Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Kristofo asafo no bu adidi ntraso dɛn?

Onyankopɔn Asɛm kasa tia asabow ne adidi ntraso sɛ ɛyɛ su a wɔmpene so wɔ Onyankopɔn som mu. Enti, Kristofo asafo no bu obi a wonim no yiye sɛ ɔyɛ odidifo no sɛnea wobu ɔsabofo no ara pɛ. Wɔremma kwan mma ɔsabofo anaa odidifo ntra Kristofo asafo no mu.

Mmebusɛm 23:20, 21 ka sɛ: “Mfra sadweamfo, ne wɔn a wodi nam fuu no mu; na ɔsadweam ne ohohwini [odidifo, NW] bedi hia, na nkotɔ de ntamagow fura onipa.” Yɛkenkan obi a ɔyɛ “ɔsoɔdenfo ne otuatewfo” a na ɔfata sɛ wokum no wɔ Mose Mmara no ase ho asɛm wɔ Deuteronomium 21:20. Sɛnea saa nkyekyɛm yi kyerɛ no, su ahorow abien a na saa otuatewfo ne ɔsoɔdenfo yi a ɔmpɛ sɛ ɔsakra da no adi ne sɛ na ɔyɛ “ohohwini [odidifo, NW] ne sabofo.” Ɛda adi pefee sɛ wɔ tete Israel no na wobu adidi ntraso sɛ ade a ɛmfata mma wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsom Nyankopɔn no.

Nanso, dɛn ne adidi ntraso, na dɛn na Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no ka wɔ saa asɛm yi ho? Wɔkyerɛ adidi ntraso ase sɛ “obi a ɔyɛ anibere ne adifudepɛ wɔ adidi ne ɔnom mu.” Enti adidi ntraso yɛ ɔkwan foforo a wɔfa so da adifudepɛ adi, na Onyankopɔn Asɛm ka kyerɛ yɛn sɛ adifudepɛfo anaa “aniberefo” rennya Onyankopɔn Ahenni no. (1 Korintofo 6:9, 10; Filipifo 3:18, 19; 1 Petro 4:3) Bio nso, bere a ɔsomafo Paulo bɔɔ Kristofo kɔkɔ wɔ “ɔhonam nnwuma” ho no, ɔbɔɔ “asabow, anigye ntraso, ne nea ɛtete saa” nso din kaa ho. (Galatifo 5:19-21, NW) Adidi ntraso, asabow, ne anigye ntraso na ɛnam. Bio nso, akyinnye biara nni ho sɛ adidi ntraso nso ka nea Paulo frɛɛ no “ne nea ɛtete saa” no ho. Te sɛ “ɔhonam nnwuma” a aka no, ɛsɛ sɛ woyi Kristoni a wonim no yiye sɛ ɔyɛ odidifo a wapirim ne koma sɛ ɔrensesa n’anibere anaa n’adifudepɛ no fi asafo no mu.—1 Korintofo 5:11, 13. *

Ɛwom sɛ sɛnea Onyankopɔn Asɛm bu ɔsabofo no saa ara na obu odidifo nso de, nanso ɛyɛ mmerɛw koraa sɛ wobehu sɛ obi yɛ ɔsabofo ntɛm sen sɛ wobehu sɛ obi yɛ odidifo. Ɛntaa nyɛ den sɛ wobehu sɛ obi yɛ ɔsabofo. Nanso, ɛyɛ den sɛ wobehu aduan dodow a sɛ obi di a ɛma ɔbɛyɛ odidifo ankasa, efisɛ wontumi nnyina sɛnea obi nipadua te so kɛkɛ nka sɛ ɔyɛ odidifo ankasa. Enti, sɛ asafo mu mpanyimfo redi nsɛm a ɛho hia saa ho dwuma a, ɛhwehwɛ sɛ wɔde ahwɛyiye kɛse ne nhumu di dwuma.

Sɛ nhwɛso no, kɛseyɛ mmoroso betumi ayɛ adidi ntraso ho sɛnkyerɛnne, nanso ɛnyɛ bere nyinaa na ɛte saa. Ebia na kɛse a obi ayɛ aboro so no yɛ yare bi na ama aba saa. Sɛ kɛse wɔ obi abusua mu a ebetumi de kɛseyɛ mmoroso nso aba. Ɛsɛ sɛ yɛma ɛtra yɛn adwenem nso sɛ yebetumi ahwɛ obi aka sɛ wayɛ kɛse aboro so, nanso adidi ntraso yɛ adwene a obi kura. Bere a obi mu srade adɔɔso aboro so no na wɔka sɛ wayɛ kɛse aboro so, wɔ bere ko a wɔkyerɛ adidi ntraso ase sɛ adifudepɛ anaasɛ didi a obi didi ma ɛboro so. Enti, wonnyina sɛnea obi kɛse te so nkyerɛ sɛ ɔyɛ odidifo na mmom su a ɔwɔ wɔ aduan ho. Ebetumi aba sɛ obi kɛse yɛ nea ɛfata anaa ebi mpo a na ɔyɛ teaa nanso na ɔyɛ odidifo. Bio nso, ɛsono sɛnea wobu kɛse a ɛfata anaa nipadua a ɛfata wɔ baabiara.

Adidi ntraso ho sɛnkyerɛnne ne dɛn? Odidifo yɛ obi a ontumi nhyɛ ne ho so koraa bere nyinaa wɔ aduan ho, otumi didi fuu ma ɛboro so kosi sɛ afei de ontumi nhome mpo anaa ɛbɔ no yare. Ahosodi a onni no da no adi sɛ onsusuw ahohorabɔ a ɔde ba Yehowa ne Ne nkurɔfo din pa a wɔwɔ no so ho. (1 Korintofo 10:31) Nea ɛne eyi bɔ abira no, wɔremmu obi a ɛtɔ bere bi a odidi boro so kakra no sɛ odifudepɛfo anaa “oniberefo.” (Efesofo 5:5) Nanso, sɛnea Galatifo 6:1 kyerɛ no, ebia na Kristoni a ɔte saa no behia mmoa. Paulo ka sɛ: “Anuanom, sɛ mfomso bi bɛto obi nso a, mo a moyɛ honhom mufo no, monteɛ nea ɔte saa no so odwo honhom mu.”

Dɛn nti na Bible afotu a ɛka sɛ yɛnkwati adidi ntraso no ho hia titiriw nnɛ? Efisɛ ɛdefa yɛn mmere yi ho titiriw no, Yesu bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Monhwɛ mo ho so yiye, na potwaa ne asabow ne nkwa yi mu nneɛma ho dadwen ne haw anhyɛ mo koma so, na ɛda no ammɛto mo mpofirim te sɛ afiri.” (Luka 21:34) Adidi ntraso a yɛbɛkwati no yɛ ɔkwan biako a yebetumi afa so akwati su a ebetumi asɛe yɛne Onyankopɔn ntam abusuabɔ.

Anidahɔ yɛ Kristofo su. (1 Timoteo 3:2, 11) Enti, akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa bɛboa wɔn a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔde Bible afotu a ɛfa anidahɔ a yɛbɛyɛ wɔ adidi ne ɔnom mu no bɛyɛ adwuma no.—Hebrifo 4:16.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 5 Hwɛ May 1, 1986, Engiresi Ɔwɛn-Aban, “Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ” fã hɔ.