Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Akannifo Pa a Wɔrehwehwɛ

Akannifo Pa a Wɔrehwehwɛ

Akannifo Pa a Wɔrehwehwɛ

“Meka no Onyankopɔn din mu sɛ, kɔ! Yɛne wo awie, fi ha kɔ.”—Oliver Cromwell asɛm a Leopold Amery a na ɔyɛ Britain Mmarahyɛ baguani fa kae.

Ná Wiase Ko II no akɔ so asram awotwe ma asɛe nneɛma, na na nneɛma nkɔ yiye mma Britain ne n’apamfo no. Wɔ Leopold Amery ne aban no mufo foforo fam no, na ehia sɛ wɔyɛ nsakrae wɔ akanni mu. Enti, wɔ May 7, 1940 no, Owura Amery faa atifi hɔ asɛm no ka kyerɛɛ Ɔman Soafo Panyin Owura Neville Chamberlain wɔ Mmarahyɛ Bagua mu. Nnansa akyi no, Owura Chamberlain tuu ne ho ade so, na Winston Churchill besii n’ananmu.

AKANNI yɛ adesamma ahiade titiriw, nanso ɛnyɛ ɔkannifo biara na ɔbɛfata. Wɔ abusua mu mpo no, sɛ ɔyere ne mma ani begye a, ɛsɛ sɛ agya no yɛ ɔkannifo pa. Ɛnde, susuw nea wɔhwehwɛ fi ɔman bi anaa wiase kannifo hɔ no ho hwɛ! Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ akannifo pa ho ayɛ na saa.

Ɛno nti na wɔasi ahene, adan aman ani, atu nniso ahorow agu, apaw akannifo foforo, atow aba, akunkum akannifo binom, na wɔasakra nniso ahorow a enni ano wɔ mfirihyia mpempem pii mu no. Wɔde ahemfo, aman asoafo mpanyin, asafohene, amampanyin, akyerɛwfo mpanyin, ne katabaakofo asisi ade so atu wɔn. Nsakrae a wɔnhwɛ kwan a ɛba ama wɔatutu sodifo a wɔyɛ den mpo afi ade so. (Hwɛ adaka a ɛne “Ɛnkyɛ na Tumi Afi Wɔn Nsa” a ɛwɔ kratafa 5 no.) Nanso, wonnyaa akannifo a wɔfata a wɔtra hɔ kyɛ.

“Yɛmfa no Saa Ara”—Anaasɛ Yɛnhwehwɛ Foforo?

Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ nnipa pii nni anidaso biara sɛ wobetumi anya akannifo pa. Wɔ aman bi mu no, sɛ edu abatow so titiriw a, ɔmanfo no yɛ anibiannaso de kyerɛ sɛ wonni anidaso biara. Geoff Hill, ɔsɛnkyerɛwfo bi a ɔwɔ Afrika, kae sɛ: “Sɛ ɔmanfo te nka sɛ, wontumi nsesa wɔn asetra a ɛyɛ awerɛhow no a, ɛnna wɔyɛ anibiannaso wɔ [abatow] ho anaasɛ wɔntow koraa. . . . Wɔ Afrika no, sɛ ɔmanfo no antow aba a, ɛnkyerɛ ankasa sɛ wɔpene akannifo a wɔwɔ hɔ no so. Mpɛn pii no, wɔn a wɔte nka sɛ obiara nsusuw wɔn ho no yɛ saa de kyerɛ sɛ wɔn ani nnye nea wɔn akannifo reyɛ no ho.” Saa ara na obi a ɔkyerɛw nsɛm kɔ atesɛm krataa bi mu wɔ United States nso kyerɛw faa aba bi a na wɔrebɛtow ho sɛ: “Me yam a anka obi a ɔfata paa agyina sɛ wɔntow aba mma no.” Nanso, ɔde kaa ho sɛ: “Obiara nni hɔ a ɔte saa. Yɛrennya bi. Yɛmfa no saa ara.”

Enti, ɛyɛ nokware sɛ adesamma rennya ɔkannifo a ɔfata paa mma wonni wɔn so ma enti wɔmfa akannifo a wɔtɔ sin no “saa ara”? So nokwasɛm a ɛyɛ sɛ nnipa akannifo ntumi nnii wɔn manfo ahiade ho dwuma mmaa wɔn no kyerɛ sɛ yɛrennya ɔkannifo pa da? Dabi. Ɔkannifo a ɔfata sen biara wɔ hɔ. Asɛm a edi hɔ no bɛkyerɛ yɛn ɔkannifo a ɔfata paa ma adesamma, ne sɛnea nnipa ɔpepem pii a ɛsono mmusua a wofi mu ne gyinabea a wɔwom—a w’ankasa woka ho—betumi anya n’akanni no so mfaso.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 3]

Atifi hɔ benkum: Neville Chamberlain

Atifi hɔ nifa: Leopold Amery

Ase hɔ: Winston Churchill

[Nsɛm Fibea]

Chamberlain: Photo by Jimmy Sime/Central Press/Getty Images; Amery: Photo by Kurt Hutton/Picture Post/Getty Images; Churchill: The Trustees of the Imperial War Museum (MH 26392)