nnwuma 20:29, 30; 2 Tesalonikafo 2:3, 7) Bere a awaefo no redɔɔso na ɛte sɛ nea wɔrebunkam nokware Kristofo so no, na wɔrentumi mfa wɔn ntoto turo a ayɛ frɔmfrɔm ho. Nanso, na bere bi bɛba a wɔbɛma nokware som so bio. Wobegye Onyankopɔn nkurɔfo sɛnea ɛbɛyɛ a ‘treneefo no bɛhyerɛn sɛ owia wɔ wɔn Agya ahenni mu.’ (Mateo 13:24-30, 36-43) Ɛno nyaa mmamu ankasa bere a wɔde Onyankopɔn Ahenni no sii hɔ wɔ soro mfe kakraa bi akyi no. Na wɔ mfe bi akyi no, ɛbɛdaa adi pefee sɛ Onyankopɔn nkurɔfo nyaa honhom fam paradise, nea Paulo hui wɔ saa anisoadehu no mu no.

10, 11. Ɛmfa ho sɛ yɛnyɛ pɛ no, dɛn nti na yebetumi aka sɛ yɛwɔ honhom fam paradise mu?

10 Nokwarem no, yenim sɛ sɛ́ ankorankoro no yɛnyɛ pɛ, enti ɛnyɛ yɛn nwonwa sɛ bere ne bere mu no nsɛnnennen sɔre wɔ yɛn ntam, sɛnea ɛkɔɔ so wɔ Kristofo a wɔtraa ase wɔ Paulo bere so ntam no. (1 Korintofo 1:10-13; Filipifo 4:2, 3; 2 Tesalonikafo 3:6-14) Nanso, susuw honhom fam paradise a yɛwɔ mu mprempren yi no ho hwɛ. Sɛ yɛde yare a na yɛyare wɔ honhom fam bere bi a atwam no toto ho a, wɔasa yɛn yare wɔ honhom fam. Na fa honhom fam aduan a yedi no mprempren yi toto kan kɔm a na yɛwom no ho hwɛ. Sɛ anka Onyankopɔn nkurɔfo bedi apere wɔ honhom fam asase kesee so no, wonya n’anim dom ne nhyira pii. (Yesaia 35:1, 7) Sɛ anka yɛbɛtra honhom fam sum a ɛte sɛ amoa a sum kabii wom mu no, yehu hann a ɛma yenya ɔsom mu ahofadi ne Onyankopɔn dom. Nnipa pii a na wɔnte Bible nkɔmhyɛ ahorow ase no abɛte nea Kyerɛwnsɛm no wɔ ka ase yiye. (Yesaia 35:5) Sɛ nhwɛso no, Yehowa Adansefo ɔpepem pii a wɔwɔ wiase nyinaa asua Daniel nkɔmhyɛ no nkyekyɛm nyinaa. Afei nso wɔasusuw Yesaia nhoma no ti biara mu nsɛm ho akɔ akyiri. So saa honhom fam aduan a ɛma abotɔyam yi nyɛ honhom fam paradise no ho adanse a ɛda adi pefee?

11 Afei, susuw nsakrae ahorow a nnipa komapafo a wofi mmusua ahorow mu ayɛ wɔ wɔn suban mu, bere a wɔbɔ mmɔden te Onyankopɔn Asɛm no ase na wɔde bɔ wɔn bra no nso ho hwɛ. Titiriw no, wɔabɔ mmɔden ayi su a na ɛte sɛ mmoa de a na wɔda no adi no agu. Ebia wo nso woayɛ saa ma mfaso pa afi mu aba, na saa ara na wo honhom fam nuanom no nso ayɛ. (Kolosefo 3:8-14) Ne saa nti, bere a wo ne Yehowa Adansefo asafo no bɔ no, na wo ne nnipa a wɔwɔ asomdwoe ne ntease paa na ɛrebɔ fekuw. Ɛwom, wonnya nyɛɛ pɛ de, nanso yentumi nka sɛ wɔte sɛ agyata a wɔyɛ keka anaasɛ nkekammoa bi. (Yesaia 35:9) Dɛn na saa honhom fam fekubɔ a asomdwoe wom yi kyerɛ? Ɛda adi pefee sɛ, yɛwɔ honhom fam tebea a yebetumi afrɛ no honhom fam paradise ma afata mu. Na yɛn honhom fam paradise no yɛ asase so paradise a sɛ yɛkɔ so di Onyankopɔn nokware a yebenya no ho mfonini.

12, 13. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛakɔ so atra yɛn honhom fam paradise no mu?

12 Nanso, biribi wɔ hɔ a ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu so. Onyankopɔn ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ: “Munni mmara nsɛm a merehyɛ mo nnɛ yi nyinaa so, na mo ho ayɛ den, na moakɔ akɔfa asase a moretwam akɔ so akɔfa no.” (Deuteronomium 11:8) Wɔkaa asase koro no ara ho asɛm wɔ Leviticus 20:22, 24 sɛ: “Munni m’ahyɛde nyinaa ne m’atemmude nyinaa so na monyɛ, na asase a mede mo rekɔ hɔ akɔtra so no amfe mo angu. Na mise mo sɛ: Mo na munni wɔn asase so, na mede mema mo sɛ momfa, asase a ɛsen nufusu ne ɛwo no.” Yiw, na Bɔhyɛ Asase no a wobenya no gyina abusuabɔ pa a wɔne Yehowa Nyankopɔn benya so. Esiane sɛ Israelfo no anyɛ osetie amma Onyankopɔn nti na ɔmaa Babilonfo dii wɔn so nkonim na wotuu wɔn fii wɔn asase no so no.

13 Nneɛma pii wɔ honhom fam paradise no mu a yɛn ani begye ho. Emu yɛ anika na ɛma yenya ahotɔ. Asomdwoe wɔ yɛne Kristofo a wɔabɔ mmɔden asakra afi suban a ɛte sɛ mmoa de ho no ntam. Wɔrebɔ mmɔden sɛ wɔbɛda ayamye su adi na wɔaboa afoforo. Nanso, yɛn honhom fam paradise no mu a yɛbɛkɔ so atra no hwehwɛ pii sen abusuabɔ pa a yɛbɛma atra yɛne saa nkurɔfo yi ntam. Ɛhwehwɛ sɛ yɛne Yehowa benya abusuabɔ pa na yɛayɛ n’apɛde. (Mika 6:8) Yefi yɛn pɛ mu na yɛbaa honhom fam paradise yi mu, nanso sɛ yɛankora abusuabɔ a ɛda yɛne Onyankopɔn ntam no so a, yebetumi aman—anaasɛ wɔatu yɛn afi mu.

14. Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛatra honhom fam paradise no mu?

14 Ade titiriw a ebetumi aboa yɛn ne sɛ yɛbɛkɔ so ama Onyankopɔn Asɛm no ahyɛ yɛn den. Hyɛ ntotoho a wɔde dii dwuma wɔ Dwom 1:1-3 no nsow: “Nhyira ne onipa a ɔnnantew abɔnefo agyina mu, . . . na mmom [Yehowa, NW] mmara sɔ n’ani, na odwen ne mmara so awia ne anadwo. Ɔte sɛ dua a atim asubɔnten ho a ɛsow n’aba, ne bere mu, na n’ahaban mpo, na nea ɔyɛ nyinaa bewie yiye.” Bio nso, Bible ho nhoma ahorow a efi akoa nokwafo ne ɔbadwemma kuw no hɔ no ma yenya honhom fam aduan wɔ honhom fam paradise no mu.—Mateo 24:45-47.

Hyɛ Paradise Ho Anidaso a Wowɔ no mu Den

15. Dɛn nti na Mose antumi anni Israelfo no anim ankɔ Bɔhyɛ Asase no so, nanso dɛn na ohui?

15 Susuw Paradise ho nsusuwso foforo nso ho hwɛ. Bere a Israelfo no kyinkyinii sare no so mfe 40 akyi no, Mose dii wɔn anim kɔɔ Moab Tataw So wɔ Asubɔnten Yordan apuei fam. Esiane mfomso bi a Mose dii bere bi a atwam no nti, Yehowa hyɛe sɛ Mose renni Israelfo no anim ntwa Yordan. (Numeri 20:7-12; 27:12, 13) Mose srɛɛ Onyankopɔn sɛ: “Mesrɛ wo, ma mintwa menkɔhwɛ asase pa a ɛwɔ Yordan agya no.” Ɛwom sɛ na Mose renhyɛn asase no so de, nanso bere a ɔforo kɔɔ Bepɔw Pisga so na ohuu asase no afã horow no, ɛda adi sɛ ohui ankasa sɛ ɛyɛ “asase pa.” Wususuw sɛ na saa asase no te dɛn?—Deuteronomium 3:25-27.

16, 17. (a) Ɔkwan bɛn so na Bɔhyɛ Asase a na ɛwɔ hɔ tete no yɛ soronko wɔ sɛnea ɛte nnɛ no ho? (b) Dɛn nti na yebetumi agye adi sɛ na Bɔhyɛ Asase no te sɛ paradise?

16 Sɛ wususuw sɛnea asase no te nnɛyi ho a, ebia wobɛka sɛ na ɛyɛ asase kesee a anhwea wɔ so, anhweatam a abotan tintim so, na ɛso yɛ hyew. Nanso, adanse wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ Bible mmere mu no na asase mũ no nyinaa yɛ soronko koraa. Ɔbenfo Walter C. Lowdermilk a ɔyɛ nsu ne anhwea ho nimdefo no kyerɛkyerɛɛ mu wɔ Scientific American nsɛmma nhoma no mu sɛ “wɔde mfirihyia apem na asɛe ɛhɔ asase no.” Ɔbenfo yi kyerɛwee sɛ: “Nnipa na ɛyɛ maa asase a bere bi na ɛyɛ frɔmfrɔm no danee ‘anhweatam,’ na ɛnyɛ ɛno ankasa na ɛyɛɛ saa.” Nokwarem no, ne nhwehwɛmu no daa no adi sɛ “na saa asase yi yɛ paradise adidibea.” Enti, ɛda adi pefee sɛ nnipa na wɔasɛe asase a na anka ɛyɛ “paradise adidibea” no. *

17 Sɛ wususuw nea woakenkan afi Bible no mu no ho a, wubehu sɛ ntease wom sɛ yebenya adwene a ɛte saa. Kae awerɛhyem a Yehowa nam Mose so de mae no: “Asase a moretwam akɔ so akɔfa no yɛ mmepɔw ne abon asase a ɛnom ɔsoro su mu nsu, asase a [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn hwɛ so daa yi.”—Deuteronomium 11:8-12.

18. Ɔkwan bɛn so na ɛbɛyɛ sɛ Yesaia 35:2 maa Israelfo a na wɔwɔ nnommumfa mu no nyaa adwene bi wɔ sɛnea na Bɔhyɛ Asase no bɛyɛ ho?

18 Na Bɔhyɛ Asase no so nnɔbae frɔmfrɔm ne aba a na ɛsow no ma hɔ yɛ fɛ ara ma ɛso mmeae bi din kɛkɛ a wɔbɔ no ma paradise ho adwene ba obi tirim. Nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yesaia ti 35 a enyaa ne mmamu a edi kan bere a Israelfo no san fii Babilon no maa eyi daa adi pefee. Yesaia ka siei sɛ: “Nhwiren ara na ebegu, ahosɛpɛw ne osebɔ mu ara na ebedi ahurusi; wɔde Lebanon anuonyam, Karmel ne Saron ahyehyɛde, bɛma no; wobehu [Yehowa, NW] anuonyam, yɛn Nyankopɔn ahyehyɛde no.” (Yesaia 35:2) Ɛbɛyɛ sɛ Lebanon, Karmel ne Saron ho asɛm a wɔkae no maa beae bi a abotɔyam wɔ na ɛhɔ yɛ fɛ ho mfonini baa Israelfo no adwenem.

19, 20. (a) Kyerɛkyerɛ sɛnea beae a na tete Saron wɔ no te mu. (b) Ɔkwan biako bɛn so na yɛbɛfa ahyɛ yɛn anidaso a yɛwɔ wɔ Paradise no mu den?

19 Susuw Saron, asasetaw a ɛda Samaria mmepɔw ne Ɛpo Kɛse no anaa Mediterranea ntam no ho hwɛ. (Hwɛ mfonini a ɛwɔ kratafa 10 no.) Na wonim hɔ yiye sɛ asase a ɛyɛ fɛ na ɛsow aba. Esiane sɛ na nsu wɔ so nti, na ɛyɛ baabi a mmoa nya aduan di, nanso na n’atifi fam no yɛ kwae a adum akɛse ayɛ mu ma. (1 Beresosɛm 27:29; Nnwom mu Dwom 2:1; Yesaia 65:10) Enti na Yesaia 35:2 reka asase a wɔbɛsan asiesie na agu nhwiren ma ɛso ayɛ fɛ na ayɛ te sɛ paradise ho asɛm. Na saa nkɔmhyɛ no nso retwe adwene asi honhom fam paradise bi a ɛyɛ anigye so, nea akyiri yi Paulo hui wɔ anisoadehu mu no. Awiei koraa no, saa nkɔmhyɛ yi ne nkɔmhyɛ afoforo hyɛ anidaso a yɛwɔ wɔ asase so paradise a adesamma benya no mu den.

20 Bere a yɛte yɛn honhom fam paradise mu yi, yebetumi ahyɛ anisɔ a yɛwɔ wɔ mu ne anidaso a yɛwɔ sɛ asase so Paradise bɛba no mu den. Ɔkwan bɛn so? Denam ntease a ɛkɔ akyiri a yebenya afi nea yesua wɔ Bible no mu no so. Bible mu nsɛm ne mu nkɔmhyɛ ahorow no taa ka mmeae pɔtee bi ho asɛm. W’ani begye ho sɛ wubehu faako na saa mmeae yi wɔ ankasa ne sɛnea na ɛne amantam afoforo di nsɛ no? Yebesusuw ɔkwan a wobɛfa so ayɛ saa na woanya so mfaso no ho wɔ adesua a edi hɔ no mu.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 16 Denis Baly kae wɔ The Geography of the Bible mu sɛ “ɛbɛyɛ sɛ sɛnea afifide no te fi Bible mmere so no sakrae kɛse.” Dɛn na ɛma ɛbaa saa? “Na nnipa hia nnua asɔ gya de anoa aduan na wɔde bi asisi adan . . . ɛno nti wofii ase twitwaa nnua no maa asase no so daa hɔ ma wim tebea sɛee no. Nea efi eyi mu bae ne sɛ wim nsakrae . . . de nkakrankakra sɛee asase no.”

Wokae?

• “Paradise” bɛn na ɔsomafo Paulo hui wɔ anisoadehu mu?

• Ɛdefa Yesaia ti 35 ho no, dɛn ne ne mmamu a edi kan, na abusuabɔ bɛn na ɛda ɛne anisoade a Paulo hui no ntam?

• Ɔkwan bɛn so na yɛbɛfa ahyɛ anisɔ a yɛwɔ wɔ yɛn honhom fam paradise ne yɛn anidaso a yɛwɔ wɔ asase so paradise no mu den?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Saron Asasetaw, Bɔhyɛ Asase no so beae a ɛsow aba

[Asɛm Fibea]

Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.

[Mfonini wɔ kratafa 12]

Mose hui sɛ ɛyɛ “asase pa”