Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wunim Anigye a Ɛwɔ Ɔma Mu?

Wunim Anigye a Ɛwɔ Ɔma Mu?

Wunim Anigye a Ɛwɔ Ɔma Mu?

NÁ ONUAWA Kristoni nokwafo bi de nsi ayɛ Kristofo som adwuma no bɛyɛ mfirihyia 50. Ɛwom sɛ na onyin mu haw ama no ayɛ mmerɛw ɔhonam mu de, nanso na wasi ne bo sɛ ɔbɛkɔ Ahenni Asa foforo a wɔasi no so. Kristoni barima bi soo ne mu boaa no kɔɔ asa no so, na ɔde nkakrankakra kɔɔ beae a na ɔpɛ sɛ ɔkɔ no tee—ntoboa adaka no ho. Oduu hɔ no, ɔde sika kakra a na ɔde asie sɛ ɔde beyi ntoboa no guu mu. Ɛwom sɛ wantumi amfa n’ahoɔden ammoa asa no si de, nanso na ɔpɛ sɛ ɔboa ara.

Ebia Kristoni bea yi bɛkae wo ɔbea nokwafo foforo bi—‘okunafo hiani’ a Yesu hui sɛ ɔde dwetɛ sika abien regu asɔrefie ntoboa adaka mu no. Wɔanka n’asetram nsɛm ankyerɛ yɛn, nanso saa bere no mu no na ebetumi ayɛ den paa ama ɔbea a onni kunu wɔ sika fam. Akyinnye biara nni ho sɛ ɔbea no asɛm yɛɛ Yesu mmɔbɔ, efisɛ ɔtee tebea a na ɔwom no ase yiye. Bere a Yesu reka ɔbea no adeyɛ ho asɛm sɛ nhwɛso a ɛfata sɛ n’asuafo no suasua no, Yesu kae sɛ n’akyɛde ketewaa no ne “nea ɔwɔ nyinaa, n’ade nyinaa.”—Marko 12:41-44.

Dɛn nti na okunafo hiani yi bɔɔ afɔre a ɛte saa? Ɛda adi pefee sɛ ɛyɛ ne ho a na ɔde ama Yehowa Nyankopɔn koraa, Onyankopɔn a na wɔsom no wɔ Yerusalem asɔrefie hɔ nti na ɔyɛɛ saa. Ɛwom sɛ mmoa kakraa bi pɛ na na obetumi de ama de, nanso na ɛyɛ ne pɛ sɛ ɔbɛboa nokware som. Na ɛbɛyɛ sɛ n’ani gyei ankasa wɔ nea otumi de mae no ho.

Ntoboa a Woyi De Boa Yehowa Adwuma

Honam fam nneɛma ne sika fam ntoboayi ayɛ ɔsom kronn fã bere nyinaa, na ama Yehowa asomfo ani agye kɛse bere nyinaa. (1 Beresosɛm 29:9) Wɔ tete Israel no, ɛnyɛ asɔrefie hɔ asiesie nko na na wɔde ntoboa yɛ ho adwuma na mmom na wɔde yɛ biribiara a ɛfa Yehowa som ho daa nso. Mmara no hyɛe sɛ Israelfo no nyi wɔn nnɔbae so ntotoso du du mfa mmoa Lewifo a na wɔyɛ asɔrefie hɔ adwuma no. Na ɛsɛ sɛ Lewifo no nso yi nneɛma a wɔn nsa ka no so ntotoso du du ma Yehowa.—Numeri 18:21-29.

Ɛwom sɛ wɔmaa Kristofo dee wɔn ho fii Mmara apam no ahwehwɛde ahorow ho de, nanso nnyinasosɛm a ɛne sɛ ɛsɛ sɛ Onyankopɔn asomfo de honam fam ntoboa ma de boa nokware som no de ansesa. (Galatifo 5:1) Afei nso, afeha a edi kan no mu Kristofo no buu no anigyede sɛ wobeyi ntoboa de aboa wɔn nuanom a ahia wɔn no. (Asomafo no Nnwuma 2:45, 46) Ɔsomafo Paulo kaee Kristofo no sɛ sɛnea Onyankopɔn fi ayamye mu adom wɔn ma wɔanya nneɛma pa no, saa ara na wɔn nso wɔnna ayamye adi. Ɔkyerɛwee sɛ: “Ahonyafo a wɔwɔ wi yi ase, kasa kyerɛ wɔn sɛ wonnnwen akokurokosɛm, nso wɔmmfa wɔn ani nnto ahonyade a enni hɔ daa so, na wɔmfa wɔn ani nto Nyankopɔn a ɔma yɛn ade nyinaa ma ɛdɔɔso sɛ yenni no so, sɛ wɔnyɛ yiye, nnya wɔn ho nnwuma pa fam; sɛ wɔnkyɛ ade fɛw so na wɔn nsa nteɛ, na wɔmfa nhyehyɛ ase pa nto hɔ mma wɔn ho nsie daakye, na wɔaso nokware nkwa no mu.” (1 Timoteo 6:17-19; 2 Korintofo 9:11) Nokwarem no, na Paulo betumi afi n’ankasa suahu mu asi Yesu asɛm yi so dua sɛ: “Ɔma mu wɔ nhyira mmom sen ogye.”—Asomafo no Nnwuma 20:35.

Sɛnea Kristofo Ma Ade Nnɛ

Ɛnnɛ, Yehowa asomfo kɔ so de wɔn honam fam nneɛma boa wɔn ho wɔn ho ne Onyankopɔn adwuma no. Ahiafo mpo yɛ wɔn fam de. “Akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no te nka sɛ wɔwɔ asɛyɛde wɔ Yehowa anim sɛ wɔde saa ntoboa yi nyinaa bedi dwuma wɔ ɔkwan a eye sen biara so. (Mateo 24:45) Wɔde ntoboa no tuatua baa dwumadibea ahorow ho aka, wɔde boa ma wɔkyerɛ Bible ne Bible ho nhoma ase tintim, wɔde yɛ Kristofo nhyiam akɛse ho nhyehyɛe, tete ahwɛfo akwantufo ne asɛmpatrɛwfo de wɔn kɔ mmeae foforo, de atoyerɛnkyɛm mu mmoa kɔma afoforo, na wɔde yɛ nneɛma foforo pii a ɛho hia nso. Ma yɛmfa yɛn adwene nsi nneɛma a ɛte saa no mu biako so—mmoa a wɔde ma na wɔnam so sisi adan a wohyiam som no.

Yehowa Adansefo hyiam mpɛn pii wɔ wɔn Ahenni Asa ahorow so dapɛn biara nya honhom fam nkyerɛkyerɛ ne fekubɔ pa. Nanso, wɔ aman pii so no, sɛnea sikasɛm te no mma ɛhɔ Adansefo no nnya sika a wɔde besisi Ahenni Asa bere a wonnya sika fam mmoa bi mmfi baabi mfiase no. Enti, wɔ afe 1999 mu no, Yehowa Adansefo fii nhyehyɛe bi ase sɛ wɔde ntoboa a efi aman a wodi yiye so bɛboa asisi Ahenni Asa wɔ aman a wodi hia no so. Afei nso, atuhoamafo mpempem pii de wɔn bere ne wɔn nimdeɛ ama, na mpɛn pii no wɔyɛ adwuma wɔ nkuraase a ɛwowɔ saa aman yi mu no mu. Wɔ adansi no mu no, Adansefo a wɔwɔ aman no mu no sua adansi ne adan siesie, na Ahenni Asa Foto no boa ma wotumi totɔ nneɛma a ehia a wɔde sisi adan no. Adansefo a wɔyɛ wɔn asafo nhyiam wɔ asa afoforo yi so no ani sɔ kɛse sɛ wɔn mfɛfo gyidifo de wɔn bere ne wɔn sika bɔɔ afɔre a ɛte saa. Adansefo a wohyiam wɔ asa no so nso yi ntoboa ɔsram biara de siesie Ahenni Asa no, na wɔde bi tua adansi no ho ka, na wɔnam so boa ma wosisi Ahenni Asa pii.

Wɔde ɔman no mu nneɛma na esisi Ahenni Asa no, na wosisi no sɛnea ɛhɔfo sisi wɔn adan. Ɛwom sɛ asa ahorow yi nyɛ akɛseakɛse de, nanso ɛyɛ fɛ, ɛfata, na ahomeka wom. Bere a wofii adansi no ase wɔ afe 1999 mu no, wɔde aman bɛyɛ 40 a wɔn ho nso na edii kan. Efi saa bere no, wɔatrɛw adansi adwuma no mu akɔ aman 116 a ɛtete saa no mu, na asafo ahorow a ɛwɔ saa aman yi mu boro Yehowa Adansefo asafo ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa mu fã. Wɔnam saa nhyehyɛe yi so asisi Ahenni Asa ahorow bɛboro 9,000 wɔ mfirihyia anum a atwam no mu, na sɛ wɔkyekyɛm pɛpɛɛpɛ a, wosisi asa foforo bɛboro 5 da biara! Wɔda so ara hia Ahenni Asa foforo 14,500 wɔ saa aman 116 yi mu. Ɛdenam Yehowa mmoa, ne ɔpɛ, ne ayamye a Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa da no adi so no, yɛhwɛ kwan sɛ yebenya ntoboa a ɛfata a yɛde bedi ahiade yi ho dwuma.—Dwom 127:1.

Ahenni Asa a Wɔresisi De Nkɔso Ba

Nkɛntɛnso bɛn na mmɔdenbɔ kɛse yi anya wɔ Adansefo a wɔwɔ aman no mu ne Ahenni asɛnka adwuma no so? Wɔ mmeae pii no, sɛ wosi Ahenni Asa foforo a, nnipa a wɔba asafo nhyiam no dodow kɔ anim kɛse. Yehu ɛho nhwɛso paa biako wɔ amanneɛbɔ a efi Burundi yi mu: “Sɛ wosi Ahenni Asa bi wie pɛ a na ayɛ ma. Sɛ nhwɛso no, wosii Ahenni Asa maa asafo bi a na nnipa dodow a wɔkɔ asafo nhyiam ahorow no bɛyɛ 100. Wɔn Ahenni Asa foforo no tumi fa nnipa 150. Eduu bere a wosi wiei no, na nnipa 250 na wɔkɔ asafo nhyiam ahorow no.”

Dɛn nti na nkɔso a ɛte saa ba? Ade biako ne sɛ, ɛtɔ mmere bi a wonya Ahenni adawurubɔfo akuw a wonni asa a wohyia so na mmom wohyiam wɔ nnua anaa apata ase no ho adwemmɔne. Wɔ ɔman bi so no, wɔkyerɛ sɛ nyamesom akuw nketenkete a ɛtete saa no na wɔde mmusua ntam basabasayɛ ba, na mmara hwehwɛ sɛ nyamesom akuw nyinaa hyiam wɔ asɔredan mu.

Sɛ Yehowa Adansefo nya wɔn ankasa asa ahorow nso a, ɛboa wɔn ma wɔda no adi kyerɛ ɔmanfo no sɛ wɔnyɛ ɔsɔfo bi asuafo. Yehowa Adansefo dwumadibea a ɛwɔ Zimbabwe no kyerɛwee sɛ: “Bere bi a atwam no, na anuanom a wɔwɔ saa beae yi hyiam wɔ ankorankoro afie mu, na na ɛhɔfo no de ofie a wohyiam no wura din na ɛfrɛ asafo no. Na wɔka sɛ anuanom no kɔ Owura Asomasi anaa ɔbenten asɔre. Eyi nyinaa resakra mprempren, bere a nkurɔfo hu sɛ wɔakyerɛw agu asa biara ho pefee sɛ ‘Yehowa Adansefo Ahenni Asa’ no.”

Wɔn a Wɔtew Wɔn Anim Yi Ntoboa

Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Nea ɔtew n’anim ma no na Onyankopɔn dɔ no.” (2 Korintofo 9:7) Ɛwom sɛ ntoboa akɛse boa yiye de, nanso, ntoboa a wɔde boa Yehowa Adansefo adwuma no fã kɛse no ara fi Ahenni Asa so ntoboa nnaka mu. Ntoboa ahorow nyinaa, sɛ́ ɛyɛ ketewa anaa kɛse no, ɛho hia, na ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu emu biara so. Kae sɛ Yesu traa baabi a na ɛbɛma watumi ahu sɛ okunafo no de dwetɛ sika nketewa abien no regu ntoboa adaka no mu. Abɔfo no ne Yehowa nso huu no. Yennim okunafo no din mpo, nanso Yehowa hwɛ ma wɔkyerɛw ayamye a ɛte saa a ɔdaa no adi no too hɔ wɔ Bible mu sɛnea ɛbɛyɛ a obiara betumi akenkan ho asɛm bere nyinaa.

Wɔ Ahenni Asa si akyi no, wɔde yɛn ntoboa ahorow no boa Ahenni adwuma a ɛho hia no afã a aka nyinaa. Boa a yɛboa wɔ saa kwan yi so no ma yɛn ani gye, na yɛnam so ‘da Onyankopɔn ase bebree boro so.’ (2 Korintofo 9:12) Yɛn nuanom Kristofo a wɔwɔ Benin no bɔ amanneɛ sɛ: “Da biara yɛnam mpae pii a yɛbɔ so de aseda ma Yehowa wɔ sika fam mmoa a amanaman ntam onuayɛ kuw no de ama yɛn no ho.” Bere koro no ara mu no, yɛn a yɛboa Ahenni adwuma no wɔ sika fam no nyinaa nya anigye a ɛwɔ Kristofo adema mu no bi!

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 22, 23]

Akwan a Ebinom Fa So Yi Ntoboa

NTOBOA A WOYI BOA WIASE NYINAA ADWUMA NO

Nnipa pii yi sika bi to hɔ, anaa wɔyɛ nhyehyɛe, de kɔto ntoboa nnaka a wɔakyerɛw ho “Ntoboa Ma Wiase Nyinaa Adwuma No—Mateo 24:14” no mu.

Ɔsram biara, asafo ahorow de sika yi mena Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛhwɛ wɔn aman dwumadi so no. Wubetumi de sika a wufi wo pɛ mu yi no nso amena Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania, c/o Office of the Secretary and Treasurer, 25 Columbia Heights, Brooklyn, New York 11201-2483 tẽẽ, anaa wode akɔ baa dwumadibea a ɛhwɛ wo man no dwumadi so no. Wobetumi de krataa a wɔde yi sika wɔ sikakorabea ama “Watch Tower.” Wubetumi de agude anaa nneɛma foforo a ɛsom bo nso ama. Ɛsɛ sɛ wode krataa tiawa bi a ɛkyerɛ sɛ saa ntoboa yi yɛ akyɛde koraa ka ho.

NTOBOA A WƆDE MA KOSI BERE BI HO NHYEHYƐE

Obi betumi de sika ama Ɔwɛn Aban Asafo no ahwɛ so. Nanso, sɛ ɛba sɛ onipa a ɔde mae no bisa a, wɔbɛsan de ama no. Sɛ wopɛ ho nsɛm pii a, yɛsrɛ sɛ wo ne “Office of the Secretary and Treasurer” no nni nkitaho denam address a yɛaka ho asɛm no so.

ADƆE HO NHYEHYƐE

Wɔ sika a wɔde kyɛ koraa ne ntoboa a nhyehyɛe bi bata ho akyi no, akwan foforo wɔ hɔ a wubetumi afa so ayi bi ama de aboa wiase nyinaa Ahenni som adwuma no. Ebi ne:

Nsiakyibaa (Insurance): Obi betumi ayɛ nhyehyɛe ma Ɔwɛn Aban Asafo no anya kyɛfa wɔ ne nsiakyibaa sika anaa sika a sɛ ogyae adwuma anaa ɔkɔ pɛnhyen a, wɔde bɛma no no mu.

Sika a Wɔde Sie Wɔ Sikakorabea: Obi betumi ayɛ nhyehyɛe de ne sika a ɛwɔ sikakorabea, sika kɛse a ɛda sikakorabea ho adanse krataa, anaa sika a sɛ ogyae adwuma a wobetua ama no no ato hɔ ama Ɔwɛn Aban Asafo no anaa sɛ owu a wɔatua ama Ɔwɛn Aban Asafo no, sɛnea ɛne ne man mu sikakorabea ahwehwɛde hyia.

Adwuma Mu Kyɛfa ne Sika a Wɔde Bɔ Bosea: Obi betumi de adwuma a ɔyɛ mu kyɛfa a ɔwɔ ne sika a ɔde abɔ bosea a wɔbɛsan atua ama no no ama Ɔwɛn Aban Asafo no sɛ akyɛde koraa.

Adan ne Nsase: Obi betumi de adan anaa nsase a wotumi tɔn ama sɛ akyɛde koraa anaasɛ, ɛdefa adan a wɔte mu ho no, wobetumi ayɛ ho nhyehyɛe sɛnea ɛbɛma nea ɔde mae no akɔ so atra mu bere a ɔte ase no. Ɛsɛ sɛ wo ne wo man mu baa dwumadibea di nkitaho ansa na wode adan anaa asase bi ama.

Akyɛde a Wɔde Ma na Wodidi Ho: Akyɛde a wɔde ma na wodidi ho yɛ nhyehyɛe a obi yɛ de sika bi ma Ɔwɛn Aban Asafo no. Nea ɔde ma no anaa obi a nea ɔde ma no bɛpaw no no didi ho denam sika pɔtee bi a wotua ma no afe biara kosi sɛ obewu no so. Wɔtew tow a nea ɔde akyɛde a wodidi ho ma no tua no so wɔ afe a wɔyɛ ho nhyehyɛe no mu.

Nsamansew ne Sika a Wɔde Sie Ma Wɔhwɛ So: Obi betumi de agyapade anaa sika ama Ɔwɛn Aban Asafo no denam mmara kwan so nsamansew so, anaa obetumi ayɛ nhyehyɛe na sɛ owu a, wɔde sika bi a ɔde asie sɛ wɔnhwɛ so no ama Ɔwɛn Aban Asafo no. Wotumi tew tow a wotua wɔ sika a wɔde asie sɛ wɔnhwɛ so a wɔde ma nyamesom ahyehyɛde bi ho no so.

Sɛnea asɛm, “adɔe ho nhyehyɛe” kyerɛ no, saa ntoboayi yi hwehwɛ ankasa sɛ nea ɔde ma no bɛyɛ nhyehyɛe wɔ nneɛma bi ho. Nea ɛbɛyɛ na wɔaboa wɔn a wɔpɛ sɛ wɔboa Yehowa Adansefo wiase nyinaa adwuma no denam adɔe ho nhyehyɛe bi so no, wɔasiesie Engiresi ne Spania kasa mu nhomawa a wɔato din Charitable Planning to Benefit Kingdom Service Worldwide. Wɔkyerɛw nhomawa no na wɔnam so de nkyerɛkyerɛmu a ɛfa akwan a wobetumi afa so de akyɛde ahorow ama mprempren anaasɛ bere a onipa no awu no ho ama. Bere a nnipa pii akenkan nhomawa no na wɔne wɔn ankasa mmaranimfo anaa towtua ho afotufo adi nkitaho no, wɔatumi aboa Yehowa Adansefo adwuma no wɔ wiase afanan nyinaa, na wɔanya saa a wɔayɛ no ho mfaso kɛse wɔ tow a wotua a wɔatew so no ho. Wubetumi anya saa nhomawa yi bi denam Charitable Planning Office a wubebisa afi wɔn hɔ tẽẽ no so.

Sɛ wopɛ ho nsɛm pii a, wubetumi afa krataa-kyerɛw anaa telefon so de ase hɔ address no ne Charitable Planning Office no adi nkitaho. Saa ara na wubetumi ne Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛhwɛ wo man no dwumadi so no nso adi nkitaho.

Charitable Planning Office

Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania

100 Watchtower Drive,

Patterson, New York 12563-9204

Telephone: (845) 306-0707

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 20, 21]

Yehowa Adansefo Ahenni asa adedaw ne afoforo

Zambia

Central African Republic