Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Hena ne Ɔkannifo a Ɔfata Nnɛ?

Hena ne Ɔkannifo a Ɔfata Nnɛ?

Hena ne Ɔkannifo a Ɔfata Nnɛ?

Akanni ho asɛnnennen sɔree wɔ Britain Mmarahyɛ Bagua mu wɔ afe 1940 mu. Ná David Lloyd George a wadi mfirihyia 77 a otiee adwenkyerɛ ahorow a ɛkɔɔ so no bi no adi Britain anim ma wɔadi nkonim wɔ Wiase Ko I no mu, na esiane mfe pii a na ɔde ayɛ amanyɔsɛm nti, otumi kaa aban mpanyimfo adwuma ho asɛm sɛnea ɛfata. Wɔ kasa bi a ɔmae wɔ Britain Mmarahyɛ Bagua mu wɔ May 8 no, ɔkae sɛ: “Ɔman no ayɛ krado sɛ wɔde wɔn ho bɛbɔ afɔre biara, bere tenten a ɛwɔ akannifo, bere tenten a Aban no da ne botae adi pefee, ne bere tenten a ɔman no wɔ ahotoso sɛ wɔn a wodi anim no reyɛ nea wobetumi biara no.”

NSƐM a Lloyd George kae yi ma emu da hɔ sɛ nkurɔfo hwɛ kwan sɛ wɔn akannifo bɛyɛ nnipa a wɔfata na wɔbɔ mmɔden biara sɛ wɔbɛma nneɛma ayɛ yiye. Obi a ɔkyerɛkyerɛ abatow mu ka ho asɛm wɔ saa kwan yi so sɛ: “Sɛ nkurɔfo tow aba paw ɔmampanyin a, na wɔde wɔn nkwa, wɔn daakye, ne wɔn mma ho bammɔ ahyɛ ne nsa.” Adwuma a ɛte saa a wɔde hyɛ obi nsa no yɛ adwuma a ɛsõ ankasa. Dɛn ntia?

Ɔhaw ahorow a ɛte sɛ nea wontumi nni so ahyɛ yɛn wiase yi mu ma. Sɛ nhwɛso no, ɔkannifo bɛn na wada ne ho adi sɛ onim nyansa paa, na ɔwɔ tumi a obetumi ayi nsɛmmɔnedi ne ɔko afi hɔ? Akannifo a wɔwɔ hɔ nnɛ no mu hena na ɔwɔ ayamhyehye, na ɛwɔ ne tumi mu sɛ ɔbɛma onipa biara aduan, nsu pa, ne apɔwmuden? Hena na ɔwɔ nimdeɛ ne akokoduru a ɔde bɛbɔ abɔde a atwa yɛn ho ahyia ho ban, na wayɛ nea asɛe no yiye? Hena na ɔfata na ɔwɔ tumi paa a obetumi ahwɛ ama adesamma nyinaa atra ase daa na wɔanya anigye?

Nnipa Ntumi Nyɛ Adwuma No

Ɛyɛ nokware sɛ akannifo binom atumi ama nneɛma ayɛ yiye kakra de, nanso, mfirihyia kakraa bi pɛ na wotumi di ade—afei hena na obedi wɔn ade? Akannifo a wɔfata paa a wɔatra ase pɛn no mu biako, tete Israel hene Salomo, susuw saa asɛm yi ho. Ɔde baa awiei sɛ: “Me brɛ a mebrɛɛ owia ase no nyinaa fonoo me, sɛ merebegyaw mama onipa a obedi m’akyi aba no. Na hena na onim sɛ ɔbɛyɛ onyansafo anaa ɔkwasea? Nanso obedi m’ade a mebrɛɛ ho mede nyansa minyae owia ase no nyinaa so. Eyi nso yɛ ahuhude.”—Ɔsɛnkafo 2:18, 19.

Na Salomo nnim sɛ ebia nea obedi n’ade no bɛtoa ne nnwuma pa no so anaasɛ ɔbɛsɛe ne nyinaa. Wɔ Salomo fam no, na obu sodifo foforo a wɔde wɔn sisi dedaw ananmu no sɛ “ahuhude.” Bible nkyerɛase afoforo bi frɛ adeyɛ yi sɛ “adehunu,” anaa biribi a “ntease nnim.” Nkyerɛase bi ka sɛ: “Nyansa nnim.”

Ɛtɔ mmere bi a wɔnam basabasayɛ so tu sodifo ahorow fi ade so. Wɔakunkum akannifo a wɔfata bere a na wɔreyɛ wɔn adwuma no. Bere bi, Abraham Lincoln, United States mampanyin a wobu no yiye no ka kyerɛɛ n’atiefo bi sɛ: “Wɔapaw me sɛ menyɛ adwuma bi a ɛho hia bere tiaa bi, na mprempren moama me tumi bi a ɛrenkyɛ ebefi me nsa.” Nokwarem no, wanni tumi ankyɛ. Ɛmfa ho nea Ɔmampanyin Lincoln yɛe nyinaa ne ɔpɛ a na ɔwɔ sɛ ɔbɛyɛ pii ama ne manfo no, odii ne man no so mfirihyia anan pɛ. Ɔbarima bi a na ɔpɛ sɛ nsakrae ba ɔman no akanni mu kum no bere a na wadi ade mfirihyia anan awie na ɔresan afi mfirihyia anan foforo ase no.

Nnipa akannifo a woye sen biara mpo ntumi mmɔ wɔn ankasa daakye ho ban. Ɛnde, so wode wo ho bɛto wɔn so sɛ wɔmmɔ wode ho ban? Bible ka sɛ: “Mommfa mo ho nnto ahene anaa onipa ba a nkwagye bi nni ne mu so. Ne honhom fi kɔ, ɔsan kɔ ne dɔte mu, da no ara ne tirim a ɔbobɔe yera.” Byington nkyerɛase no kyerɛ nkyekyɛm 4 no fã a edi akyiri no ase sɛ: “Saa da no ara adwempa a ɔwɔ no yera koraa.”—Dwom 146:3, 4.

Ebia ɛbɛyɛ den sɛ yebegye afotu a ɛka sɛ ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn ho to nnipa akannifo so no atom. Nanso, Bible nka da sɛ adesamma rennya ɔkannifo pa a ɔbɛtra hɔ daa. Yesaia 32:1 ka sɛ: “Hwɛ, trenee so na ɔhene bi bedi hene.” Yehowa Nyankopɔn, onipa Bɔfo no asiesie “ɔhene,” Ɔkannifo bi a ɛrenkyɛ obedi asase nyinaa so. Ɔne hena? Bible nkɔmhyɛ ka ne ho asɛm.

Nea Ɔfata Paa sɛ Odi Yɛn So

Mfirihyia mpem abien a atwam no, ɔbɔfo bi ka kyerɛɛ Yudani ababaa bi a ne din de Maria sɛ: “Wubenyinsɛn, na woawo ɔbabarima, na woato ne din Yesu. Ɔbɛyɛ ɔkɛse, na wɔafrɛ no nea ɔwɔ sorosoro no ba; na [Yehowa, NW] Nyankopɔn de n’agya Dawid ahengua bɛma no. Na obedi Yakob fi so hene daapem, na n’ahenni no to rentwa da.” (Luka 1:31-33) Yiw, Yesu a ofi Nasaret no ne Ɔhene a wɔka ne ho asɛm wɔ Bible nkɔmhyɛ mu no.

Nyamesomfo taa yɛ Yesu mfonini sɛ akokoaa, sɛ́ obi a onnya aduan pa nni, anaasɛ obi a ɔde nneɛma kame ne ho a ɔpene biribiara a afoforo de yɛ no so. Saa mfonini ahorow yi mma wonnya ne mu ahotoso sɛ Sodifo. Nanso, Yesu Kristo ankasa a Bible ka ne ho asɛm no nyin bɛyɛɛ ɔbarima a ne ho yɛ den, ɔwɔ tumi, ɔyɛ nsi na onim nyansa. Na ɔwɔ su afoforo a ɛma ɔbɛyɛɛ ɔkannifo a ɔfata. (Luka 2:52) Ne su ahorow a ɛda nsow no mu kakra na edidi so yi.

Yesu kuraa ne mudi mu pintinn. Na ne nokwaredi ne n’abrabɔ pa fata araa ma ɔka kyerɛɛ n’atamfo wɔ baguam sɛ wɔmmɔ no sobo a ɛwɔ nnyinaso. Nanso, wɔantumi. (Yohane 8:46) Ne nkyerɛkyerɛ a ɛyɛ nokware turodoo no maa anokwafo pii bɛyɛɛ n’akyidifo.—Yohane 7:46; 8:28-30; 12:19.

Yesu de ne ho maa Onyankopɔn koraa. Osii ne bo koraa sɛ obewie adwuma a na Onyankopɔn de ama no no a na ɔsɔretiafo biara—nea onipa anaa adaemone de ba—ntumi nsiw no kwan. Basabasa a wɔyɛɛ no no ammɔ no hu. (Luka 4:28-30) Ɔbrɛ ne ɔkɔm ammu n’abam. (Yohane 4:5-16, 31-34) Ɛwom mpo sɛ ne nnamfo no guan gyaw no de, nanso wamman amfi ne botae ho.—Mateo 26:55, 56; Yohane 18:3-9.

Ná Yesu dwen nnipa ho yiye. Ɔmaa wɔn a ɔkɔm de wɔn aduan. (Yohane 6:10, 11) Ɔkyekyee wɔn a na wɔn werɛ ahow werɛ. (Luka 7:11-15) Obuee anifuraefo ani, ɔmaa asotifo tee asɛm, na ɔsaa ayarefo yare. (Mateo 12:22; Luka 8:43-48; Yohane 9:1-6) Ɔhyɛɛ n’asomafo a na wɔyɛ adwumaden no nkuran. (Yohane ti 13–17) Ɔdaa ne ho adi sɛ ‘oguanhwɛfo pa’ a odwen ne nguan ho.—Yohane 10:11-14.

Ná Yesu pɛ adwuma. Bere a na Yesu nam Israel mfutukwan so reka asɛmpa no, ɔno ankasa nan ho yɛɛ fĩ. (Luka 8:1) Nanso, ɔhohoroo asomafo no anan ho sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛma wɔn asuade bi a ɛho hia. (Yohane 13:4-15) Bere mpo a na ɔregye n’ahome wɔ “sare so fa baabi” na nkurɔfokuw no kɔɔ ne nkyɛn sɛ ɔnkyerɛkyerɛ wɔn no, ɔyɛɛ saa. (Marko 6:30-34) Ɔnam saayɛ so yɛɛ nsiyɛ ho nhwɛso maa Kristofo nyinaa.—1 Yohane 2:6.

Yesu wiee n’adwuma na ofii asase so. Yehowa Nyankopɔn maa no ahenni ne nkwa a owu nnim wɔ soro sɛ ne nokwaredi ho akatua. Bible ka Yesu a wasɔre afi awufo mu no ho asɛm sɛ: “Kristo a wonyan no fii awufo mu no renwu bio; owu renni no so bio.” (Romafo 6:9) Wubetumi anya awerɛhyem sɛ ɔne adesamma Kannifo a oye sen biara. Sɛ Kristo Yesu nya di asase so koraa a, ɛho renhia bio sɛ wɔma obi foforo bedi tumi, na saa ara nso na ɛho renhia bio sɛ wɔyɛ nsakrae wɔ akannifo mu. Wɔrenyi no mfi hɔ da bere a ɔredi tumi no, na ɔdedifo bi a ɔmfata biara rensɛe n’adwuma. Nanso, dɛn pɔtee na ɔbɛyɛ ama adesamma?

Nea Ɔkannifo Foforo Yi Bɛyɛ

Dwom 72 nam nkɔmhyɛ so kyerɛkyerɛ yɛn sɛnea Ɔhene a ɔyɛ pɛ na ɔrenwu da yi bedi ade no mu. Yɛkenkan wɔ nkyekyɛm 7 ne 8 sɛ: “Ɔtreneeni besi frɔmm, ne bere so, na asomdwoe pii bɛba akodu sɛ ɔsram nni hɔ bio. Obedi hene afi po so akosi po so, de afi asubɔnten no so akosi asase ano.” Wɔ ne nniso a mfaso wɔ so ase no, asase sofo benya ahobammɔ daa. Ɔbɛsɛe akode a ɛwɔ hɔ nnɛ nyinaa, na obeyi akodi ho adwene a ɛwɔ nnipa komam no mpo afi hɔ. Nnipa a wɔtow hyɛ afoforo so nnɛ sɛ agyata anaa wɔyɛ wɔn ade sɛ asisi a wɔn ho yɛ hu ma wɔn afipamfo suro wɔn no bɛsesa wɔn suban koraa. (Yesaia 11:1-9) Asomdwoe pii bɛba.

Dwom 72 kɔ so ka wɔ nkyekyɛm 12 kosi 14 sɛ: “Obegye ohiani a osu frɛ no, ne ɔmanehunufo a onni boafo. Ɔbɛkora ɔbrɛfo ne ohiani so, na wagye ahiafo kra nkwa. Obegye wɔn kra afi nhyɛso ne atirimɔdensɛm mu, na wɔn mogya bo ayɛ den n’anim.” Abrɛfo, ahiafo, ne amanehunufo bɛba abɛyɛ adesamma abusua biako a wɔwɔ anigye, na wɔayɛ biako wɔ Ɔhene Yesu Kristo akanni ase no fã. Anigye na wobenya wɔ wɔn asetra mu, na ɛnyɛ yaw ne abasamtu.—Yesaia 35:10.

Nkyekyɛm 16 hyɛ bɔ sɛ: “Asase no so aburofuw bedu mmepɔw atifi.” Nnipa ɔpepem pii a wɔwɔ asase so nnɛ di kɔm daa. Amanyɔsɛm ne adifudepɛ ntaa mma wɔnkyekyɛ aduan wɔ ɔkwan a ɛfata so, ma enti ɔkɔm kunkum nnipa pii, ne titiriw mmofra. Nanso, saa ɔhaw yi befi hɔ wɔ Yesu Kristo nniso ase. Asase bɛbɔ n’aduan pa a ɛyɛ dɛ. Adesamma nyinaa benya aduan adi.

So w’ani begye ho sɛ wubenya saa akanni pa no mu nhyira no bi? Sɛ ɛte saa a, yɛhyɛ wo nkuran sɛ sua Ɔkannifo a ɛrenkyɛ obedi asase nyinaa so no ho ade. Yehowa Adansefo ani begye ho sɛ wɔbɛboa wo ma woayɛ saa. Yehowa Nyankopɔn renni wo huammɔ, efisɛ ɔno ankasa ka ne Ba no ho asɛm sɛ: “Me na masi me hene, me bepɔw kronkron Sion so.”—Dwom 2:6.

[Adaka wɔ kratafa 5]

ƐNKYƐ NA TUMI AFI WƆN NSA

Sɛ sodifo bi tumi ma ne manfo nya asomdwoe ne ahobammɔ kakra wɔ wɔn asetram a, obetumi anya ahotoso sɛ ɔmanfo no bebu no na wɔataa n’akyi. Nanso, sɛ biribi nti nkurɔfo hwere ne mu ahotoso a wɔwɔ no a, ebetumi aba sɛ ɛrenkyɛ na obi foforo abedi tumi. Nea edidi so yi yɛ tebea ahorow a ɛmaa wotuu sodifo a wɔyɛ den fii ade so ho nhwɛso bi.

Asetra Bɔne. Eduu afeha a ɛto so 18 awiei no, na Fransefo pii tua tow akɛse, a na wonnya aduan nni. Saa tebea ahorow yi na ɛde France Ɔman Anidan a ɛma wotwaa Ɔhene Louis XVI ti wɔ afe 1793 mu no bae.

Ɔko. Wiase Ko I no de ahempɔn a na wɔyɛ den sen biara wɔ adesamma abakɔsɛm mu no bi nniso baa awiei. Sɛ nhwɛso no, wɔ afe 1917 mu no, aduankɔm a ɔko de baa St. Petersburg, Russia no, na ɛde February Ɔman Anidan no bae. Wɔnam atuatew yi so tuu Ɔhempɔn Nicholas II ade so, na wɔde Komunis nniso sii hɔ. Wɔ November 1918 mu no, na Germany pɛ asomdwoe, nanso Aman a na wɔne Germany reko no annyae kosii sɛ wɔsakraa wɔn nniso no ansa. Ne saa nti, wotwaa German Ɔhempɔn Wilhelm II asu kɔɔ Netherlands.

Nniso Ahorow a Nkurɔfo Hwehwɛ. Wɔ afe 1989 mu no, Komunis gui. Nniso a na ɛyɛ den te sɛ ɔbotan no bubui bere a wɔn manfo poo Komunis na wɔde nniso afoforo sisii hɔ no.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 7]

Yesu maa nnipa a ɔkɔm de wɔn aduan, saa ayarefo yare, na ɔyɛɛ nhwɛso pa maa Kristofo nyinaa

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 4]

Lloyd George: Photo by Kurt Hutton/Picture Post/Getty Images